Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 5/8 kr. 10-13
  • Hwɛ Yiye! Akwansrafo Wɔ Ha

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye! Akwansrafo Wɔ Ha
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔsan Kɔ Akwansra Ntontan no Mu
  • Wɔafi Katakɔnmu-ne-Sɛpɔ Bere no Mu
  • Nsateaa ne Anammɔn a Ɛyɛ Wɔn Hene
  • Atoro Nni hɔ Bio, Akwansrafo Nni hɔ Bio
  • Rahab De Akwansrafo Hintaw
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Akwansrafo Dumienu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Akwansrafo 12 No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Rahab Nyaa Yehowa Mu Gyidi
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 5/8 kr. 10-13

Hwɛ Yiye! Akwansrafo Wɔ Ha

NÁ ONIM sɛ ne kunu yɛ akwansrafo. Na ɔde amanneɛbɔ ama amannɔne tumi bi mfe pii. Ɔhoahoaa ne ho mpo kyerɛɛ no wɔ ho. So ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ polisifo anaasɛ ommua n’ano? Dɛn na anka wobɛyɛ wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu? So anka nnyinasosɛm ho nokwaredi anaasɛ nokwaredi ma w’abusua no na ebedi kan? Na aniwusɛm ho hu no nso ɛ? Awiei koraa no, ɔbea no bɔɔ ɔman mpanyimfo amanneɛ. Nanso ne ho dwiriw no kɛse.

Nea ɛwɔ atifi hɔ no yɛ akwansrafo ho nsɛm pii a wɔkaa ho nsɛm pii wɔ nnansa yi mmere mu no mu biako. Ebia wobɛkae nea edidi so yi:

Norway, January 1984: Wɔkyeree Norwayni ɔnanmusifo bi na wɔtoo no sõ sɛ ɔde nkrataa bi a ɛho hia kɛse ama amanɔnne tumi bi.

lndia, January 1985: Wɔkyeree aban mpanyimfo ne adwumawuranom bi sɛ wɔabu Ɔman Ahintasɛm Mmara no so.

Federal Republic of Germany, 1985 ahohuru bere mu: Nnipa pii a wobu wɔn sɛ wɔyɛ yɛmafo a nsɛm mu hwehwɛfo ɔpanyin bi ka ho tu kɔtraa German Democratic Republic.

Rusia ne Britania, September 1985: Aman no mu biara pam ɔfoforo no ananmusifo, nsɛnkyerɛwfo, ne aguadi mu adwumayɛfo 31 a wɔtoo wɔn mu pii sõ sɛ wɔyɛ akwansrafo no ni wɔn man mu.

Switzerland, December 1986: Wɔto awarefo bi sõ sɛ wɔyɛ akwansrafo.

France, March 1987: Wɔkyeree akwansrafo kuw bi mufo a na wosusuw sɛ wɔde wim akwantu ho dwumadibea bi ho nimdeɛ titiriw bi ama amanɔnne tumi bi.

United States, April 1987: Wɔfrɛɛ U.S. Po so ahobammɔfo fii Rusia, Austria, ne Brazil sɛ wɔrehwehwɛ akwansrafo nsɛm a wɔde ato wɔn so mu.

Bere a wote amanneɛbɔ ahorow a ɛtete sɛɛ pii no, ebia wubesusuw nsɛm te sɛ “akwansrafo ano ntantafo” ne “akwansrafo akwansi” no ho. So akwansrafo pii wɔ hɔ nnɛ ampa anaasɛ wɔkyere wɔn mu pii ara kwa? So eyinom mu biara betumi aka w’ankasa? Ebia wiase akwansrafo dwumadi no dodow a ɛka w’asetra no bɛma wo ho adwiriw wo.

Wɔsan Kɔ Akwansra Ntontan no Mu

Tete bere no mu a yegyen yɛn ani hwɛ no ma yehu ayɔnkofa bi a akyɛ: amammuisɛm ne sraadi. Webster nsɛm asekyerɛ nhoma no kyerɛ akwansra ase sɛ “yɛmafo atitiriw tɛw a wɔtɛw amanɔnne man bi mufo anaasɛ wɔn dwumadi anaa wɔn adwumayɛ . . . amanneɛbɔ a [ɛte saa a] wɔaboaboa ano . . . na wɔde adi dwuma wɔ amammuisɛm anaa sraadi mu.”

Na Misrifo ka wɔn a wodii kan hyehyɛɛ kokoam dwumadi no ho. Ɔhene Thutmose III de akwansrafo dii dwuma ma wɔde asraafo 200 a wɔapam siam kotoku afa wɔn ho nam sum ase kɔɔ Jaffa kurom. Wɔ bɛyɛ afe 400 A.Y.B. mu no, Chinani Sun Tzu kyerɛw nhoma bi a wɔfrɛ no Ping Fa (The Art of War) no, na osii sɛnea akwansrafo nhyehyɛe pa ho hia no so dua wom. Wɔ afeha 15 mu no. Europa aman fii ase de wɔn ananmusifo dwumadibea ahorow a ɛwɔ amanɔnne nkurow akɛse mu no dii akwansra ho dwuma. Ananmusifo dwumadi ne akwansra bɔɔ anan nantewee wɔ Europa ahye so. Bere a ɔmampɛ honhom adɔɔso no, wɔn a na anka bere bi wɔyɛ mfɛfo akwantufo no bɛyɛɛ abusuafo.

Ɔmampɛ honhom mu trɛwee wɔ Europa na nea ɛkaa ho ne hia a na wohia asraafo, ananmusifo, ne yɛmafo. Wɔhwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so ahyehyɛ ahintasɛm ne nea wɔde behu ano. Nsɛnhwehwɛ (amanneɛbɔ ahorow anoboaboa ne emu hwehwɛ) ne akwansrafo akwansi (afoforo a wosiw wɔn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa renka kokoam nsɛm) bɛyɛɛ akwansra ntontan no afã horow a ɛsonsonoe. Ɔsɔfo panyin de Richeiieu (France) ne Frederick Ɔkɛse (Prusia) dii akwansra ho dwuma kɛse. Wɔ bere bi mu no Daniel Defoe a ɔkyerɛw nhoma a wɔfrɛ no Robinson Crusoe no na na ɔtow Britania kokoam dwumadi asaawa no. Nanso, na akwanside kɛse biako: nkitahodi, sɛe nea wɔyɛ nyinaa. Na yɛmafo no de wɔn ho to po so ahyɛn, apɔnkɔ, anaa mmorɔnoma a wɔsoma wɔn so na wɔde wɔn nsɛm akɔ. Na atamfo dɔm betumi abɔ nsra wɔ baabi a wɔbɛn so yiye a wonnim. Wɔ 1815 mu no Napoleon dii mfomso wɔ atamfo dɔm a na wɔwɔ baabi a ɛyɛ akwansin kakraa bi no dwumadi ho. Odii nkogu wɔ Waterloo na ɔhweree ahemman. Yɛn afeha yi mu mfiridwuma mu nkɔanim na ama nsɛnhwehwɛ anya nkɔanim.

Wɔafi Katakɔnmu-ne-Sɛpɔ Bere no Mu

Saa ntawntawdi afeha yi de nsɛnnennen afoforo aba nsɛnhwehwɛ dwumadi so. Kokoam dwumadi no bãã yɛ yiye wɔ afoforo a wonnye wɔn nni mu. Germanfo atesɛm krataa Der Spiegel a ɛba dapɛn biara no kyerɛ sɛ: “Ehu ne akwansra adwuma no kra ankasa. Dodow a wiase tebea no hinhim no, dodow no ara na [akwansra] sɛ adwuma no di yiye.” Nea afi mu aba ne sɛ “ɔman biara nni asase so a egye di sɛ ebetumi adi yiye a kokoam dwumadi nka ho.” Akwansra di yiye bere a wonya afoforo ho anibɔne na ɛma ɛkɔ so; enti na nsɛnhwehwɛ afã horow pii wɔ hɔ no: nhyehyɛe-yɛ (a ɛho hia ma nhyehyɛeyɛfo akɛse) , sraadi (asase so, po so, ne wim) , sikasɛm, nyansahu, asase so mmeae, ne nea ɛkeka ho. Emu biara de ne de ka ho.

Nsɛnhwehwɛ atrɛw ne tumi mu ampa. Wɔ mmere a atwam mu no, na wohu nsɛntitiriw wɔ amammui tumidi anaasɛ wɔ sraadi mu titiriw. Nanso, mmeae ahorow a wohu nnɛyi ɔman kokoam nsɛm no mu atrɛw. Dɛn nti na ɛte saa?

Akode pii a wɔaboaboa ano fi Wiase Ko II mu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ aman pii yɛ akode ahorow a ɛyɛ hu. Nanso ɛda adi sɛ ɔman a ɔwɔnyansahu a wobetumi de adi gyinaesi ahorow a ɛho hia anaasɛ otumi yɛ n’ade pɛpɛɛpɛ no na obedi nkonim. Saa nimdeɛ yi wɔ wɔn a wɔyɛ biribiara fi bɔɔl ahorow so kosi video agoru ahorow so no nsam.

Enti adwumakuw ɔhaha pii ne adwumayɛfo ɔpepem pii abɛyɛ wɔn a wɔtetɛw wɔn wɔ adwumayɛ mu. Wɔ United States nkutoo no, nnipa bɛboro ɔpepem anan na wɔn nsa betumi aka kokoam nkrataa ahorow bɛyɛ ɔpepem 20. So woyɛ amanneɛbɔ bi a wɔka sɛ ɛyɛ asɛnhia kɛse ho adwuma anaasɛ w‘abusua no muni bi yɛ saa? Ebia amanneɛbɔ no bɛyɛ nea ɛsom bo ma obi a ɔhwehwɛ nsɛntitiriw bi.

Eyinom ne sum ase akodi asade. Ade a wɔde nnamyɛ ayɛ a ne bo yɛ den kɛse no yɛ asade a ɛsom bo kɛse wɔ asase foforo so. Yiw, nsɛnhwehwɛ nhyehyɛe betumi ama wɔakora sika pii so. Nanso ɛsɛe sika kɛse nso. The Sunday Times nhoma nhwehwɛmu asɛm bi fa akontaabu bi ka sɛ wiase nyinaa nsɛnhwehwɛ sɛe sika dɔla ɔpepepem 29 afe biara a ɛyɛ ahodwiriw. Wɔka sɛ nnipa bɛboro ɔpepem biako na wɔyɛ ho adwuma. Sika a ɛte saa no boro Amanaman Nkabom no sikasɛm nhyehyɛe mpo so. Fisher krataa a wɔfrɛ no Weltalmanach no ka sɛ ɛno yɛ nea ennu dɔla ɔpepepem 1 a wɔde tua nnipa 400,000 ka. Wɔde amanfo sika na etua akwansra ho ka kɛse no, tow a wutua no.

Nsateaa ne Anammɔn a Ɛyɛ Wɔn Hene

Ná yɛmafo no de ɔman anaasɛ nsusuwii ho nnyinasosɛm na ɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔka sɛ Oleg Penkovsky a na ɔyɛ ɔkwansrafo kɛse wɔ 1960 mfe no mu no de Rusiafo sraadisɛm maa Atɔe aman wɔ Cuba bɛmma ho nsɛnnennen bere no mu. Der Spiegel bɔɔ amanneɛ saa bere no sɛ ɔyɛɛ saa esiane n’amammuisɛm mu nsusuwii nti na ɛkɔɔ so sɛ: “Pɛnkoro pɛ na ogyee sika. Wɔmaa no ruble 3,000 [a saa bere no na ɛyɛ bɛyɛ dɔla 3,330] sɛ ɔmfa ntua ɛka a wabɔ, na ɔsan de emu 2,000 maa wɔn.”

Nnansa yi akwansrafo wɔ adwene a ɛba fam sen saa. Time kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔabɛyɛ akwansrafo nnansa yi no mu pii nsusuw amammuisɛm ho biara, na ɛntaa mma sɛ afoforo a wogye wɔn sika de kata wɔn bɔne so no sum afiri. Titiriw no, ahia wɔn anaasɛ sika ho adifudepɛ nti na wɔyɛ saa.”

The Sunday Times kyerɛw sɛ: “Kokoam nsɛm mfa amanfo ho bio, na wosusuw sɛ wɔate ne nyinaa bere tenten dedaw.” Dɛn nti na amanfo obu a wɔwɔ wɔ kokoam nsɛm ho no ayera saa? Wɔ ɔfã bi no ɛte saa efisɛ amammui mu mpanyimfo binom de kokoam nsɛm ma sɛnkyerɛwfo de hwehwɛ wɔn ankasa mfaso. Na afoforo pii suasua so. Wɔ nnansa yi akasakasa bi a esii aban asoafo abien bi ntam wɔ Britania mu no, obiako ma wontintim kokoam krataa bi mu nsɛm bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔfoforo no bɛyɛ basaa.

Wɔ asɛm a yɛkae wɔ mfiase hɔ no mu no, ɛnyɛ okunu no adwumawura nko na oyii no mae na mmom n’abusua nso. Bere a ne yere no nnim ho hwee no, ɔde wɔn ankasa babarima kɔɔ akwansra dwumadi no mu. Mmarima baanu no nyinaa kɔdaa afiase.

Nhoma ne sini ahorow de akatakyi, mfoninitwa mfiri nketewaa, ne kokoam nhyiam horow na ɛyɛ akwansrafo ho mfonini. Atesɛm nkrataa bɔ akwansrafo ano ntantafo foforo bi, kyerɛ sɛ ɔyɛmafo bi a oduedue atamfo kokoam nsɛm mu na ɔde nkakrankakra konya dibea kɛse bi a wɔakyere no nnansa yi ara no ho ose. Saa mfonini a sɛnkyerɛwfo yɛ yi ne nokwasɛm ankasa no nhyia koraa. Wɔntaa mfa akwansrafo ano ntantafo ne mfoninitwa mfiri nketewaa nni dwuma. Kokoam nsɛm anoboaboa yɛ adwuma kɛse. Nea ɛka ho ne aguadi ho nkrataa ne sikasɛm anaa nyansahu nsɛmma nhoma ahorow mu a wɔbɛhwehwɛ pii de atweetwee nsɛm nketenkete bi a ɛte sɛ nea ɛho nhia nanso ne nyinaa ka bom bɛyɛ ade mũ a adwene wom. Nanso, nnipa binom ani da so ara gye kokoam dwumadi ho de hwehwɛ anigyede.

Atoro Nni hɔ Bio, Akwansrafo Nni hɔ Bio

Akwansra ntontan no sunsuma mu trɛw, na ɛkata wɔn a wɔwɔ akyi no mpo asetra so. Wotua ho ka. Wɔte afoforo ho anibɔne a ɛde ba no mu. Ne honi a ɛyɛ nwonwa no si wɔn anim. Nyansa kwan a ɛwɔ hɔ ma Kristofo ne sɛ wɔbɛko atia akwansra wiase no mu adifudepɛ, atorodi, ne ɔbrasɛe no koraa.​—Fa toto 1 Timoteo 6:7-10: Kolosefo 3:5-10 ho.

Sɛ yɛwɔ wiase nniso biako bi a ayi ɔmampɛ honhom afi hɔ na ama ɔman mma no ayɛ biako, na ankyekyɛ wɔn mu a, anka nneɛma bɛsonsonoe dɛn ara! Sɛ mpanyimfo yɛ nhwɛso pa wɔ ahotoso ne nidi mu na sɛ ɔdɔ, na ɛnyɛ ehu, abu so a, anka eye dɛn ara! Eyinom nyinaa ne nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ pɛpɛɛpɛ.​—Adiyisɛm 7:9. 10, 16. 17; 2 Petro 3:13.

[Kratafa 12 adaka]

Na Bible mu Akwansrafo no Nso Ɛ?

Na wonim asɛm ‘akwansra” no wɔ Misraim ne Kanaan ɛnkyɛe koraa no de besi afeha 18 A.Y.B. mu. Yosef a saa bere no na ɔyɛ Misraim aduan sohwɛfo panyin no de brada bi dii dwuma na ama wahu ne nuanom du no adwene, na ɔkɔɔ so kae sɛ wɔyɛ akwansrafo.​—Genesis, ti 42.

Wɔ ɛno akyi bɛyɛ mfe ahanu no, Mose gyaee mu maa Israelfo no abisade na ɔsomaa mmarima 12 sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no.​—-Numeri, ti 13; Deuteronomium 1:22-25.

Yosua somaa Israelfo sɛ wɔnkɔhwɛ Yeriko ne Ai nkurow no ansa na wɔne wɔn mu biara reko.​—Yosua 2:1; 7:2.

Na wɔhwɛ kwan sɛ ɔkwansrafo bɛhwɛ asase no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obehu ɛho nsɛm. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔkwansrafo‘ no kyerɛ obi a ɔnam fam kyinkyin fa asase bi so na ɔhwɛ biribiara a obehu yiye.

Hyɛ no nsow sɛ bere a na Yosef abusuakuw no rehwehwɛ Betel kurow no ho nsɛm bi ansa na wɔabɔ mmɔden sɛ wobedi so no, wɔde akwansrafo dii dwuma. (Atemmufo 1:22, 23) Bible nkyerɛase pii bɔ yɛn amanneɛ sɛ’wɔsomaa atɛwfo‘ (The Living Bible) , ‘wɔkɔhwɛɛ wɔn ahoɔden‘ (The Jerusalem Bible) , anaasɛ “wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwɛ wɔn ahoɔden‘ (Moffat).

Enti, akwansra a wɔka ho asɛm wɔ Bible no mu no yɛ soronko koraa fi nnɛyi akwansra wiase no ɔbrasɛe kɛse no ho.

[Kratafa 11 mfoni]

Napoleon dii mfomso. Odii nkogu wɔ Waterloo na ɔhweree ahemman

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena