Yebenya Nsu a Ɛdɔɔso Sɛnea Ɛsɛ?
“Asase so nsu nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 2 pɛ na ɛyɛ papa, na saa nsu pa no mu 2/3 adan nsukyene wɔ mmeae a asukɔtweaa ne sukyerɛmma tɔ wɔ hɔ no, na nsu pa a aka no [sua sen] ɔha biara mu nkyem 1.”—Aman ne Asase Ho Nsɛm nhoma Research and Exploration
WOWƆ nsu a wotumi nom a woatwe aba wo fie? Ɛnde woka wɔn a wɔanya no fo no ho. Nnipa ɔpepem pii taa twa akwansin kɔsa nsu—na mpo ɛntaa nyɛ nea eye sɛ wɔnom. Afoforo nso twa hyia baabi a wobu nsu wɔ abɔnten so anaa kar akɛse ho na wɔanya nsu pa no kakraa bi. Research and Exploration kae sɛ: “Bere a nnipa no dodow renya nkɔanim no, ɔhaw a ɛwɔ nsu a wɔde bedi dwuma na wɔayɛ no yiye ho no yɛ kɛse. Ɔhaw ahorow yi mu yɛ den yiye wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu, baabi a ɛyɛ den ma nnipa ɔpepepem 1 dedaw sɛ wobenya nsu pa anom anaa wonnya bi koraa no.” Ɛno kyerɛ sɛ wiase no mu nnipa bɛyɛ 5 mu 1 biara wɔ nsu pa a wonnya nnom ho haw kɛse bi.
Wɔagu daakye akodi ho aba wɔ saa nsu a ɛho yɛ na yi mu. Ɔbenfo bi kae sɛ: “Nnipa a wɔn dodow renya nkɔanim kɛse no rentumi nnya nkɔso wɔ wɔn asetra mu, na wɔbɛtra asese nkurow a nsu a wonnya nnom, asase a wonnya nnɔw, ne baabi a wonnya ntra bɛsɛe mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi ohia, amammerɛ mu nneɛma a wontumi nyɛ, ne abusua ntam akodi so no.”
Dɛn na sɛ ankorankoro no, yebetumi ayɛ de ade a ɛsom bo yi adi dwuma nyansam? Fa di dwuma yiye wɔ nyansakwan so—ɛyɛ ade a ɛsom bo a etumi sã.
1) Nsɛe nsu. Mmu nsu a ɛfa durobɛn mu ngu kwa—te sɛ bere a woretwitwi wo sẽ anaa woreyi w’abogyesɛ no. Mmu nsu pii ngu wo ho nkyɛ—sɛ woanya no yiye na wowɔ bi a!
2) Mfa efĩ mfra nsu mu anaa nsɛe no. Sɛ asubɔnten anaa asuten bi a wɔasɛe no sen fa baabi a wote no a, ɛnde obi a ɔwɔ nsu no atifi resɛe ade titiriw a wo mpɔtam hɔfo nkwa gyina so no. Wɔn a wɔtaa sɛe nsu titiriw ne kurow mu atumfoɔ, mfiridwumayɛfo, akuafo, ne afoforo a wɔma kwan ma nsufĩ ne nnuru ho nneɛma sen kogu asuten ne nsubɔnten mu anaa ɛkɔfra mu no.
Onyankopɔn a ɔyɛ asase Bɔfo ne ne Wura no wɔ hokwan sɛ ɔbɛma yɛabu ɔkwan a yɛfa so de yɛn kyinsoromma yi di dwuma no ho akontaa. Bible no hyɛ nkɔm nokwarem sɛ Yehowa ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.