Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 July kr. 26-30
  • Mama Yehowa Akɔ So Atete Me

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mama Yehowa Akɔ So Atete Me
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MEHWEHWƐƐ ONYANKOPƆN WƆ ME MMOFRABEREM
  • MIGYAEE SUAPƆN BƐYƐƐ DAA KWAMPAEFO
  • MISUAA NNEƐMA PII WƆ BROOKLYN BETEL
  • “ƐSƐ SƐ WUSUA JAPAN KASA!”
  • YƐKƆƆ JAPAN BETEL, NA AKYIRI YI YƐKƆYƐƐ AKWAMPAEFO TITIRIW
  • MASI ME BO SƐ MƐMA YEHOWA AKƆ SO ATETE ME
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yɛto Nsa Frɛ Obiara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Bere Nyinaa Som Adwuma​—Baabi a Ɛde Me Akopue
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • M’ani Agye sɛ Me ne Mmarima a Wɔdɔ Yehowa Ayɛ Adwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 July kr. 26-30
Ken Kiuchi.

ASETENAM NSƐM

Mama Yehowa Akɔ So Atete Me

KEN KIUCHI ANOM ASƐM

DA A edi kan a mituu me nan sii baabi a wɔtintim nwoma wɔ Brooklyn Betel a ɛwɔ New York, U.S.A. no, nea mihui wɔ hɔ no, me werɛ remfi da. Sɛnea afidie a na wɔde tintim nwoma no redi akɔneaba na ɛreyɛ dede no, na minhuu bi saa da. Ná nkrataa a na wɔreyɛ ho adwuma no ama mfuturo agyina dan no mu, na na oil nso agye dan no mu nyinaa.

Nneɛma bebree na mihui wɔ hɔ, nanso nea ɛkaa me koma paa ne anuanom a na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no. Adwuma a na mmerante ne mmabaawa a ɛwɔ hɔ reyɛ no, na nkurɔfo hu no sɛ ɛyɛ aniha adwuma. Afei nso, adwumaden a na wɔyɛ no, na nkurɔfo ntaa nhu na ayekoo koraa wɔama wɔn bi. Nanso na wɔn ani gye adwuma a wɔyɛ no ho. Sɛ yɛka sɛ obi de ahobrɛase resom Yehowa a, saa anuanom yi ma mihuu nea ɛkyerɛ paa.

Mfe pii ni na Yehowa akɔ so atete me sɛnea ɛbɛyɛ a metumi asom no yie. Ná mewɔ Buddhasom mu, nanso ma minni kan nka nea ɛyɛe a mibehuu nokware no nkyerɛ wo.

MEHWEHWƐƐ ONYANKOPƆN WƆ ME MMOFRABEREM

Wɔwoo me tetee me wɔ Chicago, Illinois, a ɛwɔ U.S.A. M’awofo woo mma nnan, na me na meyɛ ba panyin. M’awofo tu fii Japan kɔɔ Chicago; ná wɔn adwene nyinaa ne sɛ Amerika deɛ, abrabɔ bɛkɔ yie ama wɔn paa. Ná wɔpɛ sɛ wɔn mma nya sukuu papa kɔ na asi wɔn yie daakye.

Ná m’awofo yɛ Buddhafo amapa. Efie a wɔtetee me maame wom no, na Buddhafo asɔredan si hɔ. Ná ne papa ne ne nua mmarima mmienu yɛ asɔfo wɔ Buddhasom mu. Enti me mmofraase deɛ, na yɛmfa Buddhasom nni agorɔ koraa. Da biara sɛ mifi sukuu ba a, adeɛ a edi kan a na meyɛ ne sɛ, mehye aduhuam ma Buddha bosom a esi yɛn fie no, na mama no ɛmo ne nsuo. Afei sɛ edu Kwasiada a, na yɛkɔ Buddha asɔredan mu kɔkankye kyerɛ ɔbosom bi a ɛte sɛ nea esi yɛn fie no, nanso na ɛso sen yɛn deɛ no, na na wɔde sika kɔkɔɔ adura ho nyinaa.

Bere a midii bɛyɛ mfe nson no, mekae sɛ da koro bi mehwɛɛ bosom a esi yɛn fie no dinn, na mibisaa me ho sɛ, ‘Sɛ miwu a, dɛn na ɛbɛto me?’ Ná Buddhasom akyerɛkyerɛ me sɛ, sɛ miwu a, mɛkɔ akɔtoa m’abrabɔ so wɔ ahonhom atenae. Ɛhɔ ara na ebesii me tirim sɛ, ei, da koro me nkwa bɛba awiei. Ebia mɛyɛ honhom abɔdeɛ, nanso merentumi nnye m’ani sɛnea nnipa yɛ no bio. Me werɛ hoe papa! Afei, prɛko pɛ na mayɛ basaa.

Bere a midii bɛyɛ mfe 15 no, Buddhasom amanne a na mede me ho hyem no, na mihu no sɛ asɛ ntease nnim. Mibehui sɛ biribi nkɔ yie wɔ m’abrabɔ mu. (Mat. 5:3) Me mu paa deɛ, na mete nka sɛ Onyankopɔn teasefo bi a ɔwɔ tumi paa wɔ hɔ, na na mepɛ sɛ mihu no. Ɛyɛɛ me sɛ Bible no betumi aboa me ama manya me nsɛmmisa ho mmuae, enti mekɔtɔɔ Bible; na ɛyɛ King James Version. Na wunim, mannya baabiara ankɔtɔ no sɛ Buddhafo afahyɛ bi ase.

Ken Kiuchi ne Wilson Bashou a ɔboaa no ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Danseni no.

Me ne Wilson Bashou a ɔma mihuu nokware no

Midii mfeɛ 17 no, da bi na me ne me kraman nam abɔnten, ɛnna onua bi a ɔde Wilson Bashou baa me nkyɛn. Obisaa me sɛ, “Wunim nea Onyankopɔn bɛyɛ ama nnipa daakye?” Saa asɛmmisa no ma yɛbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ kɔɔ akyiri. Wilson kenkan Adiyisɛm 17:1 kyerɛɛ me, na obisaa me sɛ, “Wohwɛ a ‘nsu pii’ a tuutuuni no te so no, egyina hɔ ma dɛn?” Ná minnim ho hwee. Enti ɔde Adiyisɛm 17:15 kyerɛɛ me, na ɛhɔ ka sɛ nsuo no gyina hɔ ma nnipa. Mibehui sɛ Yehowa Dansefo deɛ, sɛ wɔkan kyerɛwsɛm bi a wɔde Bible no ara na ɛkyerɛkyerɛ mu. Wei kaa me koma paa. Bere a Wilson ne me bɔɔ nkɔmmɔ wiei no, ɔmaa me Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nwoma no bi. Saa nwoma ketewa no sesaa m’abrabɔ.

Nnafua du akyi no, mekɔɔ adesua a edi kan wɔ Ahenni Asa so. Sɛnea anuanom gyee me fɛw so no, me werɛ remfi da. Efi saa da no, mentoo adesua mu da. Ɛno akyi no, Wilson fii ase ne me suaa adeɛ. Ná m’ani gye Bible a meresua no ho ara ma, ɛtɔ da a na yesua adeɛ nnɔnhwere nwɔtwe. Ná ɛha m’awofo sɛ meresua Bible no, enti wɔtan m’ani denneennen. Nanso bere biara a mesua adeɛ awie no, na mihu paa sɛ nokware no ara ni. Mebɔɔ asu afe 1983.

MIGYAEE SUAPƆN BƐYƐƐ DAA KWAMPAEFO

Bere a mebɔɔ asu no, na mekɔ suapɔn bi a agye din, na na meresua adeɛ abɛyɛ dɔkta. Ná m’awofo de nneɛma pii abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a metumi abɛyɛ dɔkta. Ná anka metumi atoa m’adesua so wɔ suapɔn hɔ, nanso na mepɛ sɛ mede me bere nyinaa som Yehowa na meyɛ nea metumi nyinaa wɔ ne som mu.

Me papa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ wunnim na wugyae suapɔn no, ɛnneɛ worensene fie ha!” Me werɛ hoe na m’adwene tu frae. Ná medɔ m’awofo, na na mempɛ sɛ mɛyɛ biribi a ɛbɛha wɔn. Enti na metaa kɔ sukuu mu hɔ anadwo kɔpɛ abɔnten baabi tena su gu Yehowa so sɛ: “Mesrɛ wo, boa me ma minsi gyinae pa.” Ewiee ase no, misii gyinae sɛ megyae suapɔn, enti me papa ka kyerɛɛ me sɛ mintu mfi fie hɔ. Mefrɛɛ Wilson kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ no, na ɔkaa sɛ me ne no mmɛtena. Mesesaa me nneɛma nyinaa guu bag baako mu, na mekɔfaa bɔs de m’ani kyerɛɛ Wilson fie. Prɛko pɛ, metee nka sɛ me ho adwo me paa. Mihui sɛ masi gyinae pa.

Ná mayɛ sɛ anomaa a wɔayi no afi ne buo mu. Afei deɛ, na metumi de me bere nyinaa asom Yehowa. Enti mifii akwampae adwuma ase afe 1984.

Bere a na meyɛ daa kwampaefo no, Yehowa boaa me ma minyaa suban pa pii; ebi ne animia. Da bi, na m’abam abu efisɛ na merennya obiara a me ne no bɛkɔ asɛnka awia, enti na mempɛ sɛ mɛkɔ. Nanso mimiaa m’ani kɔe. Bɛyɛ nnɔnhwere mmienu akyi no, mekɔɔ fie bi mu; na ɛyɛ aborosan, na meyɛe sɛ mifi hɔ pɛ mɛpɔn. Adeɛ yi na mabrɛ, na na mayɛ ankonam. Afei nso, asɛ nsuo nya a, na ɛbɛtɔ. Enti na minhu sɛ mentoa so anaa minnyae. Meforoo aborosan no ara a, menkɔhwɛ a aberante bi a ofi Philippines na ogyina hɔ yi. Nea mekaa wɔ me tirim ara ne sɛ, ‘Wei deɛ sɛ ɔrentie.’ Sɛɛ na ɛnte saa koraa! Me ne no fii ase suaa adeɛ, na asɛm nwanwaa, ɔbɛyɛɛ me nua Yehowa Danseni.

MISUAA NNEƐMA PII WƆ BROOKLYN BETEL

Mekɔtenaa Wilson nkyɛn mfe mmienu akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel afe 1985. Sɛnea merefi m’asɛm no ase mekae no, wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔpam nwoma. Da koro, na mede afidie a wɔde tworɔ nwoma asɛmti gu nwoma akyi no reyɛ adwuma, na midii mfomso maa nwoma nnuraho bebree sɛee. Anuanom a me ne wɔn yɛ adwuma no ka kyerɛɛ me sɛ menka nea asi no nkyerɛ onua a ɔhwɛ saa dwumadibea no so no. Mekɔe no, mekyerɛkyerɛɛ biribiara mu, nanso ɛkaa adeɛ baako a manyɛ. Onua a ɔhwɛ dwumadibea no so no kaa no nidi mu kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ woyɛ biribi na ankɔ yie a, kae sɛ wobɛpa kyɛw.” Saa da no misuae sɛ, sɛ midi mfomso a, ɛsɛ sɛ migye tom na mepa kyɛw.

Ken wɔ baabi a wɔpam nwoma wɔ Brooklyn Betel, na okura ade a wɔde yɛ nwoma nnuraho.

Ebinom rebɛhwɛ Brooklyn Betel, na merekyerɛ wɔn nea ɛkɔ so wɔ baabi a yɛpam nwoma

Betel abusua no mufo a na wɔn ani afi a wɔde nokwaredi resom Yehowa no, sɛnea na wɔsi som afoforo no, misuaa biribi fii mu. Da koro awia bi a yɛrekodidi no, na me ne Onua Milton Henschel a na ɔka Akwankyerɛ Kuw no ho te pon baako ho. Saa da no, dan no mu yɛɛ ma paa, na anuanom a na wɔrekyɛ aduane no, sɛ́ wɔredi akɔneaba ara ni. Yɛn mmerante a na yɛte pon no ho deɛ, na yɛrekasakasa hyɛ yɛn hwenem sɛ anuanom a wɔrekyɛ aduane no ho nyɛ ha. Onua Henschel anka hwee; nea yehui ara ne sɛ wasɔre di anuanom a wɔrekyɛ aduane no akyi, na ɔno nso rekyɛ nsuo, paanoo ne bɔta. Sɛnea Onua Henschel brɛɛ ne ho ase som ne nuanom no, atena me tirim de besi nnɛ; ɛkae me sɛnea Yesu nso som n’asomafo no.—Yoh. 13:​3-5.

“ƐSƐ SƐ WUSUA JAPAN KASA!”

Me ne Michiko Oda ne ne kunu

Afe 1987 mu no, mekɔɔ Japan, na nsi ne ahokeka ne ahobrɛase a na anuanom de resom wɔ hɔ no yɛɛ me fɛ paa. Ná mepɛ sɛ meboa wɔn, nanso na me haw ne sɛ, na mente Japan kasa. Onuawa bi a ɔwɔ Betel a ne din de Michiko Oda hwɛɛ m’anim ka kyerɛɛ me pen sɛ, “Ɛsɛ sɛ wusua Japan kasa!” Na saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe. Ná minnim sɛ onuawa no afotu no bɛsesa m’abrabɔ.

Abosome kakra akyi no, mekɔɔ asafo a wɔde Japan kasa yɛ adesua mu wɔ New York. Japan kasa a na meresua no ma minyaa hokwan pii de som Yehowa Nyankopɔn. Afe 1989 mu no, mekɔɔ nhyiam bi wɔ Los Angeles, California. Ɛno ne nhyiam a edi kan a mekɔe wɔ Japan kasa mu. Drama a wɔyɛe wɔ nhyiam no ase no, na onuawa kwampaefo bi wom a ne din de Miwako Onami, na m’ani bɛgyee ne ho.

Me ne Miwako waree afe 1992 mu, na yenyaa hokwan boom somee wɔ Brooklyn Betel. Miwako dwen nnipa ho paa, na daa ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi boa afoforɔ. Ne suban pa no aboa me ama mahu sɛnea ɛsɛ me ne nnipa tena yie. Miwako deɛ, Yehowa na ɔde no akyɛ me, daa ɔma m’ani gye, na ɔma me koma tɔ me yam.

Ken ne Miwako Kiuchi ayeforohyia da.

Ɛda a yehyiaa ayeforo

YƐKƆƆ JAPAN BETEL, NA AKYIRI YI YƐKƆYƐƐ AKWAMPAEFO TITIRIW

Mfe bi akyi no, Miwako awofo a na wɔte Japan yaree denneennen. Enti anuanom a ɛwɔ Brooklyn Betel no kaa sɛ yebetumi akɔyɛ adwuma wɔ Japan Betel, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɛn Miwako awofo na yɛahwɛ wɔn. Enti yetu kɔɔ hɔ afe 1999.

Yɛkɔɔ Japan Betel no, ankyɛ koraa na anuanom a ɛwɔ hɔ no maa yɛn ani kae. Anuanom a na wɔwɔ Japan no, na wɔn yam ye na na wɔbue wɔn nsam nso. Ɛno kaa me paa, enti misuasuaa wɔn. Sɛ ɛba wɔn adwumayɛ nso a, wɔmfa nni agorɔ. Wɔreyɛ adwuma nso a, wɔbom na ɛyɛ. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ, Japanfo amammerɛ kyerɛ sɛ, sɛ nnipa dodoɔ bom yɛ adwuma a, mfaso wɔ so sen sɛ baakofo bɛte ne ho ayɛ adwuma de apɛ anuonyam ama ne ho. Wɔn nhwɛso pa no ma mihui paa sɛ, ɛsɛ sɛ mebrɛ me ho ase na me ne afoforɔ bom yɛ adwuma. Afei nso ɛma mihui sɛ, kakra biara a metumi ayɛ no, ɛboa ma Yehowa atirimpɔ ba mu.

Nanso esiane sɛ ɛsono baabi a wɔtetee me nti, sɛnea wɔyɛ nneɛma bi no, ɛtɔ da a na me ne wɔn nyɛ adwene. Enti na ɛsɛ sɛ misua sɛnea menya nneɛma ho aboterɛ. Enti eduu baabi no, meyɛɛ m’adwene yie. Mibehui sɛ, gyinae biara a yebesi no, Yehowa betumi ahyira so; nea ehia ara ne sɛ yebetie akwankyerɛ a asafo no de ma. Adeɛ yi, biribiara a yɛbɛyɛ no, sɛ Yehowa nsa nnim a, ɛrennyɛ yie.

Sɛnea Betel tetee me no, da biara mede toto ntetee a odiyifo Mose nyae no ho. Mfe 40 na Mose de yɛɛ odwanhwɛfo, na saa bere no nyinaa Yehowa boaa no ma onyaa ahobrɛase. M’asɛm no ayɛ sɛ Mose; suapɔn kakra a mekɔe no nti, na migye me ho di na mebɛyɛɛ ahomaso. Nanso Betel kyerɛɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mebrɛ me ho ase na mede me ho to Yehowa so. Sɛnea Yehowa nyaa Mose ho aboterɛ na ɔtetee no no, me nso mfe a abɛsen kɔ yi, Yehowa anya me ho aboterɛ na watete me.

Ken te ne ɔfese.

Mereyɛ adwuma wɔ Japan Betel

Yɛde bɛyɛ mfe 24 na ɛhwɛɛ Miwako awofo kosii sɛ wɔwui. Ná yɛyɛ kɔɔl bebree, yedi ayaresabea akɔneaba, ɛtɔ da nso a, ayamhyehye nko ara. Miwako maame Masako yare no mu yɛɛ den ara ma, na ɛyɛ den sɛ ɔbɛsɔre anante mpo. Ná ɛnyɛ mmerɛ mma Masako sɛ ɔbɛkɔ adesua ne asɛnka. Aka nnawɔtwe kakra ama no awu mpo deɛ, na ɔte mmubuafo akonnwa mu. Nanso ɔhaw yi nyinaa akyi no, ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no ankɔ fam da. Bere biara a ɔbɛka nokware no ho asɛm no, wuhu sɛ n’ani agye. Masako yɛ obi a na n’ani sɔ nea ɔwɔ paa. Afei nso, ɔhaw a ohyiae nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so ara de anigye som Yehowa. Wei yɛ biribi a mepɛ sɛ misua.

Ken ne Miwako wɔ baabi a wɔyɛ akwampaefo titiriw.

Me ne Miwako reyɛ asɛnka adwuma no wɔ Okinawa

Afe 2024 mu no, nsakrae kɛse bi baa yɛn asetena mu. Ná yɛasom wɔ Betel bɛboro mfe 30, na asafo kaa sɛ yɛnkɔyɛ akwampaefo titiriw. Enti seesei, yɛresom wɔ Okinawa supɔ so, na yɛanya hokwan redi mmusua mmusua a ɛtete asogyafo atenae a ɛbɛn ha no adanse. Ntetee a yenyae wɔ Betel no boaa yɛn paa, enti bere a wɔkaa sɛ yɛnkɔyɛ akwampaefo titiriw no, yɛammrɛ. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe pa na yɛde yɛn bere adi dwuma yie, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no. Yehowa adom yɛn ma yɛanya Bible asuafo a yɛne wɔn ayɛ sɛ abusua. Seesei, yɛahu paa sɛ adeɛ a ɛho hia kɛse ne sɛ, yɛbɛdɔ nnipa. Da biara me ne Miwako da Yehowa ase sɛ ɔde adwuma a ɛte sɛɛ ahyɛ yɛn nsa.

MASI ME BO SƐ MƐMA YEHOWA AKƆ SO ATETE ME

Ɛwom, m’abusuafo nsɔre ntia me bio, nso wɔn mu biara mmɛkaa me ho wɔ nokware no mu. Yesu kaa sɛ, obiara a obegya n’abusua hɔ abɛyɛ ne suani no, seesei mpo obenya abusua mmɔho 100. (Mar. 10:​29, 30) M’ankasa mahu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware paa. Anuanom a manya wɔ aman ahoroɔ so a wɔde me ayɛ wɔn abusua, na wɔdɔ me na wɔdwen me ho no, merentumi nkan mpo.

Nokware nwoma a Wilson de maa me no, ɛda so ara wɔ hɔ. Saa nwoma no, sɛ m’ani bɔ so biara a, ɛkae me ɔkwan a Yehowa faa so boaa me ma mihuu no. (1 Be. 28:9) Masi me bo sɛ mɛma Yehowa akɔ so atete me, na maboa afoforɔ ama wɔahu nokware no na wɔanya daa nkwa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena