Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 5/8 kr. 4-7
  • Nneɛma a Ɛma Wohu Asukyenee-Nipa No ho Ahintasɛm mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma a Ɛma Wohu Asukyenee-Nipa No ho Ahintasɛm mu
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan Bɛn so na Ne So Korae?
  • “Mfinimfini Mmere mu Sraani a Okura Tuo”
  • Ötzi ne Ne Wiase
  • Asukyenee-Nipa no Adwene ne Ne Wiase mu Nhwehwɛmu
    Nyan!—1995
  • Amu a Efi Asukyenee mu Puei
    Nyan!—1995
  • “Wubetu Kɔbere Afi Ne Mmepɔw Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Nyan!—1995
g95 5/8 kr. 4-7

Nneɛma a Ɛma Wohu Asukyenee-Nipa No ho Ahintasɛm mu

MFEHAHA pii a atwam no, na Ötzi regye n’ahome wɔ ɔdamoa bi a emu dwo mu. Ná ɔda tokuru bi a sukyerɛma ahyɛ no ma mu wɔ bepɔw bi so bɛboro mita 3,200 sen po mu, na ɛbɔɔ ne ho ban fii asukyenee a ɛbɛn hɔ a etwiw fa hɔ no ho. Sɛ ne nipadua no kyenkyen kɔhyɛɛ sukyerɛma siw no mu a, anka ebubui koraa ma ɛtwe kɔe. Ɛda adi pefee sɛ, baabi a na ɔda no na amma no ammubu.

Na nneɛma bi a ɛda adi sɛ na ɔde di dwuma wɔ ne da biara da asetram gugu amu no nkyɛn mita kakraa bi: yew dua bɛmma a wonkuntun mu, aboa nhoma bɔha a agyan 14 wom (a wobetumi de emu 2 adi dwuma, na wonnya nwiee nkae no), twerɛbo sekamma, abonnua, ade bi a wosusuw sɛ na wɔhyehyɛ nneɛma gu mu tete, bag a wɔde aboa nhoma ayɛ, dua abona kotoku, ne ntade asinasin, ɛna nkyɛnsee ne nneɛma afoforo.

Bere a wohuu Similaun-Nipa (ne din ahorow no biako) no, na ɔda so ara hyɛ ne ntade no bi, na na ɔhyɛ aboa nhoma mpaboa a wura hyehyɛ mu a na ɔde ko awɔw. Ná “kɛtɛ” bi a wɔde wura anwene da ne tiri ho. Ɛte sɛ nea ɔbrɛ ne awɔw na etumii Asukyenee-Nipa no anwummere bi ma ɔdaa dinn kosii mfe mpempem pii akyi a “ohuu” hann bio. Francesco Fedele a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a ɔkaa Similaun-Nipa no ho asɛm sɛ ɔyɛ “tete nneɛma a wɔakora so” no ka sɛ, ade a wahu no yɛ “ɔman bi ne abusuakuw bi a wɔtraa ase bere bi mu ho mfonini ketewaa.”

Ɔkwan Bɛn so na Ne So Korae?

Nnipa nyinaa adwene nhyia wɔ tebea horow a Ötzi so korae wɔ bere tenten saa a wammubu no ho. Nature ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɔkwan a ne so korae no yɛ anwonwade, sɛ obi susuw ahobammɔ a wɔkyerɛ sɛ onyae wɔ tokuru a wohuu no wom no mpo ho a.” Nkyerɛkyerɛmu a seesei wosusuw sɛ ntease wom sen biara a ɛno na ɛmaa ɛso tumi korae a ansɛe ne “tebea horow abiɛsa a ɛntaa nsisi”: (1) twintwam a awɔw, owia, ne mframa a ɛbɔ kɔ bepɔw nkyɛnmu (mframa a emu yɛ hyew, na emu awo) ma amu twintwam ntɛmntɛm (emu nsu twe); (2) sukyerɛma a ɛkataa amu no ho ntɛmntɛm de bɔɔ ho ban fii mmoa a wɔsɛe afunu ho; ne (3) ahobammɔ a enyae wɔ tokuru no mu a asukyenee no antwiw amfa so no. Nanso, ebinom nnye nkyerɛkyerɛmu yi mpo ntom, na wɔka sɛ mframa a ɛbɔ kɔ bepɔw nkyɛnmu no nnu Alps no fa yi a ɛwɔ soro saa no.

Nanso, Asukyenee-Nipa no ho nsɛm bi wɔ hɔ a wonim no yiye. Wɔatumi ahu sɛ na wadi mfe bɛyɛ 25 kosi 40, na ne tenten bɛyɛ sɛntimita 160, na na ne mu duru bɛyɛ kilogram 50. Ná ɔyɛ teateaa a ne ho wɔ ntini, na na ɔsrɛn ne ti nhwi a ne kɔla yɛ nnodoe no, na ɛda adi sɛ na ɔtaa bubu so. DNA mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ nipadua no fa bi mu ma ada adi sɛ na ɔwɔ awosu mu nneɛma a wɔn a wɔtraa ase wɔ Europafo mfinimfini ne kusuu fam wɔ ne bere so wɔ no bi. Ne sẽ a ahi no da no adi sɛ na odi paanoo a ɛyɛ den, a ɛkyerɛ sɛ ebia na ofi ɔman bi a emufo yɛ akuafo mu, sɛnea awi a wohui wɔ n’atade mu di ho adanse no. Nea ɛyɛ anigye no, wɔatumi akyerɛ sɛ owui wɔ ɛde rekɔ ahohuru bere awiei anaasɛ otwa bere mfiase. Ɔkwan bɛn so? Wohuu wuram nnuaba ahorow a ɛbere ahohuru bere awiei wɔ ne bag mu; ebia na ɛno yɛ ne nnuan a aka no bi.

“Mfinimfini Mmere mu Sraani a Okura Tuo”

Nanso dɛn na Ötzi da no adi? Italy atesɛm krataa Archeo bɔɔ nsemmisa dodow bi a ade a wɔahu no ma ɛsɔree no mua saa kwan yi so: “Ná ɔyɛ ɔkofo anaa ɔbɔmmɔfo? Ná ɔyɛ obi a watew ne ho, ná ɔne ne nkurɔfo na ɛretu kwan, anaasɛ bio, na ɔne ne nkurɔfo no mu kakraa bi retwam wɔ saa mmepɔw no so? . . . Ne nko na na ɔnam, a saa asukyenee no nyinaa atwa ne ho ahyia, anaa yebetumi ahwɛ kwan sɛ afoforo bɛwɔ hɔ?” Nhomanimfo ahwehwɛ sɛ wɔbɛfa nneɛma a wohui wɔ Bepɔw Similaun so mu a wɔhwehwɛ no so titiriw anya mmuae no, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Wɔde nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛfa nea nti a na Ötzi nenam bepɔw a ne tenten boro mita 3,200 so no ho ama, nanso nneɛma afoforo bɔ emu biara gu. Momma yensusuw nhwɛso kakraa bi ho.

Bɛmma a na wonkuntun mu da, ne agyan no bɛma yɛahu ntɛm ara sɛ na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo. Ɛno ma ahintasɛm no mu da hɔ? Ebia, nanso Christopher Bergman a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ka sɛ, bɛmma no a ne tenten reyɛ adu mita 1.8 no “yɛ kɛse dodo ma ɔbarima a ɔte saa,” na “ɛso dodo sɛ ɔde bɛyɛ ha wɔ Alps so.” Dɛn nti na obekura bɛmma a na ontumi mfa nni dwuma? Afei nso, Nature ka sɛ, ɛho hia sɛ onipa a ɔnenam mmepɔw so tow nneɛma a emu yɛ duru boro so no nyinaa gu, “na ɛno ma ɛyɛ nwonwa titiriw sɛ na ɔbarima no nwiee ne bɛmma 14 no mu 12, bere a na ɔde n’akode afoforo (sekamma ne abonnua) ayɛ adwuma ma ahi.”

Abonnua a wohui wɔ ne nkyɛn mita kakraa bi no nso ɛ? Mfiase no, na wosusuw sɛ ɛyɛ kɔbere mfrafrae, nanso wɔyɛɛ nhwehwɛmu no, ɛbɛdaa adi sɛ kɔbere ankasa na wɔde yɛe. Eyi ne nsɛm afoforo nti, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu bebree ka sɛ Ötzi traa ase wɔ bere a wɔfrɛ no Kɔbere Mmere no mfiase, a ɛno yɛ mfirihyia mpem anan kosi mpem abiɛsa A.Y.B. mu. Atesɛm krataa Audubon kae sɛ: “Adwinnade bi a wɔde hwehwɛ mfe dodow a tetefo nneɛma a wotutu fi fam adi a wɔato din Carbon 14 a wɔde yɛɛ nhwehwɛmu ahorow . . . sii so dua sɛ ɔtraa ase mfe 4,800 ne 5,500 a atwam no ntam hɔ.”a Nanso, nneɛma afoforo betumi adan abenfo binom adwene ma wɔakyerɛ sɛ Asukyenee-Nipa no traa ase wɔ mfe a akyɛ sen saa kakra mu. Ɛda adi sɛ obi ntumi nkyerɛ tete mmere pɔtee bi a Similaun-Nipa no traa mu. Bere a obi a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu reka kɔbere abonnua no ho asɛm no, ɔkyerɛe sɛ ogye di sɛ na Ötzi “wɔ akode a ɛda nkɔanim kɛse adi sen bere a na ɔte mu no de. Ná ɛte sɛ nea yɛahu mfinimfini mmere mu sraani a okura tuo. Nokwarem no, saa bere no, Apuei Famfo nkutoo na na wonim kɔbere ho adwuma.”

Afei, sɛnea yɛadi kan ahu no, na abonnua no betumi ayɛ ade a ɛsom bo kɛse wɔ Asukyenee-Nipa no bere sofo mu. Adwinni afoforo te sɛ ne sekamma no bɔha no nso yɛ nea na edi mũ kɛse, na ɛda adi sɛ ɛyɛ “nneɛma a ɛkyerɛ dibea.” Nanso sɛ na Ötzi yɛ onipa a ɔwɔ dibea titiriw, sɛ ebia na ɔyɛ ɔhene bi a, dɛn nti na na aka ne nkutoo bere a owui no?

Sɛnea Popular Science nsɛmma nhoma kyerɛ no, Konrad Spindler, a ɔwɔ Innsbruck Sukuupɔn mu kyerɛɛ n’adwene sɛ: “Ade a mfiase no na yesusuw sɛ ɛyɛ honam ani atwa bi a yentumi nte ase no ne kotodwe ne ne nanpɔw so a awewe ne ne berɛmo dompe a asɛe no di nsɛ pɛpɛɛpɛ. Ebia Asukyenee-Nipa no duruyɛfo hyehyee baabi a ɛhɔ yɛ no yaw no, na afei ɔde bɔtɔ twitwiw kuru no so saa no yare.”

Wosusuw asɛm no ho wɔ nnuruyɛfo abenfo a wɔkyerɛkyerɛ awudisɛm mu nhyiam bi ase wɔ Chicago nnansa yi sɛ, ebia na Ötzi yɛ ɔkobɔfo bi a wɔboroo no ma mogya tuu no a owui wɔ baabi a ɔkohintawee bere a na afoforo rehwehwɛ no. Wɔatumi ahu sɛ ne mfe mpare mu dodow no ara ne n’apantan abubu. Nanso, wontumi nkyerɛ bere pɔtee a opirapiraa saa no—sɛ opirapirae ansa na ɔrewu, anaasɛ owui ansa na ɔrepirapira. Archeo bisa sɛ, sɛ wɔboroo no na owui a, “dɛn nti na na ne nneɛma nyinaa da so ara wɔ ne nkyɛn, a nea ‘ɛsom bo’ mpo ka ho?” te sɛ kɔbere abonnua no.

Abenfo bu nsɛm ahorow a wɔanya no sɛ ɛnnɔɔso a wobegyina so aka nea esii pɔtee ho asɛm, na nsemmisa bebree wɔ hɔ a wonnyaa ho mmuae. Nanso ɛda adi pefee sɛ na mmere a Ötzi te mu yɛ nea anibue wom na emu dɔ.

Ötzi ne Ne Wiase

Sɛ nhomanimfo reka wiase a Similaun-Nipa no traa mu ho asɛm a, wɔde wɔn adwenkyerɛ ahorow gyina tete nneɛma a wɔahu wɔ Alps so mmeae bi a wosusuw sɛ na ne bere sofo tete no so. Saa bere no mpo, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ka kyerɛ yɛn sɛ, na mmeae ahorow bi anya nkɔso pii sen afoforo, na adwinni ho nimdeɛ foforo te sɛ kɔbere ho adwuma, fii ase wɔ Mfinimfini Fam Apuei.

Sɛnea asɛm foforo bi kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ Ötzi traa ase wɔ Asubɔnten Adige nsuka ho nkuraase a wɔyɛ kuadwuma no biako mu. Ná saa asubɔnten yi yɛ aguadi kwan titiriw a ɛda Italy Supɔw no ne Europa Mfinimfini ntam. Wɔahu nkuraase dodow bi wɔ mmeae ahorow wɔ Alps fa hɔ, wɔ sorosoro bɛyɛ mita 2,000 mpo. Ná nkuraase a wɔyɛ kuadwuma wom no taa yɛ efi afie abiɛsa kosi anan, na ebia adɔɔso koraa na ɛbɛyɛ saa mmɔho kakra. Adan bɛn na na wosisi? Wɔatutu fam ahu sɛ ɛkame ayɛ sɛ dɔte dan na na wosisi bere nyinaa, gye fam no nkutoo. Adan mmiako mmiako na na ɛwowɔ afie no mu, na na bukyia ne ɛtɔ da bi a fononoo sisi emu biara mfinimfini. Ɛbɛyɛ sɛ na wokuru wɔn adan so ma atifi yɛ srɔnsrɔn te sɛ afie a na wogyina wɔ nnanua so saa bere no a wohui wɔ Alps ho asutare bebree ho no. Ɛbɛyɛ sɛ abusua biako traa dɔte dan koro biara mu.

Nkitahodi bɛn na na ɛda nkurɔfokuw a na wɔyɛn mmoa ne akuafo no ntam? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ aguadi. Sɛ nhwɛso no, na abonnua a wohui wɔ Bepɔw Similaun so no te sɛ nea wɔyɛe wɔ kesee fam akyirikyiri, wɔ Ɔtare Garda ano no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ ade a wɔtɔn. Nea na ɛka Ötzi nneɛma ho nso ne atwerɛbo bi, aguadi nneɛma a na ɛsom bo wɔ gua a na wodi wɔ Adige Bon kwan no so. Nnwuma a ɛmaa ɛho behiae sɛ nnipadɔm di atutra no biako ne wɔn ayɛmmoa a na wɔde wɔn kɔ mmeae afoforo bere ne bere mu no. Sɛnea nguanhwɛfo da so ara yɛ nnɛ wɔ Tirol no, na wodi wɔn nguan anim foro Alps kɔhwehwɛ mmoa adidibea frɔmfrɔm. Asukyenee-Nipa no fibea ho nsɛm afoforo bɛn na wɔaka?

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya sɛnea wontumi mfa ho nto carbon-14 nhwehwɛmu so ho nsɛm a, hwɛ September 22, 1986, Engiresi Nyan!, nkratafa 21-6, ne Life—How Did It Get Here?—By Evolution or by Creation?, kratafa 96, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc, tintimii no.

[Asase mfonini wɔ kratafa 5]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Wohuu Asukyenee-Nipa no wɔ Italy hye so wɔ Similaun Asukyenee no mu pɛɛ

GERMANY

AUSTRIA

Innsbruck

SWITZER- LAND

SLOVENIA

ITALY

Bolzano

Similaun Asukyenee

Adriatic Po

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

X yɛ agyiraehyɛde a ɛkyerɛ baabi pɔtee a wohuu Ötzi. Mfonini a ɛhyehyɛ mu: 1. Kɔbere abonnua, 2. Twerɛbo sekamma, 3. Ebetumi ayɛ sɛbɛ bi, 4. Ɔforote abɛn a ɛhyɛ dua nsomu so

[Nsɛm Fibea]

Mfonini: Prof. Dr. Gernot Patzelt/Innsbruck

Foto 1-4: Archiv Österreichischer Alpenverein/Innsbruck, S.N.S. Pressebild GmbH

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena