Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 9/8 kr. 6-8
  • Mmarima Ne Mfinimfini Mfe No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmarima Ne Mfinimfini Mfe No
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhaw ho Sɛnkyerɛnne Ahorow
  • “Maka Mu”
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?
    Nyan!—1994
  • Ebetumi Ayɛ Mfe Pa!
    Nyan!—1983
  • W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Dɛn Na Ɛma Asetra Yɛ Nea Mfaso Wɔ So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 9/8 kr. 6-8

Mmarima Ne Mfinimfini Mfe No

ƆBARIMA bi kae sɛ: “Da koro bi, bere a meretwerɛw m’abogyesɛ no, mihuu . . . sɛnea ɛdwono reba me tirim no . . . mihuu sɛnea m’ani ase apompono no, afei mihuu sɛnea me moma so atwintwam no​—na afei mehwɛɛ m’anim nyinaa, me ho dwiriw me kɛse.”

Nyin a obi hu sɛ ɔrenyin nyɛ ade a ɛba prɛko pɛ te sɛ anyinam bere nyinaa. Nanso awiei koraa no obi hu sɛnea ɔte nka sɛ wabrɛ bere a waforo atrapoe tenten bi akyi, anaasɛ sɛnea ɔte nka sɛ wabrɛ bere a wayɛ adwuma wɔ da mu no mu akyi no. Afei bere a wayɛ basaa no, otie, bere a ɔbarima a ɔwɔ TV no so ka mfinimfini mfe no mu komayare a abu so ho asɛm no. Ebia wubehu mpo sɛ ɔrehwɛ baabi a wɔabɔ awufo ho dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu no. Afei nso, ɔbarima a ɔyɛ no ho betumi aba asɛm bere a ohu sɛ mmea ani nnye ne ho bio no. Mmarima binom hu sɛ ahoɔden a wɔwɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu no rekɔ fam.

Nanso nnuruyɛfo kyerɛ sɛ ɔbarima ntaa ntwa awo kosi bere a ne mfe no akɔ anim yiye paa no ansa. Mmom, sɛ ɔyare bi wɔ ho a, obetumi ahwehwɛ ho aduru a eye.

Nanso, nhwehwɛmufo Masters ne Johnson bɔ amanneɛ sɛ wɔ mfe 50 akyi no “mmerɛwyɛ wɔ nna mu a ɛba wɔ mmarima fam no yɛ kɛse.” Na ɛda adi sɛ nipadua mu ne nkate mu nneɛma ahorow pii ka ho na ɛba saa. Sɛ nhwɛso no, suro a osuro sɛ ne ho bɛka mu yɛ ade titiriw biako. Sɛnea ɔkyerɛwfo biako kyerɛkyerɛ mu no: “Ka a ne ho bɛka mu biako wɔ nna mu no betumi ayɛ animguase kɛse. . . . ebia efi saa bere no ɔbarima no remfa ne ho nka ne yere bio, na amma n’anim ankɔ so angu ase.”

Ɔhaw ho Sɛnkyerɛnne Ahorow

Ntease mu no, mmarima betumi ate osuro nka wɔ mfinimfini mfe no mu. Ɔbarima betumi ahu sɛ apereperedi a ano yɛ den bi rekɔ so wɔ ne mu wɔ aberante ne onipa ko a ɔyɛ a ɔbɛkɔ so akura mu no mu. Nanso ne haw no betumi ada adi wɔ akwan ahorow pii so. Mmarima binom nhu nea wɔyɛ. Sɛnea ɔbarima bi a ɔtɔn ntade kae bere bi no, mmarima a wɔyɛ mmasiriwa taa “ba [aguadidan] no mu a wɔhyɛ tetefo ntade, nea anim dum na ɛyɛ fɛ, . . . wofi adi a wɔhyɛ nnɛɛmafo ntade ahorow a aba so no bi.”

“Ɔhaw” ho sɛnkyerɛnne afoforo wɔ hɔ: nsakrae kɛse a ɛba wɔ asetra mu, yɛ a obi yɛ basaa, twe a obi twe ne ho, obi adwene a ensi pi ne tema a obi nni. Ɛma ɔyare bɔ mmarima binom mpo.

Nanso dɛn ankasa na ɛde saa nneyɛe a ɛtɔ bere bi a enye koraa yi ba? So ɛnyɛ ‘gu a wɔangu’ gyinapɛn ahorow pa, na ama wɔatwa abrabɔ ho adwene a ɛyɛ paara? Wɔ ɔkwan foforo so no, ɔbarima a Bible nnyinasosɛm kyerɛ ne nsusuwii kwan rente abasamtu a ɛte saa nka. Ɔkwan bɛn so?

Ade biako ne sɛ, onim, na ogye nokwasɛm no tom sɛ asetra yi yɛ tiaa dodo, ne sɛ onyin yɛ biribi a ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ ɛba. (Hwɛ Dwom 90:10.) Obu a ɔwɔ ma ne ho no nyɛ nea egyina sɔ a ɔsɔ mmea ani so. Mmom no, “ɔhoahoa ne ho” wɔ abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ no mu. (1 Korintofo 1:31) Enti ɛho nhia sɛ ɔhaw ne ho sɛnea ɛnsɛ wɔ ɛdwono a ɛba ne tirim no ho, anaasɛ wɔ ne yafunu a efi ase yɛ kɛse no mpo ho. Onim sɛ nyansa nnim sɛ ‘obedwen atra nea ɛsɛ sɛ odwen.’ (Romafo 12:3) Bible afotu a ese yennya “ahobrɛase” no boa no ma ohu ne sintɔ ahorow no yiye. (Mika 6:8) Ɛka no ma ɔhwɛ yiye wɔ ne ntade ne n’ahosiesie mu mpo. Ampa, ahobrɛase nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi siesie ne ho sɛnea ɛfata, wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ odi ntade ahorow a aba so a Atɔe fam mmerante hyɛ no akyi na ɔde nneɛma ahorow gugu ne kɔn mu anaasɛ ɔhyɛ trɔsa bi a ɛkyekyere ne ho. N’ahosiesie da obu a ɛwɔ mfe a wadi no mu adi.

“Maka Mu”

Ɔbra no mfinimfini nso yɛ bere a ebia ɔbarima de bɛsan abu n’asetra ho akontaa. Sɛ nhwɛso no, ebia obesusuw ne honam fam adwuma ho kɛse​—emu ɔhaw ahorow, sɛnea ɛyɛ mfonoe, ne nea ahotɔ biara nnim. Ebia ɔbɛte nka mpo te sɛ ɔdetɔnfo bi a wadi mfirihyia 52 a ɔkae sɛ: “Maka adwuma a makura mu mfirihyia aduonu no mu, na minni baabiara kɔ.” Na abasamtu kɛse a ɛne adwuma mu kan kɔ a wosan ne ho de ma mmarima a wɔn mfe bɛyɛ sɛ ne de fã a wonni osuahu pii no betumi ayɛ nea ɛbɛma ɔbarima ani rennye adwuma kɔ ho.

Ampa, ebia obi a n’asetra gyina adwuma bi so no aba mu bebu bere a nneɛma ahorow a ɔhwɛ kwan no mma mu saa no. Adwumayɛ mu nhyehyɛe ahorow a emu yɛ den yɛ nea obiara mpɛ. Nanso ɔbarima a Bible nnyinasosɛm ahorow kyerɛ no kwan nte nka sɛ asetra ayɛ nea atirimpɔw biara nni mu, sɛ wankɔ n’anim ankodu kan wɔ adwuma mu a. Onim sɛ dibea ho ninkuntwe yɛ “ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Wahu afoforo a wɔsɛe wɔn ahoɔden ne wɔn abusua asetra denam pere a wɔpere hwehwɛ dibea anaa abodin no so. Nanso n’ani gye sɛ wanya adwuma a ɛma ne nsa ka nea ohia, na sɛ ɔyɛ no yiye a ɛma onya akomatɔyam. Ne honam fam adwuma nyɛ nea ne nkwa gyina so, na mmom ɛyɛ nea ɔnam so nya biribi ma n’abusua, na ɔde di n’ahiade ahorow ho dwuma bere odi honhom fam nneɛma akyi no. Bere a ɔwɔ saa adwene yi no, obetumi ‘ahu papa ne brɛ a ɔbrɛ . . . no nyinaa mu, ne nkwa nna dodow a Onyankopɔn de maa no; na ɛne ne kyɛfa.’​—Ɔsɛnkafo 5:18; 1 Timoteo 5:8.

[Kratafa 7 mfoni]

Ebinom hwehwɛ akomatɔyam denam mmerante ntade a aba so no so . . .

. . . nanso akomatɔyam ankasa fi adwuma a wɔyɛ no yiye mu na ɛba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena