AUGUST 10-16, 2026
DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!
Sɛ Yehyia Sɔhwɛ a, Yɛbɛyɛ Dɛn Akɔ So Adi Yehowa Nokware?
“Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”—YOH. 6:68.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɔhwɛ biara a yebehyia no, sɛ ɛte sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, yebetumi akɔ so adi Yehowa nokware.
1-2. Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ Kapernaum no, asɛm bɛn na esii?
BERE bi, na Yesu rekyerɛkyerɛ asuafo bebree wɔ Kapernaum. Eduu baabi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moanni onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu. Obiara a odi me honam, na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no.” (Yoh. 6:53, 54) Bere a asuafo no tee saa asɛm no, wɔn mu bebree kaa sɛ: “Asɛm yi ano yɛ hyew; hena na obetumi atie?”—Yoh. 6:60.
2 Wɔn a asɛm no haw wɔn paa no gyaee Yesu akyi di. Wohwɛ a, gyidi a wɔnni nti na wɔyɛɛ saa anaa? Daabi. Efisɛ ansa na saa asɛm yi resi no, na Yesu ayɛ biribi. Nea ɔyɛe no maa asuafo no ho dwiriw wɔn ara ma wɔkaa sɛ: “Ampa, oyi ne Odiyifo a ɔreba wiase no.” (Yoh. 6:14) Enti ɛda adi sɛ na saa asuafo no gye Yesu di, nanso bere a biribi sɔɔ wɔn gyidi hwɛe no, wɔgyaee n’akyi di.
3. Asɛm a Yesu kae no, dɛn na asomafo no yɛe wɔ ho, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni no nso.)
3 Yesu asomafo no de, wɔkɔɔ so bataa ne ho. Yesu bisaa wɔn sɛ, wɔn nso pɛ sɛ wɔgyae n’akyi di anaa. Petro yii ano sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm. Yɛagye adi, na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no.” (Yoh. 6:68, 69) Ka a Yesu kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔdi ne honam na wɔnom ne mogya no, ɛbɛyɛ sɛ Petro ne asomafo a aka no ante ase papa, nanso wɔsii gyinae sɛ wɔbɛkɔ so adi Yesu akyi. Wohwɛ a, adɛn ntia? Efisɛ na wɔn adwene si wɔn pi sɛ Yesu ne “Kristo a Onyankopɔn asoma no no.”—Luka 9:20, 35.
Ɛwom sɛ asuafo no bebree gyaee Yesu akyi di, nanso Petro ne asomafo a aka no kɔɔ so dii Yesu akyi (Hwɛ nkyekyɛm 3)
4. Nneɛma bɛn saa na ebetumi asɔ yɛn ahwɛ?
4 Ɛwom sɛ yɛresom Yehowa, nanso nsɛm bi betumi asisi ama asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛnea yɛte Bible mu asɛm bi ase anaa sɛnea yɛyɛ asɛnka adwuma no, sɛ anuanom a wɔdi nneɛma anim no yɛ mu nsakrae a, ɛyɛ a yɛyɛ yɛn ade sɛn? Anaa sɛ yehyia ɔhaw bi a emu yɛ den paa a, anhwɛ a yɛbɛka sɛ, adɛn nti na Yehowa anyɛ biribi amfa ansiw ano. Afei nso, sɛ yɛn nua Kristoni bi a ɔbɛn yɛn paa, anaa obi a yebu no yɛ biribi ma ɛkɔ yɛn ho a, ɛno nso betumi asɔ yɛn ahwɛ.
5. Nea enti a yehia gyidi a emu yɛ den no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Kolosefo 1:23)
5 Yehia gyidi a emu yɛ den paa na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ano. Wo de, yɛmfa no sɛ obi pɛ sɛ osi dan si baabi a asaasewosow taa si. Sɛ fapem no anyɛ den na sɛ asaasewosow si a, ɛdan no bedwiriw agu. Yɛn nso, ɔhaw bi te sɛ nea yɛbobɔɔ so wɔ nkyekyɛm nnan no mu no, gye sɛ yɛma yɛn gyidi yɛ den paa na sɛ ebi to yɛn a, yɛatumi agyina ano. Sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den a, ɛmfa ho ɔhaw biara a ɛbɛba yɛn akwan mu no, yebegyina pintinn na yɛakɔ so adi nokware ama Yehowa.—1 Kor. 15:58; kenkan Kolosefo 1:23.
6. Adɛn nti na asomafo no annyae Yesu akyi di?
6 Yesu asuafo no bebree gyaee n’akyi di, nanso asomafo no de, wɔanyɛ saa. Dɛn na ɛboaa wɔn? Ná asomafo no gye di paa sɛ Yehowa na ɛfata sɛ wɔsom no, efisɛ ɔno na ɛbɔɔ nneɛma nyinaa. Afei nso, na wɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ba, na ɔno na ɔwɔ “daa nkwa nsɛm.” Ɛno da kyɛn a, na wɔnim sɛ Yehowa taa Yesu akyi wɔ biribiara mu. Saa bere yi, sɛ́ anka yɛbɛka ɔhaw ahorow ahorow a yebetumi ahyia ho asɛm no, momma yɛmfa yɛn adwene nsi nokwasɛm atitiriw mmiɛnsa bi so. Wei bɛboa yɛn ama yɛagyina pintinn ɛmfa ho ne ɔhaw biara a yebehyia. Nokwasɛm a yɛbɛka ho asɛm no na edidi so yi: (1) Yehowa na ɛbɔɔ nneɛma nyinaa. (2) Yehowa na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (3) Yehowa taa ne nkurɔfo akyi. Sɛ yegye saa nokwasɛm yi nyinaa di paa a, ɔhaw biara nni hɔ a ebetumi ama yɛagyae Yehowa som.
YEHOWA NA ƐBƆƆ NNEƐMA NYINAA
7. Dɛn na Adiyisɛm 4:11 ma yehu fa Yehowa ho, nanso sɛ yehyia sɔhwɛ a, adwene bɛn na yebetumi anya?
7 Kenkan Adiyisɛm 4:11. Kyerɛwsɛm yi kae yɛn sɛ Yehowa na ɛbɔɔ nneɛma nyinaa. Saa nokwasɛm yi nko ara mpo ma yehu sɛ ɔfata sɛ yɛsom no. Afei nso, sɛ yesusuw tumi kɛse a ɔwɔ no ho a, ɛma yenya awerɛhyem sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, obetumi atwitwa agye yɛn. Nanso Satan awe ataa so sɛ ɔbɛdaadaa nkurɔfo ama wɔanya adwene sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Nyansahufo binom koraa kyerɛ sɛ, wiase no ne biribiara a ɛwom no, ɛno ara na ɛbae. Enti ehia sɛ yegye tom paa sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no na ɔdɔ yɛn. Sɛ anyɛ saa na yehyia sɔhwɛ bi a, yɛn adwene mu betumi ayɛ yɛn naa sɛ Yehowa koraa nni hɔ, na ɛnyɛ ade a ɔbɛboa yɛn.—Heb. 11:6.
8-9. Sɛ woreyɛ anya adwene sɛ asɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)
8 Sɛ woreyɛ anya adwene sɛ asɛ ɛnyɛ Yehowa na ɛbɔɔ ade a, ntenatena ho koraa. To wo bo ase yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu, na wubenya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Wubenya nsɛm a ɛte saa pii wɔ Was Life Created? ne The Origin of Life—Five Questions Worth Asking nhomawa no mu. Wubenya adanse foforo wɔ nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din, “Wɔbɔe Anaa?” no mu. Ɛwɔ jw.org. Onuawa ababaawa bi a ne din de Jessica a ɔwɔ United States ka sɛ: “Bere a mekan Origin of Life nhomawa no wiei no, ɛma migye dii paa sɛ obi a onim nyansa na ɛbɔɔ ade. Ná minim saa asɛm yi dedaw, nanso bere a mesan kenkan nhomawa no, ɛmaa misii m’adwene pi paa sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.” Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 6 ne 7 no nso aboa nnipa pii. Ebia woakan saa nhoma ahorow yi pɛn, nanso wubetumi asan akan bio.
9 Enti adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no, wo kokoam adesua a edi hɔ no wubetumi de ayɛ mu nhwehwɛmu akɔ akyiri. Nhwehwɛmu a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woahyɛ wo gyidi den sɛ Yehowa wɔ hɔ; na ɛbɛsan nso aboa wo ma woahu Yehowa yiye. (Rom. 1: 20) Afei nso, nea wubesua no, wɔn a wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn nni hɔ no, wubetumi de aboa wɔn. Enti yɛreka akosi sɛn? Ɛne sɛ, Yehowa abɔ nneɛma bebree, na ne nyinaa di adanse sɛ ɔwɔ hɔ.
Nsoromma kuw: IAC/RGO/David Malin Images; apataa ne kar: Mercedes-Benz USA; wimhyɛn: Kristen Bartlett/University of Florida
Ebia woakan Was Life Created? nhomawa no dedaw, nanso wubetumi asan akan bio (Hwɛ nkyekyɛm 8)
YEHOWA NA ƆMA WƆKYERƐW BIBLE NO
10. Adɛn nti na Bible no ho hia yɛn saa? (2 Timoteo 3:16, 17)
10 Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17. Yehowa ma wɔkyerɛw Bible no maa yɛn. Nsɛmmisa a ɛkyere adwene paa no, Bible no ma yenya ho mmuae. Afei nso ɛma yehu Yehowa apɛde ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ. Yegye di sɛ Yehowa na ɔma wɔkyerɛw Bible no, enti nhoma biara nni hɔ a ɛho hia sen Bible no wɔ yɛn asetena mu. Enti nea yɛkenkan wɔ Bible mu no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho te ase yiye na yɛbɔ mmɔden de bɔ yɛn bra.
11. Dɛn na ɛma wugye di paa sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no?
11 Adɛn nti na yegye di paa sɛ Yehowa na ɔma wɔkyerɛw Bible no? Yɛwɔ adanse pii. Ebi ne sɛ, nsɛm a esisii tete a Bible ka ho asɛm no, ne nyinaa yɛ nokware. (Luka 3:1, 2) Sɛ ɛreka adebɔ ho asɛm nso a, ɛda mu pɛpɛɛpɛ. (Hiob 26:7) Ɛwom sɛ Satan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Bible no akyi ayera, nanso ne mmɔdenbɔ no ayɛ kwa. Adɛn ntia? Efisɛ, nhoma biara nni asaase so a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu na nkurɔfo wɔ bi sen Bible no. Nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛw Bible no, na edii bɛyɛ mfe 1,600 ansa na wɔrekyerɛw awie, nanso wɔn nsɛm a wɔkyerɛwee no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛwom sɛ wɔkyerɛwee akyɛ de, nanso afotusɛm a ɛwom no aboa nnipa ɔpepem pii nnɛ. (Mmeb. 13:20; 15:21; Mat. 7: 12) Bio nso, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no bebree aba mu. Wei nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Bible no so. (Yos. 23:14) Ampa, akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no!
12. Sɛ ɛtɔ da na yɛn adwenem yɛ yɛn naa sɛ Bible no koraa ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
12 Sɛ ɛtɔ da na yɛn adwenem yɛ yɛn naa sɛ Bible no koraa ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa na yɛyere yɛn ho yɛ ho nhwehwɛmu. Yɛnhwɛ onua aberantewaa bi a ne din de Jordan a n’awofo de nokware no tetee no. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ metee asɛm biara na magye adi. Ɛyɛ a me ara nso mehwehwɛ mu hwɛ sɛ saa na ɛte anaa. Nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛwom ara m’adwenem tumi yɛ me naa wɔ biribi ho. Sɛ ɛba saa a, mebɔ mmɔden yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu, sɛnea ɛbɛyɛ a menya me nsɛmmisa ho mmuae na ama m’adwene asi me pi.” Sɛ yɛkɔ so hwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔma wɔkyerɛw Bible no a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den.—1 Kor. 3:12, 13.
YEHOWA TAA NE NKURƆFO AKYI
13. Ɛwom ara na yɛn adwene reyɛ ayɛ yɛn sɛ ɛnyɛ Yehowa Adansefo som na ɛyɛ nokwaresom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
13 Ɛwom ara ebia Yehowa somfo bi betumi abisa sɛ, enti Yehowa Adansefo som no, ɛyɛ ampa paa sɛ ɛno ne nokwaresom? Sɛ wunya adwene bi saa a, ntenatena ho koraa; yɛ ho biribi ntɛm. Wubetumi abisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Henanom na ɛrebɔ mmɔden paa sɛ wɔde Bible mu afotu bɛbɔ wɔn bra? Ɔsom bɛn na wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible no so?’ (2 Tim. 4:3, 4) ‘Henanom na wɔreyɛ Yehowa apɛde nnɛ?’—Mat. 7:20, 21.
14. Dɛn na Yehowa Adansefo reyɛ a ama Mateo 24:14 aba mu?
14 Yesu kaa sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase baabiara wɔ awiei mmere no mu. Yemmisa sɛ, ‘Henanom na wɔreyɛ saa adwuma no?’ (Mat. 24:14) Mmuae no nyɛ den koraa. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn nam Yehowa Adansefo so na ɛreyɛ asɛmpaka adwuma no. Yɛn nko ara na yɛreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ aman bɛboro 240 so. Yɛayɛ saa adwuma yi bɛboro mfe 100. Nea ɛte ne sɛ, asɛmpaka ne nkyerɛkyerɛ adwuma yi, ɛho hia yɛn sen biribiara.—Mat. 28:19, 20.
15. Dɛn na Yehowa Adansefo ayɛ de reboa ama Onyankopɔn din ho atew? (Mateo 6:9; Yesaia 43:10)
15 Kenkan Mateo 6:9 ne Yesaia 43:10. Onyankopɔn din Yehowa da yɛn so, na ɛyɛ yɛn ahohoahoa sɛ wɔfrɛ yɛn Yehowa Adansefo. Wiase no mu nnipa dodow no ara nnim saa din no, nanso yɛn de, baabiara a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔ Bible mu no, yɛasan de ahyɛ hɔ. Sɛ wohwɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no mu a, edin Yehowa no pue wom bɛboro mpɛn 7,000.
16. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, ahyɛde a ɛwɔ Yohane 13:34, 35 no, Yehowa Adansefo na ɛde yɛ adwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Kenkan Yohane 13:34, 35. Ɛnnɛ, sɛ wohwɛ wiase a, ɔtan ne mpaapaemu nko ara. Nanso Yehowa Adansefo de, yɛyɛ soronko efisɛ ɔdɔ ne baakoyɛ aka yɛn abom. Yefi aman ahorow so na yɛka kasa ahorow pii, na ɛsono yɛn mu biara amammerɛ. Nanso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma asomdwoe ne ɔdɔ atena yɛn ntam. Yemmisa oo, woatu kwan akɔ adesua wɔ baabi foforo pɛn? Sɛ saa a, ɛnde wuhui sɛ ɔdɔ ne baakoyɛ wɔ anuanom ntam paa. Wei nyinaa si so dua sɛ, ampa Yehowa nam n’Adansefo so reyɛ n’apɛde nnɛ. Sɛ yedwinnwen saa asɛm yi ho a, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia no, yebetumi adi Yehowa nokware.
Yehowa Adansefo yɛ soronko, efisɛ ɔdɔ ne baakoyɛ aka yɛn abom (Hwɛ nkyekyɛm 16)a
NNYAE YEHOWA AKYI DI DA
17-18. Ɔhaw bɛn na yebetumi ahyia, na asɛm bɛn na yebetumi de ahotoso aka?
17 Yɛte awiei mmere mu, enti nneɛma mu bɛyɛ den paa ama yɛn nyinaa. (2 Tim. 3:1, 13) Wei da nkyɛn a, yebetumi ahyia ɔhaw afoforo nso. Ebi ne sɛ, ebia Yehowa asafo no besisi gyinae bi, anaa wɔde akwankyerɛ bi bɛma yɛn a yɛnhyɛ da nte ase. Anaa yɛn nua bi bɛyɛ yɛn biribi ama no akɔ yɛn ho paa. Sɛ nsɛm bi sei sisi a, ebia yɛrenhu nea yɛnyɛ na yɛn adwene mpo betumi atu afra.
18 Ne nyinaa mu no, yebetumi akɔ so adi Yehowa nokware. Adɛn ntia? Efisɛ yegye di sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no, na ɔtaa ne nkurɔfo akyi. Wei nti, asɛm a edi so yi a Petro ka kyerɛɛ Yesu no, yɛn nso yebetumi aka bi akyerɛ Yehowa: “Hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”
DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe
a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbaatan bi ne ne babea te bɔs mu retu kwan, na wɔn ani agye sɛ wɔahu wɔn nuanom Yehowa Adansefo bi a wɔreyɛ asɛnka adwuma no.