Ɔmma Ho Kwan Nanso Wɔde Ho Asodi To No So
NNIPA na wodi ako, wopirapira na wokunkum ɔpepem pii, wɔma ɔkɔm ne nyarewa ba. Nnipa na wɔsɛe tebea horow a atwa yɛn ho ahyia, wɔde asase di dwuma sɛe ɛso nneɛma. Wokunkum mmoa na wɔfɛntɛm kwae ahorow te sɛ nea wɔretwa awi, wogyaw asase no ma ɛda hɔ kwa ma osu tɔ hohoro asase no ma nsu yiri fa nkurow. Nnipa na wɔma nsɛmmɔnedi kɔ anim, kosi sɛ mmeae bebree yɛ hu wɔ awiabere mpo no. Ɔpepem pii dan kɔ suban a ɛde ɔsɛe ba wɔn ankasa so so, wɔfa nnuru ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobekwati wɔn haw ne awerɛhow tebea a wohyia ankasa no, na ɛma nsɛm sɛe koraa.
Asɛm no ne sɛ, nnipa na wɔyɛ nneɛma a asiane anaasɛ amanehunu wom yi na nnipa na wɔwɔ tumi sɛ wɔbɛma agyae. Anka nnipa bekwati amanehunu a wohyia no fã kɛse ara sɛ wotie Onyankopɔn ahyɛde horow a. Ɔbara awudi, korɔnbɔ, aguamammɔ, mmarima a wɔne mmarima da, adefudepɛ; adidi ntraso anaasɛ potwaa, asabow ne nneyɛe bɔne afoforo a epira nnipa no. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ asase so afifide ne mmoa so, na yɛnnɔ yɛn yɔnko, yemmu afoforo sɛnea anka yɛbɛpɛ sɛ wobu yɛn.—Gen. 1:28; 2:15; Mat. 22:39; 7:12.
Dɛn Nti Na Me Na Ɛsɛ Sɛ Ɛba Me So?
Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa bebree mpɛ sɛ wobedi n’afotu akyi, na mmom wɔpɛ sɛ wodi wɔn ankasa akwan akyi, na sɛ eyi kowie asiane mu a, wɔde ho asodi to onii a odii kan bɔɔ wɔn wɔn kwan ho kɔkɔ no so. Afei wodi wɔn haw no ho yaw ka sɛ, ‘Dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ mihu amane?’ Wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔn nkutoo na wɔn ho nni asɛm a Onyankopɔn ahyɛ da ayi wɔn sɛ wonhu amane. Wɔ Mmebusɛm 19:3 no, Bible da eyi adi sɛ ɛyɛ nnipa a wɔte saa no suban. The New English Bible no kyerɛ ase sɛ: “Onipa ankasa agyimisɛm sɛe n’asetra, na afei onya Onyankopɔn ho menasepɔw.” Revised Standard Version se: “Sɛ onipa agyimisɛm de ɔsɛe ba ne kwan mu a, ne koma huru hyɛ Onyankopɔn.” Nea ɛyɛ anigye no, nnipa a wɔte saa no de ahoɔhare de bɔne ho asodi to Onyankopɔn so, nanso sɛ papa ba wɔn so a, wommisa da sɛ ‘Dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ ɛba me so?’ Asodi nkutoo na wɔde to obi so, wɔnna ase da.
Nsɛmmɔne a nnipa di ho awerɛhow no fã kɛse ara yɛ nea nkurɔfo di tia afoforo anaasɛ wɔn ankasa ho no. Nanso, ɔhaw binom a efi asiane te sɛ asasewosow, mframa a ano yɛ den a ɛbɔ, ahum, ɔpɛ a esi kyɛ ma nsu yoyow ne asiane ahorow afoforo a ɛtete saa mu ba wɔ hɔ. Wɔ eyinom mu mpo no, wobetumi ama nneɛma ketewaa bi na asɛe denam adan pa ahorow a wobesisi ne kwae ahorow a ɛboa osutɔ a wɔbɛkora so so. Na sɛ nneɛma sɛe a, ɛnyɛ ankorankoro bi nkutoo na wohu amane sɛnea Ɔsɛnkafo 9:11 ka no: “Ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ nnɔmarima de ne ɔko, nanso ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, nanso ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam: na ɛbere ne nyankonne to wɔn nyinaa.”
Onyankopɔn bara nsɛmmɔnedi, nanso ɔma ho kwan, ɛwom mpo sɛ ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ, a anka obetumi ama agyae de. Ɛnde, dɛn nti na ɔmma ennyae?