Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 8/8 kr. 7-9
  • Asɛnkafo—So Wɔde Ɔfrɛ A Emu Da Hɔ Ma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnkafo—So Wɔde Ɔfrɛ A Emu Da Hɔ Ma?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan Ahorow a Wɔfa So Ka Asɛm no a Wɔbɛdannan Mu
  • Sika a Wobenya
  • Faako a Wɔbɛkyerɛ Wɔn a Wɔanya Adwensakra Kwan Akɔ
  • Yesu Asɛm a Ɔka Kyerɛɛ Asɛnkafo
  • Ɔfrɛ a Emu Nna Hɔ
  • “Asɛm No Mu Nhumu“
    Nyan!—1987
  • Asɛmpaka Adwuma​—N’afa Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Afle-Afie Asɛnka—Etu Mpɔn Dɛn?
    Nyan!—1985
  • ‘Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 8/8 kr. 7-9

Asɛnkafo​—So Wɔde Ɔfrɛ A Emu Da Hɔ Ma?

WIASE no betumi ate apɔnkɔsotefo baanan a Adiyisɛm ka wɔn ho asɛm no apɔnkɔ no nan ase nnyigyei a ɛreba no.’ Saa na ɔsɛnkafo a wagye din Billy Graham ka kyerɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea ananmusifo kuw bi a wɔahyiam no. Ɔtoaa so sɛ, “yɛwɔ mmere a ɛyɛ hu mu. Wiase no rekɔ ntɛmntɛm.”

Ɛyɛ ‘mmere a yɛwɔ mu a ɛyɛ hu’ no ho adwene na ɛkaa Owura Graham ma odii nnansa yi nhyiam bi a asɛnkafo bɛyɛ 4,000 yɛe wɔ Amsterdam, Netherlands, fi July 12 kosi 21, 1983 no anim no. Ananmusifo fi aman 138 so ne asɔre 80 mu na wɔkɔɔ saa Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛ maa Asɛnkafo Akwantufo no ase. Na n’atirimpɔw ne sɛ wɔbɛma asɛnka no akɔ so ntɛmntɛm wɔ wiase nyinaa denam ntetee a wɔbɛsan de ama asɛnkafo no so. Nanso “ntetee” bɛn na wonnyae? So Nhyiam no ama Kristofo biakoyɛ akɔ so? Asɛm bɛn na na wɔwɔ ka?

Wɔyɛɛ kuw adesua a ɛfa nneɛma ahorow te sɛ baguam kasa, kasa horow ne asase ho nsɛm ho. Wosii nkɔso a wobenya wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so adu nkurɔfo nkyɛn no so dua kɛse. Nokwarem no, asɛm no a wɔbɛka akyerɛ nnipadɔm a “wɔasan anya anigye wɔ Onyankopɔn som mu” no da so ara yɛ asɛnkafo no adwinnade titiriw. Nanso, wɔyɛɛ kuw adesua a ɛfa TV, radio ne sini a wɔde bedi dwuma nso ho. Nanso esiane sɛ asɛnkafo no mu bɛyɛ ɔha biara mu 70 fi aman a wɔka sɛ wɔyɛ Wiase Aman a ɛto so Abiɛsa no mu nti, bebree rentumi mfa nneɛma te sɛ TV ne radio nni dwuma. Ɔsɛnkafo biako a ofi Zaire kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ ɔnantew fi akuraa kɔ akuraa ne fi afi mu kɔ afi mu kɔboaboa nnipa no ano.

Akwan Ahorow a Wɔfa So Ka Asɛm no a Wɔbɛdannan Mu

Asɛnkafo no hui sɛ akwan horow a eye wɔ hɔ a wobetumi de asi apon ano asɛnka no ananmu. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘mo ne adwuma mu mpanyimfo ne amammui mpanyimfo nkɔ adidi ase.’ Adwene no ne sɛ wobenya nnipa atitiriw yi ma ‘wɔagye Kristo adi’ na denam wɔn so no wɔabɔ mmɔden adu amanfo no nkyɛn yiye.

Sɛ nhwɛso no, agumadifo ɔsɛnkafo, Eddie Waxer, ka kyerɛɛ adesua kuw bi sɛ, sɛ wobetumi adu mmarima ne mmea a wɔagye din wɔ mmirikatu mu no nkyɛn a, anka wobenya hokwan kɛse ahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ ɔpepem pii​—mpo ɔpepepem pii a wotie wɔn wɔ Television so no anim! Afei ɔkaa sɛnea obi a otu mmirika ma Nigeria, a wɔfrɛ no Naduka Odizor bɛnee 1983 Wimbledon tennis akansi nkonimbo no ho no ho asɛm. Waxer se: “Afei ɔbɛyɛɛ ɔman yi a ɛmpɛ Asɛmpa no adansefo akɛse no mu biako. Wɔ atesɛm nkrataa nyinaa mu, Television ne Radio adwumayɛbea ahorow no, wobisabisaa Odizor nsɛm na ɔka kyerɛɛ saa ɔman no​—ne wiase no fã kɛse no ara​—sɛ ne nkonim a odii wɔ tennis mu no gyina Onyankopɔn ne Yesu Kristo so.”

Sika a Wobenya

Nea ɛnyɛ nwonwa koraa no, ɔkwan a wɔbɛfa so anya sika nso yɛ ade titiriw a wosusuw ho. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika no, abenfo pii de nyansahyɛ ahorow mae wɔ eyi nso ho. Esiane sɛ sika abɛyɛ ade titiriw nti, ɛkaa Argentina ɔsɛnkafo Luis Palau ma ɔkae sɛ: “Asɛnkafo no ani bere sika a wɔde begye wɔn ani.” Ɔde kaa ho sɛ, “Yɛpɛ asetra pa. Mfomso biara nni eyi ho . . . nanso sika ho sɔhwɛ asɛe asɛnkafo pii.”

Faako a Wɔbɛkyerɛ Wɔn a Wɔanya Adwensakra Kwan Akɔ

Nanso asɛm biako a emu yɛ den a na ɛsɛ sɛ nhyiam no di ho dwuma ne, Bere a ɔsɛnkafo ama obi anya adwensakra akyi no, dɛn bio? Ɛsɛ sɛ biribiara a wɔbɛka wɔ asɛnka no mu no twe adwene si gyinaesi a ɛne sɛ wobegye Kristo adi wɔ wɔn koma mu no so, saa na Graham kae. Nanso dɛn na ɛka ‘Yesu a obi begye no adi wɔ ne komam no’ ho? Bible no ka “Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso” ho asɛm. (1 Timoteo 3:15) Nanso ɛwɔ he? Nhyiam no de nyansahyɛ a ntease biara nni mu mae ara kwa sɛ, wɔ adwensakra akyi no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nnipa no kwan kɔ asɔre a wɔpɛ a ɛwɔ mpɔtam hɔ no so. Nanso eyinom ara ne asɔre ahorow a na Graham adi kan aka ho asɛm sɛ ‘basabasayɛ ahyɛ mu ma,’ ne titiriw no, wɔ asɛmpaka, wɔn nkrasɛm, akwan horow a wɔfa so di dwuma, ne nea afi mu aba mu no.’ Wɔ nokwarem no, ɔkae araa kosii sɛ ɔkae sɛ, “Sɛ yebetumi akyerɛ yɛn awo ntoatoaso yi nea Onyankopɔn hwehwɛ afi yɛn hɔ a, ɛnde na yɛrentumi mma basabasayɛ ho kwan.” Enti, sɛnea ɛte no, nea ebefi asɛnka no mu aba no reda adi sɛ ɛne, ‘Boaboa “nguan” a wɔayɛ basaa no ano na fa wɔn bra baabi a basabasayɛ wɔ.’

Yesu Asɛm a Ɔka Kyerɛɛ Asɛnkafo

Bere a Yesu somaa n’asomafo no sɛ asɛmpakafo akwantufo no, wanka sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ mmeae horow a nnipa ahyiam anaasɛ wɔmfa nnipa atitiriw so nnu amanfo no nkyɛn. Ɔkae sɛ: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ . . . Sɛ mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no.” (Mateo 10:11-13) Ná ɛsɛ sɛ wɔkɔ afie ne afie mu sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no.​—Asomafo no Nnwuma 20:20.

Ɛdefa nea wɔbɛka ho no, Yesu kyerɛe sɛ: “Na mokɔ a, monkɔka sɛ ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 10:7) Na ɛdefa yɛn bere yi ho no, Yesu kyerɛe sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Ɛnnɛ no, nnipa hia sɛ wɔte Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ adesamma anidaso koro pɛ no ho asɛmpa no. Nanso wɔanka ɔkwan yi anaa asɛmpa yi a Yesu kaa ho asɛm no ho asɛm wɔ nhyiam no ase.

Ɔfrɛ a Emu Nna Hɔ

Enti Amsterdam nhyiam no yɛ mmɔden a ɛnkɔ anim biara foforo a wɔbɔe sɛ wɔbɛka wiase no abom. Sɛ́ anka wobesua sɛnea ‘wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ no,’ asɛnkafo no pawee sɛ wobetie sika a wobenya ne sini a wɔbɛyɛ ho asɛm. (2 Timoteo 2:15) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ, Kristoman asɛnkafo no antumi amfa asɛmpa a ebetumi de biakoyɛ aba amma adesamma! Mmɔden a wotumi bɔe ara ne nea ɛde bere tia mu awerɛkyekye bae no. Bere a wɔrekasa atia asɔre ahorow no sɛ ‘ayɛ basaa no’, nea Billy Graham ne ne mfɛfo no tumi de mae nyinaa ne nsɛm a emu nna hɔ na ɛma adwene tu fra. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae bere bi no, “Sɛ torobɛnto annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa?”​—1 Korintofo 14:8.

Nanso, biakoyɛ a ɛyɛ nokware a egyina nokware asɛnka adwuma so ho ɔfrɛ a emu da hɔ wɔ hɔ. Wɔbɛkyerɛkyerɛ eyi mu wɔ asɛm a edi so no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena