Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 9/8 kr. 10-13
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛyɛ Abrabɔ Ho Asɛyɛde?
  • Wɔrebara Sigaretnom
  • Tumi a Enya Wɔ Wɔn a Wɔnnom No So
  • So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
    Nyan!—1981
  • Wɔn A Wɔtɔn Owu—So Wo Tɔ Bi?
    Nyan!—1991
  • Sigaretnom Nye Ampa?
    Nyan!—1991
  • Wubetumi Agyae!
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 9/8 kr. 10-13

Part 3

So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?

“M’ANI gye sigaretnom ho yiye. Sɛ ɛbɛtew me nkwa nna so mfe kakra mpo a, anigye a minya fi mu no ma ɛyɛ nea ɛfata.” Saa na ɔbarima bi kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔnom sigaret no mu kyerɛɛ ne nenabarima. Akyiri yi kokoram kum ɔbarima no.

Nanso wɔn a wɔde bere tenteenten anom sigaret wɔ hɔ a wɔakɔ so atra ase adi mfe 80 anaasɛ 90 mpo, na wɔda so ara wɔ ahoɔden. Enti sɛ nea ɔnom sigaret no nim asiane ahorow a ɛwom a, so ɛsɛ sɛ wɔde nea n’ani gye ho no kame no?

Bere koro no ara mu no, so asɛyɛde da nea ɔnom sigaret no so sɛ osusuw sɛnea ne sigaretnom no ka afoforo no ho?

So Ɛyɛ Abrabɔ Ho Asɛyɛde?

Ɛyɛ nea wontumi nnye ho akyinnye​—wɔn a wɔnom sigaret no bebree fii ase bere a na wɔyɛ mmofra. World Health nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ, wɔ Rusia no, “nnipa ɔha mu 82 a wɔnom sigaret a wobisabisaa wɔn nsɛm no fii ase nomee ansa na wɔredi mfe 19.” Nhwehwɛmu foforo nso kyerɛe sɛ, bɛyɛ sɛ nnipa anan a wɔnom sigaret daa no mu abiɛsa fii ase ansa na wɔredi mfe akron.

Dɛn nti na mmofra fi suban a akyiri yi wɔn mu pii ka sɛ wɔn yam a anka wɔagyae no ase? Mpanyimfo nhwɛso ne ade titiriw a ɛma wɔyɛ saa. Mmofra nom sigaret na ama wɔayɛ sɛ mpanyimfo. Wɔpɛ sɛ wosuasua nneɛma a mpanyimfo yɛ no. Wɔ Rusia no, nnipa baanum biara mu baanan a wɔnom sigaret no fi mmusua a ɔpanyin bi nom sigaret wɔ mu mu. Enti, ɛwom sɛ ebia obi a ɔnom sigaret bɛte nka sɛ ɛyɛ n’ankasa n’asɛm de, nanso ne nhwɛso no ka afoforo.

Eyi te saa titiriw wɔ nhwɛso a nnuruyɛfo yɛ ho. Wobu wɔn sɛ nnipa a wonim sɛ ebia sigaretnom nye mma akwahosan. Sɛnea Journal of the American Medical Association kae no:

“Ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo akuw biara gye nokwasɛm no tom sɛ, sɛnea emufo nneyɛe te no ka wɔn a wɔsa wɔn yare no nneyɛe. Sɛ yɛma hokwan ma wɔnom sigaret wɔ yɛn nhyiam ahorow ase ne mmeae horow a yɛyɛ nnuru a, na yɛreka no pefee sɛ, ‘Munnnye yɛn nsɛm nnni, na mmom monhwɛ nea yɛyɛ.’ Enti ɛsɛ sɛ mmeae horow a wɔyɛ nnuru yi sigaretnom fi hɔ, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ emufo nkuran ma wodi eyi so wɔ wɔn ankasa adwuma mu ne nnuruyɛbea ahorowa ebia wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no. Ne nyinaa mu no, sɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ yare a sigaretnom de ba ho nimdeɛ pii a wɔka kyerɛ nkurɔfo sɛ wonnyae no anyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ahwɛ kwan sɛ ɔpapahwekwaa a onnim ho hwee no bɛyɛ nea eye sen saa?”

Enti sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa ma asiane ahorow a ɛwɔ sigaretnom mu ho kɔkɔbɔ no agyina no, anka wobɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛbara sigaretnom wɔ ayaresabea ahorow. Nanso, Medical World News bɔɔ amanneɛ sɛ, ayaresabea ahorow 7,200 a ɛwɔ Amerika no, emu 472 pɛ na wɔwɔ mmeae horow a wɔabɔ din sɛ wɔnnom sigaret wɔ hɔ, na 491 pɛ na wɔabara sɛ ɛnsɛ sa wɔtɔn sigaret wɔ hɔ. Ayaresabea biako a na wɔagyae sigaret tɔn wɔ hɔ no ma wɔsan tɔnee, “efisɛ adwuma kɔɔ fam bere a baabi a na wɔtontɔn nneɛma nketenkete wɔ ayaresabea hɔ no yii sigaret fii mu no.”

Dɛn na wususuw wɔ wɔn a wɔde sika ne pɛsɛmenkominya di kan sen afoforo yiyedi no ho? So wudwen sɛnea wo ankasa wo nhwɛso ka afoforo no ho ampa? Nea ɛyɛ awerɛhow no, pɛsɛmenkominya taa di afoforo so. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1978 mu no, Columbia Journalism Review no anhu asɛm biako a emu daa hɔ a ɛfa asiane ahorow a ɛwɔ sigaretnom ho mu wɔ ɔman no nsɛmma nhoma titiriw a ɛpenee sigaret a wɔbɔ ho dawuru so no mu biara mu wɔ mfe nson a etwaam no mu.

Wɔrebara Sigaretnom

Nanso bara a wɔrebara no da adi pefee. Wɔrebara sigaretnom wɔ mmeae horow bebree. Na sɛ nkurɔfo nom sigaret wɔ mmeae a wɔabara ne nom a, wɔtaa ka kyerɛ wɔn ma wodum no.

Nkurow akɛse a ɛwɔ Amerika no binom ahyehyɛ mmara horow a wɔde resiw sigaretnom ano. Wɔ Minnesota no, wɔabara sigaretnom wɔ baguam, na wɔkyerɛkyerɛ “baguam” yi mu sɛ “ɔdan biara a ɔmanfo nyinaa di dwuma wɔ hɔ.” Utah ahyɛ sigaretnom ho mmara horow a ɛte saa ara, na sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu no, “mprempren sigaretnomfo a wɔwɔ Utah no wɔ hokwan sɛ wɔnom sigaret, nanso wobetumi ayɛ saa bere a wɔwɔ wɔn afie nkutoo!”

Afei nso, mmara hwehwɛ sɛ wimhyɛn ahorow a wɔde tu kwan wɔ Amerika no nya baabi a wonnom sigaret wɔ hɔ ma obiara a ɔretu kwan a obisa.

Nnipa bebree a wɔnom sigaret no ani nnye mmara pii a wɔahyehyɛ de resiw hokwan a wɔwɔ sɛ wɔnom sigaret ano no ho. December a etwaam no, ɔbarima bi a wɔka kyerɛɛ no sɛ onnum ne sigaret no, tow tuo kum polisini panyin a ɔkaa saa kyerɛɛ no no! So bara a wɔbara no fata?

Tumi a Enya Wɔ Wɔn a Wɔnnom No So

Ebia nnipa kakraa bi na wonim pira a sigaretnom pira afoforo, a nea ɔnom no ka ho. Sɛ nhwɛso no, nnipa mpempem bebree wuwu denam ogya a ɛhyew ade a sigaretnom de ba no so, afe biara 2,000 wuwu wɔ Amerika nkutoo. Wɔ Kanada no, adan ne nnɛma a ɛhyew bɛboro ɔha biara mu 40 fi sigaretnom ankasa.

Bio nso, sigaretnom sɛe mframa kɛse. Wɔ bɔɔlbɔ bi ase wɔ Michigan no, mframa kakraa a wɔhwehwɛɛ mu wɔ hɔ no daa no adi sɛ na efĩ a ɛwɔ mu no dɔɔso araa ma sɛ ɛkɔɔ so wɔ abɔnten a, anka ɛbɛma nnipa pii akasa. Ná efi nnipa 80,000 a wɔnom sigaret a wɔkɔhwɛɛ bɔɔl no bi no.

Nea mframa a sigaret wusiw wom a wɔhome tumi yɛ no te sɛ sigaret no ankasa a onii nom. Ɛrefa Dr. Charles F. Tate asɛm aka no, American Medical News kae sɛ: “Adesua ahorow wɔ hɔ mprempren a ɛkyerɛ sɛ, sɛ wote ɔdan a wɔrenom sigaret wɔ mu mu a, sɛnea nnipa dodow a wɔrenom ne sɛnea ɔdan no mu kɛse te no, obi a ɔnnom bi bɛtwe nea ɛte sɛ mfuamfua aduonu anaasɛ pakɛt biako da koro.” Na sigaret a ɛda baabi kwa wusiw a wobɛhome ano betumi apira wo kɛse, esiane sɛ ekura nea wɔfrɛ no tar ne nicotine te sɛ nea ɛwɔ wusiw a obi twe kɔ ne mu bere a ɔrenom no mmɔho abien nti.

Bɛyɛ bere tenten bi ni no, wɔahu sɛ mpanyimfo ne mmofra nkumaa a wɔnnom sigaret a wɔyare koma ne ahurututu yare no nso, sigaret wusiw pira wɔn. Biribi a wɔasua nnansa yi a wɔkyerɛwee wɔ New England Journal of Medicine mu daa no adi sɛ mpanyimfo a wɔn ho yɛ den a wɔnnom sigaret nso hu amane. Dr. Claude Lenfant ne Barbara Liu boom kyerɛwee wɔ atesɛm krataa a yɛabɔ din dedaw yi mu sɛ, “Nea edi kan no, ɛnnɛ yɛwɔ nea yetumi de hu nsakrae a ɛkɔ so wɔ nipadua mu.”

Titiriw no, ɛyɛ hu ma abofra a wonnya nwoo no no, sɛ ɔbea a ɔyem nom sigaret a. Sigaretnom mma akokoaa a ɔhyɛ awotwaa mu no nnya mframa pa ne nnuan pa. Afei nso, ɛde mframa bɔne ma akokoaa no. Dr. Mary B. Meyer a ɔwɔ Johns Hopkins Ɔmanfo Akwahosan Sukuu mu no se: “Ɛda adi pefee sɛ, sigaretnom ma yafunu a ɛsɛe anaasɛ ɛpɔn, akokoaa a owu wɔ yafunu mu no akokoaa a ne bere nnu so na wɔwo no kɔ anim.”

Sɛ wususuw pira a epira nea ɔnom ne wɔn a ebia wɔhyɛ wɔn ma wɔhome wusiw no ho a, so wuntumi nhu sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔbara sigaretnom? Yehowa Adansefo fi bere tenten akyerɛ sɛ sigaretnom ne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia. Onyankopɔn asɛm ka sɛ: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.” (2 Kor. 7:1) Ɛda adi pefee sɛ sigaretnom gu nipadua no ho fĩ na ɛma oniia ɔnom ne wɔn a wɔbɛn no no yare. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi anom sigaret na wadɔ afoforo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔmfa sigaret wusiw ngu wɔn ho fĩ no?​—Mat. 22:39.

Bere a Onyankopɔn asɛe nneɛma nhyehyɛe dedaw a ɔdɔ nnim no, wɔrenhu tawanomfo bio. Sigaret anaasɛ tawanom rentra hɔ daa. Enti, sɛ wopɛ sɛ wokɔ so nya Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu nhyira horow​—nanso wonom tawa a​—ɛsɛ sɛ wugyae adeyɛ a egu onipa ho fĩ yi. Na sɛ wopɛ sɛ wugyae ampa a, wubetumi!

[Kratafa 10 mfoni]

Mpanyimfo nhwɛso ne ade titiriw a ɛma mmofra fi ase nom sigaret

[Kratafa 11 mfoni]

Wɔrebara sigaretnom wɔ mmeae horow bebree

Sigaret a ɛda baabi kwa wusiw a wobɛhome pira kɛse sen wusiw no a obi twe bere a ɔrenom sigaret no

[Kratafa 12 mfoni]

Sigaretnom ma yafunu a ɛsɛe anaasɛ ɛpɔn, akokoaa a owu yafunu mu ne nea ne bere nnu a wɔwo no nya nkɔanim.

So obi betumi de Bible nnyinasosɛm ahorow atra ase na wanom sigaret?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena