Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 1/8 kr. 18-20
  • Momma Yenni Bankye!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Yenni Bankye!
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Dua Nyɛ Den
  • Ɛho Adwuma Yɛ Den
  • Adidi Bere!
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1998
  • Nnuan a Wɔmfa Atere Nni
    Nyan!—2003
  • Onyankopɔn Som Ho Anisɔ Awowaw Me
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ɔhene Bi Kasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 1/8 kr. 18-20

Momma Yenni Bankye!

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ

JANYERE de nkrante a ekura no no bɔ kwan fa bankyefuw a nnua no aka abom yuu no mu. Ɔhyɛ kyɛw a wɔde sare ayɛ a ɛmma owia nhyew no. Ɔpaw bankye a ne dua tenten bɛyɛ mita 3, na ɔde ne nsa abien sɔ mu twe no brɛoo. Bankye nhini ne n’aduan no fi asase no mu pue. Ɔde ne nkrante no twitwa aduan no na ɔde ka bankye a watu dedaw no ho gu apampaa bi so. Ne yere Ngozi ma apampaa no so soa na wɔn baanu sim kɔ fie.

Nnipa ɔpepem pii a wɔtete wiase mmeae a awia bɔ hɔ kɛse a wɔtaa di bankye no nim sɛnea wotu bankye yiye.a Wɔ Afrika nkutoo no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 200 na wonya nipadua mu ahoɔden a wɔfrɛ no calorie a ɛkɔ wɔn mu daa no mu fã kɛse fi bankye mu. Na nnipa a wodi no redɔɔso. Animdefo bi ka sɛ ebetumi aba sɛ ebedu afe 2000 no na nnipa a wodi bankye no dodow ayɛ wɔn a na wodi wɔ 1980 mfinimfini hɔ no mmɔho abien.

So woadi bankye pɛn? Sɛ wote asase yi fã a awia mmɔ hɔ pii a, ebia wobɛka sɛ dabi. Nanso nka sɛ wunnii bi koraa da! Efisɛ bankye setaakye yɛ biribi a ehia a wɔde fra abom, mmofra nnuan, sinapi aba nnuan, ne tapioka nnuan ahorow mu, na wɔde fra nnuan ma emu yɛ duru na ɛsɔ, wɔde yɛ tɔfe ahorow, ne paanoo. Ebia ɛnam a wudi anaa milike a wonom no fi mmoa bi a wɔde bankye fra wɔn nnuan mu mpo mu.

Sɛ nnuan a wɔde yɛ no da nkyɛn a, wɔde bankye ka setaakye de tetare nneɛma, na wɔde yɛ nnuru a wɔde ka dan ho.

Ne Dua Nyɛ Den

Nanso wɔ Afrikafo dodow no ara te sɛ Janyere ne Ngozi fam no, di a wobedi nti na wodua bankye. Ɛwom sɛ nnuan mu ahoɔden a wɔfrɛ no protein a ɛwom sua de, nanso nnuan mu ahoɔden a wɔfrɛ no carbohydrate wɔ n’aduan a ɛbɔ akɛse no mu yiye. Sɛ yɛbɛka a, Calorie a ɛwɔ bankye mu dɔɔso koraa sen nea ɛwɔ aburow anaa bayerɛ a ɛyɛ Afrikafo nnuan atitiriw abien a edi hɔ. Wodi ne nnua ne ne nhaban a afifi foforo no—nnuan mu ahoɔden a wɔfrɛ no vitamin, mineral, ne protein wom kɛse.

Ade titiriw biako a ama nnipa pii ani agye bankye ho kɛse ne sɛ ne dua nyɛ den. Enhia sɛ wɔyɛ asase no so adwuma kɛse pii; nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔdɔw wura ne nhama a ɛwowɔ asase no so ma awia bɔ so. Sɛ nsu tɔ ma asase no fɔw a, okuafo no dua bankye nnua a wɔatwitwa no asinasin no. Enhia sɛ wɔdɔw ho pii, na fɛtilasa, fungucide (aduru a ɛhyew ntuw), anaa nnuru a wɔde kunkum mmoawa mmoawa kakraa bi na ehia, anaa enhia mpo sɛ wɔde bi di dwuma koraa. Wotumi tu bankye nso wɔ afe no mu bere biara.

Bankye yɛ afifide a etumi gyina tebea horow pii ano ma ɛyɛ nwonwa. Etumi nyin yiye wɔ asase pa ne nea enye nyinaa so. Etumi yɛ yiye wɔ asase a ɛda fam ne mmepɔw nyinaa so. Etumi yɛ yiye wɔ mmeae a nsu tɔ kɛse, na etumi yɛ yiye wɔ mmeae a nsu ntɔ wɔ hɔ asram akron wɔ afe mu nso. Sɛ ogya hyew bankye ma ɛka n’ase koraa mpo a, etumi fifi bio!

Ɛho Adwuma Yɛ Den

Enti bankye ho adwuma nyɛ den pii fi bere a wodua araa kosi bere a wotu. Nanso, sɛ wonya tu a, na adwumaden no ankasa afi ase. Nokwarem no, ebia adwuma a wɔyɛ wɔ ho fi bere a wɔatu kosi bere a wodi no yɛ den sen efi ne dua so kosi ne tu so anaasɛ ɛbɛkyɛn saa.

Ɛsɛ sɛ wofi saa adwuma yi ase ntɛm. Sɛ na Janyere pɛ a, anka obetumi agya bankye no wɔ fam ma adi bɛyɛ mfe abien a ɔnyɛ ho hwee. Nanso bere a wɔatu no de, ɛsɛ sɛ ɔde yɛ biribi wɔ nnɔnhwerew 48 mu anyɛ saa a ebefi ase asɛe.

Ngozi pɛ sɛ ɔyɛ gari, aduan a Nigeriafo pɛ yiye. Odi kan de sekamma sinsen bankye no; afei ɔhohoro ho. Afei Ngozi ne Janyere de bankye a wasinsen no kɔ wɔn adamfo Alex a ɔwɔ afiri a wɔde yam ade hɔ. Afiri a wɔde yam ade no twiw bankye aduan no ma ɛyɛ mmɔre. Owie a, wɔde bankye a wɔatwiw no gu kotoku a ntokuro deda ho mu, na Alex afiri a wɔde kyi ade no kyi bankye a wɔatwiw no mu nsu.

Nanso na wonnya nwiee adwuma no! Nea edi hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhata bankye a wɔatwiw no nna pii. Afei Janyere de tonton ahuhude po so. Ɛno akyi no, Ngozi kyew, ɔde koraa sin bi nunu mu dannan no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenhyew. Sɛ wɔyɛ bankye no ho adwuma duru ha a, wɔfrɛ no gari.

Ɛwom sɛ Ngozi apaw akwan pii a wɔnam so di bankye ho dwuma no mu biako pɛ de, nanso mmea de wɔn nsa yɛ Afrika bankye dodow no ara ho adwuma wɔ fie. Esiane sɛ cyanide a ɛyɛ awuduru kɛse ma nnipa ne mmoa kakra wɔ bankye mu nti, ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma yiye. Ɛho dwuma a wodi no yiye tew cyanide dodow a ɛwom no so ma ɛka ketewaa bi a ɛnyɛ hu.

Adidi Bere!

Afei, adwuma no nyinaa akyi no, ɛbere aso sɛ wodidi! Gari a wɔde kube mu nsu a wɔakyi afra yɛ aduan a ɛyɛ dɛ. Wotumi de yɛ bisket nso. Nanso Ngozi ne Janyere si gyinae sɛ wobedi eba (gari fufuo) a wɔde gari gu nsuhyewo mu kã ara kwa no.

Bankye nnuan ne din ahorow a wɔde frɛ no dɔɔso wɔ Afrika nyinaa. Wɔde ɛnam ne nnuadewa ka bankye ho di wɔ Côte d’Ivoire sɛ akyɛka. Wɔde mpataa anaa nkesua abom ka gari ho yɛ garifotɔ wɔ Ghana. Sɛ wubisa ugali wɔ Tanzania a, wɔbɛma wo aduan a wɔde bankye ayɛ (aduan a ɛte sɛ banku) ne nkwan. Wɔ Cameroon no, nkurɔfo ani gye kumkum ho. Na wɔ Sierra Leone nso, titiriw Memeneda, wɔn a wɔn ani gye bankye ho hwehwɛ wɔn fufuo!

Ɛmfa ho din biara a wɔde frɛ no no, bankye di dwuma titiriw wɔ Afrikafo asetra mu. Nokwarem no, ɛho hia araa ma nnipa pii te nka sɛ sɛ wonnii bankye a, ɛnde na wonnidii ankasa, ɛwom sɛ na wɔadi biribi foforo de!

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔfrɛ no maniok, tapioka, ne yuka nso.

[Kratafa 19 mfonini]

Bankye sinsen ne ɛho hohoro

Ne twiw

Ɛso po

Ne kyew

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena