MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE
Nea Ɛbɛboa Awarefo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Na Wɔannyae Aware
Wokɔ United States a, nnipa dodow a adi mfe 50 rekɔ a egyaee aware wɔ afe 1990 mu no, wode toto wɔn a egyaee aware wɔ 2015 mu no ho a, wɔn dodow abu abɔ ho. Wɔn a adi mfe 65 rekɔ a wɔgyaee aware no nso, efi afe 1990 besi afe 2015 no, wɔn dodow bu bɔɔ ho mmiɛnsa. Seesei awarefo a wɔn mfe akɔ anim no, gyae ara na wɔregyae aware. Dɛn na ama aba saa? Wobɛyɛ dɛn na ebi anto wo?
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Dɛn na etumi ma awarefo a wɔn mfe akɔ anim gyae aware?
Sɛ awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim gyae aware a, ɛnyɛ sɛ prɛko pɛ na aware no tew wɔn ani so. Mmom mpɛn pii no, wubehu sɛ ɛhyɛɛ ase nkakrankakra. Awarefo no bi wɔ hɔ a, ahyɛase no na wɔtaa yɛ nneɛma bom; nea ɔbarima no ani gye ho no, ɛno ara na ɔbea no nso ani gye ho. Nanso sɛ wɔnyin du baabi a, wubehu sɛ ɛnte saa bio. Awarefo no bi nso wɔ hɔ a, sɛ wɔwo a, mmofra no hwɛ tumi gye wɔn adwene nyinaa, enti obiara nnya ne yɔnko ho adaagye. Ɛno nti sɛ mmofra no fi fie na ɛka wɔn mmienu a, wubehu sɛ nneɛma a anka ɛsɛ sɛ obiara yɛ ma ne yɔnko ani gye no, na wɔn werɛ afi, efisɛ wɔyɛɛ bi akyɛ.
Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ abenfo a wɔtu awarefo fo no nso, nsɛm a wɔka no bi mmoa. Nnansa yi, asɛm a wɔtaa ka kyerɛ awarefo ne sɛ, yɛ nea wo ho bɛtɔ wo. Wɔtaa ka kyerɛ awarefo sɛ wɔmmisa wɔn ho sɛ, ‘Enti aware a mete ase yi, m’ani gye?’ ‘Me ho tɔ me?’ ‘Me kunu anaa me yere korɔkorɔ me, na ɔma mihu sɛ ɔdɔ me?’ Nnipa bebree adwene ne sɛ, sɛ wote aware ase na w’ani nnye a, ɛnde wote ase reyɛ dɛn. Yɛ nea ɛbɛboa wo. Pɛ wo baabi fa na nya w’asomdwoe; wusuro awaregyae a, wunnya aware pa.
Seesei awaregyae nyɛ nnipa hu bio. Ɔbenfo Eric Klinenberg kaa sɛ: “Mfe kakra a atwam yi, sɛ obi pɛ sɛ ogyae aware a, na ɛnyɛ fo saa. Ná ɛnyɛ biribi a nkurɔfo sosɔ so. Gye sɛ wokyerɛ mu ma obiara hu nea enti a wopɛ sɛ wugyae aware. Nanso ɛnnɛ de, adane. Sɛ w’aware nkɔ yiye na woda so ara te ho a, ɛyɛ a nkurɔfo nte wo ase. Wɔpɛ sɛ wokyerɛ mu ma wɔhu nea enti a woda so te aware bɔne no ase. Ade yi, seesei nea aba ne sɛ, yɛ nea wo ho bɛtɔ wo.”a
Ne nyinaa mu no, kae sɛ, sɛ wugyae aware a, wunnyaa wo ho ntetewee; ɔhaw foforo mmom na ɛda hɔ retwɛn wo. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ “awarefo a wɔn mfe akɔ anim gyae aware a, etumi kɔfa sikasɛm mu ahokyere bɛto wɔn so, ɛnkanka ne mmea no.”
Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wudwen ho. Nhoma bi a wɔato din Don’t Divorce ka sɛ: “Ebia wobɛka sɛ nea asi biara ntwam nkɔ, worehyɛ biribiara ase foforo. Nanso kae sɛ, sɛnea wote no, saa ara na wote.” Nhoma no de kaa ho sɛ, “Sɛnea na wo ne wo hokafo kasa a ɛkɔfaa wontwiwontwi baa mo ntam no, seesei dɛn na woayɛ afa ho? Sɛ mente-me-ho-ase ba wo ne afoforo ntam a, sɛnea woyɛ w’ade no, woasesa anaa?”b
Nea wubetumi ayɛ
Gye tom sɛ mmere dane. Ebia wobɛka sɛ sɛnea na wo ne wo hokafo te no, seesei asesa. Nanso saa na ayɔnkofa anaa abusuabɔ biara te. Bere rekɔ so no, nneɛma tumi sesa. Sɛnea na wo ne wo kunu anaa wo yere ntam te no, ebia mo mma tew wɔn ho no nti na asesa. Ebi nso a, nea na mo mu biara ani gye ho no na asesa. Ne nyinaa mu no, sɛnea na nneɛma te kan no, mfa w’adwene nkɔ so bebree. Mmom dwen ho hwɛ nea wubetumi ayɛ ama mo aware no asɔ.
Bible mu afotusɛm: “Nka sɛ, ‘Adɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?’ na nyansa nnim sɛ wubebisa saa.”—Ɔsɛnkafo 7:10.
Momfa adamfo denneennen. Biribi a wo kunu anaa wo yere ani abegye ho seesei no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo nso wubetumi ama w’ani abegye ho. Sɛ wo nso na w’ani abegye biribi foforo ho a, wubetumi aboa wo kunu anaa wo yere ama ɔno nso ani abegye ho. Mubetumi apɛ biribi foforo a mo nyinaa ani gye ho, na moasua anaa moayɛ abom. Botae no ne sɛ, mubenya bere ayɛ nneɛma abom. Moyɛ saa a, mubehu sɛ mo aware no asɔ, na ɛnyɛ sɛ mote dan baako mu nso obiara nam ne kwan.
Bible mu afotusɛm: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.”—1 Korintofo 10:24.
Ma wo hokafo no nhu sɛ wubu no. Nneɛma nketenkete a woyɛ de kyerɛ sɛ wubu wo hokafo no, nnyae. Wo ne no nkasa nidi mu. Muhyiaa foforo a na monwaree no, sɛnea na wugyigye ne so no, yɛ no saa. “Mepa wo kyɛw” ne “meda wo ase” nso de, mma ɛmmpa wo kasa mu da. Montaa nni dɔ, na sɛ wo hokafo yɛ biribi ma wo nso a, ma onhu sɛ w’ani sɔ.
Bible mu afotusɛm: “Obiara nna ayamye adi nkyerɛ ne yɔnko, nnya ayamhyehye mma ne yɔnko.”—Efesofo 4:32.
Monkae tete no a na monte mo ho gyae no. Mfoni a mutwaa no mo ayeforohyia da no, montaa nhwɛ. Sɛ mowɔ mfoni bi a mutwaa no wɔ apontow bi anaa dwumadi bi ase a, ɛno nso montaa nhwɛ. Moyɛ saa a, ɔdɔ ne obu a mowɔ ma mo ho no, mobɛhyɛ mu gya.
Bible mu afotusɛm: “Nanso mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”—Efesofo 5:33.
a Efi nhoma a wɔato din Going Solo—The Extraordinary Rise and Surprising Appeal of Living Alone.
b Bible ka sɛ aguamammɔ nko ara na obi betumi agyina so de agyae ne kunu anaa ne yere. (Mateo 19:5, 6, 9) Kenkan asɛm a yɛato din “So Bible Pene Awaregyae So?”