Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 May kr. 8-13
  • Fa Bible Nnyinasosɛm Tete W’ahonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Bible Nnyinasosɛm Tete W’ahonim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NE AHONIM?
  • SƐNEA YƐBƐTETE YƐN AHONIM
  • SƐNEA YEBEHU BIBLE NNYINASOSƐM A ƐFA ASƐM BI HO
  • MA ƐNNA ADI SƐ WOATETE W’AHONIM YIYE
  • W’ahonim Tumi Kyerɛ Wo Kwan Yie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Wobɛyɛ Dɛn Akura Ahonim Pa Mu?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ma Onyankopɔn Mmara Ne Ne Nnyinasosɛm Ntete W’ahonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 May kr. 8-13

JULY 13-19, 2026

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

Fa Bible Nnyinasosɛm Tete W’ahonim

“Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”—GAL. 6:5.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi de Bible nnyinasosɛm atete yɛn ahonim na yɛatumi asisi gyinae pa.

1-2. (a) Akyɛde bɛn na Yehowa de maa Adam ne Hawa? (b) Dɛn na anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ saa akyɛde no?

MMOA de, nea ɛbɛba wɔn mu biara na wɔyɛ, efisɛ saa ara na wɔbɔɔ wɔn. Mfiri nso, wɔahyehyɛ sɛ ɛnyɛ adwuma wɔ ɔkwan pɔtee bi so. Nanso nnipa de, yɛyɛ soronko, efisɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, ɔmaa yɛn akyɛde bi a ɛsom bo paa. Ɛno ne hokwan a ɔde ama yɛn, a ɛma yɛn ara yetumi sisi yɛn gyinae. Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ Adam wɔ ne suban so. (Gen. 1:​26, 27) Enti ɔmaa ɔne ne yere Hawa nyinaa hokwan a wɔbetumi de asisi wɔn gyinae.

2 Yehowa anhyehyɛ mmara bebree amma Adam ne Hawa. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ara ne sɛ wɔnhwɛ asaase no so, wɔnwo nhyɛ so ma, na wɔnhwɛ nni mmara a wahyɛ ama wɔn no so. (Gen. 1:28; 2:​16, 17) Hokwan a Yehowa de maa Adam ne Hawa sɛ wɔn ara betumi asisi wɔn gyinae no, dɛn na anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ? Bebrebe a na Yehowa ayɛ ama wɔn nti, anka ɛsɛ sɛ wɔdi mmara a ɔhyehyɛ maa wɔn no so. Wɔyɛɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa, na wɔpɛ sɛ wɔma n’ani gye.—Mmeb. 23:15.

3. Hokwan a Yehowa de maa Adam ne Hawa sɛ wɔn ara betumi asisi wɔn gyinae no, sɛn na wɔde dii dwuma?

3 Hokwan a Yehowa de maa Adam ne Hawa sɛ wɔn ara betumi asisi wɔn gyinae no, Bible ma yehu sɛ wɔamfa anni dwuma nyansam; wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden. Gyinae a wɔsii no kyerɛ sɛ na wɔyɛ bonniayɛ ne pɛsɛmenkominya, na na wɔnnɔ Yehowa. (Gen. 3:​1-7) Wɔn gyinaesi no na akɔfa ɔhaw ne amanehunu bebree abɛsoɛ yɛn so yi.—Rom. 5:12.

4. (a) Sɛ yɛhwɛ Galatifo 6:5 a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ? (b) Akyɛde foforo bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Da biara da, ehia sɛ yesisi gyinae bebree. Wei tumi kɔfa dadwen bɛto yɛn so. (Kenkan Galatifo 6:5.) Gyinae no bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ den sɛ yebesi, ebi nso wɔ hɔ a egye adwene paa. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yehia Yehowa mmoa. (Mmeb. 16:3; Yer. 10:23) Yesu a na bɔne biara nni ne ho no mpo, ogye toom sɛ ohia Yehowa mmoa. (Heb. 5:7) Wei kyerɛ sɛ yɛn a bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho yi de, yehia Onyankopɔn mmoa koraa sen Yesu. Ɛnde, momma yɛnhwɛ akyɛde foforo a Yehowa de ama yɛn a ɛboa yɛn ma yetumi sisi gyinae pa. Ɛno ne yɛn ahonim.

DƐN NE AHONIM?

5. (a) Dɛn ne ahonim? (b) Ahonim no boa yɛn sɛn? (Romafo 2:​14, 15)

5 Ahonim yɛ biribi a ɛwɔ yɛn mu a ɛboa yɛn ma yehu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Obi a onnim Onyankopɔn mmara ho hwee mpo wɔ ahonim. (2 Kor. 4:2) Yɛn ahonim te sɛ ɔtemmufo; yɛyɛ adepa a, ɛbɔ yɛn aba so, yɛyɛ nea ɛntene nso a, ebu yɛn fɔ. (Kenkan Romafo 2:​14, 15.) Sɛ yɛrekɔyɛ biribi a yenim sɛ enye a, ɛbɔ yɛn kɔkɔ. (1 Sam. 26:​8-11) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi a eye nso a, etumi piapia yɛn sɛ yɛnkɔyɛ. Ɛwom, yɛwɔ hokwan sɛ yetumi sisi gyinae biara a yɛpɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ gyinae biara a yebesi no bɛsɔ Yehowa ani. Enti ɛsɛ sɛ yɛn ahonim boa yɛn ma yetumi hu sɛ gyinae a yɛresi no, eye anaa enye.

6. Adɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛn ahonim no bɛyɛ adwuma yiye?

6 Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛn ahonim no nso ho atɔ kyima. Baabi a wɔtetee yɛn, yɛn amammerɛ, ne yɛn mmerɛwyɛ betumi ama ayɛ den sɛ yɛn ahonim no bɛyɛ adwuma yiye. Bible ka sɛ ahonim no betumi ayɛ “mmerɛw,” ɛho betumi “agu fĩ,” anaa ebetumi ‘awu te sɛ etwã a dade ahye obi ama abɛda ne ho.’ (1 Kor. 8:12; Tito 1:15; 1 Tim. 4:2) Ahonim a ɛte saa no rentumi mmoa yɛn mma yensisi gyinae pa. Ɛte sɛ ahwehwɛniwa a anim ayɛ wusiwusi; gye sɛ wɔpopa anim ansa na atumi ahu ade yiye. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn ahonim no ma etumi yɛ adwuma yiye. (1 Pet. 3:16) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

SƐNEA YƐBƐTETE YƐN AHONIM

7-8. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi atete yɛn ahonim? (b) Sɛn na Bible nnyinasosɛm boa yɛn? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Yɛbɛyɛ dɛn atete yɛn ahonim? Ɛsɛ sɛ yɛtaa kenkan Bible, na yehu nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ. Mmara a ɛwɔ Bible mu no, sɛ yesua no yiye a, ɛbɛma yɛahu sɛnea odwen. Nanso sɛnea yehui wɔ adesua a etwaam no mu no, ɛtɔ mmere bi a, nea ɛrekɔ so wɔ bere pɔtee bi mu no, ɛno na wɔhyehyɛ ho mmara. Enti sɛ nea ɛrekɔ so no sesa anaa etwam a, mmara no nyɛ adwuma bio. Ɛno nti na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm no. Efisɛ ɛno boa yɛn ma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma pii ho.—Yes. 55:9.

8 Ɔbra akwantu yi te sɛ nea yɛnam anhweatam so. Wo de, hwɛ sɛ wonam anhweatam so na akwan papa biara nneda hɔ, na ahyɛnsode biara nso nni hɔ. Sɛ wohwɛ awia ne nsoromma no a, ebia ebetumi aboa wo ma woahu baabi a ɛsɛ sɛ wode w’ani kyerɛ na woatumi akodu baabi a worekɔ. Nanso sɛ wowɔ map a ɛkyerɛkyerɛ wo nneɛma bi a ɛwowɔ kwan no so a, ebetumi aboa wo paa. Map a ɛte saa no bɛma woahu sɛ ɔkwan no ara na wonam so no, na sɛ woreyɛ ayera nso a, ɛbɛma woahu. Yɛn nso, baabi a yɛn ani kyerɛ anaa botae a esi yɛn ani so ne sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani. Bible no akɔyɛ sɛ map a ɛkyerɛ yɛn ɔkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛfa so. Bible nnyinasosɛm nso akɔyɛ sɛ ahyɛnsode bi a ɛwowɔ kwan no so a ɛma yehu sɛ ɔkwan no ara na yɛnam so no. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm a ɛtete saa bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛadu yɛn botae ho; kyerɛ sɛ, yɛbɛsɔ Yehowa ani.

Ɔbarima bi nam anhweatam so, na ɔrehwɛ ne map so ahwɛ nneɛma a ɛwowɔ kwan no so no, na aboa no ma wahu sɛ ɔkwan no ara na ɔnam so no anaa.

Bible nnyinasosɛm akɔyɛ sɛ ahyɛnsode bi a ɛwowɔ kwan no so a ɛma yehu sɛ ɔkwan no ara na yɛnam so no (Hwɛ nkyekyɛm 8)


9. Sɛnea Romafo 9:1 kyerɛ no, dɛn bio na ebetumi aboa yɛn ma yɛatete yɛn ahonim?

9 Sɛ yebetumi atete yɛn ahonim no yiye a, yehia Yehowa honhom kronkron. (Kenkan Romafo 9:1.) Sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho no, honhom kronkron no betumi aboa yɛn ama yɛate ase. Ebetumi nso ama yɛanya ɔpɛ no ne ahoɔden a yɛde bɛyɛ Yehowa apɛde. (Filip. 2:13) Nanso yɛbɛyɛ dɛn anya honhom kronkron no?

10. Yɛbɛyɛ dɛn anya honhom kronkron? (Luka 11:​10, 13)

10 Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo honhom kronkron. (Kenkan Luka 11:​10, 13.) Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde ne honhom kronkron no bɛma yɛn, enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yebisa no a, ɔremfa nkame yɛn. (Yoh. 3:34) Wɔn a wɔtie no no, oyi ne yam de ne honhom no boa wɔn. (Mmeb. 1:23; Yak. 1:5) Dɛn bio na ɛbɛboa yɛn ma yɛatete yɛn ahonim?

11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena mu? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn ahonim ma etumi yɛ adwuma yiye?

11 Bɔ mmɔden yɛ nea ɛbɛsɔ Yehowa ani bere nyinaa. (Mmeb. 8:​34, 35) Yehowa apɛde a yɛbɛyɛ no, ɛno ne ade a ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetenam. Sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ biribiara a yɛbɛyɛ wɔ yɛn asetenam no, yɛpɛ sɛ ɛsɔ Yehowa ani a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatete yɛn ahonim. Obi a watete n’ahonim yiye no, odwen nneɛma ho te sɛ Yehowa, na daa ɔyɛ nea ɛbɛma Yehowa ani agye. Wiase a yɛte mu yi, nneɛma ayɛ nwonworann, enti ehia sɛ yɛtete yɛn ahonim no yiye paa na atumi aboa yɛn. Mpɛn pii no, yehyia tebea a ɛho mmara pɔtee nhyɛ da nni Bible mu. Ebi ne nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani, yɛn adwuma, sukuu a yɛbɛkɔ ne wɔn a yɛbɛfa wɔn nnamfo. Gyinae a yesisi wɔ saa nneɛma yi ho no, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa pene so?—2 Kor. 1:12.

12. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛn ahonim no ayɛ adwuma yiye na yɛayɛ Yehowa apɛde? (Efesofo 5:10)

12 Kenkan Onyankopɔn Asɛm, na dwinnwen ho. (Dw. 49:3) Ɛnnɛ, yesisi gyinae pii a ɛho mmara nhyɛ da nni Bible mu, enti sɛ yɛrekenkan Bible a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nnyinasosɛm a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu Yehowa adwene. (Kenkan Efesofo 5:10.) Ɛba saa na sɛ yɛresi gyinae bi a, yɛn ahonim no bɛboa yɛn ma yɛasi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani. (Mmeb. 2:​4-9, 11-13) Afei nso, nnyinasosɛm koro no ara betumi atenetene yɛn ahonim na yɛamfom kwan.—Heb. 5:14.

13. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ? Ma ho nhwɛso.

13 Nsi gyinae bi nwie ansa na woakɔhwehwɛ nnyinasosɛm a ɛbɛfoa so. Afe 607 ansa na Yesu reba no, atamfo bɛsɛee Yerusalem, na Israelfo a wɔkaa hɔ no, yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn. Wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so ne nea yɛnyɛ.” (Yer. 42:​3-6) Nanso nea na wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, na wɔasi ho gyinae dedaw. Bere a akwankyerɛ a Yehowa de maa wɔn no anyɛ wɔn dɛ no, wɔansesa wɔn adwene; nea na wɔasi ho gyinae no ara na wɔdii akyi. Na ɛno kɔfaa ɔhaw bebree brɛɛ wɔn. (Yer. 42:​19-22; 43:​1, 2, 4) Wei ma yehu sɛ, ansa na yebesi gyinae bi no, ɛsɛ sɛ yedi kan hwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛma yehu Yehowa adwene, na yɛde yɛ adwuma.

14. Yɛresisi gyinae a, adɛn nti ɛsɛ sɛ yɛma Bible nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan?

14 Sɛ yɛresisi gyinae a ɛsɛ sɛ yɛma Bible nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan. (Mat. 7:​24-29; Yak. 1:​23-25) Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm sisi gyinae a, ɛkyerɛ sɛ yɛrema honhom kronkron no akyerɛ yɛn kwan. Ɛba saa a, Yehowa nso bɛkɔ so ara de ne honhom kronkron no aboa yɛn. (Aso. 5:32) Nanso sɛ yɛamma Yehowa honhom no ankyerɛ yɛn kwan a, anhwɛ a yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma ‘yɛahow honhom no werɛ,’ anaa yɛne honhom no bedi asi. (Efe. 4:30; Yes. 63:10; Aso. 7:51) Ebetumi mpo ama Yehowa ayi ne honhom no afi yɛn so. (Dw. 51:11; 1 Tes. 5:19) Ɛno nso de ɛyɛ hu paa, efisɛ yehia honhom kronkron no na yɛatumi anya ahoɔden a yɛde bɛyɛ Yehowa apɛde.—Efe. 3:16.

SƐNEA YEBEHU BIBLE NNYINASOSƐM A ƐFA ASƐM BI HO

15-16. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ahu Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa yɛn wɔ asɛm bi ho? (b) Bible nnyinasosɛm ahorow bɛn na ebetumi aboa Bible suani bi ma watumi agyae sigaretnom?

15 Fa nnwinnade a yɛde yɛ nhwehwɛmu no di dwuma. Sɛ worekan Bible no a, ɛsɛ sɛ wutumi hu nnyinasosɛm a ɛwom no, na woatumi de ayɛ adwuma. Yɛmfa no sɛ wowɔ Bible suani bi a onhu nea enti a ɛsɛ sɛ ogyae sigaretnom. Ebia ɔbɛka sɛ: ‘Sigaret koraa, sɛ́ ɛho asɛm nni Bible mu. Enti yɛyɛ dɛn hu sɛ enye?’ Saa osuani no, wobɛyɛ dɛn aboa no ama wanya Bible nnyinasosɛm a ɛbɛma wahu sɛ obi nom sigaret a enye? Nhoma baako a wubetumi de aboa no ne Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no. Wubetumi ama wahwɛ asɛmti a ɛne “Tawa Ne Sigaretnom.” Afei asɛm a yɛato din “Sigaret—Onyankopɔn Bu no Sɛn?” no, wubetumi atwe n’adwene asi so. Ɛwɔ June 1, 2014 Ɔwɛn-Aban no mu. Sɛ ɔkan saa asɛm no a, kyerɛwnsɛm ne nnyinasosɛm bɛn na obehu wom?

16 Yɛnhwɛ Bible nnyinasosɛm nnum bi a ɛwɔ saa Ɔwɛn-Aban no mu. (1) Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ akoa ma biribi a ebetumi adi yɛn awu. (Rom. 6:16) (2) Ɛsɛ sɛ yɛkwati biribiara a ebetumi asɛe yɛn nipadua. (2 Kor. 7:1) (3) Yehowa pɛ sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu som no. (Mat. 22:37) (4) Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ebepira afoforo. (Mat. 22:39; 1 Kor. 10:24) (5) Yehowa betumi ama yɛn ahoɔden ma yɛayɛ nea ɛtene. (Filip. 4:13) Enti, ɛwom sɛ Bible nka pɔtee sɛ ɛnsɛ sɛ obi nom sigaret, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no betumi aboa wo suani no ma wahu Yehowa adwene wɔ ho.

17. Sɛ onua ne onuawa bi rebɛyɛ ayeforo a, wɔbɛyɛ dɛn anya Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa wɔn ma wɔatoto nneɛma yiye?

17 Sɛ onua ne onuawa bi rebɛyɛ ayeforo a, wɔbɛyɛ dɛn anya Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa wɔn ma wɔatoto nneɛma yiye? Wei mu nso, Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no betumi aboa. Sɛ wɔhwɛ asɛmti a ɛne “Ayeforohyia Ne Apontow” a, wɔbenya nsɛm pii a ɛbɛma wɔahu Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa wɔn. Yɛnhwɛ Bible nnyinasosɛm nsia a wɔbetumi asusuw ho. (1) Biribiara a ɛbɛkɔ so wɔ ayeforohyia no ase no, ɛsɛ sɛ ɛhyɛ Yehowa anuonyam. (1 Kor. 10:​31, 32) (2) Ɛnsɛ sɛ ntaade a yɛbɛhyɛ anaa nea yɛde besiesie yɛn ho yɛ kyenkyenenn anaa kuntann, anaa ɛto afoforo hintidua. (1 Tim. 2:9; 1 Pet. 3:​3, 4) (3) Sɛnea nkurɔfo a wɔwɔ Satan wiase no mu de nneɛma a wɔwɔ hoahoa wɔn ho no, ɛnsɛ sɛ yesuasua. (Yoh. 17:14; Yak. 1:27; 1 Yoh. 2:​15, 16) (4) Ɛsɛ sɛ biribiara kɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho. (1 Kor. 14:40) (5) Ɛnsɛ sɛ ayeforohyia apontow no ase yɛ gyegyeegye na nkurɔfo nom nsa boro so. (Gal. 5:21) (6) Biribiara a ɛbɛkɔ so wɔ ayeforohyia no ase no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛware no nya obi a ɔbɛhwɛ so.—Yoh. 2:​8, 9.

18-19. (a) Adwinnade foforo bɛn na ebetumi aboa yɛn? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ afahyɛ bi sɔ Onyankopɔn ani anaa ɛnsɔ n’ani a, sɛn na saa nhoma no betumi aboa yɛn ma yɛanya nnyinasosɛm a ɛbɛma yɛasi gyinae pa? (Hwɛ adaka a yɛato din “Wubetumi Ahu Nnyinasosɛm No?”)

18 Adwinnade foforo a anuanom pii ahu sɛ ɛboa paa nso ne Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra nhoma no. Wɔahyehyɛ nsɛmti bebree wɔ mu a wɔde kyerɛwnsɛm ahyehyɛ ase. Sɛ wofa asɛmti biara a, wubehu nsɛmmisa ne kyerɛwnsɛm a ɛbɛboa wo ma woahu nnyinasosɛm a ɛfa asɛmti no ho. Yɛmfa no sɛ onua bi pɛ sɛ ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ afahyɛ bi mu anaa ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ mu. Sɛ ɔhwɛ ɔfa a yɛato din “Afahyɛ Ne Nnapɔnna” a, obehu asɛmti ketewa a yɛato din “Afahyɛ a Kristofo twe wɔn ho fi ho.”

19 Nneɛma a saa ɔfã no ka ho asɛm no, yɛnhwɛ emu bi: “Adɛn nti na ɛyɛ bɔne sɛ obi bedi afahyɛ a atorosom ho bɔn mu? (1 Kor. 10:21; 2 Kor. 6:​14-18; Efe. 5:​10, 11).” Wubehu afahyɛ a ɛtete saa ho nhwɛso wɔ saa ɔfã no. Ɛno da nkyɛn a, sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔman nnapɔnna bi mu anaa ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa a, obetumi ahwɛ asɛmti ketewa a ɛne “Ɔman nnapɔnna” no. Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ hɔ no, obetumi asusuw ho. Ɔman nnapɔnna a yɛreka ho asɛm yi, ebi ne bere a aban anaa ɔman bi rekae nneɛma a wɔatumi ayɛ, bere a ɔman bi abɔ gua de rekae ɔko bi a atwam, ne bere a nkurɔfo abɔ gua de anuonyam a ɛfata Yehowa rema nnipa. Yɛda Yehowa asafo no ase paa sɛ wama yɛn nnwinnade a ɛboa yɛn ma yetumi tete yɛn ahonim!

Wubetumi Ahu Nnyinasosɛm No?

Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra nhoma no ma yehu nsɛm ahorow ahorow ne ɛho nnyinasosɛm pii. Mubetumi afa nsɛmti a ɛwɔ ase ha yi bi de ayɛ Abusua Som, na moahwɛ sɛ mubehu Bible nnyinasosɛm a ɛfa saa asɛm no ho a.

  • Abosonsom

  • Aguamansɛm Ho Mfoni; Ponografi

  • Anigyede

  • Asanom

  • Atorodi

  • Bɔnefakyɛ

  • Gyidi Afrafra

  • Nneɛma Bɔne

  • Nokwaredi

  • Sɛnea Yebesiesie Nsɛmnsɛm

  • Sika

  • Ɔfã Biara a Yennyina

  • Wiase Adamfofa

MA ƐNNA ADI SƐ WOATETE W’AHONIM YIYE

20. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛatete yɛn ahonim yiye?

20 Hokwan a Yehowa de ama yɛn a ɛma yɛn ara yetumi sisi yɛn gyinae no, yɛn ani sɔ papaapa. Nanso yɛabehu sɛ, sɛ yebetumi asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn ahonim no yiye. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma n’ani agye na ahyɛ no anuonyam. Nanso sɛ yebetumi ayɛ wei a, yehia Yehowa honhom kronkron. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so srɛ honhom kronkron no na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. Bible nnyinasosɛm nso betumi aboa yɛn ama yɛatete yɛn ahonim. Momma yɛmfa saa akyɛde yi nyinaa nni dwuma yiye, na yɛn ara yebehu sɛ, sɛɛ tumi wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu ampa!—2 Tim. 3:​16, 17; Heb. 4:12.

WUBEBUA SƐN?

  • Dɛn ne ahonim?

  • Yɛbɛyɛ dɛn atete yɛn ahonim?

  • Sɛ yɛresisi gyinae a, sɛn na Bible nnyinasosɛm betumi aboa yɛn?

DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena