Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 45 kr. 204-207
  • “Meyɛ Ɔdebɔneyɛfo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Meyɛ Ɔdebɔneyɛfo”
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • N’ase Timii Sɛ Ɔbotan
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Suasua Sɛnea Yehowa Ne Yesu Dwen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 45 kr. 204-207

45 PETRO

“Meyɛ Ɔdebɔneyɛfo”

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NÁ PETRO yɛ ɔbarima a ɔyɛ adwumaden; adwuma a na ɔyɛ ne sɛ, na ɔne n’abusuafo yi nam wɔ po so. Ná Petro yɛ obi a ɔwɔ akokoduru. Afei nso, na ɔyɛ obi a ɔtaa kyerɛ n’adwene ntɛmntɛm, na sɛ biribi ni na ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho biribi a, ɔyɛ no ntɛm. Da koro, ɔwɔ hɔ ara na ne nua Andrea de anigye bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia no.” Ɛno akyi no, ankyɛ biara na Petro bɛkaa Yesu asuafo no ho.

Abosome kakra akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɛhɔ na na Petro te. Da bi, na Petro akɔtena po so anadwo mu no nyinaa, nanso wannya nam. Yesu huu saa no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ wɔnkɔ baabi a emu dɔ na wɔnsan ngu asau no bio. Ahyɛase no, na Petro tirim nteɛ no, efisɛ anadwo mu no nyinaa mpo, wɔannya nam, na afei a ade akye! Enti Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Yɛayɛ adwuma anadwo no nyinaa nso yɛannya hwee.” Nanso ɔyɛɛ nea Yesu kae no, na wɔyii nam ara maa akorow mmienu yɛɛ ma; ná ɛreyɛ amem mpo! Bere a Petro huu saa anwanwade no, ehu kaa no. Ɔtee nka sɛ ne bɔne dɔɔso ara ma ɔmfata mpo sɛ ɔbɛbɛn Onyankopɔn Ba no. Enti ɔkotow Yesu nan ase kaa sɛ: “Awurade, fi me nkyɛn kɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfo.” Ɛnna Yesu kaa akomatɔyam nsɛm yi kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Efi saa bere yi rekɔ no, wubeyi nnipa.”

Yesu te ɔkorow bi mu, ɛnna Petro abu nkotodwe wɔ n’anim. Nam pii gu ɔkorow no mu, na bebree nso aba asaw no mu a nkurɔfo retwe aba ɔkorow no mu, na wuhu sɛ wɔrebrɛ mu.

Yesu huu biribi pa wɔ Petro ho, enti asomafo 12 a ɔpaw wɔn no, na Petro ka ho. Nneɛma pii na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru. Ebi ne sɛ, sɛ Yesu ka asɛm bi na asuafo no ante ase na obiara mpɛ sɛ obisa ho asɛm mpo a, Petro de, obebisa ama Yesu akyerɛkyerɛ mu. Bere bi a Petro huu sɛ Yesu nam po so sei, onyaa akokoduru ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma ɔno nso nnantew nsu no so bi.

Ná Petro taa ka n’adwene ntɛmntɛm, enti na obehia akokoduru na watumi agye ne mfomso atom akɔ so ayɛ Onyankopɔn apɛde

Ade baako a na Petro taa yɛ ne sɛ, sɛ ɔyɛ biribi na ankɔ yiye na obi ka a, ɔbrɛ ne ho ase gye tom yɛ nsakrae. Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru, efisɛ sɛ obi nni akokoduru a, ɛbɛyɛ den sɛ obegye ne mfomso atom na wayɛ nsakrae. Bere bi, Yesu kaa sɛ ɛrenkyɛ na wawu. Petro tee saa asɛm no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho.” Saa asɛm no, na ɛne Yehowa adwene nhyia. Enti Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, ɔrekasa te sɛ Satan. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro no, na ano yɛ den paa, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom.

Anadwo a Yesu rebewu no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ n’asomafo no ahobrɛase, enti ofii ase hohoroo wɔn nan ho. Saa ade a ɔyɛe no, na ɛyɛ nkoa a wɔba fam adwuma. Eduu Petro so no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Worenhohoro me nan ho da.” Petro kaa saa no, Yesu teɛɛ ne so. Afei Petro dan asɛm no koraa kaa sɛ ɛnyɛ ne nan ho nko ara na Yesu nhohoro, na mmom ɔnhohoro ne nsa ho ne ne tirim nka ho. Saa asɛm no nso, Yesu teɛɛ ne so wɔ ho. Akyiri yi, Yesu kaa sɛ asomafo no nyinaa beguan agyaw no. Nanso Petro kaa sɛ, sɛ obiara begyaw Yesu hɔ a, na ɛnyɛ ɔno! Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, saa anadwo no ara, ɔbɛka no mprɛnsa sɛ onnim no.

Nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, asraafo bɛkyeree Yesu kɔe. Petro nyaa akokoduru dii Yesu akyi, nanso na ɔmmɛn no pii. Bere a wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfopanyin no fie kodii n’asɛm, na wɔregu n’anim ase yɛ no aninyanne no, na Petro wɔ fie no adiwo rehwɛ nea ɛrekɔ so. Wɔn a na wɔgyinagyina hɔ no bi kaa sɛ wɔnim sɛ Petro ka Yesu asuafo no ho. Nanso sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, Petro kaa no mprɛnsa sɛ onnim Yesu wɔ baabiara.

Afei Yesu too n’ani, na n’ani kɔtɔɔ Petro anim. Ɛbaa saa no, Petro kaee Yesu asɛm no, na ne werɛ howee paa, enti “opue kosui pii.” Ankyɛ biara na wɔkum ne wura a ɔdɔ no no yayaayaw, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno koraa na etwaa ne nsono mu. Nanso wamma ɛno ammu n’abam amma wannyae Nyankopɔn som. Mmom, ɔne asomafo a aka no hyiae. Akyiri yi a Yesu nyan fii awufo mu a oyii ne ho adi kyerɛɛ Petro no, ɔkɔbɔɔ asomafo no amanneɛ. Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro no, nkɔmmɔ pɔtee a ɔne no bɔe de, Bible nka, nanso ɛhyɛɛ Petro den paa, na ɛkyekyee ne werɛ nso.

Nnawɔtwe kakra akyi no, Yesu ne n’asomafo no hyiae wɔ Galilea Po no ho, na ɔmaa Petro hokwan kɛse bi. Ná Petro aka no mprɛnsa sɛ onnim Yesu, enti Yesu nso maa no akwannya mmiɛnsa a ɔde bɛkyerɛ sɛ ɔdɔ no. Afei Yesu de adwuma kɛse bi hyɛɛ Petro nsa. Ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ma me nguan nkumaa aduan.” Yebehu wɔ Ti 49 no sɛ, Petro nyaa akokoduru sen kan no mpo de yɛɛ adwuma a Yesu de hyɛɛ ne nsa no.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Mateo 14:​23-29; 15:15; 16:​21-23; 18:21; 19:​27-29; 26:​69-75

  • Marko 14:​27-31, 53, 54; 16:7

  • Luka 5:​1-11; 12:41; 22:​61, 62; 24:​33, 34

  • Yohane 1:​40-42; 13:​3-10, 36-38; 21:​15-17

Yensusuw wei ho:

Petro ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Wɔn a na wɔyi nam te sɛ Petro no, na wɔn adwuma no te sɛn? (it “Sɛnea Na Wɔyi Nam, Ne Ahayɔ” ¶6-7-wcgr) A

    Ɔbarima bi a n’asaw atetew na ɔrepam wɔ asomafo no bere so.

    Mfoni A

  2. 2. Adɛn nti na Yesu too Simon din Kefa (anaa Petro)? (Yoh. 1:42; ia 181 ¶8)

  3. 3. Bere a Yesu ka kyerɛɛ Petro ne Andrea sɛ wɔmmɛyɛ “nnipa yifo” no, dɛn paa na na ɔrepɛ akyerɛ? (Mat. 4:​18-20; w16.05 9 ¶3-4) B

    Nnipa nnan bi a wɔwɔ asomafo no bere so; wɔde ahoɔden retwe asaw a ɛnam ayɛ mu ma abegu ɔkorow bi mu.

    Mfoni B

  4. 4. Aka kakra ama Yesu akɔ soro no, obisaa Petro sɛ: “Wodɔ me sen eyinom anaa?” Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu repɛ akyerɛ sɛn? (ia 204 ¶26)

Dɛn Na Woasua?

  • Sɛ yɛwɔ suban bi a ne gyae yɛ den a, dɛn na yebetumi asua afi Petro hɔ na yɛakɔ so asom Yehowa? D

    Mfoni Ahorow: Onua aberante bi wɔ haw bi a ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi so. Wɔayɛ ho mfoni mmiɛnsa wɔ ha. Ogyina ahwehwɛ anim mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔredwen ne haw no ho. Asafo mu mpanyimfo mmienu rekenkan Bible de ahyɛ onua no nkuran. Onua no gyina asɛnka agua so rekenkan Bible.

    Mfoni D

  • Sɛ wudwinnwen sɛnea Yehowa ne Yesu yii wɔn yam de Petro bɔne kyɛɛ no no ho a, ɛbɛboa wo sɛn?

  • Akokoduru a na Petro wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Dɛn na woasua afa Petro ho wɔ ha a enti ɛyɛ wo dɛ sɛ wɔapaw no sɛ ɔne Kristo nkodi ade wɔ soro?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Awofo bɛyɛ dɛn de Petro nhwɛso no akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔate Yehowa mmɔborɔhunu ase?

Yehowa De Bɔne Kyɛ (9:40)

Wokenkan asɛm yi a, wubehu sɛnea nnipa bebree gyaee Yesu akyi di nanso Petro de, ɔkɔɔ so bataa ne ho.

“Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu” (ia 188-195)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena