Owu Ano a Migyina Som Onyankopɔn
SƐNEA JOÃO MANCOCA KA KYERƐE
Wɔ June 25, 1961 no, asraafo bɛsɛee yɛn Kristofo nhyiam wɔ Luanda, Angola. Asraafo no de yɛn mu aduasa kɔɔ afiase kɔboroo yɛn yiye araa ma na simma aduasa biara wɔbɛhwɛ sɛ ebia obi awu a. Yɛtee sɛ wɔn mu binom reka sɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔteasefo ankasa, efisɛ yɛn mu biara anwu.
WƆBOROO yɛn saa akyi no, medaa São Paulo afiase asram anum. Afei mfe akron a edi hɔ no, wɔde me kɔɔ afiase ahorow pii mu, na wɔhwee me mpɛn pii, de nneɛma kamee me, na wobisabisaa me nsɛm de dii m’ani. Bere a woyii me fii afiase akyi bere tiaa bi wɔ 1970 mu no, wɔsan kyeree me, na saa bere yi de, wɔde me kɔɔ São Nicolau owu nsraban a agye dimmɔne, a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Bentiaba no mu. Medaa hɔ nso mfe abien ne fã.
Ebia worente nea enti a sɛ́ ɔman ba a midi mmara so no, wɔde me to afiase sɛ meka me gyidi a egyina Bible so ho asɛm kyerɛ afoforo, ne faako a midii kan tee Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho asɛm no ase.
Minyaa Nhomasua a Edi Mũ
Wɔwoo me October 1925 wɔ baabi a ɛbɛn Maquela do Zombo, kurow bi a ɛwɔ Angola atifi fam. Bere a Paapa wui wɔ 1932 mu no, Maame de me kɔmaa ne nuabarima sɛ ɔne me ntra wɔ Belgian Congo (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Democratic Republic of Congo). Ɛnyɛ saa na na ɔpɛ ankasa de, nanso na onni hwee a ɔde bɛhwɛ me.
Ná me wɔfa yɛ Baptistni, enti ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkenkan Bible no. Ɛwom sɛ mebɛyɛɛ n’asɔre muni de, nanso nea misuae no antumi ankum honhom mu kɔm a na ɛde me no, saa ara nso na anka me sɛ mensom Onyankopɔn. Ne nyinaa mu no, me wɔfa de me kɔɔ sukuu na ɔboaa me ma minyaa nhomasua a edi mũ. Misuaa France kasa ne nneɛma afoforo. Bere bi akyi no, misuaa Portugalfo kasa nso. Bere a miwiee sukuu no, minyaa adwuma sɛ nkitahodi ho dwumayɛni wɔ radio adwumayɛbea kɛse a ɛwɔ Léopoldville (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Kinshasa) no. Afei bere a midii mfe 20 no, mewaree Maria Pova.
Nyamesom Kuw Foforo
Afe koro no ara, 1946 mu no, Angolani dwonkyerɛfo nhomanimfo bi a na ɔkɔ Baptist Asɔre no benyaa me so nkɛntɛnso. Ná ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn a wɔka Kikongo kasa a wɔte Angola atifi fam no ade ama wɔn ani abue. Ne nsa kaa The Kingdom, the Hope of the World, nhomawa a na wɔakyerɛ ase afi Engiresi mu aba Portugalfo kasa mu a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii a na Yehowa Adansefo kyekyɛ ma afoforo no bi.
Dwonkyerɛfo no kyerɛɛ nhomawa yi ase kɔɔ Kikongo kasa mu, na na ɛno na ɔne yɛn a yɛyɛ Angolafo a yɛyɛ adwuma wɔ Belgian Congo no de bɔ nkɔmmɔ dapɛn biara. Bere bi akyi no, dwonkyerɛfo no kyerɛw krataa kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no ti a ɛwɔ United States no ma wɔbrɛɛ no nhoma pii. Nanso na nsɛm a ɔkyerɛkyerɛ yɛn no ne asɔre ahorow no nkyerɛkyerɛ adi afra. Ne saa nti mantumi anhu nsonsonoe a ɛda nokware Kristosom ne Kristoman nkyerɛkyerɛ a na ennyina kyerɛw nsɛm so no ntam.
Nanso mihui sɛ na ɛsono nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma no mu ne nea na mete wɔ Baptist Asɔre mu no koraa. Sɛ nhwɛso no, mibehui sɛ Bible no twe adwene si Onyankopɔn din ankasa Yehowa, no so kɛse, ne sɛ nokware Kristofo frɛ wɔn ho Yehowa Adansefo ma ɛfata. (Dwom 83:18; Yesaia 43:10-12) Afei nso, m’ani gyee Bible no bɔhyɛ a ɛne sɛ wɔn a wɔde nokwaredi som Yehowa no benya daa nkwa wɔ asase so paradise no ho.—Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3-5.
Ɛwom sɛ na minni Bible mu nimdeɛ pii de, nanso metee nka te sɛ odiyifo Yeremia a na ne ho pere no sɛ ɔbɛka ne Nyankopɔn, Yehowa ho asɛm no. (Yeremia 20:9) Yɛn Bible adesua kuw no mufo no kaa me ho ne me kɔkaa asɛm wɔ afie afie. Meyɛɛ baguam nhyiam mpo wɔ me wɔfa adiwo hɔ, na meyɛɛ krataa de too nsa frɛɛ nkurɔfo. Bere bi, nnipa 78 na wɔbae. Ne saa nti, yɛhyehyɛɛ nyamesom fekuw foforo a na Angolani dwonkyerɛfo no na ɔda ano.
M’afiase Nna no Mu Nea Edi Kan
Ná minnim sɛ wokyi fekuw biara a wɔne Ɔwɛn Aban Asafo no di nkitaho wɔ Belgian Congo. Enti wɔ October 22, 1949 mu no, wɔkyeree yɛn mu bi. Ansa na wobedi yɛn asɛm no, ɔtemmufo no ne me kasae kokoam bɔɔ mmɔden sɛ obegyae me esiane sɛ na onim sɛ meyɛ aban adwuma nti. Nanso ansa na menya m’ahofadi no, na ɛsɛ sɛ mepa fekuw a yɛnam yɛn asɛnka so ahyehyɛ no, nanso manyɛ eyi.
Midii asram abien ne fã wɔ afiase no, atumfo no sii gyinae sɛ wɔde yɛn a yɛyɛ Angolafo no bɛsan akɔ yɛn kurom. Nanso bere a yɛsan kɔɔ Angola no, na Portugalfo atumfo a wodi yɛn so no nso nni yɛn dwumadi no ho adwempa ma enti wɔbaraa yɛn. Yɛn fekuw no mufo pii fii Belgian Congo bae, na awiei koraa no, yɛn dodow boroo 1,000 wɔ Angola nyinaa.
Bere bi akyi no, nyamesom kannifo bi a na wagye din, Simon Kimbangu akyidifo bɛkaa yɛn fekuw no ho. Ná saa nkurɔfo yi ani nnye ho sɛ wobesua Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma, efisɛ na wogye di sɛ, osumanni nkutoo na obetumi akyerɛkyerɛ Bible no mu. Yɛn fekuw no mufo dodow no ara gyee nsusuwii a ɛte sɛɛ toom, na na dwonkyerɛfo a yɛda so ara bu no sɛ yɛn kannifo no nso ka ho. Mebɔɔ mpae denneennen sɛ Yehowa mma yennya Ɔwɛn Aban Asafo no nanmusini papa. Na migye di sɛ eyi bɛdan fekuw no mufo nyinaa adwene ma wɔagye Bible mu nokware atom na wɔapo nneyɛe a na ennyina kyerɛw nsɛm so no.
Ná kuw no mufo binom ani nnye asɛnka adwuma a na yɛn mu kakraa bi reyɛ no ho. Ɛno nti, woyii yɛn maa atumfoɔ no na wɔbɔɔ yɛn sobo sɛ yɛyɛ amanyɔkuw bi mu akannifo. Ne saa nti, wɔ February 1952 mu no, wɔkyeree yɛn mu pii a na Carlos Agostinho Cadi ne Sala Ramos Filemon ka ho. Wɔde yɛn hyɛɛ afiase dan bi a na mpoma nni ho mu. Nanso afiase hwɛfo bi a na ɔpɛ yɛn asɛm de aduan fii yɛn yerenom nkyɛn brɛɛ yɛn, na ɔde afiri a wɔde kyerɛw a na yebetumi de akyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no nhomawa pii nso kaa ho.
Adapɛn abiɛsa akyi no, wɔde yɛn kɔɔ Baia dos Tigres a ɛwɔ Angola anafo fam sare so. Yɛn yerenom dii yɛn akyi kɔɔ hɔ. Wobuu yɛn fɔ sɛ wɔmfa yɛnyɛ nneduafo mfe anan na yɛnkɔyɛ adwumaden mma adwumakuw bi a woyi mpataa. Ná hyɛn gyinabea biara nni Baia dos Tigres a ahyɛmma a wɔde yi mpataa no begyina hɔ, enti na ɛsɛ sɛ yɛn yerenom di akɔneaba wɔ nsu no mu soa mpataa a emu yɛ duru fi ahyɛmma no mu fi anɔpa kosi anadwo.
Yehuu yɛn fekuw no mufo afoforo wɔ adwumayɛban yi mu, na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛkasa akyerɛ wɔn ma wɔakɔ so asua Bible no. Nanso na wɔpɛ sɛ wodi Toco, dwonkyerɛfo no akyi mmom. Bere bi akyi no, wɔbɛfrɛɛ wɔn Tocofo.
Nhyiam a Yɛde Bere Tenten Hwɛɛ Kwan
Bere a na yɛwɔ Baia dos Tigres no, yehuu Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Northern Rhodesia (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Zambia) no address, na yɛkyerɛw wɔn sɛ yehia mmoa. Wɔde yɛn krataa no kɔɔ South Afrika baa dwumadibea ma wɔkyerɛw yɛn bisaa yɛn nea ɛyɛe a yɛn ani begyee Bible mu nokware no ho. Wɔkaa yɛn ho asɛm kyerɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ti a ɛwɔ United States no, na wɔyɛɛ nhyehyɛe maa ɔnanmusini titiriw bi baa yɛn nkyɛn. Ɔno ne John Cooke, ɔsɛmpatrɛwfo a na ɔde mfe pii asom wɔ amannɔne nsase so.
Bere a Onua Cooke duu Angola no, egyee no adapɛn kakra ansa na Portugalfo atumfoɔ no rema no kwan ma waba yɛn nkyɛn. Oduu Baia dos Tigres wɔ March 21, 1955, na wɔmaa no kwan sɛ ɔne yɛn ntra nnanum. Sɛnea na ɔkyerɛkyerɛ Bible mu no ma akomatɔyam paa, na mihui ampa sɛ ɔyɛ Yehowa Nyankopɔn nokware ahyehyɛde koro pɛ no nanmusini ampa. Onua Cooke nsrahwɛ no da a etwa to no, ɔmaa yɛn baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Ahenni Ho Asɛmpa Yi.” Nnipa 82 na wɔbae, na na Baia dos Tigres kurow no sohwɛfo no ka ho. Wɔmaa wɔn a wɔbae no nyinaa ɔkasa a wɔatintim no bi.
Wɔ asram anum a Onua Cooke de traa Angola no mu no, ɔne Tocofo no pii, ne wɔn kannifo no hyiae. Nanso na wɔn mu dodow no ara mpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo. Eyi nti, me ne me mfɛfo no tee nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛma atumfoɔ no hu yɛn gyinabea yiye. Yɛnam krataa bi a yɛkyerɛw no June 6, 1956, kɔmaa “Moçâmedes Mantam no Soafo Panyin” so na ɛyɛɛ eyi. Yɛkae sɛ yɛne Toco akyidifo no nni hwee yɛ bio, ne sɛ ɛsɛ sɛ wobu yɛn sɛ “Yehowa Adansefo Asafo no mufo.” Afei nso, yɛsrɛe sɛ wɔmma yɛn ɔsom mu ahofadi. Nanso sɛ anka wɔbɛtew mfe a yɛde bɛyɛ nneduafo no so no, wɔde mfe abien kaa ho.
Nsɛm a Esisii Ansa na Wɔrebɔ Me Asu
Awiei koraa no, wogyaee yɛn wɔ August 1958 mu, na bere a yɛsan baa Luanda no, yebehuu Yehowa Adansefo kuw ketewa bi wɔ hɔ. Mervyn Passlow, ɔsɛmpatrɛwfo bi a wɔde no baa Angola sɛ ommesi John Cooke a yeduu hɔ no na wɔatwa no asu dedaw no ananmu no na ɔyɛɛ ho nhyehyɛe wɔ afe a etwaam no mu. Afei wɔ 1959 mu no, Harry Arnott a ɔno nso yɛ Yehowa Adansefo ɔsɛmpatrɛwfo no nso bae. Nanso bere a ofi wimhyɛn mu sii fam ara na wɔkyeree no ne yɛn nnipa baasa a yɛrekohyia no no nyinaa.
Wogyaee Portugal Adansefo baanu a wɔka ho a na wɔabɔ wɔn asu foforo, Manuel Gonçalves ne Berta Teixeira, na wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnyɛ nhyiam biara bio. Wotwaa Onua Arnott asu, na wɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ sɛ mamfa me nsa anhyɛ krataa bi ase ankyerɛ sɛ menyɛ Ɔdansefo bio a, wɔbɛsan de me akɔ Baia dos Tigres. Bere a wɔde nnɔnhwerew ason abisabisa me nsɛm akyi no, wogyaee me a mamfa me nsa anhyɛ krataa biara ase. Afei dapɛn biako akyi no, wɔbɔɔ me ne me nnamfonom, Carlos Cadi ne Sala Filemon asu. Yegyee dan tuaa ho ka wɔ Luanda kurow Muceque Sambizanga mu, na ɛhɔ na yebenyaa Yehowa Adansefo asafo a edi kan wɔ Angola.
Ɔtaa a Wɔka Mu Gya Bio
Anigyefo pii fii ase baa nhyiam ahorow. Ebinom ba bɛhwɛɛ nea na yɛreyɛ na wɔakɔka akyerɛ atumfoɔ no, nanso wɔn ani begyee nhyiam ahorow no ho, ma akyiri yi wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo! Ná amammui nhyehyɛe no resakra, ma enti tebea no bɛyɛɛ den kɛse maa yɛn wɔ ɔman anidan a ɛbae wɔ February 4, 1961 mu no akyi. Ɛmfa ho yɛn ho atosɛm a na wɔka no, yetumi hyɛɛ Kristo wu Nkaedi no ho fa wɔ March 30, na nnipa 130 na wɔbaa ase.
Wɔ June mu bere a na mereyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no, polisifo a akode hyehyɛ wɔn ho bɛsɛee yɛn nhyiam no. Wogyaee mmea ne mmofra no, nanso sɛnea maka ho asɛm dedaw no, wɔde mmarima 30 a yɛwɔ hɔ no kɔe. Wɔde mporibaa boroo yɛn nnɔnhwerew abien a wɔanhome so. Asram abiɛsa a edi hɔ no, mefee mogya. Ná minim sɛ mewu; nokwarem no, nea ɔboroo me no kae sɛ mewu. Ná wɔn a aka a wɔboroo wɔn no dodow no ara yɛ Bible asuafo foforo a wɔmmɔɔ wɔn asu, enti mebɔɔ mpae denneennen maa wɔn sɛ: “Yehowa, hwɛ wo nguan.”
Yehowa adom, wɔn mu biara anwu, na ɛyɛɛ asraafo no nwonwa. Eyi kaa asraafo no binom ma woyii yɛn Nyankopɔn ayɛ, efisɛ wɔkae sɛ ɔno na ɔma yetumi fii mu fii! Bible asuafo no mu fã kɛse bɛyɛɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu akyiri yi, na mprempren ebinom som sɛ Kristofo mpanyimfo. Wɔn mu biako, Silvestre Simão, yɛ Angola Baa Boayikuw no muni.
Mfe Akron Amanehunu
Sɛnea mekaa no mfiase no, mihuu amane wɔ akwan pii so wɔ mfe akron a edi hɔ no mu, na woyii me fii afiase anaa nsraban biako mu kɔɔ foforo mu. Saa mmeae yi nyinaa no, mitumi dii wɔn a amammuisɛm ama wɔde wɔn abegu afiase no adanse, na wɔn mu pii abɛyɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu nnɛ. Wɔmaa kwan maa me yere, Maria ne yɛn mma no dii m’akyi.
Bere a na yɛwɔ Serpa Pinto adwumayɛban mu no, wɔkyeree wɔn a amammuisɛm ama wɔde wɔn abegu afiase no mu baanan a na anka wɔreguan. Wɔyɛɛ wɔn aninyanne atirimmɔden so kum wɔn wɔ afiase hɔfo nyinaa anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ebeyi wɔn hu na amma wɔanso dae sɛ wobeguan. Akyiri yi, nea ɔhwɛ nsraban no so no hunahunaa me wɔ Maria ne mmofra no anim sɛ: “Sɛ mekyere wo sɛ woreka asɛm no bio a, mekum wo sɛnea wokum wɔn a anka wɔreguan no ara pɛ.”
Awiei koraa wɔ November 1966 mu no, yekopuee baabi a na wɔfrɛ hɔ sɛ São Nicolau owu nsraban no mu. Bere a yeduu hɔ na mihuu sɛ Owura Cid a ɔboroo me wɔ São Paulo afiase ma anka mereyɛ awu no na ɔhwɛ nsraban no so no, ehu kaa me! Wɔde nkakrankakra kunkum nnipa pii ɔsram biara, na wɔhyɛɛ m’abusua no ma wɔhwɛɛ atirimmɔden kwan so nipakum no. Eyi maa Maria nyaa adwenemhaw, a onsii ne dedaw mu bio de besi nnɛ. Akyiri yi koraa no, mitumi srɛɛ kwan ma wɔde ɔne mmofra no kɔɔ Luanda, me mmabea mpanyimfo baanu, Teresa ne Joana, nkyɛn ma wɔhwɛɛ wɔn.
Minyaa Ahofadi, Nanso Wɔde Me Toom Bio
Afe a edi hɔ wɔ September 1970 mu no, wogyaee me, na me ne m’abusua ne anuanom a wɔwɔ Luanda nyinaa hyiae bio. Bere a mibehuu sɛnea asɛnka adwuma no anya nkɔso wɔ mfe akron a na minni hɔ no, nusu guu me. Bere a wɔde me kɔɔ afiase wɔ 1961 mu no, na akuw nketewa anan pɛ na ɛka bom yɛ asafo a ɛwɔ Luanda no. Afei de na wɔabenya asafo akɛse anan wɔ hɔ a wɔahyehyɛ no yiye a asram asia biara Yehowa ahyehyɛde no nanmusini a otutu akwan bɛboa wɔn. M’ani gyee mmoroso sɛ manya ahofadi, nanso m’ahofadi no ankyɛ.
Da koro bi, Polisifo Dwumadibea a Ɛyɛ Nhwehwɛmu na Ɛbɔ Ɔman Ho Ban (PIDE) a mprempren agu no, kwankyerɛfo panyin frɛɛ me. Bere a wahoahoa me wɔ me babea Joana anim awie no, ɔmaa me krataa bi sɛ memfa me nsa nhyɛ ase. Na ɛhwehwɛ sɛ meyɛ adwuma sɛ obi a ɔde nsɛm brɛ PIDE no, na ɔde ahonyade pii a menya afi adwuma no mu hyɛɛ me bɔ. Bere a mamfa me nsa anhyɛ ase no, ohunahunaa me sɛ wɔbɛsan de me akɔ São Nicolau, na ɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ wɔde me kɔ hɔ a, wɔrennyae me bio.
Bere a wogyaee me akyi asram anan pɛ wɔ January 1971 mu no, wodii wɔn ahunahuna no ho dwuma. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, wɔkyeree Kristofo mpanyimfo 37 a wofi Luanda, na wɔde yɛn kɔɔ São Nicolau. Wɔkaa yɛn hyɛɛ mu wɔ hɔ kosii August 1973.
Wogyae Yɛn Nanso Wɔtaa Yɛn Ara
Wɔ 1974 mu no, wɔmaa ɔsom mu ahofadi wɔ Portugal, na ɛno akyi no, wɔtrɛw ahofadi yi mu ma ɛkaa aman a na ɛhyɛ Portugal ase no. Wɔ November 11, 1975 mu no, Angola nyaa ahofadi fii Portugal ase. Hwɛ anigye ara a ɛyɛe sɛ wɔ saa afe koro no ara mu wɔ March mu no, yɛyɛɛ yɛn mansin nhyiam ahorow a edi kan wɔ ahofadi mu! Minyaa hokwan maa baguam ɔkasa no wɔ nhyiam a ɛyɛ anigye yi ase wɔ Luanda Agumadibea.
Nanso aban foforo no sɔre tiaa yɛn gyinabea no, na na ɔmanko rekɔ so wɔ Angola nyinaa. Tebea no bɛyɛɛ hu araa ma enti Adansefo a wɔyɛ aborɔfo no nyinaa guan fii ɔman no mu. Wɔde Angola asɛnka adwuma no hyɛɛ anuanom mmarima baasa a yɛwɔ hɔ no nsa, na na yegye akwankyerɛ fi Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Portugal no nkyɛn.
Ankyɛ na me din baa atesɛm nkrataa mu, na wɔbɔɔ me din wɔ radio so. Wɔbɔɔ me sobo sɛ migyina amanaman ntam kuw bi a ɛpere tumidi ananmu, na meka ho bi na Adansefo a wɔwɔ Angola no nkɔ ako. Eyi nti, wɔmaa me krataa sɛ minkohu Luanda mantam mu aban soafo panyin a odi kan no. Mifi obu mu kyerɛkyerɛɛ ɔfã biara a Yehowa Adansefo nni wɔ amansɛm mu wɔ wiase nyinaa, a ɛyɛ gyinabea a na Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no kura no mu kyerɛɛ no. (Yesaia 2:4; Mateo 26:52) Bere a meka kyerɛɛ no sɛ wɔde me ato afiase ahorow bɛboro mfe 17 bere a na yɛhyɛ amannɔne tumidi ase no, wamma wɔankyere me.
Saa bere no, na egye akokoduru na obi atumi asom sɛ Yehowa Ɔdansefo wɔ Angola. Esiane sɛ na wɔde ani asi me fie so nti, na ɛsɛ sɛ yegyae nhyiam ahorow a yɛyɛ wɔ hɔ no. Nanso sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ‘ade nyinaa mu, wohiahia yɛn ho de, nanso yɛn ahome ntew yɛn ɛ.’ (2 Korintofo 4:8) Yɛanyɛ mmerɛw wɔ yɛn som adwuma no mu da. Mekɔɔ so wɔ asɛnka adwuma no mu, somee sɛ ɔhwɛfo kwantuni hyɛɛ asafo horow a ɛwowɔ Benguela, Huíla ne Huambo mantam mu no den. Saa bere no, mesesaa me din ma wɔfrɛɛ me Onua Filemon.
Wɔ March 1978 mu no, wɔsan baraa yɛn asɛnka adwuma no, na metee sɛ wɔn a ɔman sesɛw no adi wɔn ti no abɔ wɔn tirim sɛ wobekum me. Enti miguan kɔhyɛɛ Ɔdansefo bi a ofi Nigeria a na ɔyɛ adwuma wɔ Nigeria aban ananmusifo adwumayɛbea a ɛwɔ Angola no fie. Ɔsram biako akyi, bere a na tebea no aba fam no, metoaa so som anuanom sɛ ɔmansin sohwɛfo
Ɛmfa ho bara a wɔbaraa yɛn, ne ɔmanko no, Angolafo mpempem pii tiee yɛn asɛm no. Esiane sɛ na Adansefo no adɔɔso nti, wɔpaw ɔman boayikuw a wobegye akwankyerɛ ahorow afi Portugal baa dwumadibea no hɔ, ma wɔahwɛ asɛnka adwuma no so wɔ Angola. Saa bere yi nyinaa no, mitutuu akwan mpɛn pii kɔɔ Portugal, na minyaa ntetee a ɛsom bo fii asomfo a wɔn ho akokwaw hɔ, hwɛɛ me ho yare nso.
Awiei Koraa no, Yenya Ahofadi a Yɛde Bɛka Asɛm!
Bere a na meda adwumayɛban ahorow mu no, wɔn a amammuisɛm ama wɔde wɔn agu afiase no dii me ho fɛw sɛ sɛ mannyae asɛnka a, merennya ahofadi da. Nanso na miyi wɔn ano sɛ: “Bere nsoe sɛ Yehowa bebue pon no, na sɛ bere no so a, onipa biara ntumi nto mu.” (1 Korintofo 16:9; Adiyisɛm 3:8) Wobuee ɔpon a ɛma wonya hokwan de ka asɛm no a anohyeto biara nnim no kɛse bere a Soviet Union gui wɔ 1991 mu no. Saa bere no, yefii ase nyaa ɔsom mu ahofadi kɛse wɔ Angola. Wɔ 1992 mu no, wogyee Yehowa Adansefo adwuma no toom wɔ mmara kwan so. Awiei koraa no, wosii Yehowa Adansefo baa dwumadibea wɔ Angola wɔ 1996 mu, na wɔpaw me sɛ Baa Boayikuw no muni.
Bere tenten a wɔde me too afiase no nyinaa mu no, ɔkwan bi so no, wɔhwɛɛ m’abusua no bere nyinaa. Yɛwoo mma baasia, na wɔn mu baanum da so te ase. Kokoram kum yɛn ba a yɛdɔ no, Joana, afe a etwaam no. Yɛn mma a wɔaka no mu baanan yɛ Adansefo a wɔabobɔ asu, nanso biako a waka no nnya mmɔɔ asu.
Bere a Onua Cooke bɛsraa yɛn wɔ 1955 mu no, na Angolafo baanan pɛ na wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo bɛboro 38,000 na wɔwɔ ɔman yi mu, na wɔreyɛ Bible adesua bɛboro 67,000 ɔsram biara. Wɔn a kan na wɔtaa yɛn no pii ka wɔn a wɔreka asɛmpa no ho. Hwɛ mfaso ara a eyi yɛ, na meda Yehowa ase sɛ wakora me so na wama matumi adi ɔpɛ a emu yɛ den a mewɔ sɛ mɛka n’asɛm no ho dwuma!—Yesaia 43:12; Mateo 24:14.
[Asase mfonini wɔ kratafa 16, 17]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Democratic Republic of Congo
Kinshasa
Angola
Maquela do Zombo
Luanda
São Nicolau (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Bentiaba)
Moçâmedes (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Namibe)
Baia dos Tigres
Serpa Pinto (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Menongue)
[Asɛm Fibea]
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18, 19]
Ase hɔ: Me ne John Cooke wɔ 1955 mu. Sala Filemon na ɔwɔ benkum so hɔ no
Nifa so: Mesan ne John Cooke hyiam wɔ mfe 42 akyi
[Kratafa 19 mfonini]
Me ne me yere, Maria