So Wunim Nea Wo Mma Retie?
Ɔkyerɛwfo Kandy Strout babea a wadi mfe 15 no kae sɛ, “Mama, ɛsɛ sɛ wutie eyi!” Afei ɔde kaa ho sɛ, “Nanso ntie nsɛm no.” Ɔbɔɔ dwom bi a rock dwontofo bi a wagye din yɛe no. Ne maame tiei na ɔtee nsɛm no wɔ dwom no nnyigyei no mu. Na dwom no fa abeawa bi a ɔde ne ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu wɔ ahɔhodan bi mu no ho.
Bere a Kandy Strout rekyerɛw wɔ Newsweek mu no, ɔtoa so sɛ: “Nnwom a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho a ɛte sɛ eyi ne nnwom a mprempren mmofra tie wɔ kɔnsɛt ase, mpaawa so, radio ne television dwumadibea.”
Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ ɔwofo ne ɔdwontofo no, nnwom a ɛyɛ dɛ a wobetumi afrɛ ɛno nkutoo rock ne ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm a enye a wɔka wɔ radio ne television so a yɛte wɔ yɛn afi mu no haw me.”
Sɛ ɔwofo no, so dwom ko a ɛrenya wo mma so nkɛntɛnso anaa nea wo mma paw no haw wo? Dɛn nti na ɛho hia? Efisɛ ebetumi ama woahu biribi afa ɔkwan a wo ba fa so susuw nneɛma ho ne nea ɔde ne koma asi so no ho. Sɛnea Newsweek bɔɔ amanneɛ no, Oduruyɛfo Joseph Novello a ɔyɛ nnubɔne ho dwumadi bi so panyin bisa ayarefo a wɔyɛ mmofra dwom ko a wɔpɛ. “Sɛ ɛyɛ nea ɛfa adaemone, ɔbarima ne ɔbea nna anaasɛ nnubɔne ho no—ɛma ohu biribi fa adwene a abofra no kura no ho.”
So woahwɛ nneɛma a wo ba no susuw ho nnansa yii So wunim dwom ko a otie wɔ fie anaasɛ mmeae afoforo? Sɛ wode ba awiei sɛ nnwom no nye a, wubedi ho dwuma dɛn? So wode kateeyɛ bɛkasa atia no anaasɛ wo ne no besusuw ho wɔ boasetɔ mu na wode nteɛso ama? Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Bio nso, mo agyanom, ɛnsɛ sɛ mohyɛ mo mma abufuw na mmom momfa akwankyerɛ ne nteɛso a ɛyɛ Kristofo ntetee no mma wɔn.”—Efesofo 6:4, The New English Bible.
Nneɛma pii wɔ nnwom mu a obi betumi agyina so ahu dwom a eye. Ebia ɛsɛ sɛ nnipa binom gyae nnwom a wɔpɛ no tie, nanso wɔ Kristoni fam no, ɛno yɛ ‘Kristo nipasu foforo a ɔbɛhyɛ no’ fã. Ɛdenam ɔpɛ ne biribi a eye a ɛbɛkanyan wo so no, wubetumi ayɛ.—Efesofo 4:20-24