Dɛn na Ɛbɛba Akodi So?
ASRAADI ho abakɔsɛm kyerɛwfo John Keegan kae sɛ: “Akodi abɛyɛ nnipa su wɔ mfe 4000 a wɔakɔ so de wɔn ho ahyɛm no mu.” So saa su no betumi afi hɔ? Nnipa pii awuwu wɔ akodi mu. Wɔasɛe ahoɔden ne sika pii wɔ akodi mu. Nnipa a wɔwɔ nimdeɛ akɔ so ahwehwɛ ɔkwampa a wobetumi afa so adi awu na wɔasɛe ade wɔ mfe mpempem pii mu. So nnipa de nsiyɛ a ɛte saa ahwehwɛ asomdwoe? Dabida! Nanso, nnipa pii da so hwɛ kwan sɛ biribi pa bi betumi aba.
Adwene a Wɔanya a Ɛkyerɛ sɛ Akodi Nye
Nea ɛma wɔhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛyɛ yiye ne sɛ, adwene a nnipa a wɔn ani abue wɔ wɔ ɔko ho nnɛ no nte sɛ kan no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔ afeha 13 mu no, Mongoliafo ɔkofoni Genghis Khan kae sɛ: “Nea ɛde anigye ba ne sɛ obi bedi n’atamfo so, apam wɔn afi wɔn atrae, afa wɔn agyapade, abu wɔn abam kɛse, na woato wɔn yerenom ne wɔn mmabea mmonnaa.”
Ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛte sɛ wiase kannifo bi reka asɛm a ɛte saa nnɛ! A History of Warfare nhoma no ka sɛ: “Wiase no mu baabiara nni hɔ a yebetumi ate nnɛ sɛ wɔreka sɛ akodi fata.” Ɛnnɛ wommu akodi sɛ biribi a ɛyɛ ne kwan so, ɛfata, na asɛm nni ho bio. Mogyahwiegu a akɔ so wɔ afeha 20 yi akodi mu no ama adesamma asuro akodi na wɔn ani nnye nea efi mu ba no ho. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ basabasayɛ a nnipa pii ani nnye ho nti na wɔatwa kumfɔ a wobebu obi mu wɔ aman pii mu no, na ama wɔahu wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ sraadi mu no mmɔbɔ.
Ɛnyɛ mmogyahwiegu a nnipa pii ani nnye ho no nkutoo nti na wɔasesa adwene a wɔwɔ wɔ akodi ho no. Nea ehia kɛse ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn nkwa ho ban nso. Esiane sɛ nnɛyi nuklea akode ne akode a abu so tumi sɛe ade kɛse no nti, ɔko biara a ɛbɛkɔ so nnɛ wɔ aman a wɔwɔ tumi no ntam no betumi atɔre adesamma ase koraa. Ɔko a wɔbɛma aba wiase nyinaa no yɛ nea ɛmfata koraa na ebetumi de adesamma nkwa ato asiane kɛse mu. Nnipa pii ka sɛ ɛyɛ adwene a ɛte saa nti na nnipa agyae nuklea akodi bɛboro mfe 50 ni no.
Ntease foforo nti a ɛma ebinom nya daakye ho adwene soronko nso wɔ hɔ. Ɛnyɛ biribiara a ebetumi asɛe nti na wobu wiase nyinaa ko sɛ adeyɛ a nyansa nnim, na mmom ɛmfa mfaso biara nso mma. Sikasɛm ho nsɛnnennen a wiase nyinaa ko betumi de aba ni: Aman a wɔwɔ tumi kɛse na wodi yiye no nya mfaso kɛse efisɛ obiara boa ne yɔnko wɔ sikasɛm mu. Yɛrentumi mfa nneɛma a saa aman yi nya no akodi mu ntoto bere a wɔwɔ asomdwoe ho. Enti, ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ aman a wɔwɔ tumi no ma asomdwoe ba wɔn ntam. Afei nso, sɛ wɔkɔboa ma wosiw ntawntawdi biara a ɛbrɛ sikasɛm mu nkɔso ase a ɛkɔ so wɔ aman a wonni tumi no ntam no ano a, wonya so mfaso.
Mmɔden a Wiase no Bɔ De Hwehwɛ Asomdwoe
Amanaman no ada no adi wɔ Amanaman Nkabom no mmara nhoma no nnianim nsɛm mu sɛ wɔpɛ sɛ wɔma akodi gyae. Emu nsɛm no ma yehu sɛ aman a wɔdɔm nkabom no asi wɔn bo sɛ “wobegye awo ntoatoaso a ebedi akyiri no afi ɔko ne amanehunu a enni ano [a afi wiase nyinaa akodi abien mu aba] a ama adesamma adi awerɛhow mprenu wɔ yɛn nkwa nna mu no mu.” Wɔdaa wɔn bo a wɔasi sɛ wobegye daakye awo ntoatoaso afi akodi mu no adi wɔ nhyehyɛe bi a wɔboom yɛe mu—a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ amanaman no ka bom sɔre tia ɔman biara a ɛda ne ho adi sɛ n’asɛm yɛ den. Enti, sɛ ɔman bi bɔ ne ho mpem sɛ ɔbɛma ɔko asɔre a, ɛnde amanaman no bɛsɔre atia no denneennen.
Ɛwom sɛ adwene no ye na ntease wom de, nanso ɛyɛ den sɛ wɔde bedi dwuma. The Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ɛsono nea wɔka ho asɛm wɔ Amanaman Apam no Nhyehyɛe ne Amanaman Nkabom no Mmara Nhoma no mu de, nanso n’abien nyinaa adi nkogu koraa. Esiane sɛ amanaman no nyinaa nni aban biako a ebetumi asi nneɛma ho gyinae nti, wɔn adwene ntumi nhyia wɔ nea ɛsɛ sɛ wobu no ntua ankasa ho, na wonnye ntoom ankasa sɛ ɛsɛ sɛ wɔsɔre tia ɔman a ɛbɛto ahyɛ ne yɔnko so no, ma enti wontumi mfaa amanaman nkabom ahobammɔ kuw a wɔaka ho asɛm wɔ wɔn Mmara Nhoma mu no nsii hɔ.”
Nanso, na adwene a ɛne sɛ wɔbɛte wiase nyinaa kuw bi na adi dwuma ma asomdwoe aba no yɛ ade foforo koraa wɔ adesamma nsɛm mu. Nnipa pii a wɔpɛ asomdwoe no da so ara bu UN ɔpatafo, a ɔhyɛ kyɛw bruu no sɛ anidaso ho agyiraehyɛde. Wɔte nka te sɛ sɛnkyerɛwfo bi a ɔkyerɛɛ anigye wɔ “ɔsraani patafo a wɔde no kɔɔ baabi a ɔko asi, a na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ɔko no mu, na mmom sɛ ɔbɛhwɛ ma asomdwoe aba, ɔne atamfo nni asi, na mmom sɛ ɔbɛboa nnamfo” no ho no.
Wɔ mfe pii mu no, Apuei ne Atɔe ntam ntawntawdi no kɔɔ so kyɛɛ UN mu ma ɛbɛyɛɛ akuw a emu biara wɔ tumi, a na emu biara awe ahinam so sɛ ɛbɛbɔ nea ɔfoforo pɛ sɛ ɔyɛ agu. Ɛwom sɛ Ntawntawdi a aba awiei no mmaa akodi, ehu, ne adwemmɔne a aman no wɔ to ntwae de, nanso nnipa pii gye di sɛ mprempren amammui dwumadi ahorow no abue hokwan a ebi mmae da ama UN a ebetumi ayɛ nea ɛpɛe sɛ ɛyɛ no.
Nsɛm foforo a asisi wɔ afeha 20 yi mu no nso ma wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe no nya anidaso. Sɛ nhwɛso no, botae a esi amanaman no ani so ne sɛ wobesiesie ntawntawdi wɔ asomdwoe mu. Nneɛma a aman foforo de ma no boa ma wosiesie nneɛma a asɛe wɔ aman bi mu na ɛde mmoa ma nkurɔfo a akodi ayɛ wɔn pasaa no. Asomdwoe ho nhyehyɛe a wɔyɛ ne mmoa a wɔde ma abɛyɛ amanaman ntam nhyehyɛe. Wobu wɔn a wɔhwɛ ma asomdwoe ba no.
Sɛnea Daakye Ko Bɛyɛ
Nanso, anidaso a wɔwɔ nyinaa akyi no, ɛsɛ sɛ wosusuw nsɛm a ɛyɛ hu a ɛresisi no nso ho. Bere a Apuei ne Atɔe ntam ntawntawdi no baa awiei wɔ 1989 mu no, nnipa pii benyaa ahotoso wɔ wiase nhyehyɛe foforo bi a asomdwoe wom mu. Nanso, akodi kɔɔ so ara. Wɔ mfe ason a edi hɔ mu no, wobuu akonta sɛ akodi 101 na ɛkɔɔ so wɔ mmeae ahorow. Ná emu dodow no ara nyɛ akodi a ɛkɔ so wɔ aman ntam, ɛyɛ ɔman baako mu nnipa a na wɔatwa wɔn ho reko. Akuw abien yi amfa akode akɛse na edii dwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔ Rwanda no, wɔde asekan na ekunkum nnipa no mu pii.
Mpɛn pii no, nnɛyi akodi no kɔ so wɔ nkurow mu ne nkuraase, na ɛtaa yɛ den sɛ wobehu nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔagye ɔko no agyina mu ne ɔmanfo a wɔn ho nni asɛm no ntam. Michael Harbottle a ɔyɛ Asoɛe a Ɛhwɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Nsɛm So kwankyerɛfo no kyerɛwee sɛ: “Bere a atwam no na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu nea ɛde akodi ba no, nanso nnɛ de ɛyɛ den kɛse sɛ wobehu na ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wobesiw ano nso. Basabasayɛ a ɛde ba no yɛ ahodwiriw na ntease biara nni mu. Wotumi kunkum ɔmanfo a wɔn ho nni asɛm no te sɛ akofo no ara pɛ.” Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ saa ko a akode akɛse nnim yi befi hɔ.
Nanso, kɔ ara na aman a wodi yiye no kɔ so yɛ akode a ɛyɛ hu ntɛmntɛm. Sɛ wɔde nnwinnade a ɛma wohu ade kɔ akyiri yi di dwuma a—sɛ ɛyɛ mframa mu, ahunmu, po so, anaa asase so no—ɛboa nnɛyi asraafo kɛse ma wohu ade yiye ntɛm wɔ asase no fa a ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ wɔde akode asie hɔ, te sɛ kwae birentuo mu mpo sen bere biara. Sɛ saa nnwinnade yi tɔ akode bi so pɛ a, wotumi de aprɛm ne topae a wɔde afiri kyerɛ no kwan sɛe no—a mpɛn pii no ɛnto mfom. Bere a nyansahu mu nimdeɛ rekɔ anim no, wotumi ma “wimhyɛn a wɔde di ako” kɔ beae pɔtee bi, na asraafo tumi hu biribiara tow no tuo, na wotumi sɛe wɔn atamfo nneɛma pii.
Bere a yɛresusuw daakye akodi ho no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nuklea akode ho asiane a ɛwɔ hɔ seesei no so. The Futurist nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Atopae a abu so no ma ɛda adi pefee sɛ ako a wɔde atopae di dwuma wom biako anaa nea ɛboro saa besisi wɔ mfe 30 a ɛda yɛn anim no mu. Afei nso, amumɔyɛfo betumi atoto atopae.”
Dɛn na Ɛmma no Nyɛ Yiye?
Dɛn ne akwanside a ɛmma wonnya asomdwoe wɔ wiase nyinaa no? Ade titiriw ne sɛ adesamma abusua no mu apaapae. Adesamma mu akyekyɛ ayɛ aman ne mmusua a enni wɔn ho mu ahotoso, ɛtan wɔn ho, na esuro wɔn ho wɔn ho. Adwene, ne botae ahorow a enhyia nso wɔ hɔ. Afei nso, wɔde asraafo tumidi adi dwuma mfe mpempem pii mu sɛ ɔkwan a eye a wɔnam so bɛbɔ ɔmanfo ho ban. Bere a wogyee nokwasɛm a ɛte sɛɛ toom akyi no, U.S. Asraadi Ho Nsɛm Sukuupɔn daa no adi sɛ: “Nnipa pii fam no, nea eyi kyerɛ ne sɛ wiase nniso nkutoo na ɛde asomdwoe bɛba.”
Ebinom susuw sɛ ebia Amanaman Nkabom no ne saa nniso no. Nanso wɔamfa UN ansi hɔ sɛ wiase nyinaa nniso a ɛwɔ tumi sen aman a wɔdɔm no. Enni tumi nsen nea aman a wɔdɔm no de ma no. Adwemmɔne ne adwene a enhyia wɔ nsɛm ho da so wɔ aman a wɔdɔm no ntam, na eyi ma tumi a UN nya fi wɔn hɔ no yɛ kakraa bi. Enti, sɛ anka UN bɛhwɛ adi wiase nsɛm ho dwuma yiye no, ɛka yiyedi no ho nsɛm kɛkɛ.
Nanso, ɛda adi sɛ wiase nyinaa asomdwoe bɛba asase yi so ankasa. Asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ sɛnea eyi betumi aba mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
“ƐSƐ SƐ ADESAMMA HWƐ MA AKODI BA AWIEI, ANYƐ SAA A AKODI MMOM BƐTƆRE ADESAMMA ASE.”—JOHN F. KENNEDY
[Kratafa 17 mfonini]
UN ntumi mmɛyɛɛ wiase nyinaa nniso
[Asɛm Fibea]
UN photo