Wiase Nsɛm
Wofi Ase Ntɛm
◆ United Press International Report a ɛyɛ atesɛm krataa a wɔkyerɛw wɔ Denver, Colorado no kae sɛ: “Wɔkyeree abeawa bi a wadi mfirihyia 3 a nnwinne a wɔawia ahyɛ ne kotoku mu ma ne ne nuabea a wadi mfirihyia 10 wɔ ofie bi mu. Polisifo kyerɛ sɛ mmeawa yi kɔɔ fie hɔ denam bubu a wobubuu mukaase mfɛnsere no so.
Ɔbaabunyɛ Ho ‘Sɔhwɛ’
◆ Zulufo a wɔyɛ abibifo a wɔwɔ South Afrika no tete amanne bi hwehwɛ sɛ mmea tra ase wɔ ahotew kronn mu de kosi sɛ wɔware. Nanso, sɛnea ɛte wɔ mmeae ahorow pii no saa gyinapɛn yi resɛe. Ɔhene Vulindaba Ngcobo a ofi Natal apuei mantan no mu no kae sɛ: “Ahohwibɔ adɔɔso dodo, mmofra a wɔwo wɔn a wonni agyanom ne aguamammɔ adɔɔso wɔ mmerante ne mmabaa mu, na ɛsɛ sɛ yetutu fi hɔ.” Saa South Afrika hene yi de nkonimdibo bi mae wɔ ɔmantam biara a ɛwɔ n’ase a odi so no mu a wɔhwehwɛ ɔmantan anaa ɔmansin ko a wobehu mmeawa a wɔyɛ mmaabun a wɔdɔɔso wɔ hɔ. Saa nkonimdibo yi nti ɔhyehyɛɛ “mmabun sɔhwɛ horow,” wɔ n’asasesin no mu. Wɔahwɛ Zulufo mmea pii a wɔnwaree na wɔn a wɔyɛ saa ne mmea mpanyimfo na wɔde saa yɛ ahu wɔn a wɔyɛ mmaabun ankasa. Ɔhene no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔyɛ obiara sɔhwɛ na abeawa biara a wamma akuraa a wɔyɛ sɔhwɛ no wɔ hɔ ase no betua bɛyɛ ¢133, na abeawa biara a wobehu no sɛ ɔnyɛ ɔbaabun no, obetua bɛyɛ ¢35 bere a wɔanhu nea ɔne no bɔɔ aguaman no, na sɛ wɔn nsa ka nea ɔne no bɔɔ aguaman no na sɛ ɔpene so sɛ ɔno na ɔyɛɛ saa a, wɔbɛma watua anantwi abien ama abeawa no awofo.”
Mfirihyia Awotwe Nsɛmmɔnedi
◆ Polisifo mpanyimfo a wɔwɔ Fort Lauderdale, Florida no resusuw ho sɛ so abofra bɔne a wadi mfirihyia awotwe betumi ayɛ obi a “ɔde nsɛmmɔnedi ayɛ n’adwuma dedaw” anaa no ho. Polisifo mpanyimfo no mu biako kae sɛ: “Minnye nni sɛ wobetumi agye no kwa.” Wɔakyere abarimaa no mpɛn awotwe a ennuu asram anum ɛ, na nnansa yi mpo de mpɛn abien wɔ dapɛn mu wɔ kar a owia nti.
Sigaretnom mu Ɔhaw Foforo
◆ Mfe pii ni a wohuu pefee sɛ sigaretnom de ohurututu mu nyarewa ahorow ba. Wohui nso sɛ ɔbea a wanyinsɛn a ɔnom sigaret no di ne ba a ɔnwoo no no awu. Nsɛm foforo abɛda adi bio:
Wɔ Geneva no, World Health Organization animdefo no mu biako kae sɛ mmarima a wɔnom sigaret no redi wɔn ankasa mma a wɔnwoo wɔn no awu. Obi a osua sigaretnom ne wusiw ho ade, Helmut Greim a ofi Munich no kae sɛ: “Mmofra a wɔanyinsɛm wɔn a wowu a wɔn agyanom yɛ sigaretnomfo no adɔɔso. Ɛho hia sɛ nnipa hu sɛ ɛnyɛ ɛnanom a wɔnom sigaret no nko na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye.” Nyansahufo no kae sɛ biribi a wɔfrɛ no mutagens wɔ sigaret wusiw mu na ɛde nsakrae ba nea ɔnom no ahobae mu, na eyi tumi di mmofra a saa agyanom yi wo wɔn no awu.
So Wɔahu Bible mu Kurow Bi Anaa?
◆ Atesɛm krataa Die Welt a wotintim wɔ Federal Republic of Germany no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔahu Bible mu kurow a ɛyɛ Timna nkae bi—faako a Israel temmufo ne obi a ɔko ma ahofadi, Samson, kum gyata no—wɔahu—eyi wɔ Asase Kronkron no mpoano bi a ɛbɛn tete Pass Road a ɛda Jaffa ne Yerusalem ntam no. Wotutuu fam kohu Kanaanfo kurow a ogya sɛee no bɛyɛ afe 1200 A.Y.B. mu no. Atesɛm krataa no kɔɔ so kae sɛ: “Wohuu ɔbopon bi a edi adanse sɛ Filistifo a na de besi saa bere yi wosusuw sɛ wonnim nhoma no tumi kyerɛw. Filistifo no nniso akyi na Timna bɛhyɛɛ Ɔhene Dawid sodi ase. Na fam a wɔatutu no ada no adi sɛ bɛyɛ sɛ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no na Yudafo te hɔ.