Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 131
  • Sɛnea Yɛboa Wɔn a Wɔn Ani Afura

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛboa Wɔn a Wɔn Ani Afura
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a wɔn ani afura no, Onyankopɔn hu wɔn sɛn?
  • Nea Yehowa Adansefo yɛ de boa anifuraefo
  • Dɛn na yɛde boa anifuraefo ma wɔsua Bible?
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nkyerɛwee a Ɛsesa Nkurɔfo Abrabɔ
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Di Anifuraefo Adanse
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 131
Papa bi a n’ani afura te bɛnkye bi so wɔ abɔnten baabi retie Bible mu nsɛm a yɛayɛ no ɔdio wɔ “JW Library” app no so.

Sɛnea Yɛboa Wɔn a Wɔn Ani Afura

Wiase nyinaa, nnipa bɛyɛ ɔpepem 43 na wɔn ani afura, na nnipa bɛyɛ ɔpepem 295 na wɔn ani nhu ade yiye koraa. Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, saa nnipa yi mu bebree wɔ hɔ a, nkurɔfo bu wɔn animtiaa na wɔtumi mpo sisi wɔn.

Wɔn a wɔn ani afura no, Onyankopɔn hu wɔn sɛn? Dɛn na Bible ka fa wɔn ho? Dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de boa wɔn nnɛ?

Wɔn a wɔn ani afura no, Onyankopɔn hu wɔn sɛn?

Bible ma yɛte ase sɛ, wɔn a wɔn ani afura no, wɔn ho hia Yehowaa paa. Ɔmpɛ sɛ obiara sisi wɔn; ɔpɛ sɛ yɛne wɔn di no yiye. Afei nso, asɛmpa a ɔwɔ ma nnipa nyinaa no, ɔpɛ sɛ wɔn nso te bi. Wahyɛ bɔ nso sɛ, daakye ɔbɛsa wɔn yare, na wama wɔn ani agye daa.

Kyerɛwsɛm: “Nnome nka nea ɔbɛma onifuraefo ayera kwan.”—Deuteronomium 27:18.

Nea ɛkyerɛ: Wohwɛ saa mmara yi a Onyankopɔn de maa ne nkurɔfo tete no a, wuhu sɛ na ɔmpɛ sɛ obiara yɛ anifuraefo basabasa.

Kyerɛwsɛm: “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.”—Asomafo Nnwuma 10:34.

Nea ɛkyerɛ: Sɛ obi ani afura oo, ohu ade oo, ne ho hia Yehowa paa.

Kyerɛwsɛm: Yesu ‘dom anifuraefo pii ma wohuu ade.’—Luka 7:21.

Nea ɛkyerɛ: Yesu baa asaase so no, ɔsaa anifuraefo yare. Nea ɔyɛe no ma yehu nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ ama anifuraefo daakye.

Kyerɛwsɛm: “Anifuraefo ani bebue.”—Yesaia 35:5.

Nea ɛkyerɛ: Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, daakye sɛ n’Ahenni no bedi asaase so a, anifuraefo ani bebue.

Nea Yehowa Adansefo yɛ de boa anifuraefo

Anidaso nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ no, Yehowa Adansefo ka bi kyerɛ anifuraefo wɔ wiase nyinaa. Yɛyɛ no sɛn?

  • Video a yɛyɛ, nhoma a yɛde sua Bible, ne Bible no ankasa, yɛayɛ nea ɛbɛboa anifuraefo. Ebi ne sɛ yɛn nhoma no, yɛwɔ nea nkyerɛwee no yɛ akɛse. Yɛayɛ bi nso a anifuraefo tumi de wɔn nsa fofa so kan, na yɛwɔ ɔdio nso wɔ hɔ.

  • Nhyiam a yɛyɛ no, obiara tumi ba bi; anifuraefo ka ho.

  • Yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn ne wɔn kɔbɔ Bible mu nkɔmmɔ.b

Wei nyinaa yennye ho sika. Wunim nea enti? Efisɛ Yesu kaa sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.”—Mateo 10:8.

Yehowa Adansefo de, yedwen anifuraefo ho paa; yensi wɔn fam koraa. Yɛpɛ nnipa, enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛka yɛn ho ma yɛsom Onyankopɔn no, yegye no awaawaa atuu. Yehowa Adansefo binom wɔ hɔ a wɔn ani afura. Ma yɛnka wɔn mu bi ho asɛm nkyerɛ wo.

Talita Alnashi te Sweden. Efi da a yɛwoo no no, onhu ade yiye koraa. Wohwɛ video yi a, wubehu ɔkwan a n’awofo faa so kyerɛkyerɛɛ no Bible mu nsɛm. Wobɛsan ahu sɛ ɔne n’abusua nyinaa, wɔwɔ nnamfo a wɔboa wɔn na wɔyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn.

James Ryan te United States. Yɛwoo no no, ná n’aso asi, na akyiri yi n’ani furae. Nanso ɔwɔ anigye paa. Wohwɛ video yi a, wubehu nea enti a ɛte saa.

Cynthia Pablo.

Cynthia Pablo nso te Philippines. N’ani afura, n’aso nso asi. COVID-19 yare no bae no, sɛn na ne nuanom Kristofo boaa no? Wopɛ sɛ wuhu a, kenkan asɛm a yɛato din “Congregation Supports Deaf and Blind Sister During Pandemic.”

Dɛn na yɛde boa anifuraefo ma wɔsua Bible?

Papa bi a n’ani afura rekenkan ade wɔ anifuraefo kɔmputa so.

Anifuraefo nhoma. Bible no, yɛayɛ nea anifuraefo tumi de wɔn nsa fofa so kan. Kasa bi wɔ hɔ a, Bible mũ no nyinaa na yɛayɛ no saa. Ebi nso wɔ hɔ a, ɛyɛ ne fã bi. (Wopɛ sɛ wuhu kasa a yɛayɛ anifuraefo Bible wom a, hwɛ adaka a yɛato din “Wiase Foforo Nkyerɛase Bible—Anifuraefo De.”) Yɛn nhoma ahorow no nso, bebree wɔ hɔ a yɛayɛ anifuraefo de. Sɛ obi pɛ sɛ osua sɛnea yɛkan anifuraefo nhoma a, yɛwɔ nhoma bi a ɛbɛboa no. Yɛato din Learn to Read Braille. Yɛayɛ nhoma yi wɔ ɔkwan bi so a obi a n’ani hu ade betumi de aboa obi a n’ani afura ama wasua sɛnea yɛkan anifuraefo nhoma.

  • Anifuraefo nhoma no, sɛ wopɛ sɛ yɛde bi brɛ wo a, wubetumi aka ho asɛm akyerɛ Yehowa Danseni biara. Wubetumi nso akɔ yɛn wɛbsaet hɔ akɔhyehyɛ fɔɔm a ɛbɛma Yehowa Danseni bi abɛsra wo wɔ fie.

  • Sɛ wokɔ jw.org a, wubehu sɛ yɛn nhoma no, yɛayɛ bi a wubetumi atwe agu anifuraefo kɔmputa no. Saa kɔmputa no, sɛ wotwe nhoma gu so a, ɛno ara bɛhyehyɛ nsɛm no te sɛ anifuraefo nkyerɛwee, na anifuraefo de wɔn nsa afofa so akan.

Yɛn nhoma no, yɛwɔ nea ne nkyerɛwee yɛ akɛse. Yɛn nhoma no bebree wɔ hɔ a, yɛwɔ nea nkyerɛwee no yɛ akɛse. Ɛno boa wɔn a wɔn ani nhu ade papa no. Yɛn wɛbsaet jw.org nso, wokɔ hɔ a, wubetumi abue mu ama nkyerɛwee no ayɛ akɛseakɛse. Sɛ wubue mu saa a, nkyerɛwee no rentu mfra. Ɛbɛhyehyɛ kama ama woatumi akan. JW Library app no nso, wubetumi ama nkyerɛwee no ayɛ akɛse sɛnea wopɛ biara.

  • Yɛn nhoma no, sɛ wopɛ nea nkyerɛwee no yɛ akɛse a, wubetumi aka ho asɛm akyerɛ Yehowa Danseni biara. Wubetumi nso akɔ yɛn wɛbsaet hɔ akɔhyehyɛ fɔɔm a ɛbɛma Yehowa Danseni bi abɛsra wo wɔ fie.

  • Sɛ wokɔ jw.org a, yɛn nhoma a yɛayɛ nkyerɛwee no akɛse no, wubetumi atwe bi wɔ hɔ.

Yɛn nhoma no bi wɔ hɔ a yɛayɛ no ɔdio. Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no sei, yɛakenkan emu nsɛm no ayɛ no ɔdio wɔ kasa bɛboro 200 mu. Yɛn nhoma a aka no nso, bebree wɔ hɔ a yɛayɛ no ɔdio. Sɛ woretie ɔdio no bi a, wubehu sɛ mfoni a ɛwɔ nhoma no mu nyinaa, yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ ɔdio no mu.

  • Sɛ wokɔ jw.org anaa wubue JW Library app no a, wubetumi abɔ ɔdio no bi atie wɔ hɔ. Wubetumi nso atwe ɔdio no bi agu w’afiri so.

  • App ahorow bi wɔ hɔ a sɛ wotwe nhoma bi a, app no ara bɛkan ama wo. Enti sɛ wokɔ jw.org a, yɛn nhoma no bi wɔ hɔ a, yɛayɛ no kwan bi so a sɛ wotwe a, app a ɛte saa no bi betumi akan ama wo.

Mfoni a ɛwɔ ha yi, wɔadrɔ obi a ɔrekasa.

Video a yɛde nkyerɛkyerɛmu aka ho ama anifuraefo. Video a Yehowa Adansefo yɛ no bi wɔ hɔ a, yɛde nsɛm bi keka ho a ɛboa anifuraefo ma wɔhu nea ɛrekɔ so wɔ video no mu. Nea yɛreka yi, yɛyɛ wɔ kasa bɛboro 100 mu. Wei boa anifuraefo paa. Bible mu afotusɛm a ɛwɔ video no mu no, ɛma wɔte ase yiye, na wɔde yɛ adwuma.

Video a yɛde nkyerɛkyerɛmu aka ho ama anifuraefo no, ebi na edidi so yi:

  • Asɛmpa No—Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Yesu Asetenam

  • Afe 2024 ‘Ka Asɛmpa No!’ Ɔmantam Nhyiam

  • Fa Bible Nnyinasosɛm Yɛ Adwuma

Nhyiam akɛse ne nketewa. Yɛwɔ nsafo ahorow wɔ wiase baabiara. Nnawɔtwe biara, asafo biara hyiam sua Onyankopɔn ho ade som no. Afe biara nso, yɛyɛ nhyiam akɛse de tie Bible nkyerɛkyerɛ. Nhyiam a yɛyɛ no bi wɔ hɔ a, ɛyɛ a yeyi video wɔ ase. Ɛno saa no, sɛ yɛreyi video a, yɛhyɛ da yi nea nkyerɛkyerɛmu ka ho ma anifuraefo a ɛwɔ hɔ no. Yɛwɔ ebinom a wɔn ani afura na wɔn aso nso asi. Obi saa no, yɛma oso nea ɔrekyerɛ ase ama mumfo no nsa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nso bɛte asɛm a yɛreka no ase. Obiara a ɔba yɛn nhyiam no bi no, yegye no tom; yenyiyi nnipa mu.

  • Hwehwɛ baabi a ɛbɛn wo a wubetumi akɔ yɛn asafo nhyiam no bi.

  • Nhyiam akɛse a yɛyɛ no afe biara no, hwɛ sɛnea ɛte.

  • Sɛ yɛrekae Yesu wu no a, bɔ mmɔden kɔ bi. Ɛno ne ade a ɛho hia paa a yɛyɛ no afe biara.

José Luis Ayala te Mexico. Yɛwoo no no, na ɔyɛ mum. Odii mfe 29 na n’ani nso furae. Hwɛ video no, na wubehu sɛnea yɛn nhyiam ahorow no aboa no wɔ n’asetenam, ne sɛnea aboa no ama seesei otumi kyerɛkyerɛ Bible mu yiye kyerɛ nkurɔfo.

Wiase Foforo Nkyerɛase Bible—Anifuraefo de

Yɛn Bible a ne kan nyɛ den no, yɛayɛ bi wɔ anifuraefo kasa mu. Eduu May 1, 2025 no, na yɛayɛ anifuraefo de no bi wɔ kasa a edidi so yi mu.

Chichewa kasa

Dutch kasa

Borɔfo kasa

French kasa

Georgian kasa

German kasa

Greek kasa

Hungarian kasa

Italian kasa

Japanese kasa

Korean kasa

Portuguese kasa (nea wɔka wɔ Brazil no)

Russian kasa

Spanish kasa

Ukrainian kasa

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”

b Wubetumi ama obi aba wo nkyɛn ne wo abɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ a wuntua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena