Asukyenee-Nipa no Adwene ne Ne Wiase mu Nhwehwɛmu
MOMMA yemfi Ötzi ho nhwehwɛmu no ase bio. Ná ɔyɛ ɔhamuni, ogyimfo, a na n’ani nnye nneɛma a ɛyɛ fɛ ho? Dɛn na ne nkyɛnsee, n’akode, ne ne ntade ahorow da no adi?
N’akode ahorow da no adi sɛ na Ötzi wɔ akodeyɛ ho nimdeɛ. Ná ntakra tutua agyan abien a wayɛ awie to. Ɔde ntakra no tuatuaa afã bi a ɛbɛma agyan no adannan ne ho bere a wɔato no, na ɛma edu ne botae ho yiye wɔ bɛyɛ mita 27 ntam. Ne ntade a ɛyɛ aboa nhoma (mmoa ahorow nhoma) no ka ne bere no so ntade a na wɔn ani gye ho ho biribi kyerɛ yɛn. Ɛnnɛ, wɔmfa ntade nkata wɔn ho kɛkɛ, na mmom sɛ́ ebedi afɛfɛde bi ho dwuma nso. Na wɔ Ötzi bere so nso ɛ? Time nsɛmma nhoma no ka tetefo nneɛma no ho asɛm sɛ: “Wɔde ntini anaa hama anwenwene akeka abom ahokokwaw so, ma ayɛ te sɛ ntama a wɔde nhama kɔla ahorow anwene.” Nhoma Der Mann im Eis (Ɔbarima a ɔhyɛ Asukyenee Mu) ka sɛ, ntama asinasin no ne ɔkwan a wɔafa so apompam abom no ama ayɛ “te sɛ ntama a wɔde nhama kɔla ahorow anwene.” Ná Asukyenee-Nipa no hyɛ “nkatakɔnmu bi a wɔde sare anwene agu atade nsasin no so, na ɛyɛ ade a obetumi de ako awɔw, de ayɛ ‘pikyi’ ada so agye n’ahome a ne honam nka fam.”—Focus.
Time ka sɛ wohuu “ahokokwaw a emu dɔ a wɔnhwɛ kwan” wɔ ne nneɛma no mu nso. Sɛ nhwɛso no, na sekamma no di mu efisɛ na “ɛhyɛ bɔha a ɛyɛ fɛ a wɔde wura ayɛ mu.” Ɛnde, ɛda adi sɛ na Asukyenee-Nipa no te mmere bi a na emufo no “wɔ ahokokwaw ne ntetee a ɛkɔ akyiri” mu ampa, sɛnea Giovanni Maria Pace kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Gli italiani dell’Età della pietra (Italiafo a Wɔtraa Ase Kan Tete No) mu no.
Yebetumi aka mmire a wohui wɔ Ötzi nkyɛn no nso ho asɛm. Ebia na ɔde sɔ gya ano, nanso abenfo bi ka sɛ ɛda adi kɛse sɛ ebetumi aba sɛ Asukyenee-Nipa no de hyɛɛ ne ho sɛ “aduru a wɔde ma ɔyarefo de twɛn ayaresa ankasa” esiane sɛ aduru a etumi kunkum ɔyare mmoawa wom nti.
Afɛfɛde a onim, nyansa a ɔwɔ, nnuruyɛ ho nimdeɛ, ne nnadedwuma ho nimdeɛ, kuadwuma, ne adwinni—eyinom kyerɛ sɛ na Asukyenee-Nipa no bere sofo wɔ nimdeɛ ne ahokokwaw wɔ nnwuma pii mu, na ɛne adwene a wɔtaa da no adi no bɔ abira. Onimdefo Lawrence Barfield, Britaniani a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kae sɛ: “Yɛn a yɛte ase nnɛ no mu kakraa bi na yɛwɔ adwumayɛ ho nimdeɛ a ebia na nnipa dodow no ara a wɔtraa ase mfe mpem anan [A.Y.B.] mu wɔ no bi.” Sɛ nhwɛso no, tete nneɛma a wɔayiyi afi aboda mu mfonini, nnade, ne nkuku da wɔn ho a na akokwaw wɔ adwinni mu adi.
Nyamesom Tebea
The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Sɛnea nhomanimfo ahu no, nnipa biara ntraa ase pɛn wɔ baabiara, wɔ bere bi mu a na wonni nyamesom ho adwene bi.” Bere a Dizionario delle religioni (Nyamesom ho Nsɛm Asekyerɛ Nhoma) reka dwuma titiriw a nyamesom dii wɔ tete mmere mu ho asɛm no, ɛka sɛ, “sɛ wɔde nneɛma ne ahoɔden dodow a wɔde yɛɛ ɔsom ho nnwuma toto nea wɔde dii dwuma wɔ da biara da asetra mu ho a, na ɔsom de no dɔɔso koraa.”
Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ na ɔsom ho adwene abu so wɔ Ötzi bere so. Wɔahu tetefo amusiei ahorow wɔ mmeae pii a edi ayiyɛ ho amanne a egu ahorow a na nneɛma pii wom ho adanse. Wɔahu dɔte ahoni bebree nso a ɛyɛ tetefo anyame.
Tetefo Abakɔsɛm ne Bible No
Enti anibue a wɔnam tete mmere mu nneɛma mu nhwehwɛmu so ahu no yɛ nea na emu dɔ. Nea wɔahu no ma ɛda adi sɛ na wɔnyɛ ahamufo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi nsɛnnennen pii so sɛnea wobenya nkɔso kakra atumi atra ase sɛ abusuakuw. Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ no, na nkurow no akɛse gu ahorow, nanso na wɔn nyinaa ani abue.
Eyi kyerɛ biribi titiriw ma obiara a osua Bible. Nhoma a ɛne Genesis kyerɛ sɛ nnipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ—ne titiriw bere a wɔbɔɔ adesamma ‘hwetee asase nyinaa ani’ no—wɔkyekyeree nkurow a emu nneɛma gu ahorow na anibue wɔ hɔ korakora, a na emufo wɔ adwinni ne honhom fam nneɛma ho nimdeɛ.—Genesis 11:8, 9.
Bible di adanse sɛ na nnipa wɔ adwinni te sɛ “kɔbere ne dade ade nyinaa” tõ ho nimdeɛ fi teteete. (Genesis 4:20-22) Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, nnipa anya ɔpɛ bere nyinaa sɛ wɔbɛsom onyame bi. (Genesis 4:3, 4; 5:21-24; 6:8, 9; 8:20; Hebrifo 11:27) The New Encyclopædia Britannica ka sɛ, ɛwom sɛ bere rekɔ so no, ɔsom ho adwene a nnipa wɔ no asɛe de, nanso onipa da so ara wɔ “nyamesom ho adwene a entumi mpopa.”
Fibea Ahorow a Wɔhwehwɛ
Ɛwom sɛ wontumi mfii tetefo nneɛma a wotutu fam hwehwɛ mu mu mmuaa nsemmisa a Ötzi a wohuu no no de aba nyinaa de, nanso aboa yɛn ma yɛatumi anya ne bere sofo asetra mu nhumu bi—wiase a anya nkɔanim, na ɛyɛ soronko koraa wɔ adwene a wokura wɔ mmere a wɔkyerɛ sɛ ɛho asɛm nni abakɔsɛm mu no ho. Ná ɛte sɛ ɛnnɛ mmere mu de sen sɛnea nnipa pii gye di.
Nea edi akyiri no, sɛnea National Geographic kae no, sɛ yɛde nokwasɛm a yɛahu afi Asukyenee-Nipa no yɛbea ne ne ho nneɛma to nkyɛn a, “ɛkame ayɛ sɛ biribi foforo biara a ɛfa ne ho fã bi yɛ ahintasɛm, na ne fã bi nso yɛ nsusuwii a enni mũ.” Saa bere yi, Ötzi da Innsbruck, Austria, dan bi a emu yɛ nwini mu, bere a nhomanimfo bɛboro 140 a wɔn adwuma gu ahorow rebɔ mmɔden sɛ wobehu Asukyenee-Nipa no a ofi asukyenee mu puei no ho ahintasɛm afoforo mu.
[Kratafa 8 mfonini]
Nnuruyɛfo abenfo a wɔkyerɛkyerɛ awudisɛm mu hwehwɛ Asukyenee-Nipa nipadua mu wɔ Innsbruck
[Asɛm Fibea]
Foto: Archiv Österreichischer Alpenverein/Innsbruck, S.N.S. Pressebild GmbH