Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 10/8 kr. 17-19
  • Ɔko Nni hɔ Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔko Nni hɔ Bio
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Asomdwoe Ho Anidaso a Ɛyɛ Nokware
  • Onyankopɔn Bɔhyɛ Mu Gyidi a Yebenya—Dɛn Nti na Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Asomdwoe Aba Asase So?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Onyankopɔn Ahenni Di Tumi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Onyankopɔn Ahenni
    Nyan!—2013
  • Ahenni a “Wɔrensɛe no Da”
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 10/8 kr. 17-19

Ɔko Nni hɔ Bio

NNIPA a wɔwɔ mmaa nyinaa ahwɛ wiase a akodi nnim kwan akyɛ. Ɛyɛ akwanhwɛ a entumi nnya mmamu. Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, nnipa pii gye di sɛ nniso a ebegyina hɔ ama nnipa a wɔte asase yi so mmaa nyinaa nkutoo na ebetumi de asomdwoe aba wiase nyinaa. Nanso, nnipa pii no ara nim sɛ nnipa nniso remfi wɔn pɛ mu nnan wɔn tumidi mma nniso a ebegyina hɔ ama obiara wɔ asase yi so da. So eyi kyerɛ sɛ yentumi nnya nniso a ebedi wiase nyinaa so?

Ebia ebetumi aba saa. Nanso, Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ nniso bi a ebedi asase nyinaa so de asomdwoe bɛba asase so. Ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ anaasɛ apam a amanaman no bɛyɛ na ɛde bɛba. Wɔde honhom kaa odiyifo Daniel ma ɔkyerɛwee sɛ: ‘Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da bi so.’—Daniel 2:44.

Ɛyɛ saa Ahenni koro no ara na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae wɔ mpae a nnipa ɔpepem pii nim no sɛ Awurade Mpaebɔ, anaa Yɛn Agya a Wowɔ Soro, mu no. Ɛda adi sɛ wunim saa mpae a ɛwɔ Bible mu wɔ Mateo 6:9, 10 no. Mpae no fã bi de adesrɛ yi to Onyankopɔn anim sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ wɔ soro.” Onyankopɔn bebua saa mpae no. Ɛrenkyɛ saa Ahenni no ‘bɛba’ abɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so. Onyankopɔn apɛde ne sɛ asase bɛdan paradise a asomdwoe wom.

Wiase Asomdwoe Ho Anidaso a Ɛyɛ Nokware

So yɛwɔ ntease a ebetumi ama yɛagye adi sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ nneɛma pa asen nea nnipa nniso atumi ayɛ? Susuw nneɛma awotwe a Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ na ama wɔn a ebedi wɔn so no anya asomdwoe daa no ho.

1. Nea Onyankopɔn apaw no a obedi Ahenni no so ne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam, “Asomdwoe Hene” no. (Yesaia 9:6) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ n’asomfo de honam fam akode di ako. Ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.”—Mateo 26:52.

2. Ahenni no bɛyɛ wiase nyinaa nniso ankasa. Ɛdefa tumi a wɔde ama Yesu ho no, Daniel ka siee sɛ: “Ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa som no.”—Daniel 7:14.

3. Ahenni no bedi nnipa nyinaa so. Yesu benya adedifo a wofi “mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu” na “wobedi asase so ahene.”—Adiyisɛm 5:9, 10.

4. Onyankopɔn Ahenni no beyi nnipa nniso a ɛsɔre tia ne tumidi no nyinaa afi hɔ. “Ebebubu [nnipa] ahenni ahorow no nyinaa ama asã na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

5. Mmara koro na nnipa a wɔte asase so nyinaa de bɛyɛ adwuma. Yesaia hyɛɛ saa bere no ho nkɔm sɛ: “Sion na mmara befi, na [Yehowa, NW] asɛm afi Yerusalem. Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim.”—Yesaia 2:3, 4.

6. Ahenni no nkoa besua asomdwoe akwan. Yesaia toaa so sɛ: “Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

7. Wɔbɛpra wɔn a wɔdɔ amumɔyɛsɛm nyinaa afi asase so. “[Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no. Ɔbɛma asraman aduru abɔnefo, ogya ne sufre ne mframa a ɛdɛw ne wɔn kuruwa mu kyɛfa.”—Dwom 11:5, 6.

8. Wobeyi akode nyinaa afi hɔ. “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa, NW] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.”—Dwom 46:8, 9.

Onyankopɔn Bɔhyɛ Mu Gyidi a Yebenya—Dɛn Nti na Ɔkwan Bɛn So?

Bible no kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni no mu kɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, ɛka wɔn a wɔne Yesu Kristo bedi asase yi so ho asɛm. Ɛsan ka sɛnea wɔpaw wɔn ne nea wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ ho asɛm. Bible no ka sɛnea Ahenni no de asase so nneɛma bedi dwuma na ɛde yiyedi ne anigye abrɛ nnipa a wɔte asase so nyinaa, na ayi anibere ne adifudepɛ a mpɛn pii no ɛde ntawntawdi ba no afi hɔ nso ho asɛm.

So ɛsɛ sɛ yegye nkɔmhyɛ ahorow yi di? Yehowa ankasa aka sɛ: “M’asɛm a efi m’anom . . . rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” (Yesaia 55:11) Saa asɛm yi ma yenya awerɛhyem koraa sɛ Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow no abam. Yehowa yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ, enti obetumi ama asomdwoe aba asase nyinaa so. Ɔte biribiara ase; enti, ɔwɔ nyansa a ɔde bɛhwɛ ma asomdwoe atra hɔ. (Yesaia 40:13, 14) Bio nso, Yehowa ne dɔ, enti obiara nni amansan yi mu a ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛma asomdwoe aba sɛ ɔno.—1 Yohane 4:8.

Nokwarem no, egye gyidi na obi anya Onyankopɔn bɔhyɛ mu ahotoso. Gyidi gyina nimdeɛ so na wɔnam, Onyankopɔn Asɛm, Bible no sua so na enya. (Filipifo 1:9, 10) Bere a yesua Onyankopɔn nipasu ne n’atirimpɔw ho ade no, N’ahenni no ba bɛyɛ paa ma yɛn. Yiw, akodi befi hɔ, nanso ɛnnam nnipa mmɔden so na mmom ɛnam wiase nniso bi a ɛwɔ anuonyam a Nyankopɔn pene so, N’ahenni no so.

[Kratafa 18 mfonini ahorow]

Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no nnipa besuasua asomdwoe, na akode nyinaa befi hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena