Bible No Adwene
Abosom—So Wobetumi Abɔ Wo Ho Ban?
“EFI nnɛ rekosi twabere mu no na Daniel awu!”
Ɛdenam saa awerɛhosɛm yi so no, ɔkɔmfo bi a ɔwɔ Afrika Atɔe Fam no maa ehu kaa abusua a wogyina n’anim no. Nanso abusua yi ankɔ sɛ wɔrekɔbisa abarimaa Daniel ti na mmom n’agya a ɔyare dennennen no. Bere a ɔkɔmfo no ne nnompe nketewa, anwɔnwene, ne abo akasa akyi no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ sɛ wɔbɔ afɔre na wɔyɛ ho amanne a eye a, ɛrenkyɛ biara ne papa ho bɛtɔ no koraa! Nanso nea ɛmaa ehu kaa wɔn no, ɔkɔmfo no de kaa ho sɛ ɛrenkyɛ biara ɔyare bɔne bi bekum abarimaa Daniel!
Abusua no srɛɛ ɔkɔmfo no. Ɛwom, wobetumi ayɛ ho biribi. Esiane nea wɔkae nti, ɔkɔmfo no bisaa ade bio. Yiw, anidaso bi wɔ hɔ! Ɔkɔmfo no kae sɛ sɛ Daniel de suman bi a wɔde sika pa ayɛ to n’asen mu daa a, ebetumi agye no nkwa.
Wɔkɔfrɛɛ Daniel fii sukuu baa fie ntɛm ara na wɔkyerɛkyerɛɛ asiane no mu kyerɛɛ no. Nanso, Daniel annye ade no! Ɛwom sɛ na ɔnyɛ Kristoni de, nanso na onnye nni sɛ sika pa wɔ tumi a ebetumi abɔ obi nkwa ho ban.
Wɔwɔ Tumi anaasɛ Wonni Tumi?
So abosom betumi abɔ wɔn a wɔde wɔn di dwuma no ho ban ankasa? Gyidi a wɔwɔ sɛ wobetumi ayɛ saa no nyɛ ade foforo. Na wɔsom abosom wɔ tete Roma, Hela, Babilon ne Misraim. Na wɔn mu gyidi a nkurɔfo wɔ nnɛ no atrɛw kɛse. Ohoni a wɔde dua ayɛ bɔ akuraa bi ho ban wɔ adebɔne ho. Agya bi de bag titiriw bi sɛn ne nsɛmso so de pam ahonhommɔne. Ɛna bi de sɛbɛ to ne ba kɔn mu na amma wɔanyare. Ɔhene bi de susono sẽ to ne kɔn mu anaa ne nsa—ade a ɛbɔ ne ho ban wɔ n’atamfo a wɔwɔ ahonhommɔne ho.
Ampa, nnipa a wɔwɔ Atɔe Fam no mu pii bebu saa nneɛma a wogye di no animtiaa. Nanso, Encyclopedia Americana kae yɛn sɛ: “Ɛwom sɛ wɔtaa susuw sɛ mmusua a wɔn ani mmuei na wɔtaa yɛ eyi de, nanso abosonsom kɔ so wɔ mmusua ahorow nyinaa mu wɔ ɔkwan bi so.” Enti obi a ofi Atɔe Fam a esiane gyidihunu nti ɔde akrante nan hyɛ ne kotoku mu anaasɛ ɔde ɔpɔnkɔ mpaboa sɛn ne pon ano no nso som ɔbosom!
Nea ɛyɛ anigye no, nnipa a wɔde saa nneɛma no di dwuma no taa gye di sɛ Onyankopɔn na ɔde wɔn abosom no maa wɔn. Nanso dɛn na Onyankopɔn ankasa ka wɔ abosom ho? Bere a ɔnam ne diyifo Yeremia so kasae no, ɔmaa mmuae pefee sɛ: “Wontumi [abosom] nkasa te sɛ krakrabotobi a osi anowatere afuw mu; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn efisɛ wontumi nnantew. Nsuro wɔn; wɔrentumi mpira wo na wonni tumi a wɔde yɛ papa.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)—Yeremia 10:5, The New English Bible.
Hyɛ no nsow sɛ te sɛ nea krakrabotobi a nkwa nnim a onni tumi a ɔde bɛyɛ papa anaa bɔne no, saa ara na abosom nso te. Wɔrentumi nnantew na saa ara na wɔrentumi nkasa nso. Wobetumi abubu agu, wɔde ogya ahyew, atow wɔn agu nsubɔnten mu na nwewee ne nkanare betumi asɛe wɔn. Enti sɛ wonni tumi a wɔde bɛbɔ wɔn ankasa ho ban a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi abɔ afoforo ho ban?
Nea Ɛhyɛ Nnaadaa no Akyi
Sɛ wohyɛɛ no nsow sɛ nnaadaa nso wom? Wɔdaadaa nnomaa ma wosusuw sɛ nkwa wɔ krakrabotobi mu. Wɔdaadaa nnipa nso ma wosusuw sɛ abosom wɔ tumi na wɔn yiyedi fa wɔn ho.
Sɛ nhwɛso no, wɔmaa Nyan! sɛnkyerɛwfo bi kwan sɛ ontwa ɔbosom bi a ɔwɔ tete nneɛma akorae bi mfonini. Na ɛyɛ Afrikafo mmoa nhoma kyɛw bi a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ tumi a ɛrentumi mma wonni ɔkofo so nkonim wɔ ɔsa mu. Bere a obisae sɛ ebia wobetumi ama obi ahwɛ kyɛw no so ayɛ bi no, tete nneɛma akorae no so panyin no buae sɛ: “Merentumi mma kwan. Tumi da si ara wɔ kyɛw no mu. Ebetumi apira obi.”
Ɛnde ɛda adi sɛ abosom betumi adaadaa nhomanimfo. Nanso hena na ɔhyɛ saa nnaadaa no akyi? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Yehowa, “nokware Nyankopɔn” a ɔkasa tia abosonsom no. (Dwom 31:5; Deuteronomium 18:10-14) Mmom no, ɛyɛ Onyankopɔn tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam. Ɔno ne ɔdaadaafo kɛse a ɔne n’adaemone a wɔhyɛ n’ase no ‘redaadaa amanaman nyinaa’ no.—Adiyisɛm 12:9.
Nim a yenim faako a abosonsom fi no boa yɛn ma yehu sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyem no hwɛ ahobammɔ ne ahotɔ kwan fi adaemone hɔ a wonnim. So nyansa wɔ eyi mu? Dabida! Yesu kaa Satan ho asɛm sɛ “owudifo” ne “atoro agya.” Ɛnyɛ nea adaemone dɔm pɛ ne sɛ wobɛbɔ obi ho ban na mmom sɛ wɔbɛhyɛ no so. Ɛnyɛ wɔn botae ne sɛ wɔbɛkora obi nkwa so na mmom sɛ wɔbɛsɛe no.—Yohane 8:44.
Enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani no sɛe wɔn nneɛma a wɔde di dwuma wɔ ahonhonsɛmdi mu te sɛ nea tete Kristofo a na wɔwɔ Efeso yɛe no. (Asomafo no Nnwuma 19:19) Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso so ɛnyɛ nokware sɛ ahonhommɔne atow ahyɛ nnipa bi a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn abosom no so?’ Yiw, nanso ɛnyɛ ahobammɔ a wɔanya amfi duasin, ɔbo anaasɛ ntama bi hɔ nti na ɛma ɛbaa saa. Ɛda adi sɛ adaemone no bo afuw esiane nkitahodi a wɔne wiase no wɔ a afi wɔn nsa no nti.—Fa toto Mateo 8:28-32 ho.
Kae sɛ Yehowa ne n’abɔfo anokwafo no wɔ tumi kɛse sen ahonhommɔne na wɔbɛboa wɔn a wɔfrɛ Onyankopɔn wɔ gyidi mu no. Sɛnea Mmebusɛm 18:10 ka no: “Aban dennen ne [Yehowa] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no so.”
Abosom rentumi mma obi nnya ahobammɔ a ɛte saa. Wɔyɛ nnaadaafo. Bisa ɔbarima a wɔfrɛ no Daniel a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Nea yɛaka ho asɛm no sii wɔ 1935 mu. Ɛwom sɛ na abosom “bɔ” ne papa ho “ban” de, nanso owui wɔ ɔsram biako ntam. Nanso wɔka kyerɛɛ Daniel a ɔpowee abosonsom no sɛ obewu wɔ asram asia ntam. Mfirihyia aduonum akyi no, ɔda so ara te ase a hwee nyɛɛ no.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde ahonhommɔne nnwinnade di dwuma? Nkwa nni saa nnwinnade no mu na enni tumi sɛ krakrabotobi ara pɛ. Ahotɔ ne ahobammɔ ankasa fi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn.
[Kratafa 30 mfoni]
Abosonkyɛw a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ tumi a ɛremma wontumi nni ɔkofo so nkonim wɔ ɔsa mu.