Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 5/8 kr. 15
  • Afle-Afie Asɛnka—Etu Mpɔn Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afle-Afie Asɛnka—Etu Mpɔn Dɛn?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Kyerɛkyerɛ Baguam Ne Afie Afie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Asɛmpaka Adwuma​—N’afa Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Adɛn Nti na Mokɔ Nkurɔfo Afie Mu?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 5/8 kr. 15

Afle-Afie Asɛnka​—Etu Mpɔn Dɛn?

Christianity Today ka sɛ, “Asɛnka ho anigye renya nkɔso kɛse wɔ asɔre ahorow a ɛwɔ Amerika no mu.” Nanso asɛnka bɛn na wɔrema anya nkɔso no?

Nnansa yi, Protestant asɔre ahorow pii rema “adamfofa asɛnka” a ɛne adanse a asɔre mufo di wɔn nnamfo, afipamfo ne wɔn abusua mufo no anya nkɔso. Esiane sɛ wɔka sɛ saa kwan yi tu mpɔn kɛse sen ahɔho a wɔkɔsra wɔn wɔ wɔn afie mu no nti, asɔre biako twe adwene si nhwehwɛmu a ɛyɛe wɔ n’asɔre no mufo 14,000 ho no so. “Wɔn mu ɔha biara mu 75 kosi 90 ka sɛ wɔn adamfo anaasɛ wɔn busuani bi na ɔma wonyaa wɔn Kristofo gyidi no.” Amanneɛbɔ no ka sɛ, wobu afie afie adansedi a asɔre ahorow no mu fã kɛse ara yɛ no sɛ entu mpɔn. Bio nso, “Kristofo fã kɛse no ara ani rennye adansedi a ɛte sɛɛ a wɔyɛ no ho.”

Nanso so wobetumi aka nokwarem sɛ afie afie asɛnka no yɛ nea entu mpɔn? Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa fii asɛm a Kristofo a wodii kan no kae wɔ nkuraase ne afie afie mu a ɛnyɛ wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo nkutoo no mu bae.​—Luka 8:1; Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4; 5:14, 42; 20:20, 21.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nam ɔkwan koro no ara a asomafo no faa so no so. Britania asetra ho nsɛm ho ɔbenfo a wɔfrɛ no Bryan Wilson hwehwɛɛ dɔ a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Japan no redɔɔso no mu na ɔkae sɛ: “Wɔn mu fã kɛse no ara (ɔba biara mu 58.3) a wɔabɛyɛ Adansefo no da no adi sɛ wodii kan nyaa ho anigye bere a ɔdawurubɔfo bi baa wɔn fie bɛsraa wɔn no.” Afie afie som adwuma no tu mpɔn, ɛwom sɛ ebia ɛrenyɛ “anigye” mma “Kristofo mu fã kɛse no ara de.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena