Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 138
  • ‘Mobɛte Ɔko Ho Nsɛmʼ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Mobɛte Ɔko Ho Nsɛmʼ
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu kae
  • Nea Yesu bɛyɛ
  • Da Bɛn Na Akokoakoko Begyae?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Wiase a Akodi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara
    Nyan!—1996
  • Sɛnea Yebetumi Ahu sɛ Harmagedon Abɛn
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ɛnnɛ, Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 138
Mfoni: Nneɛma a ɛresisi nnɛ no, Yesu reka ho asɛm akyerɛ n’asuafo no. Mfoni mmiɛnsa na ɛkeka ho. Wohwɛ baako a, ɛyɛ kurow bi a ɔko asi hɔ ama biribiara ahyew. Baako nso, topae kɛse bi atow. Nea etwa to no, asogyafo kar akɛse a wɔde kɔ ko no sisi hɔ, ɛnna asogyafo bi nso nenam hɔ.

SUA BIRIBI FI YESU HƆ

‘Mobɛte Ɔko Ho Nsɛmʼ

Nsɛnkyerɛwni bi de too gua sɛ, “Mehyɛɛ mʼadwuma yi ase no, bɛboro mfe 60 ni. Akokoakoko a asisi wɔ aman ahorow so a mede ɛho nsɛm ato gua no, ɛboro 40. Ɔko a ɛkɔɔ so wɔ United States ne Soviet Union ntam no sei, na m’ani tua. Ehuruwii ara na prɛko pɛ, ɛdwoe. Nanso akokoakoko a mahu no nyinaa, ebiara nni hɔ a ɛhaw adwene te sɛ nea esisii afe 2025 mu no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔko akɛse bebree na ɛrekɔ so. Afei nso akokoakoko no mu baako mpo de, ebetumi akɔfa ɔhaw kɛse abrɛ wiase aman bebree.”—John Simpson; aman ahorow so nsɛm a BBC de to gua no, ɔno ne samufo; baabi a yɛayɛ no tuntum paa no, yɛn ara na yɛayɛ no saa.

Akokoakoko a ɛrekɔ so wɔ wiase no, ɛhaw nkurɔfo bebree. Enti asɛm a obiara rebisa ne sɛ, ‘Enti ɛbɛyɛ yiye ni?’ Dɛn na Yesu kae?

Nea Yesu kae

Nneɛma a ɛresisi nnɛ no, Yesu kaa ho asɛm too hɔ. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mobɛte ɔko, ne ɔko ho nsɛm.”—Mateo 24:6.

Akokoakoko a ɛrekɔ so nnɛ no, ɛhaw adwene paa, nanso yebetumi aka sɛ akyea, nso emmui. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu kaa sɛ, akokoakoko a ɛrekɔ so nnɛ, amane a nnipa rehu, subammɔne a nkurɔfo reda no adi, ne nneɛma a ɛtete saa no, ne nyinaa yɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ “wiase yi awiei bere” adu. (Mateo 24:3; Luka 21:7) Wei kyerɛ sɛ, da bi bɛba a Yesu bɛma akokoakoko nyinaa agyae. Ɔbɛyɛ no sɛn?

Nea Yesu bɛyɛ

Yesu Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛma ‘akodi agyae wɔ asaase nyinaa so.’—Dwom 46:9.

Asomdwoe a ɛbɛba wiase daakye no, kwan bɛn na ɛbɛfa so aba? Sɛ ɛba nso a, asetena bɛyɛ sɛn? Sɛ wopɛ sɛ wusua wei ho ade pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Nea Ɛbɛma Akokoakoko Agyae.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena