Wiase Nsɛm
Bible Akenkan De Mfaso Ba
Sɛnea nhwehwɛmu bi a Nsɛnkyerɛwfo Fekuw yɛe ho amanneɛbɔ kyerɛ no, Amerikafo a anyɛ yiye koraa wɔkenkan Bible no pɛnkoro dapɛn biara no nya anigye, abotɔyam ne atirimpɔw kɛse wɔ asetra mu sen wɔn a wɔntaa nkenkan Bible no. Wɔ nhwehwɛmu bi a Market Fact Inc., a ɛwɔ Illinois, yɛɛ Amerikafo mpanyimfo a wofi mmeaemmeae mu no, wɔn a wɔtaa kenkan Bible no mu bɛyɛ ɔha biara mu 90 na wɔkae sɛ wɔwɔ asomdwoe bere nyinaa anaa mpɛn pii, sɛ wɔde toto nnipa ɔha biara mu 58 a wɔkenkan Bible no bɛyɛ pɛnkoro ɔsram biara no ho a. Bio nso, wɔn a wɔkenkan Bible daa no mu ɔha biara mu 15 na wɔkae sɛ ɛhaw wɔn sɛ ebia afoforo rennye wɔn ntom, sɛ wɔde toto ɔha biara mu 28 a wɔntaa nkenkan no ho a. Wɔn a wɔtaa kenkan Bible no mu ɔha biara mu 12 pɛ na wɔkae sɛ ɛtɔ mmere bi a wodwen owu ho anaasɛ wodwen ho yiye, sɛ wɔde toto ɔha biara mu 22 a wɔntaa nkenkan no ho a.
Nea Mmofra Te
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, nnansa yi nhwehwɛmu a wɔayɛ da no adi sɛ nsɛmfua dodow ne ɛnne a wɔde di dwuma a akokoaa te no nya nsɛm ho a obetumi asusuw yiye, adi ɔhaw ahorow ho dwuma, na watumi de n’adwene abu nneɛma bi no so nkɛntɛnso. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Iowa Sukuupɔn mu daa no adi sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmofra a wɔn awofo yɛ wɔn ankasa adwuma no tee nsɛmfua 2,100 dɔnhwerew biako mu, na wɔn a wɔn awofo yɛ nkurɔfo adwuma no tee nsɛmfua 1,200, na wɔn a wɔn awofo yɛ nnipa yiyedi ho adwuma tee nsɛmfua 600 pɛ. Wohuu nne a awofo de kasa—nea ɛhyɛ nkuran, nea ɛyɛ animka, nea ɛkyerɛ ɔdɔ, anaa nea ɛyɛ nhyɛ—no nso. Mfe abien ne fã nhwehwɛmu no daa no adi sɛ nsɛmfua a wɔde di dwuma ne ɛnne ahorow a wɔde kasa no “nyaa sɛnea abofra biara tumi susuw nsɛm ho yiye no so nkɛntɛnso kɛse bere a wadi mfe 4 no.” Nhwehwɛmufo biako, Ɔbenfo Betty Hart, kae sɛ mfe abiɛsa a edi kan no yɛ soronko wɔ nnipa asetra mu efisɛ nkokoaa dan wɔn awofo wɔ wɔn hwɛ ne wɔn kasa nyinaa mu.
Mmoawa Bi a Wɔn Ho Yɛ Den
Bankye yɛ aduan titiriw ma Afrikafo bɛyɛ ɔpepem 200. Na seesei, esiane mmoawa bi a wɔkyere mmoawa foforo we a wɔfrɛ wɔn Typhlodromalus aripo no nti, bankye adɔɔso. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, wɔde T. aripo no fi Brazil bae sɛ wɔmmɛko ntia wiase mmoawammoawa a wɔsɛe nnɔbae sen biara, aboawa bi a ɔte sɛ ananse a ne kɔla yɛ ahabammono, a ɔno na ɔsɛe Afrikafo bankye bɛyɛ nkyem anan mu abiɛsa no. Nhwehwɛmufo hui sɛ Brazil kusuu fam apuei, a bankye pii wɔ hɔ no, nni ɔhaw pii a aboawa a ɔte sɛ ananse no de ba no. Wohui sɛ mmoawa a wɔkyere afoforo we, T. aripo, no kɔtare bankye ahaban no atifi twɛn sɛ mmoawa a wɔte sɛ ananse no bɛba na wɔakye wɔn awe. Nsɛmma nhoma no ka sɛ, ɛnyɛ sɛ T. aripo no kunkum mmoawa a wɔte sɛ ananse no ɔha biara mu 90 nko, na mmom ɛboa akuafo ma enti wɔmfa nnuru a ekum mmoawammoawa a wɔn mu pii ntumi ntɔ no nni dwuma nso.
Baanu Ye Sen Obiako
Sɛnea Britain New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, sɛ nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔde asetra kwan a ɛfata bɛtra ase a, wodi yiye kɛse bere a wɔwɔ ahokafo a wɔn nso yɛ saa ara no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ awarefo 1,204 mu a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Archives of Family Medicine mu na ɛmaa eyi daa adi. Stephen Pyke a ɔwɔ London Sukuu a Ɛhwɛ Ahotew ne Nnuruyɛ So no ka sɛ: “Ɛda adi kɛse sɛ nkurɔfo tumi gyae sigaretnom, tew srade a wodi ne wɔn kɛse so bere a awarefo baanu no nyinaa tie afotu no.”
Yɛn Nne a Yɛbɛhwɛ no Yiye
The Toronto Star atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ, obiara a ɔde ne nne di dwuma kɛse, te sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no, nne betumi afã. Saa ara na teɛ a obi bɛteɛteɛm ma wɔate ne nne wɔ beae a ɛhɔ yɛ dede no betumi asɛe ne dwɛɛdwɛɛwa. Ɛnne ne kasa ho duruyɛfo Bonnie Mann, ka sɛ, hwerɛmabɔ ne menewa mu a wɔtaa kwane nso tumi sɛe obi nne. Otu fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ ɔhaw no mu bɛyɛ den ansa na yɛayɛ ho biribi, na ɔhyɛ nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yegyina anaa yɛtra hɔ yiye na ama yɛn kɔn ne yɛn abati mu ateɛteɛ. Ɔde ka ho sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛho hia sɛ yɛbɛnom nsu bere nyinaa.” Sɛ wotaa de wo nne di dwuma a, Mann kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonom nsu da mũ nyinaa.
Wim Tebea a Wɔhwɛ Wɔ Tibet
New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ, aman du a ɛwɔ Asia-Pasifik mantam mu ayɛ nhyehyɛe a wɔde bɛyɛ mframa a ɛma osu tɔ mu nhwehwɛmu. Kua a wɔyɛ no Asia mmeae pii no gyina osu a saa mframa no ma ɛtɔ so, nanso eyi tumi sesa kɛse afe biara. Wim tebea ho animdefo gye di sɛ Tibet asasetamaa no titiriw na ɛma saa nsu no tɔ, nanso wɔn nsa nkaa akontaabu a efi Tibet a wobegyina so ayɛ nhwehwɛmu no. Wɔ nhyehyɛe a wɔne China yɛe akyi no, wɔresi afiri bi a ɛkɔka wim seesei de ahwɛ wim hyew, huruhurow, mframa ne Himalaya wim tebea ho nneɛma foforo. Nhwehwɛmufo wɔ anidaso sɛ akontaabu no a wɔn nsa bɛka no bɛma wɔanya Asia mframa a ɛma osu tɔ no ho ntease pa.
Wɔahu Roma Nniso Atrae Wɔ Israel
Reuters bɔ amanneɛ sɛ, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu wɔ Israel no ahu Roma nniso atrae a na ɛwɔ Kaesarea a ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ ne ahemfie a wodii ɔsomafo Paulo asɛm de no too afiase no. Yosef Porath a ɔne Tete Israel Nneɛma Ho Adwumayɛfo no dwumadi a ɛwɔ Kaesarea no titrani no kae sɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu mfonini bi a Latin nkyerɛwee bi a ɛkyerɛ sɛ na dwumadibea koro bi wɔ hɔ a wɔde hɔ ayɛ beae a na wodi ɔman no mu ahobammɔ ho dwuma wɔ so. Porath kae sɛ: “Saa asɛm yi boa ma yedi ɔhaw a ɛne baabi a wodii Ɔhotefo Paulo asɛm bere a wɔde no kogyinaa Roma amrado anim a wɔka ho asɛm wɔ Apam Foforo mu no ho dwuma.” Ɔkae sɛ na beae no ne Roma nniso atrae koro pɛ a na wonnya nhui wɔ Israel ne tete Roma ahemman no mmeae kakra bi no biako.
Ntɛtea a Wɔde Yɛ Nnuru
Wɔ 1947 akodi bi mu no, ɛho behiae sɛ China asraafo oprehyɛn yɛfo Wu Zhicheng de aduru yɛ asraafo a wɔapirapira no akuru mu, nanso nnuru pii a na ɔwɔ no sae. Bere a anka n’abasam reyɛ abu no, ɔkɔɔ hɔnom duruyɛfo bi nkyɛn, na ɔkyerɛɛ no Chinafo aduru bi—nsu a wɔde ntɛtea agu mu anoa a wɔde yɛ kuru mu ne aduru bi a wɔde ntɛtea pɔtee bi yɛe. Sɛnea China Today kyerɛ no, nea efi mu bae no hyɛɛ nkuran yiye ma Oduruyɛfo Wu fii ase de yɛɛ n’adwuma bere tenten sɛ ɔbɛyɛ nhwehwɛmu ahu nnuru a wobetumi de ntɛtea ayɛ. Ogye di sɛ nnuru a wɔde ntɛtea ayɛ no boa ma nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no di dwuma yiye, na ɔka sɛ: “Atɛtea yɛ ahoɔdennuru adekoradan ketewa. Ahoɔdennuru a ehia ma nipadua bɛboro 50, amino acid 28, ne nnuannuru ne nnuru ahorow na ɛwɔ ne mu.”
“Adwumayɛdan Mu Yare”
Sɛnea nhwehwɛmu bi a Ɔbenfo Maurizio Ricciardi a ɔyɛ Siena Sukuupɔn mu nnyinahɔ anaa atrase ayaresabea hɔ kwankyerɛfo yɛe kyerɛ no, Italiafo bɛboro ɔha biara mu 80 na esiane faakotra nti wɔwɔ nnyinahɔ ne atrase ho haw. Il Messaggero atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ, bɛboro wɔn a wɔanya ‘adwumayɛdan mu yare’ yi mu fã nso ka nyarewa te sɛ wɔn akyi a etutu wɔn, atipae, abofono, anisobiri ne awosowawosow, mogyammoroso, ayamtu, ayamtim, nsono mu yare, ne ayamkuru ho asɛm. Ricciardi ka sɛ: “Sɛ Japanfo ne Chinafo yɛ adwuma dɔnhwere biako biara a, wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu kakra de ko tia saa haw ahorow yi, nanso yɛn de yɛn ahomegye bere ara ne nea yɛde nom kafe no.”
Brazil Mmofra Akenkanfo
Exame nsɛmma nhoma no ka sɛ, akyerɛw ne akenkan ne mfe dodow a sukuufo de kɔ sukuu no nyinaa renya nkɔanim wɔ Brazil. Ɛwom sɛ pii da so wɔ hɔ a wobetumi ayɛ ama wɔatu mpɔn de, nanso sɛnea Brazil Asoɛe a Ɛhwɛ Asase Ho Nsɛm ne Akontaabu So kyerɛ no, wɔ 1991 ne 1995 mfe no ntam no, nnipa a wonnim akyerɛw ne akenkan a wɔadi mfe 7 kosi 14 no so tew ɔha biara mu 36. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mfe dodow a wodi wɔ sukuu mu no nyaa nkɔanim ɔha biara mu 10 wɔ 1990 ne 1995 mfe no ntam. Yehu akenkan ho anigye kɛse a Brazilfo mmofra rekyerɛ yi denam sukuufo a wɔkɔɔ nhoma ho ɔyɛkyerɛ a wɔyɛe wɔ Rio de Janeiro nnansa yi a wɔn dodow nyaa nkɔanim bɛyɛ ɔha biara mu 40 no so. O Estado de S. Paulo atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ nhoma ahorow a wɔtɔɔ no kɛse wɔ ɔyɛkyerɛ no ase—a na ɛyɛ nhoma a wɔtɔnee nyinaa mu ɔha biara mu 24 no—yɛ nhoma a wɔkyerɛw maa mmofra.
Punjabfo ne Dwensɔyare
India Today International bɔ amanneɛ sɛ nnipa a wofi Punjab mantam mu ne mmeae a atwa ho ahyia wɔ India no betumi anya dwensɔyare sen ɔman foforo biara wɔ wiase. Amanneɛbɔ no ka sɛ wonim Punjabfo sɛ nkurɔfo a wɔyɛ adwumaden na wodidi pii, nanso mpɛn pii no wɔnnom nsu a ɛsɛ wɔ ahohuru bere mu hyew a ano yɛ den no mu. Eyi nti, wɔkaa wɔn mantam no ho asɛm wɔ nnansa yi amanaman ntam dwensɔyare ho nhyiam a wɔyɛe no ase sɛ wiase no “beae a dwensɔyare wɔ.” Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛhɔnom dwensɔ mu aboabo no kɛse bɛyɛ sɛntimita abien kosi abiɛsa [bɛyɛ nsateakwaa biako], bere a Europa ne United States de yɛ sɛntimita biako [nea ennu nsateakwaa fã]. Amanneɛbɔ no ka sɛ nea ama eyi aba saa ne sɛ Indiafo pii bu wɔn ani gu ɛyaw nketenkete so anaa wɔnhwɛ nni ho dwuma. Dwensɔyare ho oprehyɛn yɛfo ka sɛ ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nom nsu a ani tew nkuruwa abien da biara.