Akɔneabadi A Wokwati—Kora Sika Ahoɔden Ne Bere So
ƆBEA no fi gua so beduu fie pɛ na n’ani bɔɔ krataa a anka ɛsɛ sɛ ɔde kɔpoosu no so. “Oo, me werɛ afi krataa no bio! Anka ɛsɛ sɛ mepoosu no nnɛra!” Ne bo afuw ne ho kakra, titiriw esiane sɛ ne werɛ fii nti, ɔsan n’akyi sɛ ɔrekɔ post office ansa na wɔapɔn. Ɔkae wɔ ne tirim sɛ, “sika, ahoɔden ne bere sɛe a ɛte sɛɛ.”
Mmom no, yebetumi de afiri obiara a ne werɛ fi ade. Nanso wɔ adwuma mu no, adwumayɛ mu mmɔdenbɔ ho nimdefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati bere ne sika sɛe a ɛte saa denam akɔneaba a ɛho nhia a wobeyi afi hɔ so. Wɔn botae ne sɛ wɔde bere ketewaa, ahoɔden ketewaa ne sika ketewaa bɛyɛ pii. Wɔfrɛ eyi sɛ “akɔneabadi a wokwati.” Eyi ho nhwɛso kakra bɛma woahu sɛnea wubetumi de nnyinasosɛm koro no ara adi dwuma wɔ da biara da asetra mu.
Di Kan Yɛ Nhyehyɛe
Onipa a odi kan yɛ nhyehyɛe no kyɛn nea ɔde ntɛmpɛ yɛ nneɛma a onni kan nyɛ nhyehyɛe no akwan horow so. Ade a wonni kan nyɛ ho nhyehyɛe a wɔyɛ no hagyahagya no betumi ama wɔasɛe sika pii.
Sɛ nhwɛso no, ɔyere a ɔyɛ n’aduannoa wɔ dapɛn no mu nyinaa ho nhyehyɛe bere koro mu no nni da biara da haw a ɛfa “dɛn na mɛnoa nnɛ?” ho no bi, na onni gua so akɔneaba. Nneɛma a obehia wɔ dapɛn no mu a ɔkyerɛkyerɛw ne nyinaa no ma otumi di kan totɔ nneɛma a ohia no pii ansa na bere no adu. Gua so akɔneaba a onni no nsɛe sika, ahoɔden ne bere.
Sɛ wurefi adwuma bi a wonyɛɛ bi da ase, te sɛ wo dan mu a wobɛkã a, di kan yɛ ho nhyehyɛe. Gye tom sɛ esiane sɛ wonyɛɛ bi da nti ebia wobɛsɛe bere ne ahoɔden pii. Bisa wɔn a wonim yɛ hɔ afotu; ma wɔmmɔ wo mfomso a wubetumi ayɛ ho kɔkɔ. Ansa na wubefi ase no, bisa wo ho sɛ: “So mewɔ bere a ɛdɔɔso a metumi de awie nea merefi ase no? So mewɔ nneɛma ne adwinnade a ɛho hia no nyinaa? So adwinnade a mede bɛyɛ no ye? Wubetumi ahwere ahoɔden pii bere a wode nnade a ɛnyɛ papa di dwuma no.
Afei nso bisa wo ho sɛ: “So mewɔ sika a ɛdɔɔso a metumi de awie adwuma no?” Bible no ka wɔ Luka 14:28 sɛ: “Na mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” Hwɛ sika sɛe a ɛyɛ sɛ obi befi adwuma a onni sika a ɔde bewie ase!
Nhyehyɛe a wodi kan yɛ nso ho hia bere a obi retu akɔtra ofi foforo bi mu. Ɛsɛ sɛ wohyɛ nnaka a nneɛma no wom no agyirae na wokyerɛw ɔdan a emu nneɛma bɛkɔ mu no wɔ ho, sɛ ebia: mukaase, pia mu, asa so, ne nea ɛkeka ho. Sɛ ɛba saa a ɛho renhia sɛ wotwe nnaka a emu yɛ duru fi ɔdan biako mu kɔ foforo mu bere a worehyehyɛ wo nneɛma.
Di Kan Susuw Nneɛma Ho
Sɛ́ wubedi kan asusuw nneɛma ho no kɔ akyiri sen nhyehyɛe a wubedi kan ayɛ. Ɛdenam kwan a ɔbɛfa so wɔ n’akwantu mu a afirikafo bedi kan asi ho gyinae so no, wobetumi aka sɛ wadi kan ayɛ nhyehyɛe. Nanso, so wadi kan asusuw ho? So ɔde bere ne sika a baabi foforo a ɔbɛfa begye no atoto ho ahwɛ? Ebia na ɔkwan no biako yɛ tiaa, nanso, esiane mfiri pii a ɛfa so anaasɛ esiane sɛ ɔkwan no nye nti, ebia ɛso fa begye bere pii na ayɛ nea asiane wom. Nneɛma ho a wobedi kan asusuw nso hwehwɛ sɛ wodwen nneɛma a wɔnhwɛ kwan a ebetumi asisi ho.
Sua sɛ worentwentwɛn wo nan ase, efisɛ sɛnea Engiresini kyerɛwfo Edward Young a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 no mu kae no: “Nan ase a wɔtwentwɛn sɛe bere.” Ɛsɛe ahoɔden ne sika nso. Ma yɛmfa biribi nyɛ nhwɛso. Bere a worehyɛ atade no, wuhu sɛ bɔtom bi reyɛ atew. So wusi no ntɛm ara, anaasɛ anyɛ yiye koraa no wutu to baabi a eye de kosi sɛ wubenya bere asi anaa? Anaasɛ woyɛ obi a woma bɔtom no sensɛn hɔ de kosi sɛ ɛbɛtew ayera? Afei dɛn? Bere a woahwehwɛ na woanhu na wunnya nea ɛte sɛ ɛno pɛpɛɛpɛ no, nea ɛbɛba ara ne sɛ wobɛto bɔtom foforo koraa. Woasɛe sika, ahoɔden ne bere. Saa ara nso na wobetumi akwati kar anaa afiri a wogye bere ne sika pii de siesie denam ade a wobɛyɛ no ntɛmntɛm bere a woahu sɛ ehia sɛ woyɛ ansa na asɛe akɔ akyiri dodo no so.
Fa Nneɛma Toto Beae a Ɛfata
“M’ahwehwɛ-niwa no wɔ he?” “Obi afa me pɛnsere no anaa?” “Menhu me nsafe no!” So wotaa yɛ saa? Nneɛma a wode bɛtoto mmeae a ɛfata bɛboa wo ma woahu no ntɛm a wommerɛ ho. Afei nso ɛbɛboa ma woakwati w’ani a ebewu sɛ wode eyi ho asodi bɛto obi foforo so no.
Nea ɛma adwumayɛbea yɛ baabi a wɔahyehyɛ hɔ nneɛma yiye ne nkrataa a ehia a wɔhyehyɛ no yiye na wɔde sie baabi a ɛfata a ɛbɛma woahu no ntɛm bere a ehia. Saa nnyinasosɛm yi ara yɛ nokware wɔ ofi a woahyehyɛ hɔ nneɛma yiye no ho. Nanso kɔkɔbɔ bi ni! Baabi a ɛfata sɛ wode ade to no ne beae a nyansa wom sɛ wɔde to.
Beae a ɛsɛ sɛ wɔde ade to no nso ne faako a eye sen biara sɛ wode to. Mpɛn pii no wɔmfa nneɛma a ɛho hia a wɔhwehwɛ no ntɛmntɛm no nhyehyɛ adaka ase anaasɛ adaka bi akyi, mmom wɔ faako a nsa betumi aka no ntɛm. Mfaso bɛn na ɛwɔ w’adwinnade so, sɛ wode hyehyɛ nnaka mu de sie akyirikyiri a?
Fa Bere Di Dwuma Yiye
Ɔkasasin “bere yɛ sika” no da no adi sɛ bere som bo. Eyi ayɛ nokware bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsɛe bere wɔ nneɛma a mfaso nni so ho, mmom ɛsɛ sɛ ‘wogye bere’ de yɛ nnwuma pa.—Efe. 5:16.
Sɛ nhwɛso no, nsɛe bere nsua ade, bere a woabrɛ na wuntumi mfa w’adwene nkɔ so yiye. Paw bere a wubetumi anya ho mfaso kɛse, bere a wubesua ade a biribiara nhaw w’adwene.
Ɔkwan foforo a wubetumi afa so de wo bere adi dwuma ma ɛho aba mfaso kɛse ne sɛ sɛ wufi adwuma bi ase a wobɛtoa so ayɛ awie, sen sɛ wubefi ase agyae mpɛn pii. Sɛ́ wobɛsɛe anwummere anwummere pii sɛ wode reka wo asa so no, dɛn nti na wonyɛ no Memeneda anaa Kwasida, bere a wubetumi anya da mũ anaasɛ nna abien de ayɛ adwuma no a biribiara ntwitware w’anan mu? Susuw bere sɛe ara a ɛbɛyɛ sɛ anwummere biara wobɛsesa wo ho ahyɛ w’adwuma atade, akɔfa nneɛma a wode yɛ adwuma no, na ɛno akyi no woasiesie hɔ na woakoguare no ho hwɛ.
Sua Sɛnea Wobɛyɛ Nneɛma Pii Bere Koro Mu
Ɔyere fiehwɛfo a ne ho akokwaw no tumi yɛ nneɛma pii bere koro mu. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔretwɛn ma abodoo anaa ɔfam bi a ɔreto anaasɛ nam bi a ɔrekyew aben no, bere koro no ara mu no na ɔreyɛ biribi te sɛ salad, anaasɛ ɔrehohoro nneɛma mu anaasɛ ɔresiesie fie hɔ.
Sua no. Bɔ mmɔden sɛ wode nneɛma ahorow bi bɛka afoforo ho ayɛ. Sɛ nhwɛso no, fa bere a wonyɛ hwee a woretwɛn (wɔ ayaresabea anaa beae foforo bi) no di dwuma denam nhoma bi a mfaso wɔ so a wobɛkenkan so. Eyi bɛma woakora bere a anka akyiri yi wode bɛkenkan no so. Bɔ mmɔden sɛ wode bere a wode tu kwan na wonyɛ hwee, sɛ ebia bere a wote bɔɔs, keteke anaa wimhyɛn mu retu kwan no kenkan ade.
Bere a akenkan anaasɛ adwuma foforo bi a wobɛyɛ renyɛ yiye no, fa bere no susuw ade ho. Susuw nneɛma a ehia sɛ woyɛ ho na susuw ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so adi ho dwuma ho. Fa krataa bi a wubetumi akyerɛw nsɛm a ɛbɛba wo tirim agu so. Yehowa Adansefo pii wɔ hɔ a, bere a wɔreyɛ adwuma bi no, wɔbɔ Bible mu nhoma horow mu nsɛm a wɔakyere agu hama so no tie.
Mmom, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma ahorow abien a wobɛyɛ no bere koro mu tumi yɛ yiye anaasɛ ɛho wɔ mfaso. Hwɛ yiye bere a woreyɛ mfiri ho adwuma. Mpɛn pii no nneɛma horow a ɛtete sɛɛ hwehwɛ sɛ wode w’adwene si ɛno nkutoo so. Sɛ wobɛbɔ mmɔden ahwɛ akwankyerɛ nhoma bi mu bere a woreka afiri no remma wonsɛe bere, nanso ebetumi ama woahwere biribi a ɛsom bo—wo nkwa anaasɛ obi foforo nkwa!
Sɛnea Kari a Wobɛkari Pɛ Ho Hia
Esiane sɛ akɔneabadi a wubekwati betumi akora sika, ahoɔden ne bere so nti, bisa wo ho sɛ: “So metumi atwa nnwuma ne akɔneabadi a ɛho nhia so anaa?” Nsuro sɛ wobɛsakra ɔkwan a wofa so yɛ nneɛma. Ampa, sɛ woyɛ adwuma wɔ obi foforo akwankyerɛ ase a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wo ne no susuw nsakrae kɛse biara a ɛbɛba ɔkwan a wofa so yɛ adwuma mu no ho na woahu sɛ ebia nsakrae no ho wɔ mfaso ampa anaa. Ebia na osuahu akyerɛ sɛ ɛmfata
Nea ɛsen ne nyinaa no, kari pɛ wɔ nsɛm a ɛfa akɔneabadi a wokwati ho yi mu. Nyɛ obi a ɔhwɛ pɛyɛ kwan, a bere anaa ahoɔden kakraa biara a wɔsɛe no haw no, sɛ́ ɛyɛ bere sɛe ankasa anaa nea wususuw sɛ ɛyɛ bere sɛe. Eyi bɛsɛe w’akwahosan ne anigye a wowɔ wɔ wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no ho no. Ɛho nhia sɛ woma anigye a wowɔ wɔ asetra mu no sɛe esiane adwuma mu mmɔdenbɔ ho anigye ara nti.
Sɛ wo ne afoforo yɛ adwuma a, kae sɛ ɛsono obiara mmɔdenbɔ. Awiei no wubetumi de wo ho ato odwumayɛni a ɔwɔ anigye a ne ho nkokwawee pii biara no so akyɛn odwumayɛni a ne ho akokwaw kɛse nanso onni adwuma a ɔyɛ no ho anigye no.
Enti ahokokwaw wɔ n’afa. Nanso nyɛ ahokokwaw akoa. Ma ɛnyɛ wo akoa. Akɔneabadi a wubekwati no nyansa mu no bɛma wo ne wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no anya anigye pii.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
Aduan a wobɛnoa no dapɛn no mu ho nhyehyɛe a wubedi kan ayɛ no remma wunni gua so akɔneaba pii
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
Sɛ wuhu sɛ biribi resɛe a ehia sɛ wosiesie a, di ho dwuma ntɛm.