Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Ne Asiane A Ɛwɔ Ahohwisɛm Nhoma Horow Mu?
“AHOHWISƐM nhoma horow wɔ baabiara; wonam mmɔnten so a, wuhu sɛ wɔahyehyɛ no wɔ mmeae a wɔtɔn atesɛm nkrataa,” eyi ne asɛm a Ronald a wadi mfe 19 kae. “Yɛn akyerɛkyerɛfo no binom de ba sukuu, kenkan no sukuu dan mu hɔ bere a wɔretwɛn adesua kuw a edi hɔ no.” Yiw, nnipa a wɔadi mfe ahorow ahorow, wofi mmeae horow na wɔakɔ sukuu ahorow yɛ ahohwisɛm nhoma horow akenkanfo.
Nsɛmma nhoma bi a agye din daa no adi sɛ: “Mprempren, Amerikafo ɔpepem dunwɔtwe—dodow a na wɔwɔ hɔ bɛyɛ mfe dunum a atwam ni no mmɔho—kenkan nsɛmma nhoma ahorow a ɛka ahohwisɛm.” Ebia woakenkan nhoma bi a ɛtete sɛɛ, ahwɛ mfonini a ɛda ahohwisɛm adi wɔ atesɛm nkrataa anaa sini mu. So ebetumi apira wo? Nea edi kan no, ma yɛnhwehwɛ nea enti a agye din kɛse saa no mu.
Nea Enti a Ani Gye Ahohwisɛm Nhoma Horow Ho
Sɛnea ɛbɛyɛ na adesamma abusua no akɔ so adɔ no, Onyankopɔn de akɔnnɔ bi hyɛɛ yɛn mu, a wodi ho dwuma nidi mu wɔ aware mu. (Genesis 1:28) Bere a woadu mpanyin afe so no, nsemmisa pii a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho sɔre wɔ w’adwene mu, na wunya nkate ahorow ahorow. Ebinom, sɛnea ɛbɛyɛ na woadi saa akɔnnɔ yi ho dwuma no, wɔdan kɔ nhoma horow a ɛka ahohwisɛm so.
Tumi bɛn na nhoma a ɛtete saa wɔ? Mark gye toom sɛ, “Sɛ mekenkan nsɛmma nhoma a ɛtete saa na mehwɛ mfonini ahorow no a, m’ani gye pii!” Aberante yi maa nea enti ankasa a ahohwisɛm nhoma horow agye din kɛse saa no daa adi—etumi kanyan w’akɔnnɔ. Nokwarem no, Engiresi asɛmfua “pornography” no fi Hela asɛmfua pornographos mu—a ɛkyerɛ ‘nguaman nkyerɛwee.’ Saa tete nkyerɛwee yi ka nguamanfo nneyɛe ho asɛm, a akyinnye biara nni ho ne sɛ na n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkanyan akenkanfo akɔnnɔ. Mark de ka ho sɛ: “Mehwɛɛ nsɛmma nhoma yi foforo biara a ɛbɛba no kwan efisɛ nea makan awie a mɛsan ahwɛ mu bio no ntumi nkanyan me kɛse. Ɛyɛ ade a ɛka obi hɔ.” Nanso so ɛno kyerɛ sɛ ɛyɛ suban a asiane wom?
Sɛnea Ɛka Wo Mprempren
Ababaa bi a wadi mfe 15 ne ne nnamfonom hwɛɛ sini bi a ɛda ahohwisɛm adi. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Mampɛ efisɛ ɛmaa biribi a ɛyɛ fɛ, ɛyɛ kokoam ade na ɛyɛ ade titiriw no bɛyɛɛ ahuhude ne abofono.” Yiw, ahohwisɛm nhoma horow kura asɛm koro a emu da hɔ: “Ɔbarima ne ɔbea nna yɛ nea wɔde dwudwo akɔnnɔ ano ara kwa.” Saa asɛm yi da adi kɛse mpo wɔ nnɛyi ahohwisɛm ho nhoma horow a ɛda mmonnaato ne nneɛma afoforo a ɛmfata a wɔyɛ de dwudwo akɔnnɔ ano adi no mu.
Ɛnkyɛ na wɔn a wɔhwɛ mfonini a ɛtete saa hu sɛ nea emu nyɛ den pii no ntumi nkanyan akɔnnɔ bio. Enti wɔhwehwɛ mfonini anaa sini afoforo a emu yɛ den sen saa. Eyi ma wotumi nya afoforo ho adwene a ɛmfata koraa. Sɛnea New York Sukuupɔn kyerɛkyerɛfo Ernest van den Haag kyerɛwee no: “Ahohwisɛm nhoma horow ma yebu afoforo sɛ honam ara kwa, sɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ nea yɛpɛ biara esiane anigye a yɛn ankasa hwehwɛ ara kwa nti.”
Bible kyerɛ sɛ “esiane sɛ . . wɔn koma apirim” na ebinom “ani nwu ade bio” nti, “wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” (Efesofo 4:18, 19) Eyi amma da koro pɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔde mfitiase Hela asɛmfua ma asɛm “apirim” no dii dwuma bere a wɔreka sɛnea egye bere na dompe a abu akã asi anim ho asɛm no. Mfiase no biribi matãmatã bi a calcium a ɛma nnompe mu yɛ den wom ba dompe a abu no sin anim; esiw kwan a abɛda asin abien no ntam no, na awiei koraa no ɛkyen bɛyɛ te sɛ ɔbo. Saa nso na wɔn a Bible ka wɔn ho asɛm no de nkakrankakra maa wɔn koma pirimii kosii sɛ na wɔnte nka bio. So wobɛpɛ sɛ wo koma yɛ saa?
Sɛnea Ɛka Daakye Aware
Sɛ́ wo daakye nhyehyɛe yɛ nea aware ka ho anaasɛ ɛnka ho no, ahohwisɛm nhoma horow sɛe adwene a ɛteɛ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho. Obi kɔn betumi adɔ nea ahohwisɛm nhoma horow da no adi no na n’anigye wɔ n’aware mu ɔhokafo ho no akɔ fam. Dɛn ntia? Efisɛ ɛsono sɛnea nneɛma te wɔ asetra ankasa mu. Ababaa warefo bi a na ɔtaa kenkan nhoma a ɛte saa ansa na ɔreware no kae sɛ: “Ahohwisɛm nhoma horow a mekenkanee no ma mepɛe sɛ me ne me kunu yɛ nneɛma a ɛmfata a wɔdaa no adi wɔ nhoma horow no mu no. Eyi de nna mu ɔhaw ne abasamtu bae.”
Wɔ 1981 nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmea ɔhaha pii mu wɔ sɛnea ahohwisɛm nhoma horow ka wɔn kununom ho no mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu fã kae sɛ ɛde ɔhaw a anibere wom ba. Ɛsɛee aware horow bi anaa nhyehyɛe a na wɔayɛ sɛ wɔbɛware. Asɛm bi a ɔyere biako kae no te sɛ nea wɔn mu dodow no ara kae: “Anigye a me kunu wɔ wɔ ahohwisɛm nhoma horow ho no ma mitumi hu sɛ memfata . . . Me yam a anka meyɛ ɔbea a metumi ama no nea ɔhwehwɛ, nanso n’ani gye nkrataa ne nneɛma afoforo ho mmom, na eyi a ɔpɛ no asɛe me ɔkwan bi so. . . . Ahohwisɛm nhoma horow . . . nkyerɛ ɔdɔ . . . Ɛyɛ tan, ɛyɛ atirimɔdensɛm na ɛsɛe ade.” Yiw, akɔnnɔ bɔne, a ahohwisɛm nhoma horow hyɛ mu den, nyɛ ɔdɔ ho sɛnkyerɛnne sɛnea atirimɔdenyɛ nyɛ ahoɔden ho sɛnkyerɛnne no. Aberante bi a ɔyɛ okunu gye toom sɛ: “Ahohwisɛm nhoma horow hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran; na nea mehwehwɛ ara ne sɛ me ho bɛtɔ me.” Nanso, wɔ mmerante anaa mmabaa pii fam mpo no, biribi a ɛho hia sen saa wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho.
Onyankopɔn Adamfofa
Mmerante ne mmabaa pii ani gye sɛ wɔne Onyankopɔn benya adamfofa. Eyi boa wɔn ma woyi wɔn adwene fi aguamammɔ ho akɔnnɔ horow so. Enti wɔbɔ mmɔden sɛ wobetie Kyerɛwsɛm mu afotu no: “Monnka nea ɛyɛ fĩ; na me nso magye mo, na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmabanin ne mmabea, sɛnea [Yehowa] tumfoɔ se ne no.” Esiane saa bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi nti, mmerante yi tie Bible kyerɛwfo no asɛm no: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa mu.”—2 Korintofo 6:17-7:1.
Nhoma a ɛka ahohwisɛm a wɔkenkan ko tia mmɔdenbɔ a ɛte saa. Wɔne Kristofo mmerante ne mmabaa yi mu binom a bere bi a atwam no na wɔhwɛ mfonini a ɛda ahohwibra adi no bɔɔ nkɔmmɔ. Wɔdaa no adi sɛ nsɛmma nhoma a ɛka ahohwisɛm a wɔkenkan no bere ne bere mu mpo no sɛee wɔn ahonim. Ɛma wɔyɛɛ afide anaa mpo wɔbɔɔ aguaman. Aberante bi a na ɔwɔ yere kaa no pefee sɛ: “Ahohwideyɛ ho mfonini ba w’ani so bere nyinaa. Ná ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden yiye na woayi afi hɔ.”—Kolosefo 3:5.
Gyae a Wubegyae
Darryl kae sɛ: “Mpɛn pii no mfonini a ɛtete saa wɔ m’anim pɛɛ, enti mema m’ani so ara a mihu; nanso ɛho nhia sɛ mehwɛ no mprenu.” Enti pow sɛ wobɛhwɛ mmeae a wɔahyɛ da de asisi anaasɛ wobɛma wo mfɛfo sukuufo apiapia wo ma woadi akyi.
Nanso, twe a wobɛtwe wo ho afi ho no yɛ asɛm no fã koro pɛ: Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ; “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Fa w’adwene si eyinom so. Egye mmɔdenbɔ! Nanso nhoma horow a ɛfata te sɛ nsɛmma nhoma yi a ɛbɛboa wo ma woanya ɔdɔ ma Onyankopɔn ne afoforo no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ ‘wobɛkɔ so adwen’ saa nneɛma yi ho na woahyɛ gyinaesi no mu den. Wobɛbɛn Onyankopɔn kɛse mpo sɛ adamfo.
Ebia ebegye mmɔdenbɔ ankasa wɔ wo fam na woabrɛ nhoma a ɛtete saa akenkan ho akɔnnɔ ase, nanso mpa abaw. Mmrɛ sɛ wobɛsrɛ yɛn soro Agya a ɔyɛ mmɔborohunufo no hɔ mmoa. Sɛ ɛtɔ da bi na wo fom a, srɛ ne fafiri. Bible kyerɛwfo Dawid kae sɛ: “Sɛ́ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ́ [Yehowa] yam yɛ no wɔ wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:13, 14) Nanso ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ nsɛm a emu yɛ den no yɛ ne fam de, sɛnea Karen a wadi mfe 18 kae no: “Sɛ́ onipa a menyɛ pɛ no, ɛyɛ den ma me sɛ mede m’adwene mesi nneɛma a ɛho tew na ɛfata so daa. So ɛrenyɛ den kɛse mpo, sɛ mehyɛ da kenkan nhoma a ɛka ahohwisɛm a?”
Wɔn a wɔn ani sɔ ahonim pa ne abusuabɔ pa a wɔne Onyankopɔn ne afoforo benya no te nka te sɛ ɔsomafo Paulo a ɔkaa asɛm bi a The Living Bible no ka no ɔkwan foforo so no, sɛ: “Te sɛ mmirikatufo no, mehyɛ me nipadua ahometew, midi no nya, na metete no ma ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ, na ɛnyɛ nea ɛpɛ sɛ ɛyɛ. Anyɛ saa a misuro sɛ . . . ebia wobebu me sɛ nea ɔmfra.”—1 Korintofo 9:27.
[Kratafa 16 mfoni]
Nea wokenkan betumi aka wo koma