Bible No Adwene
Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Ɔman Ba Pa?
WIASE Nyinaa Ko II no akyi no, wɔde nnipa pii a wɔwɔ Europa ne Japan a na wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ ɔman mma pa a wodi mmara so kɔɔ asɛnnibea bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔafa ɔko no ho adi nsɛmmɔne akɛse. Na ebi yɛ asraafo mpanyimfo, nyansahufo, ne mpanyimfo afoforo. Bere a saa nsɛmmɔnedifo yi binom rebɔ mmɔden sɛ wobeyi wɔn ho ano no, wɔkae sɛ, sɛnea ɛsɛ sɛ ɔman ba pa biara yɛ no, na wɔredi mmara so ara kwa. Nanso, bu a wobu wɔn ho sɛ ɔman mma pa no maa wɔyɛɛ nnipa amumɔyɛde a ɛyɛ hu.
Nanso, ebinom wɔ hɔ a wommu tumidi a ɛwɔ Ɔman no mu. Ebinom bu wɔn ani gu atumfoɔ a wodi tumi no so pefee, na afoforo nso asi wɔn bo sɛ wɔbɛto mmara, bere dodow a wonsuro sɛ wɔbɛkyere wɔn no. Nokwarem no, nnipa kakraa bi na ebia wɔbɛka sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ osetie ma tumidi, efisɛ sɛ ɛno nni hɔ a, nneɛma begyigya na obiara bɛyɛ nea ɔpɛ. Nanso, asɛmmisa no ne sɛ, Yɛn asɛyɛde sɛ ɔman mma ne obu a yɛbɛkyerɛ ama mmara no kɔpem he? Susuw nnyinasosɛm titiriw ahorow bi a ɛboaa afeha a edi kan Kristofo maa wonyaa adwene pa wɔ wɔn asɛyɛde wɔ Ɔman no mu ho.
Sɛnea Kristofo Brɛ Wɔn Ho Ase Ma Atumfoɔ
Afeha a edi kan Kristofo fi wɔn pɛ mu brɛɛ wɔn ho ase dii mmara ne ahyɛde ahorow a “tumi a ɛwɔ anuonyam”—kyerɛ sɛ, atumfoɔ a wodi tumi saa bere no—de mae so. (Romafo 13:1) Kristofo gye toom sɛ, ‘wɔn ho ase a wɔbɛbrɛ ama mpanyinni ne tumi horow, na wɔayɛ osetie’ no teɛ. (Tito 3:1) Ɛwom sɛ na wogye tom sɛ Kristo ne wɔn soro Hene de, nanso na wodi mmara a nnipa atumfoɔ ahyehyɛ no so, na na wɔnyɛ biribiara mfa ntutu Ɔman ase. Nokwarem no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran bere nyinaa sɛ ‘wonni ɔhene ni.’ (1 Petro 2:17) Ɔsomafo Paulo mpo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.”—1 Timoteo 2:1, 2.
Afeha a edi kan Kristofo fi ahonim pa mu tuaa tow biara a na ɛsɛ sɛ wotua, ɛwom mpo sɛ ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ ɔhaw ma wɔn. Wɔde akwankyerɛ a ɔsomafo Paulo de mae wɔ asɛm yi ho no dii dwuma: “Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow mma nea ɔtow sɛ no.” (Romafo 13:7) Wɔ Yesu asuafo no fam no, na Onyankopɔn na wama Roma nniso ne emu atumfoɔ no kwan sɛ wonni tumi wɔ ɔkwan bi so, ma enti na wɔyɛ “Onyankopɔn asomfo,” kyerɛ sɛ wɔmaa ɔmanfo no nyaa asomdwoe ne ahotɔ kakra.—Romafo 13:6.
‘Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adwuma Pa Biara’
Wɔhyɛɛ afeha a edi kan Kristofo no nkuran sɛ wɔnyɛ nnwuma a Aban no de bɛhyɛ wɔn nsa no. Yesu Kristo ankasa tuu n’asuafo no fo sɛ ɛtɔ mmere bi a womfi wɔn pɛ mu nyɛ mmoro nea atumfoɔ no hwehwɛ fi wɔn hɔ no. Ɔkae sɛ, “obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako no, wo ne no nkɔ abien.” (Mateo 5:41) Bere a Kristofo de afutu yi yɛɛ adwuma no, wɔkyerɛe sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtra ɔman mu a wɔnyɛ hwee mfa mmoa. Bere nyinaa no, na ‘wɔasiesie wɔn ho ama adwuma pa biara adwuma pa.’—Tito 3:1; 1 Petro 2:13-16.
Wonyaa ɔdɔ ankasa maa wɔn nuanom, na wɔhwehwɛɛ akwan horow a wɔbɛfa so aboa wɔn. (Mateo 22:39) Esiane saa ɔdɔ yi ne abrabɔ pa a afeha a edi kan Kristofo no kuraa mu nti, na wɔyɛ nhwɛso wɔ baabi a wɔte. Na wɔn afipamfo ani begye sɛ wɔne Kristoni bɛtra fi koro. (Romafo 13:8-10) Kristofo daa wɔn dɔ adi ma ɛkɔɔ akyiri sen sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi bɔne ho ara kwa. Wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntrɛw wɔn dɔ mu na wɔmmɔ mmɔden mmoa afoforo, ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye,’ ɛnyɛ wɔn mfɛfo gyidifo kɛkɛ, sɛnea Yesu Kristo yɛe no.—Galatifo 6:10.
‘Wotie Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa’
Nanso, na wɔn setie ma atumfoɔ no kɔpem baabi. Na wɔrenyɛ biribiara a ɛbɛhaw wɔn ahonim anaa ɛbɛsɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Sɛ nhwɛso no, bere a nyamesom akannifo a wɔwɔ Yerusalem no baraa asomafo no sɛ wonnyae Yesu ho nkyerɛkyerɛ no, wɔannyae. Wɔkae sɛ, “ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:27-29) Kristofo no nyaa akokoduru enti wɔansom ɔhempɔn no sɛ nyame. (1 Korintofo 10:14; 1 Yohane 5:21; Adiyisɛm 19:10) Dɛn na efi mu bae? Abakɔsɛm kyerɛwfo J. M. Roberts ka sɛ, “Ɛnyɛ Kristofo a wɔyɛ nti na wobuu wɔn fɔ, na mmom biribi a mmara no hyɛe sɛ wɔnyɛ a wɔannyɛ nti.”—Shorter History of the World.
Dɛn nti na saa bere yi de, ‘wɔpoo biribi a mmara hyɛɛ sɛ wɔnyɛ’? Wohui sɛ Onyankopɔn na wama “tumi a ɛwɔ anuonyam” no kwan ma wodi tumi, ma enti wogyina hɔ sɛ “Onyankopɔn asomfo” a wɔhwɛ ma mmara ne nhyehyɛe kɔ so. (Romafo 13:1, 4) Nanso Kristofo kɔɔ so buu Onyankopɔn mmara sɛ ɛkorɔn sen nnipa de. Wɔkaee sɛ Yesu Kristo de saa nnyinasosɛm a ɛkari pɛ yi sii hɔ maa n’akyidifo: “Ɛnde momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn”! (Mateo 22:21) Na ɛsɛ sɛ wɔde nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ no di Kaesare de no kan.
Nea ɛbae bere a nnipa pii a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo poo sɛ wɔde saa nnyinasosɛm yi bedi dwuma no kyerɛ sɛ ɔkwan a nokware Kristofo faa so no teɛ. Sɛ nhwɛso no, asraadi ho abakɔsɛm kyerɛwfo John Keegan ka sɛ, Kristoman akannifo awaefo no bɛyɛɛ “mmarima a wɔtetare aban no ho a ɔde wɔn di dwuma sɛnea ɔpɛ, titiriw wɔ ɔko ne asraadi mu.” Ɛmaa wɔn akyidifo no de wɔn ho hyɛɛ akodi mu hwiee nnipa ɔpepem pii a wɔn ho nni asɛm mogya gui. Keegan ka sɛ: “Wobuu wɔn ani guu Onyankopɔn mmara so bere a ɛbaa wɔn mu sɛ wɔbɛyɛ saa no.”
Nanso, afeha a edi kan Kristofo no yɛɛ nhwɛso pa denam kari a wɔkarii pɛ no so. Na wɔyɛ ɔman mma pa. Wodii asɛyɛde a na ɛhyɛ wɔn nsa wɔ ɔman no mu no ho dwuma yiye. Nanso wodii Bible nnyinasosɛm akyi pintinn, na wɔmaa wɔn ahonim a wɔde Bible atete no kyerɛɛ wɔn kwan wɔ asetra mu nsɛm nyinaa mu.—Yesaia 2:4; Mateo 26:52; Romafo 13:5; 1 Petro 3:16.
[Kratafa 12 mfonini]
“Momfa Kaesare de mma Kaesare”