Paapa Nsrahwɛ Buebue Akuru Dedaw So
BERE a Paapa no kɔsraa Germany wɔ May a etwaam no mu no, ɔkaa”amane a Asɔre no hui wɔ Nasi bere no mu‘ ho asɛm. Kõihner Stadt-Anzeiger bɔɔ eyi ho amanneɛ, na afei ɛde kaa ho sɛ: “Wammɔ so sɛ na Katolek asɔfo mpanyimfo bi nni akokoduru, na na wɔde wɔn asɛnka gyina sukuu a asɔre tetew akyi na ɛnyɛ nea wɔde sɔre tia Yudafo a wɔtaa wɔn no.’
Edith Stein—-Yudani ɔbea bi a ɔsakra bɛyɛɛ Katolekni—a wɔhyɛɛ no ɔhotewni no bɛyɛɛ asɛm a wɔkasa tiae. Yudafo kasa tiae sɛ wobu no sɛ Katokekni mogya dansefo. Nũrnburger Nachrichten kae sɛ: ‘Wɔhyɛɛ Edith Stein sɛ mogya dansefo maa Kristofo gyidi, na na ɛnyɛ nokware ankasa. Wokum no wɔ ɔdan a mframa bɔne wom mu wɔ Auschwitz wɔ 1942 mu sɛ Yudani na mmom ɛnyɛ sɛ Katolekni ɔbea kokorani.” Katolek kuw biako bi kae sɛ na hyɛ a wɔhyɛɛ no sɛ mogya dansefo no yɛ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛkata “Katolek Asɔre no kommyɛ a ɛhaw adwene wɔ bere a Nasifo bedii tumi no akyi no so.” Katolekfo kuw foforo kae sɛ ɛnsɛ sɛ hyɛ a wɔhyɛɛ no saa no “fura yɛn ani wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Katolek asɔfo mpanyimfo anyɛ hwee amfa ansɔre antia na mmom wɔne National Sohyialism nhyehyɛe no yɛɛ biako wɔ baguam no ho.”
Asɔretiafo bi hwehwɛe sɛ Katolek Asɔre no gye afodi tom wɔ awudi no ho, nanso ebi amma. Sũddeustsche Zeitung amanneɛbɔ no kae sɛ: ‘Wɔ Paapa no ne asɔfo mpanyimfo no nhyiam wɔ anwummere a etwaam no ase no, Paapa no de ahwɛyiye kɛse yɛɛ adwuma wɔ saa asɔre no ahonim ho asɛm a ne ka yɛ ka na no ho. Wɔ Nasi katabaako mmere no mu no, Paapa Dwumadibea no hwehwɛe sɛ ɛnam tumidifo no ntam apam so ‘besiw nea enye koraa ano’ nanso’antumi anyɛ nneɛma bɔne a esisii no ho ade.’ Paapa no kae sɛ wanhu biribiara a enti ɔbɛka sɛ Germany asɔfo mpanyimfo no di fɔ esiane komm a wɔyɛe no nti.”