Mmofra Bisa Sɛ. . .
Sɛ Minya Ɔdɔ ma Obi a Onnye Nni Ɛ?
Kristoni abeawa bi gye toom sɛ: “Biribi haw me. Manya me fipamfo bi a onnye nni ho anigye a ɛmfata. Ne yam ye, obu ade, na ɔyɛ timmɔbɔ, nanso aka no ade biako—ɔnnɔ Yehowa. Minim sɛ enye sɛ mɛpɛ no, nanso minhu nea mɛyɛ a medi ɔdɔ a manya ama no no so.”
Ná Mark adi mfe 14 na ohui sɛ ɔwɔ tebea a ɛte saa ara mu.a Obenyaa abeawa bi a ɔne no nni ɔsom biako mu ho akɔnnɔ. Ɔka sɛ: “Ná metaa nya nsusuwii hunu wɔ tra a me ne no bɛtra sɛ awarefo no ho. Nanso na minim sɛ ɛnteɛ.”
MMOFRA a wɔadu mpanyin mfe so, a nna ho nkate a ɛwɔ wɔn mu yɛ den no na wɔtaa nya akɔnnɔ a ɛmfata. (Fa toto 1 Korintofo 7:36 ho.) Bere a mmofra nni ɔkwampa biara a wɔbɛfa so adi nkate a ɛte saa ho dwuma no, wɔtaa nya wɔn akyerɛkyerɛfo ne guasodeyɛfo a wɔn ani gye wɔn ho ne afoforo ho akɔnnɔ a ɛmfata. Esiane sɛ mpɛn pii no wonnya hokwan biara a wɔne mpanyimfo a wɔtete saa betumi anya nkitahodi biara nti, ɔdɔ a ɛte saa a wonya no ntaa nkyɛ na ɛmfa ɔhaw mma kɛse.b Nanso, sɛ woanya akɔnnɔ a emu yɛ den ama wo tipɛn bi—obi a ɔwɔ ɔpɛ na obetumi ne wo abɔ—nanso onii no ne wo nni ɔsom biako mu nso ɛ?
Ebinom remmu eyi sɛ asɛnnennen bi. Ade biako ne sɛ mmofra pii ani nnye nyamesom ho. Na wɔn a wɔn ani gye ho mpo fam no, ebia ɛnyɛ bere nyinaa na wɔrempɛ sɛ wɔne obi a ɛsono ne gyidi bɛyɛ nhyehyɛe afi adi. Nnipa a wɔma biribiara hokwan bɛkyerɛ ho anigye mpo. Nanso, mpanyimfo pii nim nsɛnnennen a ayɔnkofa a ɛte saa betumi de aba, titiriw esiane sɛ ɛtaa kowie aware mu nti. Enti nhoma kyerɛwfo Andrea Eagan tuu mmofra fo sɛ: “Sɛ mo mu biara ani nnye nyamesom ho a, ɛnde ɔsom biako a wɔtetee mo wom no nka hwee. Nanso sɛ ɔsom ho hia mo mu biako anaa mo baanu nyinaa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mususuw ɔsom mu nsonsonoe no ho. . . . Enhia sɛ mo baanu bɛwɔ ɔsom biako mu . . . , nanso ɛsɛ sɛ mutumi bom tra na mofata mo ho.”
Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ntease wɔ afotu a ɛte saa mu. Nanso nokwarem no, “wi yi ase nyansa” na ɛda no adi. (1 Korintofo 3:19) Bible da no adi sɛ gyidini ne nea onnye nni ntam ayɔnkofa a ɛte saa ma nsɛm a ɛho hia koraa sen fata a wɔmfata wɔn ho wɔ aware mu sɔre. Yehowa Adansefo mmofra nim sɛ eyi fa osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn Asɛm ho, nea ɛhyɛ Kristofo sɛ “Awurade mu nko” na wɔnware no. (1 Korintofo 7:39) Esiane sɛ nhyehyɛe a ɔbarima ne ɔbea yɛ de fi adi nyɛ anigyede ara kwa na ekowie aware mu nti, ɛbɛyɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani sɛ ne somfo bi ne obi a onhyiraa ne nkwa so mmaa Yehowa benya ayɔnkofa a ɛte saa.
Ne saa mpo no, Adansefo mmofra binom hu sɛ wɔn ani agye wɔn a wonnye nni ho. Ɛyɛ dɛn na eyi ba? Sɛ wuhu sɛ wowɔ saa tebea yi mu a dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Ɔkwan a Ɛnam so Ba
Nea edi kan koraa no, hu sɛ nnipa nyinaa tumi di mfomso. Odwontofo no bisae sɛ: ‘Hena na ohu mfomso mu?’ (Dwom 19:12) Mmofra titiriw na wɔtaa di mfomso wɔ ɔdɔ ho. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ wonni nyansa a osuahu ne onyin de ba no. (Mmebusɛm 1:4) Esiane sɛ osuahu ketewaa bi na Kristoni abofra wɔ wɔ sɛnea ɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu di nsɛm mu nti, ebia ɔrenhu sɛnea obedi obi ho anigye a onya anaa ne ho anigye a obi nya no ho dwuma ɔkwampa so.
Saa na na ɛte wɔ Sheila fam bere a ohui sɛ ne yɔnko sukuuni bi anya ne ho anigye no. Sheila kae sɛ: “Ná mitumi hu sɛ ɔpɛ me. Sɛ yekodidi awia bere a na ɔne me bedidi. Sɛ yekosua ade wɔ nhomakorabea a, ná ɔhwehwɛ me.” Sheila fii ase nyaa abarimaa no ho anigye kɛse. Saa ara na Mark a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ná mihu abeawa yi wɔ sukuu dan a yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu wɔ hɔ no mu bere nyinaa. Ná ɔbɔ mmɔden biara ba me nkyɛn ne me bɛkasa. Anyɛ den sɛ yɛbɛfa adamfo.” Ɛdefa Pam a wadi mfe 14 ho no, abarimaa bi a ɔte ne mpɔtam yɛɛ ade kɔɔ akyiri koduu sɛ ɔmaa no kawa de kyerɛe sɛ ɔdɔ no.
Ampa, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wɔnyɛ Adansefo no na wɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ wɔpɛ Adansefo no. Ná abeawa bi reyɛ biribi de akyerɛ sɛ ɔpene anigye a Kristoni abarimaa bi a wɔfrɛ no Jim ada no adi pefee akyerɛ no no so. Nanso, da bi a abeawa no baa Yehowa Adansefo Ahenni Asa so bɛhwehwɛɛ no no, ɛkaa abarimaa no ma ohuu mfomso a wadi!
Sɛnea tebea no te biara no, ebetumi aba sɛ na wunim sɛ wo ho a wode bɛhyɛ adeyɛ a ɛte saa mu no nteɛ. Nanso ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ wobɛpow anigye a obi a ɛsono ne bɔbeasu bɛkyerɛ wɔ wo ho no. Susuw Andrew asɛm no ho. Afe a ɔkɔɔ ntoaso sukuu no, na n’awofo regyae aware. Ɔka sɛ: “Ná mihia obi a me ne no bɛbɔ nkɔmmɔ.” Ɛkame ayɛ sɛ na abeawa bi wɔ sukuu hɔ a ɔka nkuranhyɛ nsɛm a ɛfata kyerɛ no bere nyinaa. Ankyɛ na wonyaa wɔn ho anigye.
Asiane a Ɛwom
Sɛ woanhwɛ ansiw nkate a ɛte saa ano a, ebetumi de wo ato asiane mu ankasa. Mmebusɛm 6:27 ka sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?” Sɛ́ nhwɛso no, susuw abeawa bi a wɔfrɛ no Kim suahu ho. Ɛwom sɛ wɔtetee no sɛ Kristoni de, nanso ɔne abarimaa bi nyaa ayɔnkofa a emu yɛ den wɔ sukuu mu. Kim ka sɛ: “Ná ɔyɛ mmarimaa a wɔagye din na wɔn ho yɛ anika wɔ sukuu hɔ kɛse no mu biako.” Ankyɛ na Kim fii ase wiaa ne ho kɔɔ apontow ahorow a wɔde nnubɔne dii dwuma pefee ase. “Ná me ho yeraw me, nanso na mepɛ no. Minyinsɛnee.” Kim waree n’adamfo abarimaa no, nanso wɔde ne kunu no kɔtoo afiase wɔ adwowtwa ho. Bible kɔkɔbɔ no baa mu wɔ ha nso: “[Fekubɔne] sɛe ɔbra pa.”—1 Korintofo 15:33.
Eyi nkyerɛ sɛ mmofra a wɔnyɛ Yehowa Adansefo nyinaa na wɔbɔ ahohwibra anaa wɔnom nnubɔne. Nanso, anyɛ yiye koraa no, mmofra a wɔte saa no ne Adansefo mmofra adwene wɔ nneɛma a ɛsom bo, nsusuwii anaa wɔn botae horow ho nyɛ biako. Korintofo nhoma a edi kan ti 2:14 kyerɛkyerɛ mu sɛ obi a onnye nni “nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu.” Susuw sɛnea nyamesom gyinapɛn ahorow anya wo nkate so tumi—anigye a wunya wɔ Kristofo nhyiam horow ase, ahurusi a wudi wɔ Bible mu nsɛm a woka kyerɛ obi a otie ho, ne Bible sua ankasa mu anigye. So obi a onnye nni betumi ate eyinom ase—na kampɛsɛ wanya mu anigye? Ɛnte saa koraa.
Enti Paulo tu Kristofo fo sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ?” (2 Korintofo 6:14, 15) Abeawa Sonya nyaa eyi mu osuahu bere a ɔne obi a onnye nni benyaa ayɔnkofa a emu yɛ den. Ogye tom sɛ: “Sɛ́ wubenya ɔhokafo a ɔne wo nnya kyɛfa wɔ wo mmɔdenbɔ ne ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa mu no yɛ ade a ɛma obi te ankonamyɛ nka sen biara. Ɛde nkate mu yaw kɛse ba. Sɛ nokware no ne ade a edi w’asetra so a, wo ho pere wo sɛ wo ne obi benya mu kyɛfa—ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ woyɛ! Bere a wuntumi ne wo hokafo nnya mu kyɛfa esiane sɛ ɔnyɛ gyidini nti no, ɛma wote abasamtu nka.”
Wɔ abusuabɔ a ɛte saa mu no, nyamesom remmɛyɛ ade a ɛka mo bom, na mmom ade titiriw a ɛde akasakasa ba. Ebetumi ahyɛ wo ma woatoto wo honhom mu nneɛma ase sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba mo ntam. Nanso saa a wobɛyɛ no bɛsɛe wo honhom mu yiyedi. Abeawa bi ka sɛ: “Me ne abarimaa bi a ɔnyɛ Ɔdansefo bɛfaa adamfo papee. Nanso bere a adamfofa no mu yɛɛ den kɛse no, mibehui sɛ manya ɔdɔ ama no. Nkakrankakra, me ne Yehowa ntam abusuabɔ bɛyɛɛ biribi a ɛho nhia me titiriw biara; me ne abarimaa yi ntam abusuabɔ bɛyɛɛ ade titiriw maa me. Ná mempɛ sɛ mekɔ nhyiam horow, ne me nuanom Kristofo konya fekubɔ, anaa mekɔ asɛnka bio. Nea na mepɛ ara ne sɛ me ne abarimaa no bɛbɔ bere nyinaa. Mebɛyɛɛ Ɔdansefo a wayɛ mmerɛw mfe abien a edi hɔ no. Na ne nyinaa mu no, ‘m’adamfo’ no ankyerɛ ɔdɔ a mewɔ ma no no ho anigye da. Mekɔɔ so susuwii sɛ ebia bere kɔ so no ɔbɛkyerɛ me ho anigye da bi, nanso amma saa da.”
Yiw, obi a onni nyamesom ne abrabɔ gyinapɛn ahorow a wowɔ no bi a wo ne no bɛbɔ no de awerɛhow ne yawdi bɛba wo so ɔkwan biara so. Adeyɛ a nyansa wom ne sɛ wobɛtwe wo ho afi kɔndua a ɛnsɛ a ɛte saa no ho. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ saa bere a wunya ɔdɔ a emu yɛ den saa ma obi no? Eyi na yɛbɛka ho asɛm wɔ nea ebedi hɔ wɔ saa ɔfã yi mu no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
b Hwɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no ti 28.
[Kratafa 19 mfonini]
So obi a onnye nni benya anigye a wowɔ wɔ honhom mu nneɛma ho no bi?