Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 11/8 kr. 7
  • Obetumi Ama Agyae Nanso Sɛ Ɔma Egyae Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obetumi Ama Agyae Nanso Sɛ Ɔma Egyae Ɛ?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Nokware Nkate Horow Da Adi
  • Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Nsɛmmɔnedi Ho Kwan?
    Nyan!—1981
  • Bere A Ɛkɔ So No, Dɛn Na Ebetumi Akyerɛ Yɛn?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ho Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nea Enti A Ɔma Ho Kwan, Ɔkwan A Ɔbɛfa So Ama Agyae
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 11/8 kr. 7

Obetumi Ama Agyae Nanso Sɛ Ɔma Egyae Ɛ?

SO WƆN a wɔkasa tia Onyankopɔn sɛ wama nsɛmmɔnedi ho kwan no pɛ sɛ egyae ankasa? Hefo nsɛmmɔnedi na wɔpɛ sɛ egyae? Wɔn de anaasɛ afoforo de nkutoo? Ɛdɛn na anka ɛbɛba, sɛ Onyankopɔn ma ahurututu mu akisikuru gyae denam sigaret ahorow a obehwim afi wɔn a wɔnom no nsam no so a? Anaa sɛ ɔma berɛbo mu yare gyae denam asanomfo a obegye wɔn nsam kuruwa anaasɛ kɔnkɔ a nsa wom ahwie agu so a? Anaa sɛ ɔma babaso gyae denam aguamammɔfo a ɔbɛtete wɔn ntam so a? So wɔpene eyi so, anaasɛ so anka wɔbɛteɛteɛm de akyerɛ sɛ wɔmpɛ ne ho a ɔde rehyehyɛ wɔn ahofadi a wɔwɔ sɛ wɔde paw nea wɔpɛ no mu?

Ebia wɔpene atuo a Onyankopɔn bɛbɔ afi akorɔmfo nsam akyene no so. Nanso wɔn adwuma mu nsɛmmɔne a wodi a sika akɛse a wɔfa ka ho no nso ɛ? Sɛ Onyankopɔn de wɔn ne nneɛma a wɔawia a ekura wɔn nsam no kɔ adwuma panyin anim saa a, so anka wɔn ani begye ho? So ɛyɛ korɔnbɔ na wɔpɛ sɛ egyae, anaasɛ nneɛma bi a ɛtete saa ara kwa na wɔpɛ sɛ egyae?

So anka wɔn ani begye ho, sɛ Onyankopɔn totõ adwumayɛbea ahorow a ɛda adi pefee sɛ ɛsɛe mframa ne nsu ne nnuan na ɛde nyarewa ne owu ba a baabi a wɔyɛ adwuma gye akatua ka ho no mu a? Wodi ɔko mu atirimɔdensɛm ho awerɛhow, nanso so anka wɔbɛpene nnwuma ahorow a ɛyeyɛ akode a wɔbɛma aba awiei na asɛe sikasɛm anaasɛ ɛde ohia aba no so anaa? Na ɛdɛn na anka ɛbɛba, sɛ Onyankopɔn kyɛ wɔn aduan mu ma wɔn a ɔkɔm de wɔn ne wɔn ahonya mu ma ahiafo a?

Wɔpɛ sɛ Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi to twa kodu he ankasa? Ne nyinaa mu no, ebia ɛnyɛ nsɛmmɔnedi na wɔpɛ sɛ efi hɔ. Ebia ɛyɛ nsɛmmɔnedi ho asotwe ahorow nkutoo a wobeyi afi hɔ no. So ɛyɛ aguaman a wɔbɛbɔ nanso babaso mfi mu mma na wɔpɛ? Sɛ wɔbɛnom nsa pii nanso wonnya berɛbo mu yare? Sɛ wɔbɛnom tawa anaasɛ sigaret nanso wonnya ahurututu mu akisikuru? Sɛ wɔbɛnom marijuana anaasɛ wii nanso wonnya adwenemyare? So wɔpɛ sɛ wogu anaasɛ wodua bɔne na wonntwa ɛso aba? Ɛrenyɛ yiye saa​—wuntumi ntetew akutu mfi nwura so, na wuntumi ntetew bobeaba mfi nsɔe so.

Bere a Nokware Nkate Horow Da Adi

Sɛ wobetumi akwati ɛho asotwe horow mpo a, ɔpɛ mu a wofi di nsɛmmɔne da adi, sɛ asiane ahorow siw polisifo dwumadi kwan, ma wobetumi awia ade afa wɔn ho adi kwa a. Nsuyiri anaasɛ ogya a ɛma nkurɔfo tu fi mmeae horow, anaasɛ anyinam ahoɔden a egyae adwuma yɛ ma nkanea dunnum na ɛma esum ba nkurow mu no, ma awifo fi adi, na wowia afie ne aguadidan ahorow mu nneɛma yɛ mu pasaa. Ɛte sɛ nea Bible ka no: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobusɛm mmam ntɛmntɛm nti na nnipa mma komam ayɛ wɔn mu ma sɛ wɔbɛyɛ bɔne.”​—Ɔsɛnk. 8:11.

Nnipa abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma bɔne agyae denam mmara horow, asennii ahorow, afiase ahorow ne ɔsesɛw so, nanso wodi nkogu. Mmom no, wɔde wɔn ho hyɛ bɔne bebree mu, na enni nnipa bebree pɛ mu sɛ wɔbɛma agyae. Mmom wɔkasa tia Onyankopɔn sɛ ɔma ho kwan, nanso sɛ ɔma egyae a anka wɔbɛkasa atia ne ho a ɔde rehyehyɛ ahofadi a wɔwɔ sɛ wɔyɛ saa no mu no. Ɔkwan foforo so no, wobu Onyankopɔn animtiaa.

Nanso, wɔ eyi nyinaa mu no, Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw redi dwuma, sɛnea wɔn a wɔdɔ trenee behu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena