Part 1
So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
NNIPA bebree a wɔwɔ asase so nom sigaret, anaasɛ, ɛtɔ da bi a, afoforo nom gu wɔn so. Ɛda adi sɛ baabiara a nnipa te no, sigaretnom ayɛ suban titiriw a wohu wɔ hɔ.
Enti, bere a wohuu Tasaday abusua no wɔ Philippine kwae mu mfe kakraa a atwam ni no, wobuu nim a na wonnim tawa ho hwee no sɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔne wiase a aka no nnyaa nkitahodi koraa. Nanso, sigaret bae nkyɛe.
Abakɔsɛm Tiaa Bi
Nea ennu mfe 500 a atwam no, Christopher Columbus bɛyɛɛ Europani a odi kan a osuaa sigaretnom. Ná Indiafo a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ wɔn Amerikafo no de abua nom tawa. Eduu 1600 mfe no mu no, na Europafo nom tawa a wɔde ahaban kyekyere yɛ no te sɛ sigaret. Afei, wɔ 1880 mfe no mu no, wɔyɛɛ afiri a edi kan a wɔde yɛ sigaret.
Wiase Ko I mu titiriw na sigaretnom trɛwee. Na mfe 40 pɛ anaasɛ nea ɛte saa a atwam no mu na mmea fii ase nom sigaret. Mprempren de, sigaret a wɔnom abu so.
Ayɛ Adwuma Kɛse
Wɔ 1978 mu no, wɔyɛɛ sigaret mfuamfua 4,200,000,000,000! Ɛno yɛ sigaret a ɛdɔɔso yiye a ɛbɛma ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a ɔwɔ asase so anom bɛyɛ abiɛsa da biara, anaasɛ 1,000 afe biako! Esiane sɛ nnipa dodow a wɔwɔ asase so no fã nnii mfe aduonu nti, ɛno yɛ sigaret mfuamfua 2,000 ma ɔpanyin biara a ɔwɔ adesamma abusua no mu!
Wɔ China nkutoo no, ɔpepehaha pii nom sigaret. Afei nso, bɛboro ɔpepem 55 yɛ saa wɔ Amerika, ɔpepem 34 wɔ Japan, ɔpepem 18 wɔ Engiresi Aburokyiri ne mmeae afoforo a ɛkeka ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ obi bɛnom sigaret mmiako mmiako 10,000 anaasɛ nea ɛboro saa afe biako. Ampa, ebia woasusuw sɛ adeyɛ a ɛte saa begyae. Nanso ebinom nnye nni saa.
Ɔpanyin bi a ɔwɔ baabi a wɔyɛ sigaret ho adwuma kae sɛ: “Yɛresiesie yɛn ho agyae tawa ho adwumayɛ. Ɛnyɛ afe a ɛreba no, na mmom ebia mfe 20 bere mu. Amerika adwumayɛ akuw ahorow a wɔyɛ sigaret de wɔn ho akɔhyɛ nnwuma afoforo mu. Wɔn nyinaa ayi asɛm “tawa” afi wɔn nnwuma ahorow din mu.
John Pinney a ɔyɛ Amerika Sigaretnom ne Akwahosan Ho Dwumadi so panyin no ka sɛ: “Sigaretnom retwam.” Dɛn nti na ɔka ade a adesamma dodow no ara de ayɛ wɔn suban yi ho asɛm saa?
Wɔda Ade a Edi Awu Adi
Jean Meyer kyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ nyarewa bere foforo mu.” Komayare rekunkum mmarima a wɔwɔ Aburokyiri aman horow so nofã, na akisikuru kum wɔn a aka no mu pii. ‘Adanse kyerɛ sɛ sigaretnom na ɛde nyarewa a ɛyɛ hu yi ba.
Britania Nnuruyɛfo Sukuu no frɛɛ sigaretnom sɛ “nneɛma atitiriw a ɛde owu ba, te sɛ atiridii, kɔlɛra ne nsamanwa, no mu biako.” Amerika ɔman no dwumadi a ɛhwɛ akwahosan so no ka sɛ sigaretnom ne “ade a edi kan a ɛde yare ne owu ba a yebetumi asiw ano.”
Adanse pii kɔ so da adi. Wɔ January 1979 mu no, Amerika oduruyɛfo panyin bi de amanneɛbɔ bi a ɛfa sigaretnom ho too gua, na ɔde nhwehwɛmu a ɔyɛe ho nkrataa 3,000 kyerɛe. Amanneɛbɔ no kae sɛ, “sigaretnom yɛ ade titiriw biako wɔ asetra mu a ɛde nyarewa, mmerɛwyɛ ne owu ba a ɛsɛ sɛ wosiw ano wɔ Amerika.” Ɛreka amanneɛbɔ no ho asɛm no, New York Times kyerɛe sɛ: “Nwura no rekunkum Amerikafo bɛboro 350,000 afe biara.”
Amerika oduruyɛfo panyin no amanneɛbɔ a ɔde mae 1980 mu no kaa nneɛma a enye koraa a sigaretnom de brɛ mmea a wɔafi ase nom sigaret nnansa yi nyinaa no ho asɛm. Ɛkae sɛ: “Nyarewa a sigaretnom de ba ho sɛnkyerɛnne a edi kan reda adi nnɛ wɔ mmea a wɔnom sigaret mu. Wɔhwɛ kwan sɛ mfirihyia abiɛsa mu no, ahurututu mu akisikuru bɛboro kokoram a ɛba nufu mu no so.”
Dr. Halfdan Mahler a ɔyɛ Wiase Nhyehyɛe a Ɛhwɛ Akwahosan so no panyin kae wɔ March a etwaam no mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ sigaretnom ne ade biako a ɛde nyarewa ba kɛse wɔ wiase a yebetumi asiw ano.”
Sɛ woyɛ obi a ɔnom sigaret na nnuruyɛfo mpanyimfo ɔhaha pii a wɔagye din kaa wo suban yi ho asɛm a ɛte saa kyerɛɛ wo a, dɛn na anka wobɛyɛ?
So Ɛretwam?
Sigaretnomfo ɔpepedudu pii a wogye adanse no tom no agyae sigaretnom. Wɔ Amerika nkutoo no, nnipa ɔpepem 30 a na anka wɔnom sigaret wɔ hɔ. Ná mmarima bebree a wɔwɔ Amerika nom sigaret 1965 mu, nanso eduu 1979 mu no, na bɛyɛ ɔha biara mu 37 na wɔnom. Saa bere yi mu no, mmea mpo a wɔnom sigaret no dodow so tew fi ɔha mu nkyem 32 baa ɔha mu nkyem 28. Ná mpanyimfo dodow a wɔwɔ Kanada no fã nom sigaret 1965 mu; mprempren yi, nea ennu ɔha mu 42 na wɔnom.
Yiw, wɔaboa sigaretnomfo bebree ma wɔagyae Wɔ 1978 mu no, sigaret mfuamfua a wɔnomee no baa fam 2,000,000,000 wɔ Amerika sen afe a etwaam no. Daniel Horn a ɔyɛ adwuma wɔ ɔman dwumadibea a ɛhwehwɛ sigaretnom ne akwahosan ho nsɛm mu no de ahotoso bɔɔ dawuru sɛ: “Wɔadi ko a wɔreko atia sigaretnom no mu nkonim. Nea aka nyinaa ne sɛ wobewie no koraa.” Nanso so ɛyɛ ampa?
Ɛrenyɛ mmerɛw! Sɛnea Tawa Dwumadibea panyin bi kaeno, ose: “Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛtra ase komm ahwɛ ma wɔasɛe yɛn adwuma no.” Enti, wɔsɛee Amerika dɔla ɔpepem 875 afe a etwaam no de bɔɔ sigaret ho dawuru, nea ɛdɔɔso sen ɛka a wɔbɔe wɔ biribi foforo biara a wɔtɔnee wɔ Amerika ho no. Nanso, sigaret mfuamfua a wɔnom a ɛso tew 2,000,000,000 no fii ɔpepepem 617 baa 615; kyerɛ sɛ ɛso tewee ketewaa bi pɛ.
Nokwasɛm no ne sɛ, sigaret adwuma no mu retrɛw, bere a wɔhwehwɛ gua foforo wɔ Aman a Ennyaa Nkɔanim pii no mu no. Afe bi a etwaam no, Amerika maa sigaret a ɔde kɔ amannɔne no kɔɔ anim bɛboro ɔha biara mu 20! Ɛkyerɛ sɛ wɔyɛɛ sigaret mfuamfua bɛboro ɔpepepem 100 wiase nyinaa wɔ 1978 mu sen nea wɔyɛe wo 1977 mu.
Sɛnea ɛbɛyɛ a sigaretnom ntwam no, nnwuma a ɛyɛ sigaret no ahyɛ gua fofofo—mmofra. Sɛnea adwene ho nimdefo Dr. Ronald Shor kyerɛkyerɛ mu no, ose: “Mmerante ne mmabaa a wonnuu mpanyin afe so pɛ sɛ wobu wɔn mpanyimfo, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase te sɛ mpanyimfo a wɔwɔ anigye a ɛho nhia nso sɛ wogyae wɔn mmofra su no. Saa pɛpɛɛpɛ na [sigaret] ho dawuru a wɔbɔ ka sɛ ebetumi ayɛ ama wo.”
Enti, Amerika mmofra 6,000,000 a wonnii mfe 20 nom sigaret mprempren. Ɛda adi sɛ dodow a ɛsen saa yɛ saa wɔ aman afoforo so, sɛnea World Health nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔ Belgium no, ansa na wobedi mfe 15 no na mmofra ɔha biara mu 50 nom sigaret. Na Germany no, mmerante ne mmabaa a wɔadi mfe 10 kosi 12 ɔha mu 36 nom sigaret dedaw.”
Nanso, dɛn nti na wɔmmara ade a wonim sɛ ɛde nyarewa a ɛyɛ hu ba no mmom sen sɛ wɔbɛhyɛ da abɔ ho dawuru sɛ eye ma wo? Na sɛ wonim asiane ahorow a efi sigaretnom mu ba no yiye a, dɛn nti na nnipa ɔpepem bebree kɔ so nom?
[Kratafa 6 mfoni]
“Nyarewa a efi sigaretnom mu ba ho sɛnkyerɛnne a edi kan reda adi wɔ mmea a wɔnom sigaret ho”
Mmerante ne mmabaa a wonnuu mpanyin afe so a wɔhwehwɛ sɛ wobu wɔn mpanyimfo nya mmoa fi nnwuma a ɛyɛ tawa no nkyɛn