May
Fida, May 1
Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.—Rom. 2:11.
Bere a Yehowa gyee ne nkurɔfo fii Egypt nkoasom mu akyi no, ɔpaw asɔfo sɛ wɔnsom wɔ ɔsom ntamadan no mu. Ɔde ntamadan kronkron no ho adwuma no bi hyehyɛɛ Lewifo no nsa. Wɔn a na wɔsom wɔ ntamadan no mu anaa wɔn a na wɔte bɛn ntamadan no, wohwɛ a na Yehowa hwɛ wɔn yiye sen wɔn a wɔaka no anaa? Daabi! Yehowa nyɛ nyiyim. Ná Israelni biara betumi ne Yehowa afa adamfo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, omununkum dum ne ogya dum a na ɛwɔ ɔsom ntamadan no atifi no, Yehowa hwɛ hui sɛ Israel man no mufo nyinaa behu. (Ex. 40:38) Sɛ omununkum no de n’ani kyerɛ baabi foforo a, na wɔn a wɔnte mmɛn ntamadan no koraa mpo tumi hu. Ɛba saa a, obiara boaboa ne nneɛma ano, otutu ne ntamadan na ɔne ɔman no bom kɔ. (Num. 9:15-23) Ɛnnɛ nso, ɛmfa ho baabi a yɛte wɔ asaase so no, Yehowa beyi ne dɔ adi akyerɛ yɛn, ɔbɛhwɛ yɛn so, na wabɔ yɛn ho ban. w24.06 4 ¶10-12
Memeneda, May 2
Monsɔre mma yenguan, anyɛ saa na Absalom bɛto yɛn a, obiara remfa ne ho nni!—2 Sam. 15:14.
Ná Dawid nkwa da asiane mu. Ne ba Absalom sii nketekrakye sɛ obegye ahenni no afi ne nsam. (2 Sam. 15:12, 13) Ná ɛsɛ sɛ Dawid guan fi Yerusalem ntɛmpa ara! Bere a Dawid nkoa no yɛe sɛ wɔrekɔ no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma obi hwɛ akyi sɛnea ɛbɛyɛ a obehu pɔw a Absalom rebɔ, na wama n’aso ate. Enti ɔsomaa Sadok ne asɔfo afoforo sɛ wɔnsan nkɔ kurow no mu na wɔmfa wɔn ani nkodi nea Absalom ne ne dɔm reyɛ akyi. (2 Sam. 15:27-29) Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye paa. Dawid ka kyerɛɛ Sadok ne Husai, ne nnamfo anokwafo no sɛ wɔmmoa no ma ɔmfa adwene foforo bi. (2 Sam. 15:32-37) Bere a Husai yɛɛ nea Dawid kae no, ɛmaa Absalom gyee no dii. Enti Husai kyerɛɛ no ɔkwan a n’asraafo no bɛfa so atow ahyɛ Dawid so. Ná wei nso bɛma Dawid anya kwan aboa ne ho. Ɛno akyi no, Husai kaa pɔw a na Absalom ne ne dɔm abɔ no kyerɛɛ Sadok ne Abiatar. (2 Sam. 17:8-16) Saa mmarima mmienu yi nso somae ma wɔde nkra kɔmaa Dawid. Wei boae paa ma wɔbɔɔ Dawid ho ban.—2 Sam. 17:21, 22. w24.07 4-5 ¶9-10
Kwasida, May 3
Yehowa asɛm ni: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yiye.”—Yes. 1:18.
Yehowa asomfo bi wɔ hɔ a, bɔne a wɔyɛe wɔ wɔn asubɔ akyi anaa nea wɔyɛe ansa na wɔrebɔ asu mpo, ɛda so ara reteetee wɔn paa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn nti na ɔde agyede no mae. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ agyede no nti, Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛne no ‘toto nneɛma yiye’ wie a, ommu yɛn bɔne ho akontaa bio. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa nkae bɔne a yɛayɛ atwam no! Nanso papa a yɛayɛ no de, ne werɛ mfi da. (Dw. 103:9, 12; Heb. 6:10) Sɛ bɔne bi a woayɛ atwam reteetee wo a, yere wo ho fa w’adwene si nea woreyɛ no mprempren ne nea wobɛyɛ daakye no so. Kae sɛ nea mmoa adi no, wɔadi kɔ. Nanso seesei de, wubetumi ayi Yehowa ayɛ na wode w’ani asi nea Yehowa bɛyɛ ama wo daakye no so. w24.10 8 ¶8-9
Dwoda, May 4
‘Monhyɛ suban foforo no.’—Kol. 3:10.
Sɛ yɛkenkan Bible na yehu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma a, yɛn abam betumi abu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛnnɛ wokenkan Bible no, wusuae sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ animhwɛ. (Yak. 2:1-8) Ɛno ma wubehui sɛ sɛnea wo ne afoforo di no, ehia sɛ woyɛ mu nsakrae. Ade kyee nso, wo Bible akenkan sii so dua sɛ, ehia sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye. (Yak. 3:1-12) Wubehui sɛ ɛtɔ mmere bi a wo kasa ntwa yiye. Enti wode sii w’ani so sɛ wobɛma w’anom kasa ayɛ dɛ. Da a edi hɔ nso, bere a wokan Bible no, ɛkaa sɛ ehia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ wiase adamfofa ho. (Yak. 4:4-12) Enti wubehui sɛ nneɛma a wode gyigye w’ani no, ɛsɛ sɛ wuyiyi mu. Ebedu da a ɛtɔ so nnan no, anhwɛ a wobɛte nka sɛ, nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ ho adwuma no dɔɔso dodo. Nanso mma w’abam mmmu. Kae sɛ, “suban foforo” no a yɛbɛhyɛ no, ɛyɛ biribi a yɛyɛ no daa. w24.09 5-6 ¶11-12
Benada, May 5
Mummu Kristo wɔ mo komam sɛ ɔyɛ kronkron na ɔno ne Awurade. Munsiesie mo ho sɛ bere biara a obi bebisa anidaso a mowɔ no ho biribi no, mubeyi no ano, nanso monyɛ no odwo ne nidi mu.—1 Pet. 3:15.
Ná Yesu nim sɛ Yehowa ani tua biribiara efisɛ na ɔnyɛɛ hwee a enti ɛsɛ sɛ wɔteetee no saa. Ná ogye di sɛ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa bedi n’asɛm ama no. Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, yebetumi asuasua Yesu na yɛahwɛ yɛn kasa yiye. Ɛtɔ da bi a, nea nkurɔfo de yɛ yɛn no, sɛ ɛnhyɛ da nhaw adwene a, yebetumi abu yɛn ani agu so. Anaa ebia yebetumi ayɛ komm efisɛ sɛ yɛkasa a, anhwɛ a na asɛe asɛm no koraa. (Ɔsɛnk. 3:7; Yak. 1:19, 20) Ɛtɔ da nso a, sɛ yehu sɛ obi ne obi redi no nwenweenwene a, ebia ebehia sɛ yɛka bi ma onii no. Anaa sɛ obi kasa tia nokware no a, ebia ebehia sɛ yɛkasa. (Aso. 6:1, 2) Sɛ ɛba sɛ yɛrekasa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ no odwo ne nidi mu. Ade foforo a yebetumi ayɛ de asuasua Yesu ne sɛ, yɛde yɛn ho bɛhyɛ “nea obu atɛntrenee no nsa.”—1 Pet. 2:23. w24.11 5-6 ¶10-12
Wukuda, May 6
Sɛ ɔbɔnefo baako sakra a, saa ara na Onyankopɔn abɔfo ani gye.—Luka 15:10.
Sɛ obi a wayɛ bɔne sakra n’adwene a, ɛyɛ anigyesɛm! (Luka 15:7) Hena na ɛho aseda kɔ ma no? Ɛyɛ mpanyimfo no anaa? Kae nea ɔsomafo Paul ka faa abɔnefo ho no: “Ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra.” (2 Tim. 2:25) Enti sɛ onipa no nya adwensakra na ɔsesa ne suban a, ɛho ayeyi no, ɛnyɛ onipa biara dea. Ɛyɛ Yehowa dea, efisɛ ne nsa nnim a, anka onipa no antumi ansakra. Paul amfa anso hɔ ara. Ɔma yehuu mfaso foforo a adwensakra de ba. Ɛne sɛ, ɛboa ɔbɔnefo no ma onya nokware no ho nimdeɛ a edi mu, kyerɛ sɛ, ɛma ɔbɛte nokware no ase yiye paa. Ɛsan boa no ma n’ani ba ne ho so, na ɛma otumi gye ne ho fi Satan mfiri mu. (2Ti 2:26) Sɛ onipa a ɔyɛɛ bɔne no sakra a, mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe a wɔde bɛsrasra no. Wɔyɛ saa a, ɛbɛboa onii no ama wanya ahoɔden de ako atia Satan na ne mfiri no anyi no. Afei nso ɛbɛma watenetene n’akwan.—Heb. 12:12, 13. w24.08 23 ¶14-15
Yawda, May 7
Ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne a muhui nti na morehwehwɛ me, na mmom paanoo a mudi mee no ntia.—Yoh. 6:26.
Nnipadɔm a Yesu maa wɔn aduan no, nea na wɔbenya adi nko ara na na ehia wɔn. Ade kyee no, wɔhui sɛ Yesu ne asomafo no nni hɔ. Akorow bi fi Tiberia baa hɔ, enti nnipadɔm no kɔtenatenaa mu, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Kapernaum sɛ wɔrekɔhwehwɛ Yesu. (Yoh. 6:22-24) Wohwɛ a, Ahenni ho asɛm no na na wɔpɛ sɛ wɔte bi ka ho nti na wɔkɔe anaa? Daabi. Aduan a na wɔbenya adi no, ɛno ho asɛm paa na na ehia wɔn. Yɛyɛ dɛn hu? Bere a nnipadɔm no kɔtoo Yesu wɔ baabi a ɛbɛn Kapernaum no, yɛnhwɛ nea esii. Yesu ka sii wɔn anim sɛ ‘paanoo a wɔdi mee no nti’ na na wɔrehwehwɛ no. Paanoo nso de, ɛyɛ “aduan a ɛsɛe.” Enti, Yesu hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ “aduan a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa” mmom ho adwuma. (Yoh. 6:26, 27) Yesu kaa sɛ, n’Agya bɛma wɔn saa aduan no. w24.12 5 ¶8-9
Fida, May 8
Onyansafo koma ma n’ano nya nhumu, na ɛma n’anom kasa yɛ dɛ.—Mmeb. 16:23.
Anuanom mmarima, sɛ mopɛ sɛ mo nkyerɛkyerɛ tu mpɔn a, sɛ morema baguam kasa anaa mode afotu rema obi a, momfa nnyina Onyankopɔn Asɛm no so. Yere wo ho sua Bible ne asafo nhoma. (Mmeb. 15:28) Sɛ woresua ade a, to wo bo ase hwɛ sɛnea asafo nhoma kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu, na sɛ worekyerɛkyerɛ a, woamfa nkyerɛkyerɛmu no amfa baabi foforo. Afei nso, sɛ worekyerɛkyerɛ a, bɔ mmɔden ma asɛm no nka w’atiefo koma. Sɛ wohwehwɛ afotu fi akasafo a wɔn ho akokwaw hɔ na wode yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo ma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. (1 Tim. 5:17) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo tumi hyɛ anuanom nkuran nanso ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma ebinom anaa wɔnya wɔn kasakyerɛ mpo. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ɔdɔ so. Sɛ woyɛ anuanom brɛbrɛ na woda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn, na wode wo nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm no so a, wo nkyerɛkyerɛ betu mpɔn, efisɛ ɛba saa a, na woresuasua Yesu a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no.—Mat. 11:28-30; 2 Tim. 2:24. w24.11 24 ¶16
Memeneda, May 9
Monka n’anuonyam nkyerɛ amanaman.—Dw. 96:3.
Yebetumi de yɛn anom kasa ahyɛ Yehowa anuonyam. Yehowa to nsa frɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnto dwom mma no,’ ‘wɔnyi ne din ayɛ,’ ‘wɔnka ne nkwagye ho asɛmpa,’ na ‘wɔnka n’anuonyam nkyerɛ amanaman.’ (Dw. 96:1-3) Yebetumi afa saa akwan yi nyinaa so ahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam. (Aso. 4:29) Yebetumi de yɛn ahonyade nso ahyɛ Yehowa anuonyam. Efi teteete nyinaa, Yehowa asomfo de wɔn ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam. (Mmeb. 3:9) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a wɔresi asɔrefi no, Israelfo no yii ntoboa de boae. Afei nso, na wɔyi ntoboa ma wɔde siesie asɔrefie no. (2 Ahe. 12:4, 5; 1 Be. 29:3-9) Yesu akyidifo no bi ‘de wɔn ahode som’ Yesu ne asomafo no. (Luka 8:1-3) Tete Kristofo no nso yii ntoboa kɔboaa anuanom a na wɔakɔ ahokyere mu no. (Aso. 11:27-29) Ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de ahyɛ Yehowa anuonyam. w25.01 4 ¶8; 5 ¶11
Kwasida, May 10
Hena na obetumi asiw wɔn kwan sɛ yɛmmfa nsu mmmɔ wɔn asu?—Aso. 10:47.
Dɛn na ɛboaa Kornelio ma ɔbɔɔ asu? Bible ka sɛ “na ɔne ne fifo nyinaa suro Onyankopɔn.” Afei nso, na ɔde nkotosrɛ kɔ Onyankopɔn anim daa. (Aso. 10:2) Bere a Petro kaa asɛmpa no kyerɛɛ Kornelio no, ɔne n’abusua gyee Kristo dii, na ntɛm ara wɔbɔɔ asu. (Aso. 10:47, 48) Ɛda adi sɛ na Kornelio ayɛ krado sɛ nsakrae biara a ehia sɛ ɔyɛ no, ɔbɛyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ne n’abusua abom asom Yehowa. (Yos. 24:15; Aso. 10:24, 33) Sɛnea anka hokwan a na Saul wɔ betumi asiw no kwan no, Kornelio nso, anka obetumi ama dibea a na ɔwɔ asiw no kwan sɛ ɔbɛba abɛyɛ Kristoni. Nanso wamma ɛno ansiw no kwan. Wo nso ɛ? Wohwɛ w’abrabɔ mu a, wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae akɛse bi ansa na woabɔ asu anaa? Sɛ saa a, Yehowa bɛboa wo. Sɛ woasi wo bo sɛ wode Bible mu afotu bɛbɔ wo bra sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi asom no a, ɛnde obehyira wo. w25.03 5 ¶12-13
Dwoda, May 11
Atosɛm a etia nneɛma kronkron . . . no, bɔ gu.—1 Tim. 4:7.
Sɛ wote sɛ nkurɔfo rekeka Yehowa ahyehyɛde no anaa anuanom mmarima a edi nneɛma anim no ho atosɛm a, kae nea Onyankopɔn atamfo de yɛɛ Yesu ne n’akyidifo a na ɛwɔ asomafo no bere so no. Sɛnea Bible hyɛɛ ho nkɔm no, ɛnnɛ nso, atamfo sɔre tia Yehowa asomfo na wɔsɛe yɛn din. (Mat. 5:11, 12) Atosɛm a nkurɔfo keka no, sɛ yehu onii a ɔhyɛ akyi, na yɛyɛ ntɛm tu ho anammɔn a, ɛrentumi nnaadaa yɛn. Ɛnde, anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ yetu? Po atosɛm. Sɛ yɛte atosɛm bi a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, ɔsomafo Paul ma yehu no pefee. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmma ebinom nte wɔn ho ase sɛ, ɛnsɛ sɛ wotie atosɛm,’ na “atosɛm a etia nneɛma kronkron” nso, ɛsɛ sɛ ‘wɔbɔ gu.’ (1 Tim. 1:3, 4) Yɛn nso, yɛpo atosɛm efisɛ yenim baabi a efi. Yekura “nsɛmpa” anaa nokwasɛm no mu denneennen.—2 Tim. 1:13. w24.04 11 ¶16; 13 ¶17
Benada, May 12
Wɔn a wɔn tirim fitaa no, wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa wɔn koma.—Rom. 16:18.
Wɔn a wɔdi Yehowa nokware no, wo ne wɔn nyɛ baako. Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde baakoyɛ bom som no. Sɛ yeso nokware no mu denneennen a, ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ baako. Obi man fi nokware no ho a, obetumi de mpaapaemu aba asafo no mu. Sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn pɛ sɛ ‘yɛtwe yɛn ho fi ne ho.’ Anyɛ saa a, wɔbetumi atwe yɛn afi nokware no ho. (Rom. 16:17) Sɛ yehu nokware no na yeso mu denneennen a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ Yehowa nnamfo na yɛn gyidi nso ayɛ den. (Efe. 4:15, 16) Ɛba saa a, Satan atoro nkyerɛkyerɛ ne ne nnaadaasɛm no renwiawia yɛn, na sɛ ahohiahia kɛse no ba a, Yehowa bɛhwɛ yɛn so abɔ yɛn ho ban. Momma yɛnkɔ so nso nokware no mu denneennen, ‘na asomdwoe Nyankopɔn no ne yɛn bɛtena.’—Filip. 4:8, 9. w24.07 13 ¶16-17
Wukuda, May 13
Saa ɔbarima yi de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da.—Heb. 10:12.
Nnipa a na wɔte nka sɛ wɔn bɔne ayɛ wɔn so adesoa no, wɔn paa na Yesu de n’ani sii wɔn so frɛɛ wɔn sɛ wɔmmedi n’akyi. Ná onim sɛ adasamma amanehunu nyinaa fi bɔne. Enti nnipa a na afoforo bu wɔn sɛ wɔyɛ abɔnefo no, wɔn paa na ɔboaa wɔn. Ɔde mfatoho bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mammɛfrɛ atreneefo na mmom nnebɔneyɛfo.” (Mat. 9:12, 13) Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu yɛe. Ɔbea bi a ɔde ne nisu fɔw Yesu nan ho no, Yesu yii ne yam de ne bɔne kyɛɛ no. (Luka 7:37-50) Bere a Yesu huu Samariani bea bi wɔ abura no ho no, ɛwom sɛ na onim sɛ ɔbea no bu brabɔne, nanso ɔkyerɛkyerɛɛ no nokwasɛm atitiriw bi. (Yoh. 4:7, 17-19, 25, 26) Afei nso, bɔne nti na nnipa wu. Nanso Onyankopɔn maa Yesu tumi ma ɔde nyan nkurɔfo pii; na mmarima wom, mmea wom, mmofra wom, ɛnna mpanyimfo nso wom.—Mat. 11:5. w24.08 4 ¶9-10
Yawda, May 14
Obebu asaase atɛn trenee mu, na obebu amanaman atɛn nokwaredi mu.—Dw. 96:13.
Sɛn na Yehowa bɛhyɛ ne din anuonyam nnansa yi ara? Ɛne sɛ, obebu atɛntrenee. Babilon Kɛse a agu ne din ho fĩ no, ɛrenkyɛ ɔbɛsɛe no. (Adi. 17:5, 16; 19:1, 2) Wɔn a wɔbehu Babilon Kɛse no sɛe no, ebia wɔn mu bi bɛba abɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa. Awiei koraa no, Yehowa bɛsɛe Satan wiase no nyinaa wɔ Armagedon. Wɔn a wɔsɔre tia no na wɔgu ne din ho fĩ nyinaa, obeyi wɔn afi hɔ. Nanso wɔn a wɔdɔ no, wɔtie no, na wɔhyɛ no anuonyam no, obegye wɔn nkwa. (Mar. 8:38; 2 Tes. 1:6-10) Ebedu bere a sɔhwɛ a etwa to no bɛba awiei wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no akyi no, na Yehowa ahyɛ ne din anuonyam ama obiara ahu. (Adi. 20:7-10) Saa bere no, “Yehowa anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asaase so ma sɛnea nsu kata po so no.” (Hab. 2:14) Bere bi bɛba a, obiara a ɔte ase de anuonyam a ɛsɛ fata Yehowa din bɛma no. Saa bere no du a, ɛbɛyɛ anigye sɛ! w25.01 7 ¶15-16
Fida, May 15
Ehia sɛ mode animia gyina mu na mubu no sɛ ɛka mo nteɛso no ho.—Heb. 12:7.
Ɔsɔretia a na Hebrifo a wɔabɛyɛ Kristofo no rehyia no, dɛn na na ɛbɛboa wɔn ama wɔamia wɔn ani agyina ano? Ɔsomafo Paul nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔnya sɔhwɛ a wɔrehyia no ho adwempa. Enti ɔkyerɛɛ mu sɛ ebia Onyankopɔn bɛma kwan ama Kristofo ahyia sɔhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtete wɔn. Ntetee a ɛte saa no betumi aboa Kristofo ama wɔanya suban pa. Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, sɔhwɛ a na wɔrehyia no, sɛ wɔde wɔn adwene si nneɛma pa a na ebefi mu aba no so a, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbegyina ano. (Heb. 12:11) Paul hyɛɛ Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no nkuran sɛ, sɔhwɛ biara a wɔbehyia no, wɔmmia wɔn ani nnyina mu. Ná obetumi de saa afotu pa no ama wɔn, efisɛ ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, na watan Kristofo ani pɛn, enti na onim nea wɔbehyia. Afei nso bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, ohyiaa ɔsɔretia pii, enti na onim sɛnea yegyina ɔsɔretia ano.—2 Kor. 11:23-25. w24.09 12-13 ¶16-17
Memeneda, May 16
Monkɔ so nwɛn.—Mat. 25:13.
Ade rekye a ade resa nyinaa, ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no. Adɛn ntia? Efisɛ bere a aka no sua. Marko 13:10 ma yehu sɛ, asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ awiei mmere no mu no, Yesu kaa ho asɛm. Sɛnea Mateo asɛmpa no kyerɛ no, Yesu kaa sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ asaase so nyinaa ansa na “awiei no” aba. (Mat. 24:14) “Awiei no” yɛ bere a Yehowa beyi Satan wiase bɔne yi afi hɔ korakora. Nsɛm a ebesisi nnansa yi ara no, Yehowa ahyɛ ‘da ne dɔn’ pɔtee a ebesisi. (Mat. 24:36; Aso. 1:7) Yɛbɛda asɔre biara na bɛn ara na yɛrebɛn saa da no. (Rom. 13:11) Nanso, ansa na awiei no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no. Ɛho hia paa sɛ yebisa yɛn ho saa asɛm yi: Adɛn nti na yɛka asɛmpa no? Nea ɛwom ara ne sɛ, ɔdɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no. Yɛka asɛmpa no a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye asɛmpa no ho, yɛdɔ nnipa, na nea ɛsen biara no, yɛdɔ Yehowa, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ ne din da yɛn so. w24.05 14-15 ¶2-3
Kwasida, May 17
Onyankopɔn hwɛɛ biribiara a wayɛ, na ohui sɛ, eye paa!—Gen. 1:31.
Awofo, mommoa mo mma ma wɔnnwinnwen abɔde ho. Sɛ wo ne wo ba nam baabi a wɔaduadua nnua ne nhwiren anaa mowɔ afuw mu a, wubetumi atwe n’adwene asi abɔde mu adwini a ɛyɛ fɛ so. Adɛn ntia? Efisɛ adwini a ɛte saa no di adanse sɛ obi a onim nyansa paa na ɔyɛe. Nneɛma pii wɔ abɔde mu a atwitwa kanko, na nyansahufo asua ho ade mfe pii. Nyansahufo bi a ne din de Nicola Fameli kyerɛ mu sɛ, sɛ wofa abɔde bi a atwa kanko a, ɛwɔ kwan pɔtee a ɛfa so hyehyɛ pɛpɛɛpɛ, na edi mmara pɔtee bi so. Nneɛma a atwitwa kanko wɔ abɔde mu no dɔɔso; ebi ne sɛnea nsorommakuw bi ahyehyɛ, nwanwene, nhaban, ne afifide bi a wɔfrɛ no sunflower. w24.12 16 ¶7
Dwoda, May 18
Ɔno na ɔma wo nkwa.—Deut. 30:20.
Ɛsono bere a Mose, Dawid, ne Yohane nyinaa tenaa ase, ɛnna ɛsono yɛn bere yi. Afei nso ɛsono sɛnea na wɔn asetena te. Nanso akwan bebree so no, yɛte sɛ wɔn ara. Sɛnea yɛresom nokware Nyankopɔn no, saa ara na wɔn nso yɛe. Sɛnea yɛbɔ Yehowa mpae, yɛde yɛn ho to no so, na yɛhwehwɛ n’akwankyerɛ no, saa ara na wɔn nso yɛe. Obiara a otie Yehowa no, yegye di sɛ ohyira no boro so. Wɔn nso, saa ara na na wɔgye di. Ɛnde, momma yɛmfa saa mmarima no afotu nyɛ adwuma mfa nkyerɛ sɛ yetie Yehowa. Yɛyɛ saa a, ebesi yɛn yiye wɔ biribiara mu. Yebenya nkwa, na ‘yɛbɛtena ase akyɛ’; kyerɛ sɛ, yɛbɛtena ase afebɔɔ! Afei nso, yɛn ani begye sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani, efisɛ sɛnea ohwie nhyira gu n’asomfo so no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mpo mmu.—Efe. 3:20. w24.11 13 ¶20-21
Benada, May 19
‘Onyankopɔn ayi asafo no mufo ama wɔn mu biara adwuma.’—1 Kor. 12:28.
Tete Kristofo no bere so no, wɔpaw anuanom mmarima no bi sɛ asafo mu asomfo. (1 Tim. 3:8) “Nnwuma a wɔde boa afoforo” a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn na na wɔyɛ. Ɛda adi sɛ, na asafo mu asomfo hwɛ yɛ nnwuma ahorow a ɛho hia wɔ asafo no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a asafo mu mpanyimfo no betumi de wɔn adwene asi nkyerɛkyerɛ ne ahwɛfo adwuma no so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛbɛyɛ sɛ asafo mu asomfo boae ma wɔhwɛɛ Kyerɛwnsɛm a na ɛwɔ hɔ no so kyerɛw bi anaa wɔboae ma wɔtotɔɔ nneɛma a na wɔde bɛyɛ saa adwuma no. Nnwuma a asafo mu asomfo yɛ de boa asafo no, momma yɛnhwɛ emu bi. (1 Pet. 4:10) Wɔtumi ma wɔhwɛ asafo no sikasɛm anaa asaasesin a asafo no yɛ mu adwuma no so. Afei nso, wɔtumi ma wɔkra nhoma ma anuanom. Ɔdio ne video ho nneɛma a wɔde di dwuma nso, wɔtumi ma wɔhwɛ so. Wɔn mu bi tumi yɛ atɛndant anaa wɔboa ma wɔsiesie Ahenni Asa so. Saa nnwuma yi nyinaa ho hia na ama biribiara atumi akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu.—1 Kor. 14:40. w24.10 19 ¶4-5
Wukuda, May 20
Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.—Filip. 4:13.
Sɔhwɛ biara a yebehyia no, sɛ yɛkae sɛ Yehowa te ase na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn a, yebetumi agyina ano. Ade yi, ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ no, na obetumi ama yɛn ahoɔden ma yɛde agyina ano. Enti sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, wei hyɛ yɛn den ma yetumi gyina mu. Sɛ yehyia sɔhwɛ nketenkete na yehu sɛ Yehowa reboa yɛn a, ɛma yenya ahotoso sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ akɛse nso a, ɔbɛboa yɛn. Momma yɛnhwɛ nea esii wɔ Dawid asetenam a ɛma onyaa Yehowa mu ahotoso kɛse. Bere a ɔyɛ aberantewaa a na ɔhwɛ ne papa nguan no, bere bi osisi bɛkyeree nguan no baako kɔe. Bere foforo nso, gyata bɛkyeree baako kɔe. Mprenu no nyinaa, Dawid nyaa akokoduru tiw mmoa no kogyee nguan no. Nanso wanhyɛ ne ho anuonyam, efisɛ na onim sɛ Yehowa na ɔmaa no ahoɔden ma otumi yɛɛ saa. (1 Sam. 17:34-37) Nea esii no, Dawid dwinnwen ho, na wei ma onyaa Onyankopɔn teasefo no mu awerɛhyem sɛ, bere foforo nso sɛ ohyia ɔhaw a ɔbɛhyɛ no den. w24.06 21 ¶5-6
Yawda, May 21
Sɛ obi bua asɛm ansa na wate emu nokware a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.—Mmeb. 18:13.
Fa no sɛ obi ato nsa afrɛ wo sɛ bra apontow bi ase. Wobɛkɔ anaa worenkɔ? Sɛ wunnim nea ɔreto pon no anaa apontow no ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ wubisa nea ɔreto nsa afrɛ wo no nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi: “Bere bɛn na wɔbefi apontow no ase, na wɔbɛyɛ wɔ he? Nnipa dodow sɛn na ɛbɛba bi? Hena na ɛbɛhwɛ so? Henanom saa na ɛbɛba bi? Dwumadi bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ apontow no ase? Wɔde nsã a ɛbow bɛba ase anaa?” Saa nsɛmmisa yi ho mmuae bɛboa wo ma woasi gyinae pa. Afei a woahu asɛm no nyinaa ani so no, to wo bo ase dwen nea wobɛyɛ no ho yiye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa no sɛ woanya no ntee sɛ ebinom a wɔmfa Bible afotu mmɔ wɔn bra nso bɛba bi, anaa mmosã a ɛbɛba ase no, obiara betumi anom dodow a ɔpɛ. Wunhu sɛ apontow a ɛte saa betumi adan apontow a ase yɛ gyegyeegye? (1 Pet. 4:3) Bere a woadwen wei nyinaa ho awie ahu tebea no ani so no, ɛbɛma woatumi asi gyinae pa. w25.01 15 ¶4-5
Fida, May 22
Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.—Yes. 1:18.
Bible mu mfatoho ahorow bi boa yɛn ma yehu sɛ, agyede no nti sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, Yehowa popa yɛn bɔne. Sɛ ade kɔkɔɔ ka ntama fitaa mu a, ɛyɛ den paa sɛ wobɛhoro ama akɔ. Nanso, Yehowa nam saa mfatoho yi so ma yɛn awerɛhyem sɛ, obetumi ahohoro yɛn bɔne; obetumi ahoro no sɛ ntama ma nkekae biara afi mu. Bible de bɔne toto ‘ɛka’ ho. (Mat. 6:12; Luka 11:4) Enti bere biara a yɛbɛyɛ bɔne atia Yehowa no, na ɛka no bi abɛka ho. Yɛde Yehowa ka kɛse paa! Nanso sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, bɔne ho ka a na yɛde no no, otwam. Ɔnsan mmɛdan yɛn saa bɔne no ho ka. Saa mfatoho yi ma yehu ampa sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛn ho dwo yɛn na yɛn koma tɔ yɛn yam! w25.02 10 ¶9-10
Memeneda, May 23
Ɛnyɛ mma na ɛsɛ sɛ wɔpɛ ade gu hɔ ma wɔn awofo, na mmom awofo na ɛsɛ sɛ wɔpɛ ade gu hɔ ma wɔn mma.—2 Kor. 12:14.
Sɛ awofo mfe kɔ anim a, ebia ebehia sɛ wɔn mma yɛ wɔn mmoa, na mmofra pii ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ saa. (1 Tim. 5:4) Nanso, awofo nim sɛ, sɛ wɔtete wɔn mma ma wɔbɛsom Yehowa a, ɛno paa na ɛbɛma wɔn ani agye, na ɛnyɛ pɛ a wɔn mma bɛpɛ sika abɛhwɛ wɔn. (3 Yoh. 4) Sɛ woreboa wo mma ama wɔahu nea wɔbetumi ayɛ de ahwɛ wɔn ho daakye a, fa wo nhwɛso kyerɛ wɔn sɛ, wɔbetumi de wɔn ho ato Yehowa so. Wɔn mmofraase pɛɛ no, kyerɛ wɔn sɛ adwumaden so wɔ mfaso. (Mmeb. 29:21; Efe. 4:28) Bere a wɔrenyin no, boa wɔn ma wɔnsua ade yiye wɔ sukuu. Ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ Bible nnyinasosɛm a wɔbetumi de aboa wɔn mma ma wɔahu nea wɔbesua wɔ sukuu. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn mma no ma wɔanya adwuma a wɔbɛyɛ de ahwɛ wɔn ho, na wɔanya bere pii nso de ayɛ asɛnka adwuma no. w25.03 30-31 ¶15-16
Kwasida, May 24
Monhyɛ suban foforo . . . no.—Efe. 4:24.
Yesaia ti 65 no, Yehowa kaa sɛnea asetena bɛyɛ ama wɔn a ɛbɛtena honhom fam paradise no. Saa nkɔmhyɛ no dii kan baa mu afe 537 ansa na Yesu reba. Saa bere no, Yehowa gyee Yudafo a na wɔanu wɔn ho no fii Babilon nkoasom mu, na wɔsan kɔɔ wɔn kurom. Yehowa hyiraa ne nkurɔfo, na Yerusalem kurow a na ayɛ amamfo no, ɔboaa wɔn ma wɔsan kyekyee no fɛfɛɛfɛ. Afei wɔsii asɔrefie no bio, na ɛsan bɛyɛɛ baabi titiriw a wɔsom Yehowa. (Yes. 51:11; Sak. 8:3) Afe 1919 na Yesaia nkɔmhyɛ no fii ase nyaa mmamu a ɛtɔ so mmienu. Saa bere no na Yehowa asomfo a ɛwɔ hɔ nnɛ dee wɔn ho fii Babilon Kɛse no ho. Ɛno akyi no, honhom fam paradise no fii ase, na nkakrankakra ɛtrɛw kɔɔ wiase baabiara. Adawurubɔfo yeree wɔn ho kaa Ahenni ho asɛmpa no, na wɔtetew nsafo bebree. Wɔn a ɛbaa asafo no mu no sesaa wɔn suban. Mmea ne mmarima a kan no na wɔdi aturuturasɛm anaa wɔbu brabɔne no, ‘wɔhyɛɛ suban foforo a Onyankopɔn bɔɔ no sɛnea ɔpɛ no.’ w24.04 20-21 ¶3-4
Dwoda, May 25
Efisɛ obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.—Gal. 6:5.
Aman bi so no, awofo anaa afoforo a wɔn ani afi na wɔhwehwɛ kunu anaa yere ma wɔn abusuafo a wɔnwaree. Aman foforo so nso, abusuafo anaa nnamfo na wɔhwehwɛ bi ma obi a ɔpɛ sɛ ɔware; sɛ wɔnya bi a, na wɔayɛ nhyehyɛe ama wɔn baanu ahyia ahwɛ sɛ wɔbetumi ayɛ aware nhyehyɛe a. Sɛ obi de to w’anim sɛ pɛ kunu anaa yere ma no a, hwɛ sɛ wubehu nea ɔbea no ne ɔbarima no nyinaa pɛ. Sɛ wunya bi a, bɔ mmɔden hu onii no suban ne sɛnea ɔte yiye. Afei nso, bɔ mmɔden paa sɛ wubehu sɛnea ɔne Yehowa ntam te efisɛ ɛno na ehia paa. Sɛ obi ne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den a, eye koraa sen sɛ ɔyɛ onipa titiriw, ɔwɔ sika anaa wakɔ sukuu adu akyiri. Nanso kae sɛ, awiei koraa no, sɛ ɔbea no ne ɔbarima no bɛware oo, sɛ wɔrenware oo, wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wɔsi saa gyinae no. w24.05 23 ¶11
Benada, May 26
Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.—Mmeb. 17:17.
Nsɛm a yɛka ne nea yɛnka betumi aboa wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe. Ɛtɔ da a, ebia ebehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛanka asɛm a ɛmfa yɛn ho. (Mmeb. 12:18) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anhwɛ a yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo sɛ asomasi ne ɔbenten reyɛ aware nhyehyɛe, nanso ebia na wɔn ara na wɔpɛ sɛ wɔbɔ afoforo amanneɛ. Ɛnsɛ sɛ yedi wɔn ho nseku; saa ara nso na nneɛma bi a obiara tumi si gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia wɔn wɔ ho. (Mmeb. 20:19; Rom. 14:10; 1 Tes. 4:11) Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm bi anaa yebisa nsɛm bi a ɛbɛma wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe no anya adwene sɛ ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔware. Sɛ anuanom bi twa wɔn aware nhyehyɛe mu a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ho? Ɛnsɛ sɛ yɛfeefee asɛm no mu anaa yekogyina ɔbaako afã. (1 Pet. 4:15) Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ anuanom bi twa wɔn aware nhyehyɛe mu a, ɛno ankasa nkyerɛ sɛ wɔn nhyehyɛe no ankɔ yiye. Mmom, mpɛn pii no nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, nhyehyɛe no boaa wɔn ma wɔhui sɛ wɔfata wɔn ho anaa. Nanso, nhyehyɛe a wɔatwam no betumi ayɛ wɔn yaw. Enti yebetumi ahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa wɔn. w24.05 31 ¶15-16
Wukuda, May 27
Sɛ w’aba mu bu amanehunu da mu a, w’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi.—Mmeb. 24:10.
Ade baako a ɛyɛ yaw paa ne sɛ wo busuani anaa wo yɔnko berɛbo bi begyae Yehowa som. Ɛba saa a, ebetumi abubu wo. (Dw. 78:40 ) Sɛ wobɛn nipa no paa a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Sɛ asɛm a ɛyɛ yaw saa ato wo pɛn a, ɛnde sɛnea Sadok dii Yehowa nokware no betumi ahyɛ wo den. Bere a Sadok yɔnko berɛbo Abiatar anni Yehowa nokware no, Sadok de, ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Saa asɛm yi sii bere a Dawid da owu mpa so no, ne ba Adoniya yɛe ara sɛ obesi ne ho hene, nanso Solomon na na Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ obedi hene. (1 Be. 22:9, 10) Abiatar kɔtaa Adoniya akyi. (1 Ahe. 1:5-8) Nea Abiatar yɛe no kyerɛ sɛ wanni Dawid ne Sadok ne Yehowa nokware. Ná Sadok ne Abiatar abom ayɛ asɔfodwuma no mfe pii.2 Sam. 8:17; 15:29; 19:11-14. w24.07 6 ¶14-15
Yawda, May 28
Anigye ne onipa a daa ɔhwɛ ne ho yiye.—Mmeb. 28:14.
Yegye di paa sɛ, sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye na yɛankɔyɛ bɔne a, na yɛmmrɛ ngui. Sɛ yɛyɛ bɔne a, ebia “anigye” a yebenya no rentena hɔ nkyɛ. Nanso sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛn ani agye paa. (Heb. 11:25; Dw. 19:8) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔbɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛatumi adi ne mmara so. (Gen. 1:27) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ahonim pa, na ɛbɛma yɛanya anidaso sɛ yebetumi atena ase daa. (1 Tim. 6:12; 2 Tim. 1:3; Yuda 20, 21) Nokwasɛm ne sɛ, “honam no yɛ mmerɛw.” (Mat. 26:41) Nanso wei nkyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ yɛn mmerɛwyɛ ho hwee. Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde tumi a yehia no bɛma yɛn. (2 Kor. 4:7) Hyɛ no nsow sɛ, tumi a ɛboro nnipa de so no, ɛno na Onyankopɔn de ma yɛn. Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de ko tia sɔhwɛ da biara no de, yɛn ara yɛn tumi na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ. Yehowa bebua yɛn mpaebɔ na ɔde tumi foforo biara a yehia no ama yɛn. (1 Kor. 10:13) Yehowa mmoa so nti, yebetumi ayɛ ahwɛyiye na yɛanyɛ bɔne. w24.07 18-19 ¶19-21
Fida, May 29
Wɔn a wɔte bɔne mu no, kasa kyerɛ wɔn anibere so wɔ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim.—1 Tim. 5:20.
Ɔsomafo Paul a na ɔyɛ asafo mu panyin no na ɔkyerɛw asɛm a ɛnnɛ daa asɛm yi gyina so no kɔmaa Timoteo. Saa bere no, na Timoteo nso yɛ asafo mu panyin, na na Paul rekyerɛ no sɛnea ɔbɛboa “wɔn a wɔte bɔne mu no.” Wohwɛ a, nea na Paul reka ne sɛ, onipa a wayɛ bɔne no, wɔnka n’anim wɔ asafo no nyinaa anim anaa? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ saa. “Wɔn a wɔwɔ hɔ” a Paul kae no, ɛyɛ nnipa kakraa bi a ebia wɔnim bɔne a onipa no ayɛ no. Ebetumi aba sɛ wɔde wɔn ani hui. Ebi nso a, onii no ankasa na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Enti saa nkurɔfo no, mpanyimfo no bɛfrɛ wɔn nko ara aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔanya onii no kasakyerɛ, na wɔagye no asi yiye anaa wɔaboa no. Ɛtɔ da a, bɔne a onipa no ayɛ no, wobɛhwɛ na asafo no mufo dodow no ara ate ho asɛm, anaa akyiri yi ɛbɛda adi ama obiara ahu. Sɛ saa na asɛm no te de a, ɛnde “wɔn a wɔwɔ hɔ” no begyina hɔ ama asafo no mufo nyinaa. Ɛba saa a, asafo mu panyin baako bɛbɔ asafo no amanneɛ sɛ wɔaka onua anaa onuawa asomasi anim. Adɛn nti na ɔde saa nkaebɔ no bɛto asafo no anim? Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: Ɛbɛyɛ “kɔkɔbɔ ama wɔn a aka no,” na wɔankɔyɛ bɔne. w24.08 24 ¶16-17
Memeneda, May 30
Eyi ne nokwasɛm a efi Onyankopɔn hɔ.—Adi. 19:9.
Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu kosi awiei. Ansa na Yesu ‘bɛfa’ wɔn a wɔasra wɔn no akɔ soro no, ehia sɛ wɔkɔ so wɛn. (Mat. 24:40) Kristofo a wɔasra wɔn no rehwɛ kwan denneennen sɛ ‘wɔbɛboaboa wɔn ano’ akɔka Yesu ho wɔ soro. Armagedon ko no akyi no, wɔne Yesu a ɔyɛ Oguammaa no behyia ayeforo. (2 Tes. 2:1) Ɛwom sɛ ɛrenkyɛ na Yesu abebu atɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yesuro. Sɛ yɛkɔ so di nokware a, yɛn soro Agya no bɛma yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yebetumi agyina onipa Ba no anim.’ (2 Kor. 4:7; Luka 21:36) Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asaase so oo, kɔkɔbɔ a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no, sɛ yetie a, Yehowa begye yɛn atom. Yehowa adom so nti, ‘wɔbɛkyerɛw yɛn din wɔ nkwa nhoma no mu.’—Dan. 12:1; Adi. 3:5. w24.09 25 ¶19-20
Kwasida, May 31
Eye ma me sɛ mɛbɛn Onyankopɔn.—Dw. 73:28.
Onyankopɔn Asɛm boaa betumi aboa wo ama woanya asomdwoe. Ɔkwan bɛn so? Nneɛma pa a wowɔ ne agyapade a woaboaboa ano wɔ soro no, dwinnwen ho, na kae sɛ wɔn a wɔnsom Yehowa no, wɔn akatua ara na wɔrenya wɔ wiase yi mu no. Nea wɔatumi ayɛ wɔ abrabɔ mu no, ebia ɛno na wɔde wɔn ho to so, efisɛ wɔnni anidaso biara bio. Nanso wo de, Yehowa ahyɛ wo bɔ sɛ nhyira a obehwie agu wo so no, ɛnyɛ asɛm ketewa. (Dw. 145:16) Afei nso, dwen wei ho hwɛ: Sɛ yesii gyinae foforo bi a, anka saa bere yi yennim sɛnea yɛn abrabɔ awie yɛn. Asɛm a edi hɔ yi yɛ nokware turodoo: Wɔn a Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa ho dɔ kanyan wɔn ma wɔsisi gyinae no, adepa biara remmɔ wɔn da. w24.10 27 ¶12-13