Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 July kr. 20-25
  • Boa Afoforɔ Ma Wɔnhu Yehowa Yie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforɔ Ma Wɔnhu Yehowa Yie
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BOA OSUANI NO MA ONHU YEHOWA YIE
  • BOA WO BIBLE SUANI MA ONHU SƐNEA YEHOWA TE
  • BOA WO BIBLE SUANI NA ƆMFA NEA ƆRESUA NO NYƐ ADWUMA
  • NHYIRA A WƆN A WƆHU YEHOWA YIE NO NYA
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnso Nokware No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 July kr. 20-25

SEPTEMBER 28–OCTOBER 4, 2026

DWOM 79 Boa Ma Wɔnnyina Hɔ Pintinn

Boa Afoforɔ Ma Wɔnhu Yehowa Yie

“Sɛ obi benya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ohu wo a woyɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ no.”—YOH. 17:3.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea wobɛboa wo Bible suani ama no ahu Yehowa, ne suban, ne nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ.

1. Sɛ wuhu sɛ wo Bible suani bi renya nkɔso a, sɛn na wote nka?

SƐ WO Bible suani bi fi ase ba adesua, ofi ase ma mmuae, ɔka nea ɔresua no bi kyerɛ afoforɔ na osi gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu a, sɛn na wote nka? Ɛba saa a, ɛma w’ani gye! Nanso yenim sɛ, sɛ yɛn Bible suani bi nya nkɔso a ɛte saa a, ɛnyɛ yɛn ahoɔden, na mmom ɛyɛ Yehowa mmoa so. Sɛ yehu sɛ obi ase retim wɔ nokware no mu a, ɛho ayeyi nyinaa, yɛde ma Yehowa.—1 Kor. 3:​5-9; 3 Yoh. 3, 4.

2. Yehowa koma so adeɛ ne sɛn? (1 Timoteo 2:​3, 4)

2 Onyankopɔn koma so adeɛ ne sɛ ‘obegye nnipa ahorow nyinaa na wɔanya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.’ (Kenkan 1 Timoteo 2:​3, 4.) Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo hu no. Ɛnyɛ ɛno nko, biribiara a wɔabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adasamma nso, ɔpɛ sɛ nnipa hu. (Yer. 9:24) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu. Ɛnneɛ yemmisa sɛ, sɛ yɛka sɛ obi wɔ nokware no ho nimdeɛ a edi mu a, ɛkyerɛ sɛn? Bible ho ɔbenfo bi kyerɛɛ mu sɛ, sɛ obi wɔ nokware no ho nimdeɛ a edi mu a, ɛnyɛ sɛ ɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ ara kɛkɛ, na mmom ɔma Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɔwɔ no kyerɛ no kwan wɔ n’abrabɔ mu. Enti sɛ Bible suani bi hu Yehowa a, nimdeɛ a onya no, ɔma ɛsesa n’abrabɔ, na ɛma onya anidaso sɛ obetumi anya “daa nkwa.”—Yoh. 17:3.

3. Dɛn na yebesusu ho wɔ adesua yi mu?

3 Yehowa adom yɛn paa; wama yɛn hokwan sɛ yɛmmoa afoforɔ ma wɔmmehu no. Adesua yi mu no, yebesusu nsɛmmisa yi ho. Nea edi kan, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Bible asuafo hu Yehowa yie? Nea ɛtɔ so mmienu, yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible asuafo ama wɔahu sɛnea Yehowa te? Nea etwa to, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔde nea wɔresua no ayɛ adwuma wɔ wɔn asetena mu?

BOA OSUANI NO MA ONHU YEHOWA YIE

4. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Marko 12:30 no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu bere a yɛne obi resua Bible?

4 Yesu kaa sɛ, ahyɛde no mu nea ɛso paa ne sɛ, obi de ne koma nyinaa, ne kra nyinaa, n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa. (Kenkan Marko 12:30.) Sɛ Bible suani bi betumi adɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ odi kan hu Yehowa ansa. Enti yɛn Bible asuafo no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa na ɛka wɔn ma wɔhyira wɔn ho so bɔ asu, na ɛnyɛ yɛn nkyerɛkyerɛ bi a wɔn ani gye ho, anaa pɛ a wɔpɛ yɛn asɛm ara nti. Ɛno nti, sɛ yɛne obi resua Bible a, adeɛ a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu paa ne sɛ, yɛbɛboa onipa no ama wahu Yehowa na wadɔ no.

5. Sɛ wo Bible suani nya Yehowa ho dɔ a, ɛbɛka no ama wayɛ dɛn?

5 Ɔdɔ wɔ hɔ yi, ɛne osetie na ɛnam; sɛ wodɔ obi a wutie n’asɛm. Enti sɛ wo Bible suani nya behu Yehowa na onya ɔdɔ ma no a, ɛnyɛ obi koraa na ɔbɛka akyerɛ no sɛ ontie no. Yesu kaa sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wiase no ahu sɛ medɔ Agya no, nea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, ɛno ara na mereyɛ.” (Yoh. 14:31) Yɛn Bible asuafo nso saa; sɛ wɔnya bɛdɔ Yehowa kyɛn biribiara wɔ wɔn asetena mu a, wɔbetie Yehowa, na wowae wɔn fi Yehowa ho koraa a wɔrenwae.—1 Yoh. 5:3.

6. Sɛ Bible suani bi hu Yehowa yie a, ɛbɛboa no sɛn? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

6 Sɛ Bible suani bi hu Yehowa yie a, ɛrenyɛ den mma no sɛ obesisi gyinae a ɛne Yehowa adwene hyia. Wo deɛ, yɛnhwɛ mfatoho bi. Sɛ obi pɛ sɛ osua kar twi a, ɛnyɛ sɛ ohuu mmara a ɛfa karka ho ara na wahu twi, anaasɛ ɔde n’ani hwɛ obi a ɔretwi kar a, ɛno ara bɛma no ahu twi. Mmom, ɛsɛ sɛ ɔtena stia akyi na ɔtaa de fa kwan so. Ɛno bɛma wahyia tebea ahorow ahorow, na wahu nea ɔbɛyɛ wɔ emu biara mu. Yɛn Bible asuafo nso, ɛnyɛ sɛ yɛne wɔn resua Bible ara nti, ɛkyerɛ sɛ wɔnim Yehowa. Mmom nea yɛne wɔn resua no, sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ wɔn abrabɔ mu, na wɔhu mfaso a ɛwɔ so a, ɛno bɛma wahu Yehowa yie. Sɛ wɔkɔ so nya Yehowa ho nimdeɛ, na wɔhu sɛnea ɔreboa wɔn wɔ asetena mu a, ɛbɛboa wɔn ama wɔasisi gyinae pa.

7. Esiane sɛ na Yosef nim Yehowa yie nti, ɛboaa no sɛn?

7 Yɛhwɛ Yosef sei a, esiane sɛ na onim Yehowa yie nti, bere a Potifar yere pɛe sɛ ɔne no da no, ɛboaa no. Yosef yɛ abofra no, ɛnyɛ dɛn ara a na wate Adam ne Hawa ne Abraham ne Sara ho asɛm. (Gen. 2:24; 20:​3, 6) Wei nti, na Yosef nim Yehowa adwene wɔ aware ne ɔbarima ne ɔbea nna ho. Nim a na Yosef nim Yehowa yie nti, bere a Potifar yere kaa sɛ ɔne no mmɛda no, wampene so. Mmom Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” (Gen. 39:​7-9) Ná Yosef nim Yehowa adwene enti na onim nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ; na onim nea ɔyɛ a, ɛbɛma Yehowa adi yaw. Ɛno nti, Yosef sii gyinae pa. Saa na yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔhu Yehowa yie, na wɔhu sɛnea ɔte. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn ma wɔasisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani.

BOA WO BIBLE SUANI MA ONHU SƐNEA YEHOWA TE

8. Wobɛyɛ dɛn de Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no aboa wo Bible suani ama wahu sɛnea Yehowa te?

8 Wobɛyɛ dɛn aboa wo Bible suani ama no ahu sɛnea Yehowa te? Bere a na Yehowa pɛ sɛ ɔma Hiob hu sɛnea ɔte no, ɔde nsɛmmisa na edii dwuma. Yehowa bisaa Hiob nsɛm bɛboro 50. (Hiob 38:1–41:34) Yɛn nso, sɛ yɛne yɛn Bible asuafo resua ade a, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛmmisa di dwuma. Sɛ wohwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no sei a, nsɛmmisa a ɛwom no, nea enti a wɔyɛe ne sɛ ɛbɛboa Bible asuafo ama wɔasua nneɛma pii afa Yehowa ho, na wɔahu sɛnea ɔte. (Hwɛ adaka a yɛato din “Nsɛmmisa a Ɛboa Ma Yetumi Kyerɛkyerɛ Yie” no.) Enti sɛ moresua nwoma no a, saa nsɛmmisa no, ɛyɛ a fa di dwuma. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo suani no ama wahu sɛnea Yehowa te.

Onuawa bi ne ne Bible suani resua Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no adesua a ɛtɔ so 17, na ne suani no rema asɛmmisa bi ho mmuae.

Nsɛmmisa a Ɛboa Ma Yetumi Kyerɛkyerɛ Yie

Nsɛmmisa bebree wɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no mu, na ebetumi aboa wo Bible asuafo ma wɔahu Yehowa yie. Emu bi ne:

  • “Wɔn a wɔka asɛmpa no, Yehowa hu wɔn sɛn?” (adesua 21)

  • “Wohwɛ nea woasua afa Yehowa ne Yesu ho no a, wohwɛ a, sɛ wɔrebu nnipa atɛn a, wobebu atɛnkyea anaa wobebu atɛntrenee? Adɛn nti na woreka saa?” (adesua 33)

  • “Sɛ wutie Yehowa na woyɛ w’adeɛ nyansam a, ɛma ɔte nka sɛn? Adɛn ntia?” (adesua 34)

  • “Sɛ yɛware obi a ɔnnɔ Yehowa a, wohwɛ a Yehowa bɛte nka sɛn?” (adesua 42)

  • “Dɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu a ɛma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, na ɔde akyɛ?” (adesua 56)

  • “Sɛn na Yehowa ne abɔnefo di a ɛma yehu sɛ ɔte asɛm ase, ɔwɔ mmɔborɔhunu, na ɔwɔ ɔdɔ nso?” (adesua 57)

9-10. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔanya wɔn Bible akenkan so mfaso paa? (Yakobo 5:11) (b) Sɛnea Bible mu asɛm bi ma yehu nea Yehowa ani gye ho ne nea n’ani nnye ho no, ma ho nhwɛso.

9 Sɛ yefi ase ne obi sua adeɛ a, ntɛm pa ara ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan Bible da biara.a Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔanya wɔn Bible akenkan so mfaso paa? Yebetumi ama wɔahu sɛ, sɛ wɔkenkan Bible mu asɛm bi wie a, wɔbetumi abisa wɔn ho sɛ, ‘Adɛn nti koraa na Yehowa ma wɔde saa asɛm yi baa Bible mu?’ ‘Yehowa suban bɛn na saa asɛm yi ma mihu?’ Ɔsomafo Yakobo ayɛ wei ho nhwɛso. Bere a ɔreka Hiob ho asɛm no, ɛnyɛ sɛnea Hiob miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ mu nko ara na ɔkae, na mmom ɔkaa Yehowa suban nso ho asɛm. Ɔkaa sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.—Kenkan Yakobo 5:11.

10 Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔhu sɛnea Bible mu asɛm bi betumi ama wɔahu nea Yehowa ani gye ho ne nea n’ani nnye ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa no sɛ wo Bible suani bi rehwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no mu, ɔfã a yɛato din “Kenkan Bible Da Biara” no, na ɔpɛ sɛ ɔkenkan bere a wɔde Daniel kɔtoo gyata amena mu no ho asɛm. Biribi saa no, wubetumi ahyɛ no nkuran sɛ, ɔndwendwen nsɛmmisa bi sei ho: ‘Adɛn nti na Yehowa twitwa gyee Daniel? Sɛn na saa asɛm yi ma mihu nea ɛma Yehowa ani gye?’ (Daniel 6:​10, 22) Obetumi asan abisa ne ho sɛ: ‘Mmarima a wɔde asɛm too Daniel so no, dɛn na ɛtoo wɔn? Nneɛma a Yehowa ani nnye ho bɛn na saa asɛm yi ma mihu?’ (Daniel 6:​4, 5, 24) Afei nso, obetumi abisa ne ho sɛ, Yehowa suban foforɔ bɛn na saa asɛm yi ma mihu?—Dan. 6:​26, 27.

11. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible suani bi ama no ahu sɛ nea yɛne no resua no fi Yehowa hɔ?

11 Sɛ yɛn Bible suani bi ma yehu sɛ, nea yɛne no resua no reboa no wɔ abrabɔ mu a, ɛma yɛn ani gye paa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛma no hu sɛ, Yehowa a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no, ɔno na nea ɔresua no nyinaa fi ne hɔ. (Yes. 30:​20, 21) Ɛtɔ da a, yɛn Bible suani bi betumi akamfo yɛn na ebia ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ no no deɛ, n’ani gye ho. Ɛwom, onipa yɛ ade a ɔsɛ ayeyi, nanso ɛsɛ sɛ yɛma no hu sɛ, sɛ ɔwɔ aseda bi a, ɛyɛ Yehowa na ɛsɛ fata no.

BOA WO BIBLE SUANI NA ƆMFA NEA ƆRESUA NO NYƐ ADWUMA

12-13. Sɛ wo Bible suani kenkan Bible mu asɛm bi na ɔnte ase a, wobɛyɛ dɛn aboa no? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Sɛ wo Bible suani betumi ahu mfaso a ɛwɔ nea ɔresua no so a, gye sɛ ɔde yɛ adwuma. Ɛnneɛ, wobɛyɛ dɛn aboa no ama watumi de nea ɔresua no ayɛ adwuma? Nea edi kan, sɛ ɔkenkan Bible mu asɛm bi na ɔnte ase a, nea onim fa Yehowa ho dada no, boa no ma ɔndwendwen ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wo suani no akan biribi afa Yehowa atemmu ho, na ɔredwen ho sɛ adɛn nti na ebinom wɔ hɔ a, Yehowa sɛee wɔn, na ebinom nso deɛ wanyɛ wɔn hwee. Sɛ wo Bible suani hyia tebea bi sei a, wobɛyɛ dɛn aboa no ama wate ase?

13 Wubetumi ahyɛ no nkuran sɛ, nea onim fa Yehowa ho dada no, ɔndwendwen ho. Obetumi abisa ne ho sɛ, sɛn na Yehowa bu nkwa? (2 Pet. 3:9) Ɛwom sɛ yɛyɛ abɔnefo, nanso dɛn na Yehowa ayɛ a ɔde bɛgye yɛn? (Efe. 2:​4, 5) Yehowa bɛtwe obi a ne ho nni asɛm aso? Anaasɛ, sɛ obi fata asotwe a, ɔbɛma nipa no afa ne ho adi anaa? (Ex. 34:​6, 7) Nsɛm bi wɔ hɔ a, Bible no nhyɛ da nkyerɛkyerɛ mu mma yenhu nea enti a Yehowa sii gyinae bi. Nanso yenhia nkyerɛkyerɛmu biara. Efisɛ yenim Onyankopɔn a yɛresom no no, na yenim sɛ ɔyɛ nea ɛtene bere nyinaa.

Mfoni: Onuawa koro no ara reboa ne Bible suani no ma wadwendwen nea wasua dada no ho. 1. Yehowa te n’ahennwa so wɔ soro. 2. Adam ne Hawa ate aduaba a Yehowa abara no, na wɔpɛ sɛ wɔdi. 3. Obi de ne nantin repɛkyɛ ɔwɔ no ti. 4. Nsuyiri no aba na Noa adaka no tɛn nsuo no ani. 5. Mose ama Ɛpo Kɔkɔɔ no mu apae. 6. Yeriko afasu no adwiri agu na Rahab fie no deɛ annwiri. 7. Ebed-Melek reyi Yeremia afi abura bi mu. 8. Wɔabɔ Yesu asɛndua mu.

Boa wo Bible suani ma onhu sɛ, sɛ ɔkenkan Bible mu asɛm bi na ɔnte ase a, nea onim fa Yehowa ho dada no, ɔndwendwen ho (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)


14. Sɛ onua bi yɛ biribi ma ɛha wo suani no a, wobɛyɛ dɛn aboa no?

14 Yɛnhwɛ ɔkwan a ɛtɔ so mmienu a wo suani no betumi afa so de Yehowa ho adeɛ a ɔresua no ayɛ adwuma. Yɛmfa no sɛ wo suani no afi ase reba adesua, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛbɛn onua bi. Ebia onua no ayɛ biribi ama aha no. Sɛ saa a, sɛnea Yehowa hu yɛn nuanom Kristofo no, boa wo suani no ma onhu wɔn saa. Obetumi abisa ne ho sɛ: ‘Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn nuanom yi nti, dɛn na ɔde abɔ afɔre ama wɔn? (Yoh. 3:16) Baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no, sɛn na Yehowa hu no? (Dw. 133:1) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara de abɔ baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no ho ban a, sɛn na ɔte nka?’ (2 Kor. 13:11) Boa wo Bible suani no ma onhu sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si suban pa a afoforɔ wɔ so, na ɛnyɛ wɔn sintɔ. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa ani agye.

15-16. (a) Sɛ ɛsɛ sɛ Bible suani bi si gyinae kɛse bi a, sɛn na obetumi asuasua Yesu? (Yohane 8:29) (b) Dɛn na Marianne yɛe de boa ne Bible suani ma osii gyinae pa? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Ade a etwa to a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛboa wo Bible suani no ma ɔde nea ɔresua no asisi gyinae pa. Adesua a ɛtɔ so 35 a ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no mu no, wubetumi atwe n’adwene asi so; n’asɛmti ne “Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa.” Nanso yɛmfa no sɛ wo suani no abɔ asɛm no ho mpae, ayɛ nhwehwɛmu biara a ɛsɛ sɛ ɔyɛ, nanso ɛyɛ den ma no sɛ obesi gyinae. Ebia ɔnhyɛ da nhu Bible mu nnyinasosɛm pɔtee a ɛfa n’asɛm no ho. Biribi saa no, wubetumi ahyɛ no nkuran sɛ ɔnhwɛ nea ɛboaa Yesu ma otumi sisii gyinae pa. Dɛn na ɛboaa Yesu? Ɔkaa sɛ: ‘Daa meyɛ nea ɛsɔ m’Agya ani.’ (Kenkan Yohane 8:29.) Wubetumi ahyɛ wo suani no nkuran sɛ ommisa ne ho sɛ: ‘Sɛ mehwɛ nneɛma a masua afa Yehowa ho, ne nhwehwɛmu a mayɛ yi nyinaa a, gyinae bɛn na misi a ɛbɛma Yehowa ani agye?’ Kae sɛ, sɛ osi gyinae a ɛbɛma Yehowa ani agye a, ɛno na ɛyɛ gyinae pa.

16 Yɛnhwɛ ɔbaa bi a na ɔne anuanom sua adeɛ wɔ Chile; na ɛsɛ sɛ osi gyinae kɛse bi wɔ n’asetena mu. Ná n’abusuafo pɛ sɛ ɔkɔyɛ adwuma bi a ɛbɛma wanya sika paa, nanso na ɛremma ontumi nkɔ adesua daa. Onuawa a na ɔne no sua adeɛ a wɔfrɛ no Marianne kyerɛɛ mu sɛ: “Mema ohui sɛ gyinae a obesi no, ebetumi ama Yehowa ani agye anaa ne werɛ aho. Enti ɔnto ne bo ase nnwen ho yie paa. Afei nso, mehyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa ne haw no nto Yehowa anim, na ɔnhwɛ ɔkwan a Yehowa bɛfa so abua ne mpaebɔ no. Osii gyinae sɛ ɔrenyɛ saa adwuma no, na ankyɛ biara, onyaa adwuma a na ebetumi ama wakɔ adesua daa.” Momma yɛnhyɛ no nso sɛ, Marianne anka ankyerɛ ne suani no sɛ ɔnyɛ sei anaa sei, mmom nea ne suani no nim fa Yehowa ho dada no, ɔboaa no ma ɔdwendwen ho. Nea efi mu bae ne sɛ, ɛmaa osuani no ne Marianne ntam yɛɛ kama, na ɔne Yehowa ayɔnkofa mu nso yɛɛ den. Wo deɛ, tie nea Marianne ka faa ne suani no ho. Ɔkaa sɛ: “Me suani no abehu sɛ, sɛ yɛde Yehowa som di kan a, Yehowa nso bɛhwɛ yɛn.”

Adwumawura bi pɛ sɛ ɔma Bible suani bi adwuma, na ɔrema no krataa ne pɛn sɛ ɔmfa ne nsa nhyɛ ase nnye ntom, nanso Bible suani no reka akyerɛ no nidie mu sɛ ɔrenyɛ.

Boa wo Bible suani ma onsisi gyinae a Yehowa ani gye ho (Hwɛ nkyekyɛm 15-16)b


NHYIRA A WƆN A WƆHU YEHOWA YIE NO NYA

17. Ade a ɛho hia paa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔhu?

17 Sɛ yɛne nkurɔfo sua adeɛ a, yɛkyerɛ wɔn nneɛma bebree. Ebi ne Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw te sɛ, tebea a awufo wom, agyede no, ne Onyankopɔn Ahenni no. Yɛsan nso kyerɛ wɔn sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma wɔ asafo no mu. Ebi ne, nea ɛkɔ so wɔ yɛn adesua ase, adwuma a asafo mu mpanyimfo yɛ ne sɛnea Akwankyerɛ Kuw no di asafo no anim. Sɛ yeyi saa nneɛma a wɔbesua no to nkyɛn a, adeɛ a ɛho hia paa ne sɛ wɔbehu Yehowa yie.

18. Sɛ obi hu Yehowa yie a, nhyira bɛn na onya?

18 Yɛanya hokwan kɛse sɛ yɛbɛboa afoforɔ ma wɔahu Yehowa yie. Ɛnnɛ mpo, wɔn a wɔabehu Yehowa na wɔresom no no, anigye a wɔwɔ no, yɛrentumi mfa biribiara ntoto ho. (Dw. 25:​12-15) Daakye nso, wɔn a ‘wɔbenya Yehowa ho nimdeɛ’ no, wɔbɛtena ase afebɔɔ. (1 Yoh. 5:20) Nanso ɛnyɛ ɛno nko; Bible san ka kyerɛ yɛn sɛ, obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ obehu Yehowa na wadɔ no no, “ɔno nso nim no.” (1 Kor. 8:3) Nokwasɛm ne sɛ, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nim yɛn ampa, na obu yɛn sɛ ne nnamfo. Wei yɛ nhyira a ɛso bi nni a sɛ obi behu nokware Nyankopɔn no a, onya!

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Bible suani hu Yehowa yie?

  • Wobɛyɛ dɛn aboa wo Bible suani ma wahu sɛnea Yehowa te?

  • Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible asuafo ma wɔde nea wɔresua no ayɛ adwuma?

DWOM 84 Yɛbɛboa Adwuma No

a Hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no adesua a ɛtɔ so 05 no, ɔfã a yɛato din fa wei si w’ani so no. Ɛka sɛ: “Fa si w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible da biara. Ɔfã a yɛato din ‘Kenkan Bible Da Biara’ no, sɛ wudi akyi a, ɛbɛboa wo ama woatumi ayɛ saa.”

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea Marianne Bible suani no poo adwuma a na ɛbɛma wanya sika no ho ɔyɛkyerɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena