Aware Ne Mfinimfini Mfe No
AMANNEƐBƆ ahorow a ɛhaw adwene aba akyiri yi a ɛfa mfinimfini mfe mu aware no ho. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Canada kyerɛ kɔ a nkitahodi ne aware mu akomatɔyam kɔ fam bere a aware kyɛ no. Nhwehwɛmu ho nkontaabu ahorow kyerɛ sɛ ɛte sɛnea awarefo a wɔadi boro mfe 45 awaregu dodow “rekɔ soro.” Na ebia wo ankasa aware no mpo nyɛ nea anigye wom te sɛnea na anka ɛte no.
Nnipa pii gyae aware nnansa yi araa ma ebia ɛtɔ bere bi mpo a w’adwene mu yɛ wo naa sɛ mfaso wɔ so sɛ obi bɛbrɛ ne ho adi aware mu ɔhaw ahorow ho dwuma. “Abenfo” binom mpo rekamfo fi a wɔne ɔhokafo foforo befi ase bio no akyerɛ kɛse. Nanso wɔn a wɔfa saa kwan yi so no te nka dɛn ankasa?
Nkontompo Nneyɛe
“Woabɔ aberewa dodo!” saa na ɔbarima abasiriwa bi ka kyerɛɛ ne yere a na ɔmfɛre ho. Ná ɔne ababaa bi hyehyɛ hɔ. Ne yere kae sɛ: “Ná ɛnyɛ n’aniwu! Ná ɔpɛ sɛ mitie nea ɛkɔɔ so wɔ n’adeyɛ no mu nyinaa mpo.”
Dɛn nti na mmarima—ne mmea—twa wɔn ahokafo nkontompo wɔ mfe pii a wɔde aware no akyi mpo? (Malaki 2:14-16) Wɔ ebinom fam no, mpenatwe ne ɔkwan a wɔnam so hyɛ nneɛma mu den, hokwan a wonya de si ɔbarima anaa ɔbea a obi yɛ so dua. Afei nso, ebia ɔbarima no besuro sɛ n’ahoɔden wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu no rekɔ fam na ebia ɔbɛpɛ sɛ “ɔsɔ ne ho hwɛ.”
Bible no kyerɛkyerɛ nea efi awaresɛe mu ba no mu yiye bere a ɛka sɛ, “Nanso ɔbarima [anaa ɔbea] a ɔsɛe aware no nni ti. Ɔresɛe n’ankasa ho” no.—Mmebusɛm 6:32, Today’s English, Version.
Ɔkwan bɛn so na ade a wɔyɛ wɔ sum ase no betumi ‘asɛe’ obi? Ade biako ne sɛ, ɔwaresɛefo no sɛe n’ahonim. Ɔbarima a na ɔde hoahoa ne ho a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no mpo paee mu kae akyiri yi sɛ, “Mintumi nna anadwo!” Wɔ ɔkwan foforo so no, ne yere a na ne ho nni asɛm no kae sɛ na otumi da paa. Ose: “Ná mente afobu nka wɔ ɔkwan biara so, efisɛ mebɔɔ mmɔden sɛ medi Yehowa kwan no akyi.”
Afei nso ɔwaresɛefo no sɛe obu a ɔwɔ ma ne ho ne anigye a obetumi anya daakye. So ne yere foforo no (sɛ wayɛ ne hokafo a ɔne no asɛe aware no ho ade mpo a) betumi anya ne mu ahotoso ankasa? Nea ɛsen ne nyinaa no, nkontompo nneyɛe a ɛte sɛɛ sɛe ɔne Onyankopɔn a ‘obebu nguamman ne awaresɛefo atɛn’ no ntam abusuabɔ (Hebrifo 13:4) Pɛsɛmenkominya adeyɛ ho ka a emu yɛ duru a wotua!
Enti Salomo tuu fo sɛ: “Ma w’abura [anaa, nna mu anigye] nyɛ nhyira [denam nokware a mobɛkɔ so adi so], na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye.” (Mmebusɛm 5:18) Nanso, nna mu ɔhaw ahorow betumi aba aware mu a mfe a wɔanya mfa ho. Enti Bible no tu awarefo nyinaa fo sɛ: “Mommfa mo ho nkame mo ho [wɔ aware mu aboade no mu].”—1 Korintofo 7:5.
Sɛnea aware ho ɔfotufo biako kae no, nkitahodi a ɛsɛe “abɛyɛ ɔhaw a edi kan wɔ awarefo a wɔaware mfe pii no mu.” Ɔkwan bɛn so na ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ nam ba?
“Ɔhaw a Edi Kan”
Ɔbarima fi adwuma ba fie na ne yere de ɔhaw foforo ho asɛm to n’anim. (“Ɔdɔ, oduruyɛfo a ɔyɛ se ho adwuma no se ɛsɛ sɛ wɔsan si Kwaku se no!”) Ogu ahome ka sɛ: “Ná anka ɔtaa bisa me sɛnea ɛda no mu te.”
Nanso, nsɛm a ɛfa mmofra no yare ne nneɛma a ɛtete saa ho betumi ayɛ nea ɛno nkutoo na mobɔ ho nkɔmmɔ. Bere a mmofra no anyinyin na wɔkɔ no ansa na awarefo binom hu sɛ wɔmmɔ nkɔmmɔ a ɛfa wɔn ankasa ho.
Ebia ɔhaw foforo nso bɛsɔre bere a ɔyere no twa bra na ohia ɔdɔ ne ntease no. Okunu no a ebia ɔrepere wɔ abrabɔ mfinimfini ɔhaw ahorow no mu no, bɛba abɛyɛ obufufafo anaa okyinnyegyefo kakra. Ɛyɛ den sɛ wɔbɛte wɔn ho ase.
Abufuw betumi ama ɔfoforo no nso de abufuw ahyia wo. Making It From 40 to 50 no akyerɛwfo se: “Wɔham, wɔbɔ wɔn ho wɔn ho sobo, wɔyeyaw wɔn ho; wɔyɛ ade ma ɛhaw wɔn ho wɔn ho a gye sɛ wɔn a wɔadodɔ wɔn ho wɔn ho na wɔatra ase abom bere tenteenten no nkutoo na wobetumi ayɛ saa. Wonim wɔn ho wɔn ho sintɔ ahorow titiriw ne ehu ahorow na eyinom na wɔyɛ de tia wɔn ho wɔn ho bere a ntɔkwaw asi no, na ɛtɔ bere bi a eyi bɛyɛ nea emu yɛ den kɛse.” Ɔkwan bɛn so na wobetumi agyae akyinnyegye no?
Nkitahodi a Wɔbɛsan Ama Ayɛ Yiye
Bible no se: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; . . . ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no.” (1 Korintofo 13:4, 5) Enti nyɛ wo ho mmɔbɔmmɔbɔ! Mmom no, yɛ obi a ohu adwene mu nkate ahorow a ebia ɛhaw ne hokafo no ntɛm ara. Momfa mfiri mo ho mo ho. Na nsosɔ akyinnyegye so! “Nnyina sa a, ogya dum.”—Mmebusɛm 26:10, 21.
Sɛ nkitahodi sɛe esiane sɛ wote nka sɛ wo hokafo no nte wo ase nti a, ma wo hokafo no nhu sɛnea wote nka. Ampa, eyi nyɛ nea ɛyɛ mmerɛw ma obiara sɛ ɔbɛyɛ. Ɛte sɛnea ɛtaa yɛ den titiriw ma mmarima sɛ wɔbɛda wɔn suro ne mmerɛwyɛ ahorow adi.
Ɛwom sɛ na Abraham yɛ Yudafo abusua no agya ne ɔbarima kokodurufo a ɔyɛ den de, nanso wansuro sɛ obegye ehu a na aka no no atom—wɔ ne yere anim mpo. Na ne yere nyaa obu kɛse maa no. (Hwɛ Genesis 12:11-13; 18:12.) So nokwaredi a ɛte saa ara remma mo aware no nnya nkɔso?
Enti nkitahodi ne ade titiriw a ɛbɛma mo aware no anya nkɔso. Ampa, onyin ma honam fam ahoɔden so huan; na ɛtɔ bere bi a eyi yɛ kɛse wɔ ɔhokafo biako fam sen ɔfoforo no. Nanso sɛ ‘moagu’ wɔ nyansam wɔ mfe pii a atwam no mu a, mo aware no benya pii ayɛ sen honam fam ahoɔfɛ ara kwa. Sɛnea ɔbarima bi kae no: “Sɛ wo ne wo hokafo no yɛ biako ankasa a, ɛma wunya akomatɔyam kɛse. Wubetumi ada w’adwene ne nkate ahorow adi akyerɛ obi a onim wo yiye sen obiara na ɔte wo nkate ahorow ase.” Yiw, wo ne obi a w’ani gye ankasa sɛ wo ne no bɛtra no benya ayɔnkofa a emu yɛ den. So biakoyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛte sɛɛ yi nyɛ nea ɛfata sɛ wɔkɔ so kura mu? Ɛdɛn, ebia wubehu mpo sɛ mfinimfini mfe no ne mfe a ɔdɔ ne akomatɔyam kɛse wom wɔ mo aware no mu nso.
[Kratafa 9 mfoni]
So moko . . .
. . . anaasɛ mododɔ mo ho ankasa?