Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwhf asɛm 34
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛtena Bom Ansa Na Yɛaware?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ Sɛ Yɛtena Bom Ansa Na Yɛaware?
  • Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Bible ka?
  • Sɛ motena bom saa a, ɛno na ɛbɛma moanya aware pa anaa?
  • Sɛ motena bom saa a, ɛbɛma mo ka so atew ama moatumi asie sika anaa?
  • Sɛ motena bom saa a, ɛno na ɛbɛma woahu sɛ saa nipa no fata wo anaa?
  • Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ anaa?
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Aware anaasɛ Mpenaware—Emu Nea Ɛwɔ He?
    Nyan!—1992
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Anigye a Wubenya Wɔ Aware Akyɛde No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
ijwhf asɛm 34
Ɔbea ne ɔbarima bi kurakura nnaka a wɔn nneɛma gu mu rewura wɔn fie.

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Ɛsɛ Sɛ Yɛtena Bom Ansa Na Yɛaware?

Mmea ne mmarima bebree bom tena ansa na wɔaware. Nea enti a ebinom yɛ saa ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔn mmienu betumi aware ama ayɛ yiye anaa. Ebinom nso susuw sɛ ɛbɛboa ama wɔahu wɔn ho yiye na ama wɔanya aware pa. Wohwɛ a, ɛyɛ papa sɛ ɔbea ne ɔbarima bɛtena abom ansa na wɔaware?

Nea yɛrebɛka ho asɛm

  • Dɛn na Bible ka?

  • Sɛ motena bom saa a, ɛno na ɛbɛma moanya aware pa anaa?

  • Sɛ motena bom saa a, ɛbɛma mo ka so atew ama moatumi asie sika anaa?

  • Sɛ motena bom saa a, ɛno na ɛbɛma woahu sɛ saa nipa no fata wo anaa?

  • Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ anaa?

Dɛn na Bible ka?

  • Sɛ ɔbea ne ɔbarima da ansa na wɔaware a, Bible kasa tia. Ɛho nhwɛso ni. Ɛka sɛ: ‘Montwe mo ho mfi aguamammɔ ho.’ (1 Tesalonikafo 4:3; 1 Korintofo 6:18) Sɛ ɔbea ne ɔbarima ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛware nanso wɔnnya nwaree na wɔda a, ɛno nso yɛ aguamammɔ.a Aguamammɔ ho mmara a ɛwɔ Bible mu yi, ɛbɔ mmea ne mmarima nyinaa ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a bere a wɔnnya nwaree no, nyinsɛn biara renkɔba. Afei nso, ɛbɔ wɔn ho ban na ɔhaw foforo biara a mpena aware de ba anto wɔn.

  • Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware. Bere a ɔhyehyɛɛ aware no, ɔkaa sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Sɛ ɔbarima ne ɔbea ware a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obiara ahyɛ ne yɔnko bɔ sɛ ɔbɛbata ne ho akosi awiei. Ɛboa paa ma ɔdɔ tena aware no mu, na ɛma ɛyɛ den sɛ baako bɛsɔre da koro asesaw ne nneɛma sɛ ɔrekɔ.

Sɛ motena bom saa a, ɛno na ɛbɛma moanya aware pa anaa?

Ebinom se ɛyɛ nokware. Wɔn adwene ne sɛ, sɛ wɔtena bom ansa na wɔaware a, ɛbɛma wɔahu sɛnea wɔbɛbom ayɛ efie adwuma, na ɛbɛma obiara nso ahu ne yɔnko suban. Nanso yɛka aware pa a, ade baako a ɛho hia paa ne sɛ papa mu oo, bɔne mu oo, wobɛbata wo hokafo ho.

Dɛn na ɛbɛboa awarefo ama obiara abata ne yɔnko ho wɔ mmere pa ne mmere bɔne nyinaa mu? Ɛnyɛ ɛne sɛ wɔbɛtena abom de asɔ aware ahwɛ. Sɛ barima no nyɛɛ ɔbea no ho ade a, ɛkyerɛ sɛ wɔn asetena no nni nnyinaso biara, enti obiara tumi guan gyaw ne yɔnko. Mmom nea ɛma aware gyina ne sɛ ɔbea ne barima no nyinaa, obiara bɛbata ne yɔnko ho denneennen na sɛ ɔhaw bi ba a, wɔabom adi ho dwuma.

Nea yɛreka akosi: Sɛ ɔbea ne barima te na wɔnwaree a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wɔn sɛ wɔresɔ aware ahwɛ, nanso ɛno koraa na ebia ɛbɛma wɔatetew mu ama obiara afa ne kwan.

Bible mu afotusɛm: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.”—Galatifo 6:7.

Sɛ motena bom saa a, ɛbɛma mo ka so atew ama moatumi asie sika anaa?

Ebinom kyerɛ sɛ ɛyɛ ampa, ɛbɛma wɔn sikasɛm akɔ yiye. Adwumakuw bi yɛɛ nhwehwɛmu wɔ asɛm yi ho, na wɔhui sɛ mmarima ne mmea a wɔtena dan baako mu ansa na wɔaware no, wuyi edu biara a, emu nnan de, wɔkyerɛ sɛ sika a wɔbetumi asie nti na wɔyɛɛ saa. Nanso akyiri yi wɔka sɛ tena a wɔtena boom nyinaa akyi no, wɔantumi ansie sika a wɔde bɛware.

Sɛ ɔbea ne ɔbarima tena ansa na wɔaware a, etumi de nsunsuanso afoforo ba, na ɔbea no paa na ɔbrɛ. Wo de hwɛ o, sɛ wɔanware, na obiara fa ne kwan a, ɔbea no na nkwadaa no hwɛ ne wɔn ntetee taa kɔda ne so.

Ɔbea a ɔwɔ mfoni a edi kan no mu no asi ne ti ase de ne nsa asi ne moma so, na abofra bi si ne nan so resu. Ɔbarima no nso asesaw ne nneɛma agu adaka mu repue afi fie hɔ.

Nea yɛreka akosi: Sɛ ɔbea ne ɔbarima tena ansa na wɔaware a, ɔhaw a ɛde ba no, ɛdɔɔso koraa sen mfaso a wɔsusuw sɛ wɔbenya no.

Bible mu afotusɛm: “Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye.”—Yesaia 48:17.

Sɛ motena bom saa a, ɛno na ɛbɛma woahu sɛ saa nipa no fata wo anaa?

Saa na ebinom ka. Nanso, nhoma bi a wɔfrɛ no Fighting for Your Marriage ka sɛ: “Nnipa a wɔtena bom ansa na wɔaware no, sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a ɛtaa yɛ den sɛ wɔbetwa mu.” Adɛn ntia? Efisɛ ebia wɔbehu sɛ wɔmfata wɔn ho koraa, nanso wobɛhwɛ no na wɔayɛ agyapade bi abom anaa nyinsɛn bi abɛbom. Weinom nyinaa ma ɛyɛ den sɛ wɔbetwa mu. Enti nhoma no de kaa ho sɛ, “wohwɛ mu a, anka ɛsɛ sɛ wɔgyae, nanso nea abɛbobɔm no nti, tena ara na ɛsɛ sɛ wɔtoa so tena.”b

Nea yɛreka akosi: Sɛ motena bom ansa na moaware a, ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma moahu sɛ mofata mo ho anaa. Ɛno mmom na anhwɛ a ɛbɛma ayɛ den sɛ mobɛtetew mu bere a moahu sɛ momfata mo ho mpo no.

Bible mu afotusɛm: “Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie, na ogyimifo de, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na otwa so aba.”—Mmebusɛm 22:3.

Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ anaa?

Biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo ama w’aware akɔ yiye a ɛho nhia sɛ wo ne obi tena bom ansa. Ɛyɛ dɛn? Ɛne sɛ wode Bible mu afotusɛm a ɛfa aware ho bɛyɛ adwuma. To wo bo ase na hu onii a wopɛ sɛ woware no no yiye ansa na woasi gyinae sɛ wobɛware no na wo ne no akɔtena. Sɛ worepɛ hokafo a ɔbɛboa wo a, nhwɛ nna ho akɔnnɔ a wowɔ ma no. Mmom no, pɛ obi a nneɛma a ɛho hia wo wɔ abrabɔ mu no, ɔno nso bu no asɛnhia. Ɛno da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wo ne no kura gyidi baako.

Sɛ wopɛ sɛ woto fapem pa ma w’aware na anigye ba mu a, Bible mu afotu betumi aboa wo.c Yɛbɛyɛ nhwɛso a, afotusɛm pii wɔ Bible mu a ɛbɛboa wo ama . . .

  • woadi wo hokafo nokware na woamfi n’akyi

  • woanya suban pa a ɛbɛma woayɛ okunu pa anaa ɔyere pa

  • sɛ biribi nkɔ yiye wɔ nipa a wo ne no nam no ho a, woahu no ntɛm

Sɛ wopɛ sɛ wuhu weinom ho nsɛm pii a, hwɛ “Aware Ne Abusua” afa a ɛwɔ jw.org no.

Bible mu afotusɛm: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ.”—2 Timoteo 3:16.

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Does Romantic Love Justify Premarital Sex?”

b Hwɛ asɛm “Sliding Versus Deciding: Inertia and the Premarital Cohabitation Effect.” Wɔn a wɔkyerɛwee ne Scott M. Stanley, Galena Kline Rhoades, ne Howard J. Markman; ɛwɔ nhoma a wɔato din Family Relations mu.

c Mmeae bi wɔ hɔ a, awofo na wɔtaa hwehwɛ okunu anaa ɔyere ma wɔn mma. Sɛ ɛba saa a, Bible no betumi aboa awofo ama wɔahu nea ɛma obi yɛ okunu pa anaa ɔyere pa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena