Nkurɔfo a Wɔte Nnua So
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Benin hɔ
AFRIKA Atɔe fam akwantu ho akwankyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Ganvié yɛ Benin mmeae a ahɔho kɔhwehwɛ hɔ paa no biako.” Foforo nso ka sɛ: “Ganvié ma Afrikafo ankasa ho dwiriw wɔn; Afrikafo a wubehu sɛ wɔrehwehwɛ hɔ no dodow te sɛ atɔe famfo no ara pɛ.”
Nokwarem no, Ganvié da nsow. Ɛyɛ akuraa bi a emu nnipa yɛ 15,000 a wɔakyekye no nnua so wɔ Nokoué Ɔtare a ɛwɔ Cotonou kusuu fam wɔ Benin no so. Sakre, kar, anammɔnkwan, ne kar akwan biara nni Ganvié. Sɛ ɛhɔfo no pɛ sɛ wɔkɔ sukuu, gua so, ayaresabea, ofipamfo bi fie, anaa baabi foforo biara a, wɔforo tra ɔkorow a wɔde iroko dua anwene mu.
Mmusua dodow no ara wɔ akorow pii—Agya de biako, Ɛna de biako, na ɛtɔ da bi a mmofra no nso de biako. Mmofra sua hare ntɛm. Abofra bedi mfe anum no, na ne nkutoo tumi hare ɔkorow. Ɛnkyɛ na wanya akokoduru a ɛsɛ ma otumi gyina ɔkorow mu gu asaw ketewa bi. Mmofra binom ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ biribi akyerɛ ahɔho denam afuni a wobu wɔ wɔn akorow mu no so.
Wɔ Ganvié gua a ɛwɔ nsu so no, adetɔnfo a wɔn mu pii yɛ mmea, tratra wɔn akorow mu siesie wɔn aguade no ma ɛkɔ soro paa wɔ wɔn anim—atomde, nnuaba, nsunam, nnuru, nnyina, beer, ne radio mpo. Wɔhyehyɛ sare kyɛw a ano trɛw de gye owia a ano yɛ den no, tontɔn nneɛma ma afoforo a wɔhare wɔn akorow ba hɔ bɛtɔ no. Ɛtɔ mmere bi a adetɔnfo no yɛ mmeawa nkumaa. Ɛmma mfe a wɔadi no nnaadaa wo! Wosua aguadifo anifere kwan fɛfɛ a wɔfa so di nneɛma ano no ntɛm.
Bere a mmea no tɔ na wɔtɔn wɔ gua yi so no, mmarima no de wɔn ho hyɛ namyi, anaa sɛ yɛbɛka no pɔtee a, mpataayi adwuma mu. Ɔkwan a wɔfa so yi mpataa ne sɛ wɔde nnubaa ɔhaha pii sisi ɔtare no ase a ɛhɔ yɛ atɛkyɛ no, na ɛma nnua no yɛ hɔ kusuu. Mpataa no bom kɔpɛ aduan wɔ nnubaa a ɛreporɔw no so. Nna bi akyi no, mmarima no de wɔn asaw san ba hɔ beyi mpataa no.
Ahintawee a Abɛdan Baabi a Ahɔho Kɔhwehwɛ Hɔ
Toffinufo a wɔwɔ Ganvié no nyɛ “Nsu so Nnipa,” sɛnea yenim wɔn nnɛ no, fi tete. Wɔ afeha a ɛto so 18 no mfiase no, woguan kɔɔ ɔtare no ne awora no mu de kwatii ɔtaa a Afrika ahenni bi a ɛbɛn hɔ de baa wɔn so. Abenfo ka sɛ edin Ganvié no di saa abakɔsɛm yi ho adanse, efisɛ wɔ Toffin kasa mu no, wobetumi akyerɛ asɛmfua gan ase sɛ “yɛanya nkwa,” na asɛmfua vie no kyerɛ “nkurɔfo.” Enti, yebetumi akyerɛ ɔtare ho nkurow no kuropɔn yi din ase ɔkwan bi so sɛ “nkurɔfo a awiei koraa wɔanya asomdwoe.”
Mmeae a awora wowɔ a ɛbɛn Nokoué Ɔtare no a woguan kohintaw hɔ no boae kɛse, efisɛ na ahemman a ɛtow hyɛɛ wɔn so no nyamesom mu gyidi mma kwan sɛ ɔsraani biara besi nsu no mu anaa baabi a nsu betumi ayiri afa hɔ. Enti ɔtare no ma wonyaa asetrade ne hintabea wɔ atamfo no anim nso. Ɛyɛ nwonwa sɛ bere bi a atwam no, na saa kurow a seesei agye din, a ahɔho pii tra motorboat mu kɔhwehwɛ hɔ yi yɛ hintabea.