JULY 6-12, 2026
DWOM 98 Kyerɛwnsɛm no Fi Yehowa Hɔ
Adɛn Nti Na Bible Nnyinasosɛm Ho Hia?
‘Bere a mode ɔsom kronn rema Onyankopɔn no, momfa mo adwene nyɛ adwuma nsusuw nneɛma ho.’—ROM. 12:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Dɛn ne Bible nnyinasosɛm, na yɛrekenkan Bible no a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nnyinasosɛm a ɛwom no? Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu.
1-2. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible yɛ nhoma a akyɛ? (b) Adɛn nti na ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa Bible tumi boa nkurɔfo?
BIBLE no yɛ nhoma a akyɛ paa. Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni na wɔfii ase kyerɛwee, na wɔkyerɛw wiei no, bɛyɛ mfe 2,000 ni. Nanso esiane sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn asɛm” nti, emu nsɛm no ntwaam; ɛda so ara wɔ tumi. (Heb. 4:12; 2 Tim. 3:16, 17) Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii di adanse sɛ Bible no aboa wɔn wɔ wɔn abrabɔ mu.
2 Nanso nhoma a akyɛ sei de, ɛyɛ dɛn na ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa etumi boa nkurɔfo saa? Nneɛma mmienu bi ntia. Nea edi kan, Bible mu nsɛm no fi “Onyankopɔn teasefo no” hɔ; ɔno ne Ɔbɔadeɛ a ne nyansa nni ano no. (1 Tim. 4:10; Rom. 16:26, 27) Nea ɛtɔ so mmienu, sɛnea wɔkyerɛw Bible no nti, nnyinasosɛm a ɛwom no ntwam da. Ɛno nti na efi tete besi nnɛ nyinaa nkurɔfo nya so mfaso no.
3. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?
3 Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Dɛn ne Bible nnyinasosɛm, na adɛn nti na ɛho hia? Sɛ yɛkan Bible a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nnyinasosɛm a ɛwom no? Afei nso, sɛnea Yesu nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yehu mfaso a ɛwɔ nnyinasosɛm so no, yɛbɛhwɛ ɛno nso.
DƐN NE BIBLE NNYINASOSƐM?
4. Dɛn ne Bible nnyinasosɛm?
4 Bible nnyinasosɛm yɛ nokwasɛm ahorow bi a ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu Onyankopɔn adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Ɛtɔ da a, nokwasɛm ahorow a ɛtete saa na wɔgyina so hyehyɛ mmara. (Mat. 22:37) Ɛtɔ mmere bi a, nea ɛrekɔ so wɔ bere pɔtee bi mu no, ɛno na wɔhyehyɛ ho mmara. Enti sɛ nea ɛrekɔ so no sesa anaa etwam a, mmara no nyɛ adwuma bio. Nanso nnyinasosɛm de, bere biara ne tebea biara mu no, wode yɛ adwuma a ɛyɛ yiye; ɛnsesa da. (Dw. 119:111) Enti sɛ wɔnhyehyɛɛ mmara pɔtee wɔ asɛm bi ho, anaa mmara bi sesa mpo a, Bible nnyinasosɛm betumi aboa yɛn ama yɛahu sɛnea Yehowa te nka wɔ asɛm no ho.—Yes. 40:8.
5. Nsonsonoe a ɛwɔ mmara ne nnyinasosɛm mu no, mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nsonsonoe a ɛwɔ mmara ne nnyinasosɛm mu yiye no, momma yɛmfa mfatoho yi nkyerɛkyerɛ mu. Ebia ɔbaatan bi bɛka akyerɛ ne ba ketewaa sɛ ‘mfa wo nsa nka sutof no.’ Wei yɛ mmara. Nanso nnyinasosɛm a ɛwom anaa adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ: Mfa wo nsa nka biribi a ɛyɛ hyew, anyɛ saa a ebepira wo. Saa nnyinasosɛm no mfa sutof nko ara ho; ɛfa biribiara a ɛyɛ hyew te sɛ iron ne heater nso ho. Afei nso, ɛnyɛ fie hɔ nko ara na abofra no betumi de saa nnyinasosɛm no ayɛ adwuma; baabiara a ɔbɛkɔ no, obetumi de ayɛ adwuma. Ɛwom, abofra no renyin a, ebia ɔde sutof no bɛnoa aduan. Nanso ebehia sɛ ɔkɔ so ara yɛ ahwɛyiye na wamfa ne nsa anka gya no ma anhye no. Enti, ɛwom sɛ onhia saa mmara no bio, nanso adwene a ɛwɔ akyi no de, ɛsɛ sɛ ɔkae.
Ɛwom, mmara de etumi sesa, nanso adwene a ɛwɔ akyi no de, ɛnsesa (Hwɛ nkyekyɛm 5)
ADƐN NTI NA BIBLE NNYINASOSƐM HO HIA?
6. (a) Dɛn na Yehowa de ama yɛn wɔ n’Asɛm no mu? (b) Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ odi yɛn ni?
6 Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, wahyehyɛ mmara pɔtee ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentɔ asiane mu. (Yak. 2:11) Afei nso, adwene a ɛwɔ mmara a ɛtete saa akyi no, ɔboa yɛn ma yehu. Ɛnyɛ biribiara na Yehowa hyehyɛ ho mmara ma yɛn. Nanso ɔnam Bible no so ma yɛn akwankyerɛ wɔ nneɛma pii ho a ɛboa yɛn ma yesisi gyinae pa na yɛyɛ nea ɛtene. Wei kyerɛ sɛ Yehowa di yɛn ni, efisɛ ɔnhyehyɛɛ mmara bebree mmaa yɛn. Mmom wama yɛn hokwan a yɛn ara yetumi de sisi gyinae de kyerɛ sɛ yɛdɔ no na yɛpɛ sɛ yetie no.—Gal. 5:13.
7. Sɛnea Bible nnyinasosɛm boa yɛn no, mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Sɛnea Bible nnyinasosɛm boa yɛn no, yebetumi de ahyɛnsode a esisi kwan ho a wɔayɛ ama ahyɛnkafo akyerɛkyerɛ mu. Ahyɛnsode yi pii wɔ hɔ a, ɛma ahyɛnkafo hu mmara a ɛsɛ sɛ wɔdi so bere a wɔreka kar; ɛma wɔhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛbɛkyerɛ mmirika a ɛsɛ sɛ ɔhyɛnkafo bi kɔ, ne baabi a ɛsɛ sɛ ogyina. Nanso ahyɛnsode no bebree wɔ hɔ a, ɛma ahyɛnkafo hu asiane a ɛwɔ kwan no so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛbɛbɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɔkwan no so baabi yɛ toro anaa mmoa twam wɔ hɔ. Ɔhyɛnkafo a n’ani da fam no, sɛ ohu ahyɛnsode a ɛrebɔ no kɔkɔ no a, ɔto ne bo ase na ɔyɛ ahwɛyiye. Enti sɛ nsu retɔ anaa ɛbɔ asi a, ɔhyɛnkafo no bɛto ne bo ase aka kar no. Kristofo nso, abrabɔ anaa suban biara a Bible kasa tia no, yɛtwe yɛn ho fi ho. Nanso ɛnyɛ ɛno nko; nneyɛe anaa nsusuwii biara a ebetumi ama yɛabu Onyankopɔn mmara so no nso, yɛtwe yɛn ho fi ho. Sɛ yebetumi ayɛ wei a, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa adwene.
Ahyɛnsode a esisi kwan ho no, bebree wɔ hɔ a, ɛma ahyɛnkafo hu asiane a ɛwɔ kwan so. Bible nnyinasosɛm nso saa ara na ɛte (Hwɛ nkyekyɛm 7)
8. Sɛnea Romafo 12:1, 2 kyerɛ no, sɛ yɛrekan Bible na yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛwom a, ɛbɛboa yɛn sɛn?
8 Bible nnyinasosɛm san boa yɛn wɔ akwan pii so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛtete yɛn ma yenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. Enti sɛ yɛrekenkan Bible no a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwehwɛ asuade a ɛwom no. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa ma wɔkyerɛw saa asɛm yi wɔ Bible no mu, na sɛn na ebetumi aboa yɛn?’ Yɛyɛ saa a, ɛboa yɛn ma yetumi de yɛn ‘adwene susuw nneɛma ho’ bere a yɛresom Yehowa. Afei ɛma yehu “nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.”—Kenkan Romafo 12:1, 2.a
9. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, mfaso bɛn bio na ɛma yenya? (Hebrifo 5:13, 14)
9 Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ɛma yɛn ho kokwaw. Bible nnyinasosɛm a yɛde bɛbɔ yɛn bra no, ɛbɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den. (Kenkan Hebrifo 5:13, 14.) Mmofra de, wɔhia mmara bebree sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Ebia wɔbedi mmara a ɛte saa so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya asotwe. Nanso Yehowa ne yɛn nni sɛ mmofra, mmom ɔne yɛn di sɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw. Ɔwɔ yɛn mu awerɛhyem sɛ yebedi n’akwankyerɛ so na yɛasisi gyinae pa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma n’ani gye paa.—Dw. 147:11; Mmeb. 23:15, 26; 27:11.
YƐBƐYƐ DƐN AHU BIBLE NNYINASOSƐM?
10. Yɛbɛyɛ dɛn ahu Bible nnyinasosɛm?
10 Sɛ yɛrekan Bible a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nnyinasosɛm a ɛwom? Ɛne sɛ, asuade a ɛwom a ɛma yehu sɛnea Yehowa dwen no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ. Nea enti a Yehowa hyehyɛɛ mmara ahorow pɔtee bi no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛno nso bɛma yɛahu nnyinasosɛm a ɛwom. Mmara a wahyehyɛ no, sɛ yɛte nea enti a ɔhyehyɛe no ase yiye a, ɛbɛma yɛahu no yiye. Nanso adwene a Yehowa wɔ no, sɛ yɛbɛte ase yiye a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ ne hɔ mmoa na yɛn ara nso yɛyere yɛn ho dwinnwen nneɛma ho kɔ akyiri. (Mmeb. 2:10-12) Yebetumi abisa yɛn ho nsɛm bi te sɛ: ‘Adɛn nti na Onyankopɔn hyɛɛ saa mmara yi? Sɛ Yehowa kyi saa suban yi a, ɛnde suban bi a ɛte sɛ wei no, mehwɛ a ɔbɛte nka sɛn wɔ ho? Bible mu asɛm yi, dɛn na misua fi mu, na mɛyɛ dɛn de abɔ me bra?’ Sɛ yehu nea enti a Yehowa hyɛɛ mmara bi, ne asuade a ɛwɔ Bible mu nsɛm mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛne Yehowa apɛde hyia.
11. Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yebehu Bible nnyinasosɛm? (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea sɛ yɛrekan Bible a, yebehu nnyinasosɛm a ɛwom. Yɛrebɛhwɛ ɛho nhwɛso mmiɛnsa. Emu biara no, odii kan kaa mmara no. Afei, ɔboaa n’atiefo ma wɔhuu adwene a ɛwɔ mmara no akyi anaa nnyinasosɛm a ɛwom. Saa nnyinasosɛm a Yesu kaa ho asɛm no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma nnɛ ne mfaso a ɛwɔ so.
Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea sɛ yɛrekan Bible a, yebehu adwene a ɛwɔ Onyankopɔn mmara bi akyi anaa nnyinasosɛm a ɛwom (Hwɛ nkyekyɛm 11)
12. Asɛm a ɛwɔ Mateo 5:21, 22 no, nnyinasosɛm bɛn na ɛwom? (Hwɛ mfoni no nso.)
12 Kenkan Mateo 5:21, 22. “Nni awu.” Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛtan obiara; ɔmpɛ sɛ yɛka asɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ afoforo anaa yɛyɛ biribi tia wɔn, na ɔmpɛ sɛ yenya wɔn ho adwemmɔne mpo. Enti Yesu kyerɛe sɛ, sɛ obi ankum nipa mpo na onya ne nua ho tan a, adwene a ɛwɔ mmara no akyi no, wabu so. Sɛ obi ‘kɔ so ma ne bo fuw ne nua’ anaa ɔyeyaw no a, onii no “bedi fɔ.” Nokwasɛm ne sɛ suban ne nneyɛe a ɛtete sei ara na ɛma nkurɔfo di awu no.—1 Yoh. 3:15.
13. Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 5:21, 22 no ayɛ adwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)
13 Nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 5:21, 22 no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma nnɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛde obi ho abufuw hyɛ yɛn mu anaa yenya ne ho menasepɔw. (Lev. 19:18; Hiob 36:13) Adɛn ntia? Efisɛ ebetumi ama yɛatan no wɔ yɛn koma mu, na yɛakeka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ onii no anaa yɛayɛ biribi atia no. (Mmeb. 10:12) Ebetumi nso ama yɛadi ne ho nseku anaa yɛasɛe ne din. (Mmeb. 20:19; 25:23) Bere a Yesu de saa afotu no mae no, na fon, intanɛt, ne sohyia midia nnya mmae mpo, nanso n’afotu no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa saa nneɛma no so ankeka nkurɔfo ho nsɛm yayaayaw. Enti sɛnea yɛrenyɛ yɛn adwene sɛ yebekum obi no, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkeka nsɛm a ɛbɛsɛe afoforo din pɔtɔɔ.
(Hwɛ nkyekyɛm 12-13)
14. Asɛm a ɛwɔ Mateo 5:27, 28 no, nnyinasosɛm bɛn na ɛwom? (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Kenkan Mateo 5:27, 28. “Nsɛe aware.” Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ saa asɛm yi mu? Yehowa kyi aguamammɔ, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Sɛ obi dwinnwen aguamammɔ ho nso a, okyi, efisɛ ebetumi ama onii no abu brabɔne. Yesu kyerɛɛ mu sɛ, sɛ ɔbarima warefo kɔ so hwɛ ɔbea foforo na onya akɔnnɔ ma no a, wayɛ bɔne. Enti wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yeyi aguamammɔ ho adwene biara fi yɛn tirim. Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ. (Mat. 5:29, 30) Saa asɛm yi kɔ ma asigyafo nso.
15. Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 5:27, 28 no ayɛ adwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 5:27, 28 no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma nnɛ? Sɛ aguamammɔ ho adwene besi yɛn tirim a, ɛsɛ sɛ yeyi fi mu ntɛm ara. (2 Sam. 11:2-4; Hiob 31:1-3) Enti ponografi anaa biribiara a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ no, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ho koraa. Ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ, sɛ yɛhwɛ ponografi a, yɛnkɔbɔɔ aguaman, enti mfomso biara nni ho. Ebinom wɔ adwene bi sɛ, mfoni anaa video a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ no bi wɔ hɔ a, sɛ wɔhwɛ a ɛnyɛ hwee efisɛ nnipa a ɛwom no mmɔɔ adagyaw koraa saa. Nanso yɛn de, yɛmfa nsɛm a ɛtete saa nyiyi yɛn ho ano. Yesu bere so no, na fon, kɔmputa, sini ne mfoni ahorow nni wiase. Nanso nnyinasosɛm a Yesu de mae no ma yehu sɛ, sɛ obi hwɛ aguamansɛm wɔ ne fon anaa kɔmputa so a, ɛnyɛ ade a Yehowa ani begye ho koraa. Afei nso, saa nnyinasosɛm no ma yehu sɛ, sɛ nkurɔfo de aguamansɛm ho mfoni, anaa ɛho video sɛnde afoforo a, Yehowa kyi koraa. Saa ara nso na wɔdi ho nkɔmmɔ wɔ fon so a, n’ani nnye ho. Sɛ awarefo tie saa afotu yi a, wɔn mu biara renyɛ biribi a ebetumi asɛe aware no. (Mal. 2:15) Afei nso, ebetumi aboa yɛn nyinaa na yɛankɔyɛ biribi a ebetumi ama yɛde yɛn ho ahyɛ aguamammɔ mu.—Mmeb. 5:3-14.
(Hwɛ nkyekyɛm 14-15)
16. Asɛm a ɛwɔ Mateo 5:43, 44 no, nnyinasosɛm bɛn na ɛwom? (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Kenkan Mateo 5:43, 44. “Dɔ wo yɔnko.” Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ saa asɛm yi mu? Yehowa pɛ sɛ yɛdɔ obiara, na yebu obiara sɛ yɛn yɔnko. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, Yudafo a na wɔwɔ Yesu bere so no faa no sɛ, sɛ obi nyɛ Yudani a, ɛsɛ sɛ wɔtan no. Nanso na Yesu nim sɛ ɛnyɛ adwene a ɛwɔ mmara no akyi no no. Ná onim sɛ, sɛ obi fi he oo, kasa bɛn na ɔka oo, Yehowa pɛ sɛ yebu onii no sɛ yɛn yɔnko.—Mat. 5:45-48.
17. Sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 5:43, 44 no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 5:43, 44 no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma nnɛ? Esiane sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nipa nti, akokoakoko ne basabasayɛ a ɛrekɔ so no, yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu. (Yes. 2:4; Mika 4:3) Wei nti, sɛ obi fi he oo, kasa bɛn na ɔka oo, asɔre bɛn na ɔkɔ oo, ɛboa yɛn ma yɛne no di no yiye. (Aso. 10:34, 35) Afei nso, sɛ obi ayɛ biribi atia yɛn anaa yɛn dɔfo bi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde akyɛ no.—Mat. 18:21, 22; Mar. 11:25; Luka 17:3, 4.
(Hwɛ nkyekyɛm 16-17)
SI WO BO SƐ WOBƐMA BIBLE NNYINASOSƐM AKYERƐ WO KWAN
18. (a) Dɛn na ɛwɔ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
18 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa ne yɛn nni no sɛ nkwadaa bi, na mmom ɔne yɛn di no sɛ mpanyimfo! Gyinae biara a yebesi no, ɔpɛ sɛ yɛma Bible nnyinasosɛm boa yɛn. (1 Kor. 14:20) Enti bere nyinaa, momma ‘yɛnkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa apɛde’ na yɛatumi asisi gyinae a ɛne n’apɛde hyia. (Efe. 5:17) Ɛnyɛ twe a Yehowa bɛtwe yɛn aso nti na ɛsɛ sɛ yesisi gyinae pa, na mmom ɔdɔ a yɛdɔ no ntia. Nanso Yehowa ama yɛn biribi foforo a ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. Ɛno ne yɛn ahonim. Yɛbɛka ɛno ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn
a Nneɛma pii wɔ hɔ a, ɛho mmara pɔtee biara nni Bible mu, enti sɛ yɛresisi ho gyinae a, ɛsɛ sɛ yɛma Bible nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan. Ɛsɛ sɛ yesusuw Bible nnyinasosɛm ahorow ahorow ho, na aboa yɛn ama yɛatumi asisi gyinae pa. Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yetumi dwen. Enti sɛ yɛresisi gyinae na yɛto yɛn bo ase dwen ho yiye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani. Asomafo no bere so no, Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, na ɛsɛ sɛ wɔn mu pii sua sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm besisi gyinae. Efisɛ ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no, mmara a na nyamesom akannifo no ahyehyɛ ama wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔdi so no, bebree kwa.