Amanaman Nkabom Kyerɛwfo Panyin Bɔ Abubuw
Amanaman Nkabom ahyehyɛde no kyerɛwfo panyin, Javier Pérez de Cuéllar, kae wɔ n’amanneɛbɔ a edi kan a ɔde kɔtoo Bagua Kɛse no anim no mu sɛ: “Migye di sɛ mprempren de yɛasi ɔkwan a ɛyɛ hu kɛse so.” N’afe a edi kan sɛ ɔkyerɛwfo panyin no yɛ nea “amanaman ntam akodi ahorow a ɛhaw adwene” bae wɔ mu, a Lebanon, Falklands, Iran ne Iraq, Afghanistan ne mmeae afoforo de ka ho, na Amanaman Nkabom no antumi ansiw emu biara ano. Ɔdaa no adi sɛ Amanaman Nkabom no “nni tumi sɛ ɛbɛhwɛ ma wɔde obu ama ne gyinaesi ahorow, bere a emufo nyinaa gye tom mpo no.” Sɛnea ɔkyerɛwfo panyin no kae no, nea ɛrekɔ so ne sɛ “akyinnyegye ahorow a dwumadi a etu mpɔn nka ho no ma nkɛntɛnso a ahyehyɛde no wɔ no ano brɛ ase,” na nea efi mu aba ne sɛ “yɛabɛn amanaman ntam basabasayɛ foforo a ɛyɛ hu.”