Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 9/8 kr. 28-29
  • Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔ Wo Mpaebɔ Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔ Wo Mpaebɔ Ho
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Yɛn Nso Yebetumi Ayɛ?
  • Yɛ Biribi Fa Boa!
  • Yehowa Bɛyɛ Ne Fam De
  • 2 Samuel Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Suasua Yehowa Asomfo Anokwafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Sɛ Wobɔ Mpae a, Onyankopɔn Tie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Sɛ Yɛde Yɛn Ho To Yehowa So Koraa A Ɛma Yenya Akomatɔyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 9/8 kr. 28-29

Bible No Adwene

Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔ Wo Mpaebɔ Ho

BERE a ɔhene a dɔm taa ne so no gyina bepɔw bi so a ohu kurow no, ogyina kakra susuw n’ahemfie kɛse no, ahenkuro a ɛda hɔ kakraa no, ne tebea a ɛyɛ awerɛhow a ne fiefo wom no ho. Asraafodɔm bi aboaboa wɔn ho ano wɔ kurow no kesee fam, afei wɔrekɔ kurow no mu. Aban mpanyimfo atitiriw bi ayɛ dɔm, na na nnipa bebree akogyina atuatewfo no akyi. Bere a ɔhene no abam bu no, ɔbɔ Onyankopɔn mpae. Esiane sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ nyamesom nti, onya ahotoso kɛse sɛ Onyankopɔn betie n’adesrɛ, na wasɛe atirisopamfo no agyinatu no. Afei, oyi n’ani fi ne kurow fɛfɛ no so siansian bepɔw no, na ɔde n’ani kyerɛ sare so kɔ kusuu fam asuogya nohoa. Dɛn bio na obetumi ayɛ? Seesei asɛm no wɔ Onyankopɔn nsam.

Saa ara na nnɛ gyidifo a wɔbrɛ wɔn ho ase dan kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu wɔ mmere a emu yɛ den mu a wɔwɔ awerɛhyem ne awerɛkyekye sɛ wɔ kwan a wɔfa so bɔ mpae ho akwankyerɛ a emu da hɔ a Bible no de ma akyi no, ɛda no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn ne “mpaebɔ Tiefo.” (Dwom 65:2) Yɛwɔ ahotoso sɛ wobetie nnipa a wofi koma pa mu hwehwɛ Onyankopɔn nyinaa.

Nanso, gyidi ne mpaebɔ ara dɔɔso? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn mpaebɔ ho mmuae ho?

Dɛn na Yɛn Nso Yebetumi Ayɛ?

Ɔhene a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ne tete Israel Hene Dawid. Bere a ohyiaa ne ba Absalom ne ne fotufo nyaatwomni Ahitofel atirisopam no, oguan fii Yerusalem kɔhwehwɛɛ guankɔbea wɔ sare so kurow a ɛyɛ den Mahanaim a ɛwɔ Yordan Asubɔnten no apuei fam no mu. Bere a ɛda adi sɛ na abasamtu, adwenemhaw, ne dadwen ahyɛ no so no, ɔsrɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “[Yehowa], mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatu nnan nkwaseasɛm.” (2 Samuel 15:11-15, 30, 31) Nanso, ɛnyɛ mpae kɛkɛ na Dawid bɔe. Ɔyɛɛ biribi a ɛbɛboa ma ne mpaebɔ no abam. Ɔkwan bɛn so?

Ofii ase yɛɛ ne fam de bere tenten ansa na sɔhwɛ ahorow a ohyiae no reto no. Wɔ mfe pii mu, ansa na ɔrebɛyɛ ɔhene mpo no, na Dawid ada ne ho adi sɛ ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo. (1 Samuel 16:12, 13; Asomafo no Nnwuma 13:22) Ɔne Nyankopɔn benyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Enti, bere a Dawid baa sɔhwɛ mu no, na ɔwɔ gyidi sɛ Yehowa betie ne mpaebɔ na wadi ho dwuma ɔkwan a ɛfata so.

Ɛte saa ara nnɛ. Mpɛn pii no ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ma wɔatie yɛn mpaebɔ ne sɛ yebedi Bible afotu akyi sɛ ade a yɛde bɔ yɛn bra bere nyinaa. Onyankopɔn nnyinasosɛm a yɛde nokwaredi bedi akyi saa no ma yɛne no nya abusuabɔ pa. Ɛsɛ sɛ yɛbɛn Nyankopɔn saa na yɛda gyidi adi bere nyinaa ansa na sɔhwɛ ahorow no afi ase. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ te sɛ fapem bi a ɛyɛ den a wobesi ɔdan asi so; ɛsɛ sɛ wonya ɛno ansa na wɔato ɔdan mũ no asi so. Enti yebetumi ayɛ biribi—seesei mpo ansa na sɔhwɛ ahorow aba—a ɛbɛboa ma wɔatie yɛn mpaebɔ ahorow no mu bebree.

Yɛ Biribi Fa Boa!

Ampa, ɛwom sɛ Dawid ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ dii dwuma titiriw bi de, nanso ohui sɛ na ontumi nnyina nkyɛn a ɔnyɛ biribi mfa mmoa ne mpaebɔ no ho dwumadi. Nea ɛne no bɔ abira no, Dawid yɛɛ biribi de boae sɛnea ɛda adi wɔ nyansakwan a ɔfaa so wɔ ne mpaebɔ no akyi mu no.

Ná Dawid nnamfo anokwafo no biako yɛ Arkini bi a ne din de Husai. Husai hyiaa ɔhene a na ɔreguan no wɔ Ngo Bepɔw no so. Ɛwom sɛ na ɔpɛ sɛ ɔka Dawid ho na woguan de, nanso Husai tiee ka a Dawid kae sɛ ɔnka kurow no mu no. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho sɛnea ɔwɔ Absalom afã, na ɔbɔ mmɔden sɛe ɔfotufo fatwafo Ahitofel afotu, na ɔma Dawid aso te asɛm biara a ɛbɛkɔ so no. (2 Samuel 15:32-37) Sɛnea wɔhwɛɛ kwan no, Husai tumi maa Absalom nyaa ne mu ahotoso. Afei Yehowa de ne ho gyee mu.

Onyansafo kontonkyefo Ahitofel kyerɛɛ nyansakwan bi. Ɔka kyerɛɛ Absalom sɛ ɔmma no mmarima 12,000 na wɔnkɔtow nhyɛ Dawid so wɔ saa anadwo no ara a ɔreguan a n’ani so atan no na onni ahobammɔ no—bɔtorɔfɛ a na ɛde ɔman anidan bɛba ɔkwan biara so! Nanso, Absalom bisaa Husai adwene wɔ asɛm no ho ma ɛyɛɛ nnipa bebree nwonwa. Otuu Absalom fo sɛ ɔntɔ ne bo ase mmoaboa asraafodɔm kɛse ano, na ɔno Absalom ankasa nni wɔn anim. Ɛdenam Yehowa akwankyerɛ so no, ogyee Husai afotu no toom. Ɛda adi sɛ esiane sɛ Ahitofel hui sɛ Husai afotu no akyi a wobedi no bɛma wɔadi nkogu ɔkwan biara so nti, ɔsan kɔɔ ne fie kokum ne ho.—2 Samuel 17:1-14, 23.

Akyinnye biara nni ho sɛ na Yehowa abua Dawid mpaebɔ—sɛnea ɔbɔɔ mpae no pɛpɛɛpɛ. Mpaebɔ ho dwuma a wodi ho nhwɛso a Dawid yɛe yi ma wɔn a wɔnam mpaebɔ so hwehwɛ Onyankopɔn mmoa nyinaa nya asuade bi a ɛsom bo.

Yehowa Bɛyɛ Ne Fam De

Ampa, Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ wɔn da biara da aduan ho mpae, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ wɔde Onyankopɔn nneɛma di kan a, Obedi wɔn ahiade ho dwuma ama wɔn. (Mateo 6:11, 33) Sɛ nhwɛso no, sɛ obi nnya adwuma nyɛ a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ade ma ɛne n’ano aduan ho mpae a ɔbɔ no hyia denam nea obetumi nyinaa a ɔbɛyɛ de ahwehwɛ adwuma anaa wahyehyɛ bi no so.

Biribiara a yɛbɔ ho mpae no, nea yebetumi ayɛ de aboa ma wɔadi yɛn mpaebɔ ho dwuma ama yɛn no gu ahorow pii. Mmere bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ pii, na ɛtɔ mmere bi nso a, sɛ yebetumi ayɛ biribi mpo a, ɛyɛ ketewaa bi. Ɛnyɛ nea yebetumi ayɛ anaa yentumi nyɛ na ehia, na mmom sɛ ebia yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa.

Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa nim yɛn nsɛm tebea ne nneɛma a yetumi yɛ. Onim nea yebetumi ayɛ nyinaa, na ɔrenhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yentumi nyɛ da. Sɛ́ ebia yebetumi ayɛ pii anaa ketewaa bi no, Yehowa bedi nea aka biara ho dwuma ama yɛn. N’ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ, na ɔboa yɛn, na ɔnam so bɛyɛ nea eye koraa ama wɔn a wɔhwehwɛ ne hɔ mmoa nyinaa.—Dwom 3:3-7.

Bere a na Ɔhene Dawid wɔ tebea a emu yɛ den mu no, otumi de ahotoso kae sɛ: “[Yehowa] na nkwagye wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra.” (Dwom 3:8) Ɛmmra sɛ Yehowa tumi mu ahotoso a yɛwɔ, ne yɛn fam de a yɛbɛyɛ, sɛ ɛyɛ kɛse anaa ketewa no, bɛma wɔatie yɛn mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena