Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 2/8 kr. 19-24
  • Vietnam—Mfirihyia Bɛyɛ 30 Ɔko Ano A Migyinae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Vietnam—Mfirihyia Bɛyɛ 30 Ɔko Ano A Migyinae
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔ a Mehyɛɛ Onyankopɔn
  • Ogye
  • Me Werɛ Amfi
  • Ko a Ɔman no Mufo Twaa Wɔn Ho Koe
  • Wɔ Komunist Nniso Ase
  • Masi Me Bo sɛ Mɛyɛ Kristo Sraani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Ɛmo—Wopɛ Nea Wɔanoa Anaa Nea Wɔnnoae?
    Nyan!—1995
  • Mitumi De Me Ho Too Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Buchenwald Akyi Ansa Na Mihuu Nokware No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 2/8 kr. 19-24

Vietnam​—Mfirihyia Bɛyɛ 30 Ɔko Ano A Migyinae

Sɛnea Nguyen Thi Huong ka kyerɛe

Ná ɛyɛ September 18, 1950 wɔ Vietnam. Franse asraafo a wɔabɛtra ɔman no mu tow hyɛɛ yɛn asraafo dɔm a yɛn dodow bɛyɛ ɔha a yɛko tiaa wɔn no so. Na afei na yɛasan afi akono aba a yɛagyina sɛ yɛrehome nna kakraa wɔ akuraa ketewaa bi a wɔfrɛ no Hoa Binh ase.

ESIANE sɛ wɔwoo me wɔ January 1923 mu nti, ɛyɛ nea minyinii wɔ Fransefo tumidi a na atra hɔ bɛyɛ mfirihyia ɔha no ase. Afei na yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛde yɛn nkwa bɛbɔ afɔre de agye yɛn man. Ɔko a yɛde hwehwɛɛ ahofadi fii Fransefo nniso ase no fii ase bere a Wiase Ko II baa awiei wɔ 1945 mu akyi bere tiaa bi. Na yenni baabi pɔtee a yɛko wɔ hɔ na mmom na yɛyɛ saa wɔ baabiara. Ná wɔn a wɔko no kohintahintaw wɔ wɔn a wɔtete nkuraase no afi mu, faako a wɔtete wɔn, woyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn, na wɔhwɛ wɔn wɔ hɔ.

Afei, wim akohyɛn ahorow tuu faa akuraa a na yɛwɔ ase no so na ɛtotow atuo akɛse guu hɔ. Nkuraasefo no guan fii wɔn afie mu na wɔkɔɔ ɔmo mfuw ahorow mu anaasɛ wɔkɔhyɛɛ amoa ahorow a wɔn a wɔko no atutu no mu. Bere a wimhyɛn ahorow no kɔɔ so totow atuo no, ekunkum nkurɔfo wɔ baabiara.

Bere a wimhyɛn no kɔe no, Fransefo po so akohyɛn nso bae na ɛtotow atuo guu pempe a ɛwowɔ asubɔnten no ho no so. Wɔde bɔɔ asraafo a na wɔreba abɛhwehwɛ afie mu ahu mmeae ahorow a wɔn a wɔko no tetɛw a na ɛwɔ baabiara no. Atuo a wɔtotow fii mmeae ahorow nyinaa no kunkum nkuraasefo no guu sare so, nsuka ne mfikyifuw ahorow mu.

Sɛ edu anadwo a, yɛn asraafo no tutu amoa wɔ pempe no so. Wɔtɛw wɔ hɔ. Atamfo no po so akohyɛn ba anɔpatutu na ɛtotow atuo gu pempe no so na ɛbɛn ho kɛse sɛ ebekunkum yɛn. Mpofirim ara, atuo ahorow a yɛtotow no kunkum Fransefo asraafo no wɔ wɔn ɔkorow no mu. Yɛkɔsesaw wɔn atuo ne wɔn aboba ntɛm ara. Afei yɛn asraafo no guan ntɛm ara fa mfikyifuw ne adan no ntam sɛnea ɛbɛyɛ a aprɛm a wɔbɛtotow adi akyi,no renkunkum wɔn. Yɛn a na yɛreko no guan yɛn atamfo bere nyinaa nanso yɛkɔ so ara bɛn wɔn kɛse na ama yɛatumi asiesie yɛn ho akunkum wɔn, apam wɔn afi yɛn asase so.

Bɔ a Mehyɛɛ Onyankopɔn

Bere a atamfo no ahwehwɛ yɛn nnafua asia a wɔanhu yɛn akyi no, wɔka kyerɛɛ yɛn asraafo no sɛ wɔmpaapae wɔn ho mu na wonguan. Me ne me kunu ne ne nuabarimanom baanu susuw yɛn tebea no ho. Esiane sɛ na meyem asram anum nti, mantumi ne asraafo no ammɔ anan ankɔ bere a na wɔreguan akɔ baabi a ɛwaree na ɛyɛ nea asiane wom yi. Enti yesii gyinae sɛ sɛ ade kye a, yɛbɛtew yɛn ho afi wɔn ho akohintaw na yɛn mu biara a obenya nkwa no nhwɛ mmofra no.

Ɛda adi sɛ saa anadwo no yɛ nea ɛkyɛe a ɛyɛ hu sen biara wɔ m’asetra mu. Wɔ sum mu no, wɔn a wɔte Hoa Binh san baa wɔn afie mu bɛsesaw wɔn nneɛma guu wɔn akorow mu. Na nkokɔ ne mprako ne mmofra su adi afra. Mehwɛɛ akorow no sɛ ɛtoatoa so a ɛrekɔ te sɛ ɔwɔ tenteenten bi. Esiane sɛ ɔhweam a ano yɛ den piaa wɔn nti, wɔ bere tiaa bi mu no ná minhu wɔn bio. Bere a na ɛhɔ ayɛ komm no, misusuw me mma baasa a wɔne wɔn nananom te baabi akyirikyiri no ho. Mede me nsa too me yafunu so ma metee abofra no nka wɔ m’awotwaa mu. Me ho popoe. Na adwene a ɛne sɛ metumi awu no te sɛ sekan a wɔde awɔ me koma ho.

Bere a ade kyee anɔpa no, me kunu gyaw yɛn hɔ kɔe na ɔkae sɛ ɔbɛsan aba. Nanso wamma. Ná ɛyɛ awiabere na atuo a wɔretotow no aboba bobɔɔ ofie a yɛwom no afasu ho. Yeguan kɔɔ ɔmo mfuw a ɛbemmɛn no mu na esiane sɛ me kunu nuanom no suro sɛ wɔbɛkyere yɛn nti, wogyaw me hɔ. Ná otuo a wɔretotow no aboba atwa me ho ahyia na misuroo nea ɛbɛba me so no bere a asraafo atirimɔdenfo no akyere me no.

Meteɛm sɛ, “Me Nyankopɔn, hu me mmɔbɔ. Meyem, na minhu me kunu nso. Kyerɛ me kwan a memfa so mfi saa amanehunu yi mu!” Bere a merebɔ mpae no, misui. Bere a memaa m’ani so no, na wɔabɛn ɔsese bi a ɛwɔ akyirikyiri no. Mebɔɔ mpae sɛ, “Oo, me Nyankopɔn, ma me ahoɔden na memfa nnantew efisɛ mabrɛ.”

Mebɔɔ mmɔden kɛse duu ɔsese no ase. Bere a mete fam wɔ ɔsese no ase a me nsa gu me koko so na masi me ti ase no, mekaa Onyankopɔn ntam sɛ: “Mede me nkwa bɛsom wo, oo Onyankopɔn, sɛ woboa me ma mifi amanehunu yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahu me kunu ne me mma bio a.”

Ogye

Wɔ awia bere mu, bere a wɔkɔɔ so totow atuo no toatoa so kɛse no, nnipa afoforo guan de wɔn ani kyerɛɛ ɔsese no ase. Afei na yɛayɛ baason wɔ hɔ. Na yetumi hu adan a wɔahyew wusiw sɛ ɛrekɔ soro wɔ baabi a yɛwɔ no. Na yɛne Fransefo no ntam kwan nware.

Ɛde rekɔ anwummere, bere a aprɛm a wɔretotow no nnyigyei bɛn yɛn kɛse na atuo akɛse a wɔretotow no ano yɛɛ den kɛse no, wɔn a wɔwɔ ɔsese no ase no guan kɔɔ ɔmo mfuw no mu na wɔbɔ hwetee. Nanso dɛn na mihui? Obi a ɔno nkutoo retu mmirika akɔ ɔsese no ase. Wɔ atuo a na wɔretotow no nyinaa akyi no, migyinaa hɔ bɔɔ mmɔden sɛ mehu oniiko. Ná ɛyɛ me kunu! “Mɛyɛ dɛn ada wo ase, Onyankopɔn?”

Bere a me kunu duu me nkyɛn no, mibisae sɛ: “Dɛn nti na wugyaw me hɔ?” Obuae sɛ na wahu ɔbarima bi a wapira kɛse na na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ baabi de no hintaw na ɔhwɛ no. Atuo a na wɔretotow no aboba kɔɔ so twaa yɛn ho hyiae nanso esiane sɛ na ade resa ntɛmntɛm nti, na yenim sɛ ɛrenkyɛ Fransefo no begyae wɔn ntua no.

Ɔsram no ma yehuu kwan wɔ ɔmo mfuw no mu ne wɔ nsu ne atɛkyɛ no mu. Yeduu akuraa no ase bɛyɛ ahemadakye nnɔnabien na yehuu afie a wɔahyew na wɔasesaw mu nneɛma kɔ. Bɛyɛ asram abien wɔ ntua ahorow yi akyi no, yɛkenkan wɔ amanneɛbɔ bi mu sɛ: ‘Mmea ne mmeawa bɛboro ɔha a Fransefo no faa wɔn nnommum de wɔn traa wɔn po so ahyɛn mu no mu bɛboro 20 nyinsɛnee.’

Mfirihyia abien akyi no, Fransefo no kum me kunu. Saa bere no na yɛn babea ketewaa no anya asram 20. Wɔ me kunu wu akyi no, mifii yɛn akuraa a wɔfrɛ no Binh Phuoc no ase sɛ merekɔtra kurow bi a ɛbɛn hɔ a wɔfrɛ no Vinhlong mu. Mehwehwɛɛ adwuma a mɛyɛ de ahwɛ me mma baanan a na afei de wɔn nyinaa abɛka me ho bio a ɔpanyin a ɔwom no anya mfirihyia akron no. Mebɛyɛɛ mfitiase sukuu kyerɛkyerɛfo. Ɛno akyi no, ankyɛ biara na yenyaa ahofadi fii Franse hɔ, wɔ May 1954 mu.

Me Werɛ Amfi

Mekaee ka a na mede Onyankopɔn no bere nyinaa, na mehwehwɛɛ n’akyi kwan. Bere a na meyɛ abofra no, na metaa kɔ abosonnan bi a ɛbɛn yɛn fi no mu. Budda a na ɔte hɔ a n’afuru kɛse no maa me ne me nuabea kumaa no ani gyei. Ná ɔreserew a wabue n’ano kɛse. Hwɛ mpɛn dodow ara a mede me nsateaa hyɛɛ n’anom na metwee no ntɛm ara ansa na me nuabea no ka sɛ, “Otumi ka!”

Mprempren de mesan kɔɔ saa abosonnan no mu sɛ abɔde a ɔrehu amane a ɔde Onyankopɔn ka. Na merehwɛ kwan sɛ mehu biribi a ɛkorɔn kɛse, ɔwɔ tumi kɛse, na ɔyɛ kronkron kɛse; biribi a ebia mibuu m’ani guu so wɔ me mmabaaberem. Ɛha na na abosonsomfo kotow Budda honi a akɔmfo ne akɔmfowa tĩ mpaebɔ a ntease biara nnim no nsɛm mu ka ara kwa. M’aba mu bui koraa. Nanso mesan kɔe ne ɔkɔmfowa bi a ɔkaa Buddasom ne asetra a wɔato ano hye a ɛwɔ abosonnan no mu ho asɛm no kɔkasae. Anyɛ nea ɛhyɛɛ me nkuran. Na nhoma ahorow a ɔde maa me sɛ menkɔ kenkan no fa Hindusom ho, na mante ase koraa.

Katoleksom a Fransefo asɛmpatrɛwfo de baa Vietnam wɔ 1600 mfe no mu no yɛ asɔre foforo a agye din wɔ ɔman no mu. Nanso m’ani annye ho koraa. Asɔre no ananmusifo suban a enye, wɔn ho a wode hyehyɛ amammuisɛm mu ne hwehwɛ a wɔhwehwɛ tumi ne ahonyade no amma m’ani annye ho.

Wɔ anadwo pii a na mintumi nna mu no, na mebɔ Onyankopɔn mpae de hwehwɛ mmoa a ɛbɛma mahu ɔkwan a mɛfa so ahu no. Mekaee nea m’awofo kyerɛkyerɛ faa ɔbɔadeɛ no ho no. Na wɔwɔ afɔremuka bi wɔ wɔn fie no anim a ɛkyerɛ obu ne osuro a wɔwɔ ma no. Na ɛyɛ adum bi a dua sin bi da so a ɛso ara yiye a wobetumi de ɔmo kuruwa biako, nkyene kuruwa biako ne yaawa a wɔhyew aduhuam wom anɔpa ne anadwofa biara asi so. Bere biara a wobenya aduan pa no, wɔbɔ afɔre ma no na wɔbɔ no mpae sɛ onnye.

Na yɛfrɛ ɔbɔadeɛ no sɛ Troi, a ɛkyerɛ “Otumfoɔ Kɛse.” Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ mmofra a wɔyɛ asoɔden no kɔkɔ no, nkurɔfo ka kyerɛ wɔn sɛ “Troi bekum mo.” Na yenni kyerɛwtohɔ biara a ɛfa ɔbɔadeɛ no ho, nanso na yesuro no na yɛkɔɔ so yɛɛ nea ɛteɛ. Na yɛbɔ no mpae de hwehwɛ mmoa wɔ ɔhaw bere mu na yɛda no ase bere a waboa yɛn no akyi. Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a merehwehwɛ no no yɛ ɔbɔadeɛ no! Nanso mɛyɛ dɛn ahu no? Mɛyɛ dɛn? Mɛyɛ dɛn? Saa asemmisa yi haw me. Oo, metee afobu nka kɛse wɔ hu a na mintumi nhu nokware Nyankopɔn no na ama matumi asom no atua ka a mede no no ho!

Ko a Ɔman no Mufo Twaa Wɔn Ho Koe

Wɔsan kyɛɛ yɛn man no mu bere a yenyaa ahofadi fii Fransefo nkyɛn akyi no. Eyi maa aman a wɔwɔ tumi kɛse no nyaa hokwan de wɔn ho hyɛɛ ɔman no nsɛm mu bio, na ko a nnipa a wɔwɔ ɔman no Kusuu Fam ne wɔn a wɔwɔ Kesee Fam koe bɛyɛ mfirihyia 20 de besii April 1975 mu no fii ase. Esiane ɔko ho nimdeɛ kɛse a aman a wɔwɔ tumi kɛse a wɔde wɔn ho ahyɛ ɔman no nsɛm mu anya nti, nneɛma a wɔsɛe no no yɛ nea onipa adwene ntumi nnu ho.

Ɛkame ayɛ sɛ na asraafo ne wɔn a wɔnyɛ asraafo mpempem pii wuwu da biara​—wɔ ɔmo mfuw mu, wɔ adwuma mu, wɔ gua so, wɔ sukuu mu ne wɔ wɔn mpa so. Ɔkɔm dee mmofra a wɔn nanom turu wɔn no wɔ mmeae ahorow a wɔakohintahintaw no. Wokunkum Vietnam asraafo bɛyɛ ɔpepem abien ne wɔn a wɔnyɛ asraafo pii. Sɛ wɔboaboa wɔn afunu ano guu hɔ a, anka ebedu mmepɔw atifi. Ɔpepem pii pirapirae na wodii dɛm. Ɔko no maa wɔn a wofi Vietnam Kesee Fam no mu bɛyɛ ɔpepem du anaasɛ nnipa a wɔwɔ ɔman no mu bɛyɛ fã danee aguanfo.

Na me mma no anyinyin na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ asraafo na wɔnkɔko ntia wɔn nuanom a wɔwɔ kusuu fam no. Wɔ anadwo pii a mintumi nna mu, bere a na mete aprɛm a wɔtotow no nnyigyei wɔ kurow no mu tɔnn no, midii yaw wɔ me komam na mebɔɔ mpae srɛɛ asomdwoe maa me man ne nya a me mma no benya wɔn ti adidi mu.

Wɔ 1974 mu, bere a na ɔko no rebɛn n’awiei no, wotwaa me mmabarima no mu biako ne n’asraafo bɛboro ɔha ho hyiae na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtraa amoa mu asram abiɛsa. Wɔn mu baanum a me ba no ka ho na wonyaa nkwa. Wɔ mfe anum a wɔde koe akyi no, me mmabarima basaa no san bae a wɔwɔ ahoɔden. Me babea no nso nyaa nkwa wɔ ɔko no mu. Bere a ɔko no baa awiei no, na ɛyɛ nea Komunistfo a wɔwɔ Kusuu Fam no adi wɔn a wɔwɔ Kesee Fam no so nkonim koraa.

Wɔ Komunist Nniso Ase

Afei bere a komunistfo no yɛɛ ade de tuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma maa nniso a na ɛwɔ Kesee Fam no nyinaa so ka no dui. Sɛnea komunistfo no kyerɛ no, wɔn na wɔmaa ɔko a nnipa a wɔwɔ Kusuu Fam ne wɔn a wɔwɔ Kesee Fam koe bɛyɛ mfirihyia 20 no bae. Wɔde ɔpepem pii guu afiase. Nneduafo a wɔyɛɛ wɔn ayayade kɛse no ankasa na wosisii eyinom wɔ kwae ahorow no mu. Pii wuwui esiane aduan ne nnuru a wɔanya nti, ne titiriw no, adwuma a wɔma wɔyɛe ma ɛboro so nti. Na wɔma wɔn ɔmo kakraa bi a nam ketewaa bi ka ho dapɛn biara. Na adwuma a wɔde ma wɔn yɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so.

Sɛ wɔantumi anyɛ adwuma no anwie a, ɛsɛ, sɛ nneduafo no twɛn kosi sɛ wobewie. Ɛtɔ bere bi a, efi wɔn atrae hɔ kɔ faako a wɔyɛ adwuma no bɛyɛ akwasin anum. Enti bere a wɔbɛsan akɔ no na ade asa. Na nnɔnhwerew kakraa bi na wonya de da na afei wɔsan kɔyɛ adwuma da a edi hɔ no. Bere a bere twaam no, wɔn ahoɔden so huanee na wɔn mu pii wuwui. Afoforo pii nso kunkum wɔn ho. Me mmabarima no hyiaa amanehunu koro yi ara.

Esiane sɛ komunist nniso no antumi amfa nneduafo ɔpepem biako ahiade ahorow amma wɔn nti, wɔmaa kwan sɛ wɔn mmusua mmɛsra wɔn ɔsram biara na wɔmmrɛ wɔn aduan ma ɛyɛɛ te sɛ nea wɔwɔ mmɔborohunu. Yɛn a na yɛyɛ nneduafo no awofo, wɔn yerenom, ne wɔn mma a na yɛreyɛ nea wɔhwɛ kwan no daa komunist nniso no ase sɛ ama kwan sɛ yɛmma wɔn aduan na ama wɔatra nkwa mu akyɛ. Esiane nnipa ɔpepem biako a na wɔde wɔn agu afiase nti, eyi kaa nnipa bɛyɛ ɔpepem anum tẽe.

Na magyae m’adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhwɛ me mmabarima no, na me babea no boaa me. Na woyi me mma no fi afiase biako mu kɔ foforo mu bere nyinaa​—wɔde wɔn kɔɔ akyirikyiri. Enti menam akwan horow a wɔfa so tu kwan so no​—nantew, lɔre, ɔkorow​—de aduan a akyen a emu duru bɛyɛ nkaribo 33 kɔ afiase hɔ ɔsram biara. Na metaa soa bere a menam atɛkyɛ mu anaasɛ akwan a ɛso yɛ toro so no.

Sɛ midu afiase hɔ a, mitumi hu me mma no bɛyɛ nnɔnhwerew abien pɛ. Na yɛmmɔ nkɔmmɔ kɛse. Na ɛyɛ den sɛ nsɛm no bepue afi yɛn anom, efisɛ na yɛn werɛ ahow kɛse. Na ɛsɛ sɛ yɛkyekye yɛn werɛ. Wɔn nipadua a afonafɔn no daa amanehunu a wɔwom no adi. Wɔ yɛn mmɔdenbɔ ahorow nyinaa akyi no, na ɔkɔm de wɔn bere nyinaa esiane sɛ na wɔne wɔn a wɔn abusuafo awuwu, wɔn a wɔn abusuafo aguan afi ɔman no mu anaa ahia wɔn araa ma wɔrentumi mfa biribiara mmrɛ wɔn no kyɛ wɔn aduan no nti.

Mede aduan kɔmaa me mmabarima no bɛboro asram 30 na afoforo pii nso yɛɛ saa ara maa wɔn mma. Na yɛte sɛ nnipakuw kɛse bi a wɔsrɛsrɛ nneɛma a yɛhyehyɛ ntade a ayɛ fĩ a yekura nkɛntɛn akɛse wɔ yɛn nsam a ɛkame ayɛ sɛ yɛn kyɛw akɛseakɛse a wɔde berɛw ayeyɛ no akatakata yɛn anim. Yegyinagyina bɔs ne akorow gyinabea wɔ ɔhyew ne nsu a ɛretɔ mu. Metɔn nea mewɔ nyinaa a yɛn agyapade ka ho de tɔɔ aduan. Wɔ ohia a ano yɛ den mu no, mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ onnye me mma no nkwa mfi amanehunu a ɛte sɛɛ mu. Awiei koraa, wɔ bɛyɛ mfirihyia abiɛsa akyi no, ogyee wɔn.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Misuroo nea ɛbɛba me so bere asraafo atirimɔdenfo no akyere me no

[Kratafa 19 mfoni fibea]

Bettmann Newsphotos

[Kratafa 21 mfoni]

Na metaa kɔ abosonnan bi a ɛwɔ Vietnam a abosonsomfo bɔ wɔn mu ase wɔ Budda a n’ani agye anim a ɛte sɛ eyi

[Kratafa 22 mfoni]

Nkurɔfo a wɔde aduan rebrɛ ɔko mu nneduafo te sɛ nea yɛyɛ maa yɛn mmabarima a wɔde wɔn guu afiase wɔ ɔko no akyi no

[Asɛm Fibea]

U.S. Army photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena