Asɔre Horow A Ɛwɔ Nigeria—Nkɛntɛnso Ma Abrabɔ Pa No Wɔ He?
Efi Nigeria “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NIGERIA aban panyin bi ka kyerɛɛ asɔre mpanyimfo sɛ: “Moayera tumi a mowɔ wɔ mo asɔremma so no.” Ná ɔreka mprempren amumɔyɛ ahorow no ɔbrasɛe a ɛrekɔ so wɔ asɔremma no bebree fam no ho asɛm.
Aban panyin no kae nso sɛ: “Wɔde honam fam adepɛ Nyankopɔn foforo bi asi hɔ . . . mfe ɔha ne aduonu anum a yɛde adi Kristosom akyi no nhyɛɛ yɛn den gyidi mu.” Sukuu kunini mu osuani bi kãe sɛ tebea a ɛwɔ Nigeria no yɛ “obu ankasa a wonni ma mmara ne nhyehyɛe pa.”
Saa asetra mu tebea yi da adi wɔ mmerante ne mmabaa mu. Nyamesom mu mpanyimfo de asodi no to nyamesom mu nkyerɛkyerɛ a enni sukuu ahorow mu no so. Nanso, suban pa a wonni no dɔɔso wɔ mpanyimfo mu sen mmofra mu. Wɔtaa de to akyerɛkyerɛfo so sɛ wɔn na wɔkyerɛkyerɛ wɔn asuafo ɔbrasɛe. Wɔkyerɛ sɛ awofo nntete wɔn mma na wɔnnyɛ nhwɛso pa mma wɔn. Wɔkyerɛkyerɛɛ mpanyimfo yi mu bebree wɔ asɔre sukuu ahorow mu.
Amanneɛbɔ krataa bi a wɔfrɛ no Sunday Chronicle kae sɛ: “Bere bi wɔ hɔ a na wɔfa nyamesom nkyerɛkyerɛ aniberesɛm. . . . Nanso, ɛkame ayɛ sɛ nnansa yi nneɛma a wɔahu wɔ nhwehwɛmu mu no nna no adi sɛ wɔn a wofi asɛmpatrɛw sukuu ahorow mu ba no de nea wosuae no di dwuma ankasa.”
Nkɛntɛnso a asɔre wɔ a ɛrekɔ fam yi nkyɛe. Dɛn na ama aba saa?
Tebea a ɛwɔ Asɔre Horow No Mu
Nnipa bebree de asodi to asɔfo so. Amanneɛbɔ krataa a wɔfrɛ no Sunday Statesman no kyerɛwfo kae sɛ asɔfo “agyaw Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no tete abrabɔ pa ho mmara no” na ɛte sɛ nea “wɔdɔ wiase no kɛse sen ɔsom no.” Ntoaso sukuu kyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Ɛwom sɛ wɔka Onyankopɔn ho asɛm de, nanso wɔn honam fam nneɛma akyidi ama wɔn mu dodow no ara agyaw No.” Anglikan sɔfo panyin Kale a wagyae asɔfodi no nso gye toom sɛ, “asɔre mpanyimfo nyinaa nnii Kristofo gyinapɛn ne asetra ho nnyinasosɛm ahorow akyi.”
Afei wɔn ho a wɔde hyehyɛ amammuisɛm mu no wɔ hɔ. Aban mpanyimfo akasa atia asɔre ahorow no sɛ wɔde “nyamesom ne amammuisɛm di afra.” Wɔ 1979 mu no, nea na ɔyɛ ɔmanpanyin saa bere no twee asɔfo adwene kɔɔ bɔne a efi mu bae bere a “wɔhyɛɛ amammui mu nneyɛe a ɛde 1967-1969 Nigeria Ɔman Ko bae “ho nkuran baguam” no so. Ɛdefa ɔko koro no ara ho no, Sunday Chronicle mu asentitiriw kaa “ɔhaw a asɔre a ɛde ne ho hyehyɛ amammuisɛm mu betumi de aba” ho asɛm.
Saa asentitiriw no daa amammui nkɛntɛnso foforo a asɔre ahorow no de di dwuma ɔkwammɔne so adi. Ɛkaa mpɛn pii a wɔaka sɛ “wɔmmara asɔre binom” ho asɛm. Enti, asɔre horow no de amammui tumi di dwuma tia asɔre afoforo, na wɔtaa fa ɔmanpɛ so yɛ saa. Na Evening Times amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Nyamesom akuw a ɛwɔ Afrika no nyinaa, wɔn a [wɔtaa wɔn] kɛse ne Yehowa Adansefo.”
Nea ɛka ho no, mpaapaemu wɔ asɔre no biara mu. Nsɛm taa sisi wɔ asɔre akuw ahorow mu. Akuw no binom tew wɔn ho kɔtew wɔn ankasa asɔre. Ebinom dan kɔ abosonsom so anaa nkyerɛkyerɛ a ɛka sɛ Onyankopɔn nni hɔ so.
Bible a Wonsua
Ebia nea ama eyinom nyinaa aba ankasa ne Bible a wonsua. Nigeria Anglikan sɔfopanyin no gye toom sɛ wɔn a wɔawiewie sukuu kunini “nni yɛn som mu ahiade ahorow no ho nimdeɛ.” Ɔsɔfo foforo kae sɛ “wiase nhomanimfo a wɔyɛ gyidifo no bebree . . . nnim Bible ho hwee.”
Ɛyɛ nokware sɛ asɔre ahorow no bi abuebue sukuu. Nanso nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ saa sukuu ahorow no mu mfaa mfaso mmae.
Na Kristofo abrabɔ pa a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔ asɔre ahorow mu ankasa no nso ɛ? Eyi ne nea wɔnyɛ koraa. Bere nyinaa wɔkan Bible mu asɛm bi sɛ nnianim ma asɛm a ɛfa amanyɛ anaa amammui ho. Ɛda adi sɛ, sɛ asɛm a wɔka no fa amammui ho titiriw, na asɔre a wɔyɛ no yɛ amanne ahorow akyidi nkutoo a, akyinnye biara nni ho sɛ nkɛntɛnso ma abrabɔ pa remma asɔre no mu. Ɛnsɛ sɛ Kristofo asafo ahorow yɛ baabi a wɔkyerɛkyerɛ amammuisɛm anaasɛ wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a ennyina Bible so, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ baabi a wɔkyerɛkyerɛ abrabɔ pa, Kristofo asetra ne Bible. Nea ɛyɛ anigye no, asafo ahorow bi wɔ hɔ a wɔyɛ eyi.
Na Yehowa Adansefo Nso Ɛ?
Sɛ́ nkɛntɛnso ma abrabɔ pa no, momma yɛmpɛɛpɛɛ Adansefo no mu nhwɛ. So wɔtra ase ma ɛne Bible ahwehwɛde ahorow hyia?
ABRABƆ: Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn a wɔn ho ntew anaasɛ wontumi nteɛ wɔn ho so. (1 Kor. 6:9-11; Efe. 4:25-32; 5:3-12) Ɛwom sɛ wɔwɔ “nna a edi akyiri” yi nhyɛso horow no ase de, nanso Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobekwati nneyɛe bɔne ahorow. (2 Tim. 3:1-5) Wɔboa nnebɔneyɛfo ma wɔyɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatra ase ma ɛne Onyankopɔn mmara ahyia. Nanso wɔn a wɔkɔ so yɛ ade a ɛnyɛ Kristofo suban no, wotu wɔn fi asafo no mu. (Gal. 6:1; 1 Kor. 5:11, 13) Obi a ɔyɛ asetra mu nsɛm ho ɔbenfo Bryan Wilson kae sɛ Abibifo Adansefo “abɔ mmɔden kɛse sɛ wɔma wɔn akyidifo no kura abrabɔ pa ne wɔn ho so a wotumi teɛ mu.”
Nsɛmmɔnedifo mpo ahu eyi. Bere a nneduafo bi a wɔwɔ Warri too nsa frɛɛ Yehowa Adansefo sɛ wɔmmɛsra wɔn no, wɔkae sɛ: “Yɛyɛ asɔre afoforo mufo, nanso wɔmmoaa yɛn mma yennyaa suban pa. Yɛahu sɛ Yehowa Adansefo yɛ soronko. Ebi nni afiase ha. Yɛpɛ sɛ moma yɛn aduru a ɛma mo nkurɔfo yɛ papa no bi.” Wɔkyerɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ Bible no na ɛde nsakrae ba, na ɛnyɛ aduru. Enti wofii Bible adesua ase wɔ afiase hɔ.
Bebree a wɔayi wɔn afi afiase no de wɔn ho akɔbɔ asafo ahorow a ɛwɔ Warri no ho. Afoforo asrɛ sɛ wɔnkyerɛw nkrataa nkɔda no adi nkyerɛ asafo ahorow a ɛwowɔ wɔn nkuraa ase no. Wɔrekyerɛkyerɛ afoforo mprempren ma wɔabɛyɛ Kristofo. Afiase so ahwɛfo ani sɔ mmoa a wɔde ma saa mmarima yi a ɛde nsakrae aba wɔn abrabɔ mu no.
AMAMMUISƐM: Bible ka sɛ Kristo ahenni no “mfi wi yi ase.” Wɔn a wɔyɛ wiase nnamfo no wɔfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn atamfo.’ (Yoh. 18:36; 15:19; Yak. 4:4) Nanso asɔfo bebree nnye Onyankopɔn Asɛm ntom.
Ɔsɔfo bi kae sɛ pow a Yehowa Adansefo pow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ amammuisɛm mu no kyerɛ sɛ wɔyɛ “atamfo ma ɔman.” Nanso amammui mpanyimfo akasa atia asɔfo sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu, na ɛnyɛ Yehowa Adansefo.
Nsɛm a ɛtete saa a asɔfo aka ada no adi sɛ Yehowa Adansefo gyina Bible nkyerɛkyerɛ afã pintinn. Bio nso, afã biara a wonnyina wɔ amammui ne sraadi ho nsɛm a ɛsɔresɔre mu no ama wɔayɛ wɔn a wɔwɔ asomdwoe ne ɔman mma a wɔn ho wɔ mfaso wɔ baabiara a wɔte.
ASETRA NE NYAMESOM MU NNEYƐE HOROW: Bible se “nyamesom a ɛho tew” ne: ‘Sɛ wɔkɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na woyi wɔn ho fi wiase nkekae ho.’—Yak. 1:27.
Yehowa Adansefo boa nkurɔfo ma wonya nneɛma a wohia a wɔnhwehwɛ honam fam mfaso biara. Nanso wɔma wɔn ani ku nkurɔfo honhom mu ahiade ne asɛmpaka adwuma a Yesu de ahyɛ Kristofo nsa no ho kɛse. Wofi adi ‘kɔyɛ amanaman nyinaa asuafo, . . . kyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni’ nea Yesu ahyɛ nyinaa so. (Mat. 28:19, 20) Eyi kanyan nkurɔfo. Bere a ɔreka sɛ Yehowa Adansefo nyɛ Kristofo no, ɔsɔfo David J. Usen kyerɛe sɛ wɔredi Kristo afotu akyi. Ɔka kyerɛɛ asɔremma sɛ wonsuasua wɔn.
Usen kae sɛ “Kristofo ne Kristofo asɔre horow no nyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asetra mu” bere a “onipa biara a ɔyɛ nokwafo a ɔne Yehowa Adansefo ahyia pɛn no ani gye mmɔden a wɔbɔ” kɔ nkurɔfo nkyɛn kɔkyerɛkyerɛ wɔn “Bible mu asɛm” no ho. Ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkɔ asɔre “hyɛ adesua a Adansefo no mfa nni agoru a ama wɔanya nnipa a wɔwɔ nimdeɛ pii no nsow.”
Yehowa Adansefo twe adwene si Bible adesua anaasɛ ntetee so wɔ wɔn nhyiam ase ne wɔn afie mu. Eyi, ne wɔn afie afie asɛnka no, ma wɔyɛ nkɛntɛnso pa wɔ wɔn mmusua mu, asafo ahorow mu ne baabi a wɔte. Eyi yɛ soronko, sɛ yesusuw sɛnea nnipa ‘dɔ anigyede sen Nyankopɔn’ na “wɔkate wɔn anim kyerɛ nyamesompa nanso wɔpa emu ahoɔden” no ho a.—2 Tim. 3:4, 5.
Adansefo nyinaa gye tom sɛ ɛyɛ kɔ a wɔkɔ so de wɔn ho bata Bible no nti na wiase nneyɛe horow mma wɔn asafo ahorow mu no. Ɔreka mfe a ɔde kɔɔ ntoaso sukuu ho asɛm no, ɔdansefo ababaa bi a ɔyɛ asase ho nsɛm ho ɔdenimfo kae sɛ: “Ɛwom sɛ na m’ani gye wiasefo mmabaa fekubɔ ho de, nanso na nokware no wɔ me komam. Eyi amma manyɛ nneɛma a na afoforo yɛ a misusuwii sɛ mepɛ sɛ meyɛ bi no. Bere a minyaa hokwan sɛ anka mede me ho bɛhyɛ saa nneɛma yi mu no, mihui sɛ na m’ani nnye ho ankasa. Mekɔɔ so tee afotu ahorow wɔ asafo nhyiam ahorow ase, na eyi bɔɔ me ho ban.”
Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa obiara a ɔpɛ sɛ ɔde Bible no Kristosom tra ase no. Yɛto nsa frɛ wo na woahwehwɛ wɔn wɔ baabi a wote anaasɛ woakyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi. Ɛbɛma woafa asetra kwan a ɛso wɔ mfaso ankasa so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
‘Nea enni asɔre horow a wɔyɛ mu titiriw ne Kristofo abrabɔ pa ho nkyerɛkyerɛ’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
“Momma yɛn saa aduru no a ɛma mo nkurɔfo yɛ nnipa pa saa no bi”
[Kratafa 15 adaka]
“Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene yera ne dɛw a, dɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Ennye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu, na nnipa tiatia so. Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”—Mat. 5:13-16.