Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 4/8 kr. 13
  • Adwenemhaw—“Tumi A Ɔyare No Wɔ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwenemhaw—“Tumi A Ɔyare No Wɔ”
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?
    Nyan!—2017
  • Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba
    Nyan!—2001
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
  • So Ne Nyinaa Wɔ Adwene No Mu?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 4/8 kr. 13

Adwenemhaw​—“Tumi A Ɔyare No Wɔ”

ƆBARIMA bi a ne werɛ ahow kɔɔ dɔkta bi hɔ sɛ ɔmmoa no. Asɛm a ɛbae ne sɛ, bere a ɔde ntoboase ayɛ nhwehwɛmu akyi no, dɔkta no kae sɛ: “Wuhia biribi a ɛbɛma w’ani agye; kotie Grimaldi a oyi aseresɛm no; ɔbɛma woaserew, na ɛno bɛyɛ papa ama wo sen nnuru afoforo biara.” Bere a wabotow anaasɛ ne werɛ ahow kɛse no, ɔbarima no buae sɛ, “mene Grimaldi!”

Yiw, obiara nni hɔ a adwenemhaw rentumi mma no so! Na obiara a wahyia bi pɛn nim sɛ ɛnyɛ aseresɛm. Yɛn nyinaa hyia tebea horow a yetumi te nka sɛ yɛabotow, ebia esiane awerɛhow, huammɔdi ne ɔbrɛ nti. Nanso mpɛn pii no, ɛnkyɛ na yɛn ho tɔ yɛn. Nanso, ɛtɔ mmere bi a adwenemhaw no kyɛ. Ebetumi asɛe ade mpo.

Sɛ nhwɛso no, Irene ne saa adwenem basaayɛ yi a wɔkyerɛ sɛ ɛde “ɔhaw pii ba sen ɔyare foforo biara” no peree so mfe abiɛsa. Bere bi a ɔtee nka sɛ n’anidaso nyinaa asa no okum ne mma ne n’ankasa ho. Ɔrebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ nea ɛtoo saa maame yi a na anka ɔbɔ mmɔden yi mu wɔ n’ayi ase no, ɔsɔfo bi kae sɛ: “Ɔyare no na ɛhyɛɛ ɔno ne n’asetra so.” Afei obisaa asɛm bi a emu yɛ den sɛ: “Hena na obetumi ate tumi a ɔyare no wɔ no ase?”

Ná nea ɔbea no hyiae no yɛ adwenemhaw a emu yɛ den​—tebea a emu yɛ den na edi awu a ɛde nipadua mu nsɛnkyerɛnne ahorow nso ba. Dr. Leonard Cammer bɔ amanneɛ sɛ:

“Adwenemhaw betumi aka obiara​—ɔyere fiehwɛfo, ofirikafo, adwumawura, sukuu kyerɛkyerɛfo, kyakyatofo, ɔgodifo, abantofo, ɔbea guadini . . . ne afoforo. Na ɛba nnipa a wɔn ho tɔ wɔn na wɔanyinyin a wɔwɔ osuahu ne mmofra so. Bio nso, ebetumi aba wɔ tebea biara a ɛfa sikasɛm ne asetra biara ho mu ne onipa biara so.”​—“Up from Depression.”

So ebetumi aka wo ne w’adɔfo? Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ afe biara no, nnipa 10 biara mu biako behyia adwenemhaw tebea a ɛsɛ sɛ ɔde kɔ ayaresabea. Wɔ nnɛ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, Wiase Akwahosan Ahyehyɛde nhwehwɛmu bi hui sɛ nnipa ɔpepem 200 wɔ wiase nyinaa a “ɔyare” no rehaw wɔn.​—2 Timoteo 3:1.

Ɛwom sɛ nnipa fã kɛse no ara a nneɛma haw wɔn adwenem no nnu akyiri te sɛ Irene de no, nanso nnipa pii ne obi a wahyia bi pɛn a ɔkyerɛkyerɛ sɛnea ɔtee nka ansa na ɔrenya ahotɔ mu no yɛ adwene. “Ná m’ani nnye hwee ho. Metee nka sɛ merehu amane kɛse a minni anidaso biara sɛ ɛbɛsakra. Da biara wɔ simma biara mu no, na mete nka sɛ misuro sɛ mewu. Na mempɛ sɛ miwu, nanso na mempɛ sɛ metra saa tebea horow yi mu nso.”

Dɛn na ɛde amanehunu a ɛte saa ba? So ɛwɔ adwene no mu ara kwa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena