Yɛ Ntɛm Na Wo Ne Wo Nua No Nsiesie Mo Ntam!
WO NUA Yehowa Danseni bi ayɛ biribi ama aha wo, na ama seesei mo ntam asɛe anaa? Sɛ saa a, ntenatena ho koraa; wo ne wo nua no nsiesie mo ntam na asomdwoe mmra.a
Yɛbɛyɛ mfatoho a, sɛ obi dompe mu bu a, ɛsɛ sɛ okohu dɔkta ma ɔka si anim sɛnea ɛbɛyɛ a nkakrankakra nipa no dompe no bɛtoa. Sɛ onipa no tenatena ho na wankohu dɔkta a, yaw no rennyae, na anhwɛ a dompe no ntumi ntoa da.
Sɛnea sɛ obi dompe mu bu a, ntɛm paa ara okohu dɔkta ma ɔka si anim ma no no, yɛn nso sɛ yɛne yɛn nua Kristoni bi nya asɛm a, ɛsɛ sɛ yesiesie no ntɛm paa ara. Sɛ yɛanyɛ saa a, yaw a yɛredi no remfi hɔ, na anhwɛ a yɛde ne ho abufuo bɛhyɛ yɛn mu na ebewie ase no, na yɛne no ntam asɛe koraa. Yesu tuu yɛn fo sɛ, sɛ yɛne obi wɔ asɛm a ‘yɛne ne no nsiesie no ntɛm.’ (Mat. 5:25) Enti sɛ wo ne wo nua bi wɔ asɛm a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no nkɔka ho asɛm bɔkɔɔ. Nanso wei yɛ nna fam. Wo deɛ, ma yɛnhwɛ nneɛma mmienu bi nti a yɛreka saa.
Nea edi kan, ebia wompɛ sɛ nea asi no, wobɛkɔ akɔfa ho asɛm aba na kampɛsɛ moasiesie. Enti ɛbɛyɛ wo sɛ bu w’ani gu so.b Yɛnhwɛ Euodia ne Sintike; ɛbɛyɛ sɛ mente-me-ho-ase bi baa wɔn ntam a wɔansiesie. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a na ɛwɔ wɔn ntam no tenaa hɔ kyɛe, efisɛ ɔsomafo Paul a na ɔwɔ Roma tɔnn no mpo tee ho asɛm. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden nsiesie wɔn ntam na wɔnsan nyɛ baako. (Filip. 4:2) Sɛ na wɔbetumi asan ayɛ nnamfo bio a, na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara nya ahobrɛase, obiara fi ne komam ne ne yɔnko kasa, na obiara de ne yɔnko bɔne kyɛ no.
Nea ɛtɔ so mmienu, ebia na wote nka sɛ wo nua no mmom na edi fɔ, enti ɛsɛ sɛ ɔbɛpa wo kyɛw. Nanso ɛnyɛ nea n’asɛm yɛ dɛ na ehia, mmom nea ehia ne sɛ mo ntam bɛsan ayɛ kama. Dɔkta a ɔrehwɛ obi a ne dompe mu abu no, nea ehia no paa ne sɛ dompe no bɛtoa, na ɛnyɛ nea ɛmaa dompe no mu bui na ɔde n’adwene besi so. Enti sɛ wo ne wo nua no rekɔkasa a, ɛnyɛ afei na worekɔkyerɛ nea odi fɔ anaa nea odi bem. Mmom, kae sɛnea wo ne wo nua no adamfofa no som bo, na yɛ nea ehia sɛ woyɛ biara na ama mo ntam asan ayɛ kama.
Sɛ wo nua Kristoni bi ayɛ adeɛ ama aha wo a, adɛn nti na wo ne no nkosiesie mo ntam anim-anim yi ara? Bible ka sɛ: “Mommma abufuw no nntena hɔ nnkosi sɛ owia bɛtɔ.” (Efe. 4:26) Sɛ woyɛ nea wubetumi biara ne wo nua no siesie mo ntam a, wobɛboa ma ‘asomdwoe a aka yɛn abom no’ atena hɔ daa.—Efe. 4:1-3.
a Sɛ nsɛmnsɛm nketenkete bi sɔre wɔ yɛne yɛn nua bi ntam a, ɛsɛ sɛ yɛne ɔno nko ara ka ho asɛm, na yeyi yɛn yam de kyɛ no koraa. (Mat. 5:23, 24) Nanso sɛ ɔyɛ yɛn bɔne kɛse bi a, ebia ebehia sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ. (Mat. 18:17) Ansa na yɛbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yedi kan de asɛm a ɛwɔ Mateo 18:15, 16 no yɛ adwuma. Sɛ ɛno anyɛ yie a, afei yebetumi ahwehwɛ mmoa afi asafo mu mpanyimfo no hɔ.
b Sɛ wo nua Kristoni bi yɛ biribi ma no ha wo, na sɛ ɛnhyɛ da nyɛ asɛm kɛse biara a, wubetumi abu w’ani agu so.—Mmeb. 26:20