Nea Akenkanfo Ka Wɔ Young People Ask Nhoma No Ho
EBINOM susuwii sɛ wɔanya amanne. Abeawa bi a wadi mfe 15 a wɔfrɛ no Shereda kae sɛ: “Misusuwii sɛ na wɔpɛ sɛ wotu yɛn fo wɔ yɛn abrabɔ ho.” Na ebinom abɔ hu. Britaniani abarimaa bi a wadi mfe du a wɔfrɛ no Timothy ka sɛ: “Bere a mihui sɛ ɛsɛ sɛ mifi me maame ne me papa nkyɛn no, na me mpɛ sɛ mekɔ.”
Dɛn na ede adwennwene ahorow yi bae? Nkaebɔ bi a wɔmae Fida anɔpa wɔ 1989 Yehowa Adansefo “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiama ase sɛ mmofra a wɔadi mfe 10 kosi 19 no ntra beae a na wɔahyɛ da agyaw ama wɔn. Ehu a na wɔabɔ biara yerae bere a woyii nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work no adi, na wɔde ebi kyekyɛɛ mmofra a wɔwɔ hɔ no nyinaa no. Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn?
“Metɔɔ mum; Misui.”—Mike.
“Bere a mihuu nhoma no mu nsɛm a ɛyɛ nwonwa no, ɛmaa m’ani so tɛɛtɛɛ nsu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa Adansefo Sodikuw no hɔ ara kwa no yɛ yɛn ho a wodwen pii no ho nhwɛso.”—Margie a wadi mfe dunwɔtwe.
Naomi, a wadi mfe du a ne papa wui nnansa yi ara no titiriw na n’ani gyee nhoma no ho. Ɔka sɛ:
“Eyi ne nhyiam kɛse a edi kan a yɛakɔ a na me papa nka ho. Da a edi kan no, me werɛ how pii. Nanso bere a mihui sɛ yɛn nuanom ne yɛn soro Agya, Yehowa hwɛ yɛn kosi sɛ yɛbɛsan anya yɛn papa bio wɔ wiase foforo no mu no, ɛmaa m’ani gyei.”
Nhoma no kura bɛyɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . .” nsɛm a ɛbaa Awake! mu fi 1982 kosi 1989 mu a wɔakeka abom no fa. Ɛwɔ ti ahorow 39, na wogyina nsɛm a ɛwom no so akyekyɛ mu afa horow du. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa a edi hɔ no.) Mfaso bɛn na ɛwɔ nsɛm yi a wɔde ayɛ nhoma mũ biako yi so? Abofra biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ a mihu sɛ ɛsɛ sɛ mekenkan ‘Mmofra Bisa Sɛ . . . ’ na aboa me wɔ me nsɛnnennen bi mu, nanso ɛte sɛ nea manyɛ saa da. Mprempren de nhoma a metumi afa bere biara de ayɛ akwankyerɛ wɔ hɔ.”
Young People Ask nhoma no nso mu yɛ fɛ. Heather a wadi mfe 11 no ka sɛ: “Emu mfonini ahorow no yɛ me fɛ.” Mfonini ahorow no kyerɛ sɛnea mmofra te wɔ wiase nyinaa. Canadani abofra bi kae sɛ: “Emu mfonini ahorow no yɛ ahomeka, na ɛkyerɛ yɛn atenka bere a yɛahyia asɛnnennen wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.” Ɛnde na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra pii fii ase kenkan nea ɛwɔ mu no ntɛm ara.
‘Na Mintumi Nyae N’akenkan’
Abeawa bi a wadi mfe 17 kyerɛw wɔ ahɔhodan mu krataa bi so sɛ:
“Yɛakyɛ ɔkwan a efi nhyiam ase kɔ fie no mu abien ma aka nnɔnhwerew anan da yɛn anim. Makenkan ti ahorow du dedaw.”
Emu nsɛm a wɔahyehyɛ no twetwee ebinom adwene:
“Bere a mekenkan emu nsɛm a wɔahyehyɛ no, na ɛte sɛnea merehwɛ m’ankasa asetra. Na nsemmisa no pii yɛ nea mabisa me ho wɔ mmere bi a atwam.”—Kathy a wadi mfe dunsia.
Wɔn a “wɔmpɛ akenkan” mu binom mpo de wɔn ho hyɛɛ mu:
“Mempɛ akenkan pii saa, nanso nhoma yi ye araa ma sɛ mifi ase kenkan a, mintumi mfa nto hɔ. Ɛkame ayɛ sɛ mede nnansa akenkan nhoma mũ no nyinaa.”—Jennifer a wadi mfe dunnum.
“Minnim akenkan papa na menkenkan ade pii. Bere a mifii nhyiam no ase duu fie no na mabrɛ, na na m’ani kum. Nanso mibuebuee nhoma yi mu hwɛe, mifii ase kenkanee, na mekenkan ti biako! Efi saa bere no, mekenkan ti biako da biara da, besi anwumere yi—makenkan abien!”—Tiffany a wadi mfe dunson.
Na ebinom adwenem yɛ wɔn nãã:
“Na misusuw sɛ manyin atra nea nhoma no afã horow bi ka no. Enti mifii ase kenkan Ɔfã a Ɛto So 6, ‘Ɔbarima ne Ɔbea Nna ne Abrabɔ Pa.’ Eyi boaa me pii ma misisii gyinae atitiriw bi. Obiara nni hɔ a wanyin atia nsɛm a nhoma yi ka no!”—Sabrina a wadi mfe dunkron.
Nokwarem no, nnipa pii susuw sɛ sɛ wɔbɛkenkan no pɛnkoro no nnɔɔso:
“Afe a etwaa mu no na mebɔɔ asu, nanso nneɛma ankɔ yiye na minyaa adwenemhaw. Bere bi miguan fii fie mpo! Enti bere a minyaa nhoma foforo no, metee nka sɛ Yehowa nim nea mihia. Eye papa! Makenkan mu mpɛn abien dedaw.”—J. S.
Merekyerɛw kyerɛwsɛm biara mu nsɛm mmiako mmiako wɔ nhoma no mu na ayɛ mmerɛw ama makenkan no nea ɛto so abien. Mingugu nsɛm mu: Nhoma yi ama m’ayɛ onipa pa.”—Aida a wadi mfe dunwɔtwe.
‘Wonte Nka Da Sɛ Wɔkyerɛ Wo Nea Yɛ’
Ɛwom sɛ bɛboro afe ni a woyii Young People Ask nhoma no adi de, nanso nsa da so ara ka nsɛm a wɔde kyerɛ ho anisɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ, nea enti a nhoma no tu mpɔn no fã bi ne sɛ wɔkyerɛw maa mmofra de, nanso ɛnka mmofrasɛm; nso wɔankyerɛw no sɛnea n’akenkanfo bɛte nka sɛ wɔretoatoa nsɛm akyerɛ wɔn. Mmofra bi ka ho asɛm sɛ:
“Nhoma yi wɔ aseresɛm kakra mpo wɔ mu. Esiane sɛ wɔde Bible, Onyankopɔn Asɛm agyina akyi nti, eye sen mmofra nsɛmma nhoma biara koraa.”
“Wonte nka da sɛ wɔkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ; mmom no wɔma wuhu nneɛma pii a wobetumi ayɛ ne nea ebefi emu biara mu aba no. Bere nyinaa wɔkyerɛ Yehowa adwene pefee na wɔde Kyerɛwsɛm gyina akyi.”
Wɔn mu pii kyerɛ sɛnea ɛka nsɛm kyerɛ no ne nhumu a wɔada no adi wɔ wɔn nkate ahorow ho no ho anisɔ.
“Me papa nkyerɛɛ me ho dɔ biara da, nanso ɛte sɛ nhoma no mu afotu no fi agya bi a ɔma yɛn afotu a ɛho bɛba yɛn mfaso nkyɛn.”—Stefano, Italy.
“Nkate a minyae mpofirim ara no te sɛnea me ne obi a onim me yiye rekasa, na ɛnyɛ sɛ merekenkan nsɛm a wɔatintim.”—Myriam, Italy.
“Mfatoho ahorow a wɔde dii dwuma no mu pii fa me ho ankasa. Metumi de adi dwuma.”—Abeawa bi a onnii mfe aduonu.
“Minim sɛ wɔn a wonnii mfe aduonu biara nka Sodikuw no ho. Nanso, nea mokyerɛw fa mmofra ho no nyinaa yɛ nokware; ɛte sɛ nea Yehowa ne wo kasa tee.”—Aubree a wadi mfe dunnum.
Ɛnyɛ Mmofra Nkutoo De
Ti ahorow no mu pii de nsɛnnennen a Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo hyia no mu nhumu ma, nsɛnnennen te sɛ fɛre, adwennwene, ankonamyɛ ne adwuma a wonnya nyɛ. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ mpanyimfo pii akyerɛ nhoma no ho anisɔ. Yehowa Adansefo ɔsomfo kwantufo bi yere kae sɛ:
“Me ne me kunu nni mma. Nanso, mihui sɛ sɛnea wɔaka asɛm no ma yɛn nso yenya mu mfaso. Na anka wobetumi afrɛ nhoma no Questions People Ask—Answers That Work!”
Mpanyimfo afoforo fi wɔn komam pene so:
“Nsɛm, kasasin ne nnyinasosɛm ahorow wɔ hɔ a ɛso wɔ mfaso yiye ma me mmofrabere a adi mfe 41 no.”
“Ebia worensusuw sɛ nhoma a wɔkyerɛw maa mmofra betumi aboa ɔbea bi a wadi mfe 61. Nanso ɛboaa me ma minyaa bere a atwam no ho adwempa na migyaee menasepɔw a na mewɔ wɔ m’awofo ho no.”
“Mihui sɛ ‘mpanyimfo bisa’ nso. Biribiara mmoaa me ma mentee me ho ase wɔ bere tenten a mede ayɛ Kristoni no mu sɛɛ da. Ɛno ara ne sɛ meyɛ abofra a madi mfe 74”
Nsa aka nkrataa a efi Kristofo awofo pii nkyɛn:
“Mewɔ mma baasa a wonnii mfe aduonu, na na nhoma yi yɛ me mpaebɔ ho mmuae. Yɛda mo ase sɛ mowɔ hɔ ma yɛn. Satan rebɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛtwe me mma no akɔ. Nanso afei me nsa aka nea mede bɛbɔ mmɔden biara wɔ ahokokwaw so, meda mo ase wɔ nhoma a aba wɔ ne bere mu yi ho.”
Nnɛema nhyehyɛe yi brɛ yɛn ase da biara da. Me ba akumaa koraa no adi mfe 12, na n’anigye wɔ honhom mu nneɛma ho no akɔ fam yiye wɔ afe a atwam no mu. Nanso hwɛ sɛnea eye sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ esiane nhyiam no ne nhoma yi nti, ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ asu.”
“Bere a me mma no nsa kaa wɔn de no, m’ani tɛɛtɛɛ nsu. Nyamesom ahyehyɛde biara nni hɔ a edwen wɔn mmofra ho saa!”
“Meyɛ ɔwofo a minni ɔhokafo. Ɛtɔ mmere bi mete nka sɛ ehu aka me na memfata ankasa sɛ ɔwofo. Me ba panyin adi mfe 11 na ɔwɔ ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔmpɛ n’asɛm. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ ti biako bi a ɛwɔ Young People Ask nhoma no mu no di saa tebea no ho dwuma!”
Nnipa pii ka sɛnea ɔfã a wɔato din “Questions for Discussion” a ɛba wɔ ti biara awiei no tu mpɔn no ho asɛm:
“Yebom kenkan nhoma no sɛ yɛn daa abusua Bible adesua no fã. Aka yɛn nyinaa abom yiye. Mihu sɛ nsemmisa no nhaw mmofra no, na ebue hokwan ma wɔda wɔn nkate horow a anka ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka ho asɛm no adi.”
Mmuae horow a Ɛboa Ankasa!
Nokwarem no, nhoma yi bo a ɛsom no nnyina din a agye so na mmom sɛnea etu mpɔn no so. Wɔ ɔkwan foforo so no, so ne mmuae ahorow no ye ankasa? Mmofra pii de anigye ka sɛ ɛte saa:
“Ansa na merekenkan nhoma yi no, na midi me maame ne me nuabea akyi kɔ Ahenni Asa so ara kwa, efisɛ na me nkutoo ntumi ntra fie. Na mibu ɔbra ahorow abien. Mprempren de, ne nyinaa asakra ayɛ yiye.”
“Wubetumi afi nokware no mu, nanso emfi wo mu. Bere a midii mfe 27 no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛba Ahenni Asa so bio—me nkutoo, na mabɔ hu na na manu me ho. Na mewɔ subammɔne ahorow, na metee nka sɛ Onyankopɔn ntumi mfa mfiri me da. Nanso onuawa panyin bi de Young People Ask nhoma foforo no maa me. Mihui sɛ ɛka me nsɛnnennen no nyinaa ho asɛm, na ɛkyerɛɛ me sɛnea ɛsɛ sɛ midi ho dwuma. Misui. Minhu sɛnea menka m’anisɔ wɔ nhoma yi ho no yiye. Mmuae horow a ɛboa—ne sɛnea ɛboa!!!”
“Nhoma no maa misusuw nneɛma ho anibere so. Mfiase no na mimmu me ho sɛ meyɛ Yehowa Adansefo mu biako ankasa. Na me ne abeawa bi twe mpena. Na me ne wiasefo na ɛbɔ. Na mebɔ krɔn mpo. Nanso bere a mekenkan nhoma no akyi no, mihui sɛ meyɛ adebɔne bi wɔ m’asetram. Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa me bɔne mfiri me, na medaa no ase sɛ ɔmaa me nhoma nwonwaso foforo yi.”
Eyinom yɛ nkrataa ɔhaha pii a yɛn nsa ka no mu bi ara kwa. Anisɔ a mokyerɛ sɛ mmofra no hyɛ yɛn nkuran na ɛkanyan yɛn yiye. Ɛda adi sɛ mopɛ sɛ moyɛ nea ɛteɛ, na mo ani sɔ akwankyerɛ a Yehowa fi ɔdɔ mu de ma wɔ n’Asɛm mu no. Ɛda adi nso sɛ mmuae horow a efi Onyankopɔn Asɛm mu no boa ankasa!
Ɛnde w’ani begye sɛ wubehu sɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . .” ahorow a ɛba Nyan! mu no bɛkɔ so de nsɛm a ɛfa wo ho ho afotu pa a egyina Bible so ama. Mma asɛm no biako pɛ mpo mpa wo ti so! Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, kenkan—na san kenkan—Questions Young People Ask—Answers That Workb nhoma no. Ka mu nsɛm kyerɛ wɔn a wo ne wɔn kɔ sukuu. Kenkan kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wom no. Wo ne w’awofo mmɔ atiri no ho nkɔmmɔ. Fa mu afotu di dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ wo ne Kent a wadi mfe 16 a ɔkaa eyi no bɛyɛ adwene: “Ɛte sɛnea moama me nhoma a ɛbɛboa me wɔ m’asetra mu mfe a biribiara betumi anya m’adwene so nkɛntɛnso wom yi mu.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔyɛɛ no wiase nyinaa fi June 1989 mfiase.
b Sɛ wokyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi a, wo nsa bɛka bi.
[Kratafa 11 adaka/mfoni]
Emu Nsɛm
Ɔfã 1
Fie:
Sɛnɛa Wo ne Abusuafo Di
Ti Kratafã
1 Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ ‘Midi M’agya ne Me Na Nni’? 11
2 Dɛn Nti Na M’awofo Nte M’ase? 18
3 Mɛyɛ Dɛn na M’awofo Ama Me Ahofadi Pii? 26
4 Dɛn Nti Na Papa Ne Mama Tetew Mu? 34
5 Ɔkwan Bɛn So na Metumi Agyina M’awofo Aware Foforo Ano? 42
6 Dɛn Nti Na Me ne Me Nuanom Nka Saa Koraa? 50
7 So Mimfi Fie? 56
Ɔfã 2
Wo ne W’atipɛnfo
8 Ɔkwan Bɛn So Na Metumi Anya Nnamfo Ankasa? 65
9 Ɔkwan Bɛn So Na Metumi Agyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano? 73
Ɔfã 3
Sɛnea Wote a Wubesusuw Ho
10 Sɛnea Obi Te No Ho Hia Dɛn? 82
11 So Me Ntade Kyerɛ Onii a Meyɛ? 90
Ɔfã 4
Dɛn Nti Na Mete Nka Sɛɛ Yi?
12 Dɛn Nti Na Metan Me Ho? 98
13 Dɛn Nti Na Meyɛ Basaa Pii Saa? 104
14 Ɔkwan Bɛn So Na Metumi Ama M’ankonamyɛ No Agyae? 115
15 Dɛn Nti Na Mefɛre Ade Pii Saa? 121
16 So Ɛfata Sɛ Medi Awerɛhow Sɛnea Meyɛ No? 127
Ɔfã 5
Sukuu ne Adwuma
17 So Minyae Sukuu? 134
18 Mɛyɛ Dɛn Anya Nkɔanim Wɔ Adesua Mu? 140
19 Dɛn Nti Na Mmofra no Nnyae Me Haw? 150
20 Ɔkwan Bɛn So na Me ne Me Kyerɛkyerɛfo Bɛka? 158
21 Ɔkwan Bɛn So na Menya Adwuma (na Makura mu!) ? 166
22 Adwuma Bɛn na Mepaw? 174
Ɔfã 6
Ɔbarima ne Ɔbea Nna ne Abrabɔ
23 Ɔbarima ne Ɔbea Nna a Edi Aware Anim Nso ɛ? 181
24 Ɔkwan Bɛn So na Metumi Akwati Ɔbarima ne Ɔbea Nna a Edi Aware Anim? 192
25 Boasipem—Ɔkwan Bɛn So na Ɛyɛ Aniberesɛm? 198
26 Boasipem—Ɔkwan Bɛn So na Metumi Ako Atia Ho Akɔnnɔ? 205
27 Nokwaredi—So Ɛne Su a Eye Kyɛn so Ankasa? 212
Ɔfã 7
Nhyehyɛe a Wɔyɛ Fi Adi, Ɔdɔ ne Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu
28 Ɔkwan Bɛn So Na Metumi Adi Ɔdɔ Ho Adammɔ so Nkonim? 219
29 So Manyin Sɛnea Metumi Ne Obi ayɛ Nhyehyɛe Afi Adi? 225
30 So Maso Aware? 236
31 Mɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Ɛyɛ Ɔdɔ Ankasa? 242
32 Ɔkwan Bɛn So na Metumi Ama Nantew a Edi Aware Anim Adi Yiye? 252
Ɔfã 8
Nnubɔne ne Nsa Afiri No
33 Asanom—Dɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Mede Me Ho Hyem? 262
34 Dɛn Nti Na Ɛnsɛ sɛ Wonom Nnubɔne? 272
Ɔfã 9
Ahomegye Mmere
35 So Nea Mekenkan no Fa Ho? 283
36 Ɔkwan Bɛn So na Metumi Abrɛ Me TV Hwɛ Su no Ase? 289
37 Dɛn Nti na Mentumi Nnye M’ani Bere ne Bere Mu? 296
Ɔfã 10
Wo Daakye
38 Dɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Me Daakye? 305
39 Ɔkwan Bɛn So na Metumi Abɛn Onyankopɔn 311
[Kratafa 12 adaka]
Nhoma no Fã a M’ani Gye Ho Titiriw Ne. . .!
Mmofra pii kaa Young People Ask nhoma no afã horow du (a wɔahyehyɛ wɔ ase hɔ) no mu nea ɛboaa wɔn titiriw no ho nsɛm:
Wɔ Fie: “Me ne me nuabea ko bere nyinaa. Nanso nhoma no aboa me ma mayɛ onipa pa ama me nua no. Sɛ yɛko a, yɛpa yɛn ho yɛn ho kyɛw na yɛ ka sɛ yɛasan yɛn ano wɔ nea yɛkae no ho.”
“Na misusuw sɛ me nua no de, wɔma no nea ɔhwehwɛ biara, nanso afei de mahu sɛ na m’ani bere no. Mihu nso sɛ m’awofo nyɛ animhwɛ na mmom wɔreyɛ nea wobetumi biara atrɛw wɔn dɔ mu ma aka obiara.”
“Ɛboaa me ma mihui sɛ ɛnyɛ me nti na me maame ne me papa tetew mu.”
Wo ne W’atipɛnfo: “Ɛboaa me nea mihui sɛ, sɛ mehwehwɛ adamfo a, ɛsɛ sɛ me yɛ bi. Mihui nso sɛ ɛnsɛ sɛ me ne mmofra a wɔyɛ ayɔnko bɔne fa nnamfo.”
Sɛnea Wote a Wubesusuw Ho: “Misusuwii sɛ me sõ dodo, enti na minnidi papa nna pii. Nanso da a edi hɔ no, mididi yiye na me mu san yɛ duru bio. Mekae sɛ meyɛ omumɔ na me ho nyɛ fɛ. M’adamfo pa bi kae sɛ menkenkan ɔfã a ɛka ‘sɛnea obi te’ ho asɛm no. Bere a mekenkan no na misu. Mprempren de mahu nea ɛho hia a ɛsɛ sɛ meyɛ, nea mede m’adwene resi so titiriw ne me som a mede ma Onyankopɔn—ɛnyɛ sɛnea me te.”
Dɛn Nti Na Mete Nka Sɛɛ Yi?: “Meyɛɛ basaa, kosi sɛ minyaa me ho dɔm a medi ho adwene a emu yɛ den. Mprempren mafi ase di m’asɛnnenen no ho dwuma na oduruyɛfo bi hwɛ me. M’ani gyei pii bere a mekenkan sɛ ‘asɛnnennen’ yi bɛba awiei no.”
Sukuu ne Adwumayɛ: “Memmɔ mmɔden wɔ adesua mu na wodi me ho fɛw wo sukuu. Mabɔ me tirim sɛ mede afotu no bedi dwuma wɔ sukuu.”
Ɔbarima ne Ɔbea Nna ne Abrabɔ Pa: “Mpɛn pii no mumfra a wonnii mfe aduonu hyia nhyɛso pii a ɛbɛma wɔayɛ bɔne, nanso Bible nnyinasosɛm a mode di dwuma nti, mitumi siw m’atipɛnfo kwan”
“M’asɛnnennen fa boasipem ho, na ɛhaw me yiye. Nanso mɛyere me ho ankasa de afotu yi adi dwuma, na mabɔ mmɔden sɛ mɛyɛ abofra pa a metumi biara ama me soro Agya no.”
Nhyehyɛe a Wɔyɛ Fi Adi, Ɔdɔ ne Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu: “Manya nea ɛboro ɔdɔ ho adammɔ ama abeawa bi bere tenten ni. Minnweri amasa mingu me ho anim ase nkyerɛ no. Nanso, na mewɔ nkate a moka ho asɛm no bi. Nhoma no boaa me ma mihui sɛ na eyi yɛ ɔdɔ ho adammɔ ara kwa, ne sɛ minnyinii sɛnea me ne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɛyɛ nhyehyɛe afi adi.”
Nnubɔne ne Nsa Afiri No: “Afei na mafi ntoaso sukuu ase, na wama me nnubɔne dedaw. Nhoma no boaa me ma mepowee.”
Ahomegye Mmere: “Na anka mehwɛ TV fi Dwoda kosi Fida. Nhoma no boaa me ma metew me TV hwɛ no so—Kwasida ne Fida nkutoo!”
Wo Daakye: “Na misusuw sɛ Bible no afono me—nanso ɛnte saa mprempren! Da biara da mebɔ mmɔden kenkan no simma 15!”
“Aboa me dedaw wɔ me mpaebɔ mu. Mprempren mitumi ne Yehowa kasa te sɛ adamfo a ɔbɛn me pɛɛ.”
[Kratafa 10 mfoni]
Mmofra kuw bi a wofi France de mfonini yi (nifa so) manae sɛ ‘ahobammɔ a ɔdɔ wom ne mmoa’ a Yehowa ne n’ahyehyɛde de ama a ɛne Young People Ask nhoma no ho sɛnkyerɛnne