“Sɛ Wokenkan Nyan! a, Ɛbɛboa Wo Kɛse”
SAA na wɔka kyerɛɛ Pasquale, Yehowa Ɔdansefo abofra bi a na ɔkɔ kɔlege wɔ Bari, Italy, bere a obisaa ne kyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ adwene ne nneyɛe ho ade sɛ ɔmma no nsɛntitiriw bi a wakyerɛw afa nnubɔne nom a ɛka obi hɔ ho no. Nanso, bere bi a atwam no, na saa kyerɛkyerɛfo yi wɔ Yehowa Adansefo ho adwemmɔne. Dɛn na ɛmaa ne nneyɛe sesaa saa?
Pasquale kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ adesua bi akyi no, ɔkyerɛkyerɛfo no srɛɛ ne sukuufo no sɛ wɔmmoa no ma onnya asɛm bi a ɛfa mmofra a wɔto wɔn mmonnaa ho, asɛmti a na ɔde rekɔyɛ nhomasua ho nhwehwɛmu de awie sukuupɔn no. Ná mekae nsɛm bi a ɛwɔ Nyan! mu a ɛfa eyi ne nsɛmti a ɛkeka ho te sɛ ‘Ɔbarima ne Ɔbea Nna ho Ɔkyerɛkyerɛ—Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔde Ma?’ (February 22, 1992, Engiresi de) ho. Nanso, esiane sɛ na minim sɛ me kyerɛkyerɛfo no wɔ Adansefo ho adwemmɔne nti, mesrɛɛ obi a me ne no wɔ adesuadan koro mu sɛ ɔmfa nsɛmma nhoma no nkɔma no.”
Pasquale ka nea esii bere a nna kakraa bi akyi no, ɔsrɛɛ ne kyerɛkyerɛfo no sɛ ɔmma no nsɛntitiriw bi a na ɔrehwehwɛ afa nnubɔne nom a ɛka obi hɔ ho no ho asɛm sɛ: “Wammua no amonom hɔ ara. Mmom no, ɔsɔre bae bekyiaa me nsam. Ɔkae sɛ na ɔmpɛ sɛ ogye Yehowa Adansefo nsɛmma nhoma bere bi a atwam no efisɛ na osusuw sɛ ɛba fam na ɛyɛ mmofraasɛm. Nanso, bere a ɔkenkanee no, ɔsesaa n’adwene. Ɔkae sɛ ohui sɛ nsɛmma nhoma no mu nsɛm so wɔ mfaso fa asetra mu nsɛm ho. Ɔkae sɛ ɔde Nyan! no mu nsɛntitiriw bi bɛka ne nhomasua ho nhwehwɛmu no ho.”
Na nnubɔne nom a ɛka obi hɔ ho nsɛntitiriw a Pasquale srɛe sɛ ɔmfa mma no no nso ɛ? Obuae sɛ: “Mefi me pɛ mu koraa de ama wo, nanso sɛ wokenkan Nyan! a, ɛbɛboa wo kɛse. Ɛyɛ nsɛmma nhoma a ɛka nsɛm a ɛho hia, na mfaso wɔ so wɔ sukuupɔn mu mpo.”
Nyan! susuw mprempren haw ahorow ho, na ɛbɔ mmɔden sɛ ɛde mmoa a mfaso wɔ so bɛma wɔn a wɔrehyia nsɛnnennen akɛse anaa nketewa wɔ asetra mu da biara no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu mmoa a Bible betumi de ama a, kohu Yehowa Adansefo a wɔkyekyɛ Nyan! no, anaa kyerɛw kɔ address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.