Adɛnkyɛm—Wɔn Ho Yɛ Na, Wɔn Ho Yɛ Fitaa, na Wɔn Aniwa Yɛ Bruu!
NSƐM a edidi so a Curt Burnette kyerɛw maa Audubon Institute yi fa adɛnkyɛm fitaa a wɔn ho yɛ nwonwa no ho.
“Adɛnkyɛm fitaa a wɔn aniwa yɛ bruu no yɛ Amerika adɛnkyɛm no bi a nsakrae aba wɔn awosu mu, na mmom ɛnyɛ adɛnkyɛm foforo. Wɔfrɛ saa awosu mu nsakrae yi leucism [biribi a ɛhoa], enti wɔyɛ adɛnkyɛm a wɔn ho hoa. Mmoa a wɔn ho te sɛ ofiri aniwa yɛ kɔkɔɔ kakra. Mmoa a wɔn ho hoa aniwa dum. Mmoa a wɔn ho te sɛ ofiri ho yɛ na, nanso wɔn a wɔn ho hoa no ho yɛ na sen saa. Ɛwom sɛ mmoa foforo a wɔn ho hoa kakra wɔ hɔ de, nanso adɛnkyɛm a wɔn ho hoa a edi kan a wohui ne adɛnkyɛm fitaa no.
“Adɛnkyɛm fitaa 18 na ɛwɔ hɔ, na wohuu wɔn nyinaa wɔ ebuw koro mu wɔ August awiei, 1987 mu. Apofofo baasa a wɔwɔ Cajun na wohuu wɔn wɔ beae bi a ɛbɛn Houma, Louisiana a ɛwɔ New Orleans kesee fam atɔe. Bere a wɔde nea edi kan no baa Audubon Mmoa Yɛmmea September 5, 1987 no, na wɔadi bɛyɛ dapɛn 1 kosi 2. Adɛnkyɛm fitaa 18 no akyi no, wɔkyeree 7 nso a wɔn ho nhoa, na nea wɔn ho nhoa no dodow bi a wonnim tumi guanee. Wohuu ebuw no wɔ Louisiana Land and Exploration Adwumayɛ (LL&E) no asase so. Ɛwom sɛ wɔawɛn faako a na ebuw no wɔ no, asesaw nkesua ma apae de, nanso wonhuu adɛnkyɛm fitaa foforo biara.
“Adɛnkyɛm fitaa 18 no ne 7 a wɔn ho nhoa no nyinaa yɛ anini. Eyi tumi ba saa efisɛ sɛnea ebuw a wɔbɛpae dɛnkyɛm ba wom mu hyew te no na ɛkyerɛ bɔbeasu a obekura, enti wɔn nyinaa betumi ayɛ anini, abere, anaa anini ne abere a wɔadi afra. Ɛde besi bere a wɔkyerɛw saa asɛm yi no, na adɛnkyɛm no reyɛ anyin awie (mfe 5 kosi 6). Ɛsonsono 18 no akɛse, ebi yɛ bɛyɛ anammɔn 5 na wɔn mu duru yɛ nkaribo 50 kosi 60, na ebi nso boro anammɔn 8 na wɔn mu duru yɛ nkaribo 250. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɛsono ɔkwan a wɔfa so yɛn wɔn mu biara. Adɛnkyɛm a wɔyɛn wɔn wɔ LL&E adɛnkyɛm yɛmmea no nyin ntɛmntɛm.
“Adɛnkyɛm fitaa no mu 14 yɛ LL&E de, na wofi ayamye mu de 4 maa Audubon Institute. Mprempren Audubon Institute de 2 kyerɛ wɔ ne mmoa yɛmmea hɔ, na 2 wɔ Aquarium of the Americas [nsuboa yɛmmea] hɔ. Wɔde adɛnkyɛm no abien fɛm mmoa ne nsuboa yɛmmea, na wɔde afɛm mmoa ne nsuboa yɛmmea bɛboro 12 dedaw wɔ United States ne biako wɔ Japan.
“Wɔate adɛnkyɛm fitaa no ho asɛm wɔ wiase baabiara. Wɔbɔɔ ade a wɔahu no ho amanneɛ wɔ CNN television dwumadi so. Wɔaka wɔn ho asɛm mpɛn pii wɔ television dwumadi te sɛ Today Show, Nashville Network, Tonight Show, CBS Morning News, Late Night with David Letterman, Christian Broadcast Network, MTV, ne amanɔnne nsɛmmansɛmma ne anɔpa dwumadi ahorow mu. Atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma ahorow ka ho asɛm bere ne bere mu wɔ wiase nyinaa. Mfe kakraa bi a atwam no, wɔn ho asɛm ne mfonini ahorow baa Franse nsɛmma nhoma bi mu, na amanfo no kyerɛɛ ho anigye araa ma wɔsan kyerɛw ho asɛm bio.
“Dɛn nti na adɛnkyɛm fitaa ho yɛ na saa, na ɛde besi saa bere no na obiara nhuu bi da? Nea edi kan no, sɛ yɛde awosu mu nsakrae a ɛntaa mma no to nkyɛn a, ɛda adi sɛ adɛnkyɛm a wɔn ho hoa no wɔ asiane kɛse mu sen adɛnkyɛm a wɔn ho nhoa no. Sɛ ɔdɛnkyɛm ba pae fi ne kesua mu a, ne tenten yɛ efi nsateakwaa 8 kosi 10. Dɛnkyɛm baatan no wɛn buw no kakra, nanso ɛnkyɛ na adɛnkyɛm mma no atew wɔn ho. Adɛnkyɛm a wɔn ho nhoa a wɔapae wɔn foforo no kɔla te sɛ akokɔsrade na tuntum sensan mu, na wɔn ho kɔla ne wɔn atrae hɔ sɛ yiye. Mmoa ahorow pii a wɔkyere mmoa foforo we tumi hu dɛnkyɛm ba fitaa ntɛm kyere no we.
“Nokwasɛm abien a etwa to a ɛyɛ anika na ɛyɛ nwonwa wɔ adɛnkyɛm fitaa ho ni: wɔn ho a asisi tuntum, ne wɔn suban. Adɛnkyɛm fitaa no kakraa bi na bere a wɔpaee wɔn no, na wɔn ho asisi tuntum. Ná wɔn mu dodow no ara ho nsisii koraa. Nanso, bere a wɔrenyin no, wɔn mu pii ho fii ase sisii tuntum. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn ti ne wɔn kɔn ho nkutoo na esisii. Ama ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu wɔn mu nsonsonoe, ɛwom sɛ wɔn mu bi ho nsisii koraa de.
“Nea etwa to no, obiara a wayɛ adɛnkyɛm fitaa ho adwuma gye tom sɛ wɔyɛ keka na wɔn ani yɛ den sen adɛnkyɛm a wɔn ho nhoa no. Obiara nnim nea enti a ɛte saa, nanso wɔne wɔn dii te sɛ adɛnkyɛm a wɔn ho yɛ hare na wɔn ani yɛ den, na wɔanyɛ wɔn sɛ adɛnkyɛm a wɔyɛ nyaa kakra na wodwo no. Ɛyɛ ahintasɛm pii a ɛwɔ mmoa fitaa a wɔte ɔwora mu yi ho no biako!”—Efi Curt Burnette, Audubon Institute, hɔ.
[Kratafa 16 mfonini]
Mfonini ahorow: Audubon Zoo, New Orleans