JUNE 15-21, 2026
DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!
Amanehunu a Worehyia No, Nya Yehowa Adwene Wɔ Ho
“Ahohia ne ahokyere ba me so, nanso wo mmara nsɛm de, ɛda me koma so daa.”—DW. 119:143.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Amanehunu a yehyia no, adesua yi bɛma yɛanya Yehowa adwene wɔ ho. Wei bɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi Yehowa nokware na yɛn ani agye.
1-2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi agyina amanehunu a yehyia no ano? (Hwɛ mfoni no nso.)
YEHOWA a woresom no nti, nkurɔfo retan w’ani, na w’abusuafo reteetee wo anaa? Yare anaa onyin na ɛrehaw wo? Asɛm kɛse bi na ato wo, anaa wo dɔfo bi na awu? Sɛ ‘ɔhaw ne amanehunu ahyɛ w’asetena mu ma’ a, kae sɛ saa ara na Yehowa asomfo bebree nso de te.—Dw. 90:10.
2 Amanehunu a yɛrehyia no, sɛ yebetumi agyina ano a, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa adwene wɔ ho, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yehu ɔhaw no sɛnea Yehowa hu no. Dɛn na ɛno kyerɛ? Yebetumi de mfatoho a edi so yi akyerɛ mu: Sɛ woreka kar a, asiane a wubetumi ahyia no, ɛte sɛ ɔhaw a wuhyia wɔ w’asetenam no. Asiane pɔtee no na ɛbɛkyerɛ nea wobɛyɛ; sɛ ebia wobɛfa benkum anaa nifa, wobɛto wo bo ase, anaa wubegyina koraa. Nanso sɛ biribi ayeyɛ w’ahwehwɛ no anim na wunhu w’anim yiye a, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu asiane no na woayɛ ho biribi. Yɛn nso, sɛ yebetumi agyina amanehunu a yɛrehyia no ano a, ehia sɛ yehu ɔhaw no sɛnea Yehowa hu no no. Adesua yi mu no, sɛ yehyia ɔhaw a, adwene a Yehowa pɛ sɛ yenya wɔ ho no, yebesusuw ho. Afei, sɛ yɛannya Yehowa adwene a, ɔhaw a ebetumi akɔfa aba no, yɛbɛhwɛ ɛno nso. Nea etwa to, sɛ yehyia amanehunu a, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ na yɛakɔ so anya Yehowa adwene.
Amanehunu a yɛrehyia no, sɛ yebetumi agyina ano a, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa adwene wɔ ho, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yehu ɔhaw no sɛnea Yehowa hu no (Hwɛ nkyekyɛm 2)
ADWENE A YEHOWA PƐ SƐ YENYA WƆ AMANEHUNU HO
3. Dɛn na yɛrentumi nkwati wɔ wiase bɔne yi mu, na adɛn ntia?
3 Yɛwɔ wiase bɔne yi mu de, ɛyɛ dɛn ara yebehyia amanehunu. Bɔne ne sintɔ da so wɔ yɛn ho, na Satan di wiase yi so de, amanehunu rempa yɛn ho da. Afei nso, bere a wiase yi rekɔ n’awiei no, ɔhaw a yehyia no bɛdɔɔso; atoyerɛnkyɛm nam ha no, na nnipabɔnefo nso de wɔn de nam mu. (Mat. 24:8; 2 Tim. 3:13) Sɛ Yehowa yi ɔhaw a ɛtete saa fi hɔ seesei a, na akɔyɛ te sɛ nea ɔreboa Satan ma wadi wiase yi so. Nanso yenim sɛ wiase yi mu de, ɛyɛ dɛn ara a, “bere bɔne” bɛba.—Ɔsɛnk. 9:12, ase hɔ asɛm.
4. Esiane sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo nti, amanehunu bɛn bio na yehyia?
4 Kristo akyidifo a yɛyɛ nti, yehyia amanehunu foforo. Ná Yesu taa ka kyerɛ n’asuafo no sɛ, esiane sɛ wɔyɛ n’akyidifo nti, nkurɔfo bɛtan wɔn ani. (Mat. 24:9; Yoh. 16:2) Wei a yenim nti, sɛ nkurɔfo tan yɛn ani ma yehu amane a, yɛmma yɛn gyidi nhinhim, mmom yemia yɛn ani gyina mu. (1 Tes. 3:3, 4) Ɛno ma yenya awerɛhyem sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na yɛnam ɔkwan a ɛkɔ daa mu no so. Afei nso, sɛ yemia yɛn ani gyina amanehunu mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛtaa Yehowa tumidi akyi, na Satan yɛ ɔtorofo. Kae sɛ, Satan aka sɛ, nea nnipa benya afi Onyankopɔn hɔ nti na wɔsom no, na ɛnyɛ sɛ wɔdɔ no. Enti nea ɛbɛyɛ na Satan akyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware no, watu n’ani asi Yehowa nkurɔfo so retan wɔn ani yayaayaw. (Hiob 1:9-11) Ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa nti, sɛ yemia yɛn ani gyina amanehunu mu a, yɛma ne koma tɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.
5. Dɛn na yebetumi asua afi Ɔsɛnkafo 7:13, 14 no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Yehowa ma kwan ma yehu amane. Ɛmpare Yehowa sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa ɔde nneɛma bɔne bɛsɔ yɛn ahwɛ. (Yak. 1:13) Nanso, Ɔhene Solomon kaa sɛ, “amanehunu da” yɛ “nokware Nyankopɔn no adwuma.” (Kenkan Ɔsɛnkafo 7:13, 14.) Mpɛn pii no, sɛ Yehowa ma biribi ho kwan a, Bible no ka no te sɛ nea ɔno na ɔreyɛ. Enti dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Solomon kae no mu? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yehu sɛ Satan wiase bɔne yi mu de, mmere pa ne mmere bɔne nyinaa bɛba. Enti sɛ ɛda pa ba a, da Yehowa ase. Nea ɛtɔ so mmienu, Solomon ma yehu sɛ, sɛ ɛda bi bɛkɔ yiye oo, sɛ ɛrenkɔ yiye oo, ‘yɛrentumi nhu.’ Efisɛ biribiara tumi si; nneɛma bɔne to atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.
Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Satan wiase bɔne yi mu de, mmere pa ne mmere bɔne nyinaa bɛba (Hwɛ nkyekyɛm 5)
6. Adɛn nti na ebia Yehowa bɛma kwan ma yɛahyia ɔhaw? (Hebrifo 12:7, 11)
6 Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, Yehowa mpɛ sɛ yɛn ara yɛfa to yɛn ho so sɛ yebedi ho dwuma, na mmom ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho to ne so na ɔboa yɛn. Yehowa dwen yɛn ho, enti ɔhaw biara a yɛrefa mu no, ɔno nso ɛhaw no. Sɛ ɔma kwan ma yɛfa “obon a emu yɛ sum kabii” mu mpo a, ɔkɔ so kyerɛ yɛn kwan, na ɔma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. Afei nso, ɔma yɛn ahoɔden ma yetumi de gyina yɛn haw ano. (Dw. 23:4) Bio nso, sɛ yɛrefa amanehunu mu a, ɛma yetumi hu yɛn mmerɛwyɛ bi a ehia sɛ yɛyɛ ho adwuma, na Onyankopɔn boa yɛn ma yetumi yɛ. (Kenkan Hebrifo 12:7, 11.) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na ehia sɛ Hiob brɛ ne ho ase. Ɛwom, ɛnyɛ Yehowa na ɔmaa Hiob huu amane, nanso amanehunu a ɔmaa ho kwan no boaa Hiob ma osuaa nneɛma pii. (Hiob 42:1-6) Amanehunu biara a Yehowa bɛma kwan ama yɛafa mu no, yenim sɛ ɛrenteetee yɛn afebɔɔ. Sɛ yemia yɛn ani gyina mu kosi awiei a, Yehowa betua yɛn ka.—Rom. 8:35-39.
7. Sɛ wo gyidi nti nkurɔfo retan w’ani a, adɛn nti na w’ani betumi agye?
7 Nkurɔfo retan yɛn ani mpo a, yɛn ani betumi agye. Sɛ wo gyidi nti nkurɔfo retan w’ani a, nnya adwene sɛ Yehowa apo wo. Mmom tan a wɔretan w’ani no kyerɛ sɛ Yehowa pɛ w’asɛm. (Mat. 5:10-12) Sɛ wuhu no saa a, sɛ nkurɔfo retan w’ani a, woremma ɛnhaw wo, na mmom w’ani begye sɛnea asomafo no nso ani gyei no. (Aso. 5:40-42) Afei nso, sɛ wumia w’ani gyina mu a, ebetumi aboa wɔn a wɔnyɛ Adansefo ma wɔabehu nokware no, na ‘wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Pet. 2:12) Yɛhwɛ Yosef sei a, ɔda afiase no mpo Yehowa hyiraa no. Wo nso, sɛ worehyia amanehunu a, Yehowa bɛboa wo ma asi wo yiye.—Gen. 39:3, 23.
8. Dɛn bio na ebetumi akanyan yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina ɔhaw a yɛrefa mu ano?
8 Yɛn amanehunu bɛba awiei. Hiob asɛm no ma yehu sɛ ɔhaw biara a yɛrefa mu no bɛba awiei. Nokwasɛm ne sɛ, “Yehowa hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” (Hiob 42:12) Yɛn nso, ɛwom sɛ yɛrehu amane seesei, nanso Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obehyira yɛn paa ma yɛatena ase afebɔɔ wɔ wiase foforo no mu. Enti yebetumi aka sɛ obehyira yɛn “awiei” asen yɛn ahyɛase. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yemia yɛn ani gyina amanehunu mu kosi awiei.—Mat. 24:13.
SƐ YƐANNYA YEHOWA ADWENE A, ƆHAW BƐN NA EBETUMI AKƆFA ABA?
9. Sɛ yɛannya Yehowa adwene wɔ yɛn amanehunu ho a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa abrɛ yɛn?
9 Ɔhaw a yɛrehyia no, sɛ ɛte sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, sɛ yɛannya Yehowa adwene wɔ ho a, ebetumi asɛe yɛne ne ntam. Anhwɛ a yebetumi anya adwene mpo sɛ Yehowa na ama yɛrehu amane. Hiob sei, eduu baabi no, onyaa adwene sɛ Yehowa na wama ɔrehu amane. Wei ma ‘obuu ne ho sɛ ɔyɛ ɔtreneeni sen Onyankopɔn.’ (Hiob 32:2) Naomi nso, mfiase no, ɔbɔɔ Yehowa sobo sɛ ɔno na wama ɔrehu amane. (Rut 1:13, 20, 21) Adwene a Hiob ne Naomi nyae no, sɛ wɔkɔɔ so kuraa mu a, anka ebetumi asɛe wɔne Yehowa ntam. (Mmeb. 19:3) Ne nyinaa mu no, Yehowa boaa wɔn ma wɔtenetene wɔn adwene, na ohyiraa wɔn.
10. Sɛ yɛrehu amane a, anhwɛ a adwene bɛn na yebetumi anya?
10 Sɛ mpo yegye tom sɛ ɛnyɛ Yehowa na wama yɛrehu amane a, anhwɛ a yebetumi anya adwene sɛ onnwen yɛn ho. Adwene a ɛte saa betumi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 24:10) Ɔhene Dawid ne odiyifo Habakuk nyinaa hyiaa amanehunu, na eduu baabi no na ɛyɛ wɔn sɛ Yehowa ntie wɔn sufrɛ. (Dw. 10:1; Hab. 1:2) Nanso, wɔannyae mpaebɔ da. Yehowa maa mmarima anokwafo yi awerɛhyem sɛ ɔtaa wɔn akyi; wo nso ɔbɛyɛ saa ara ama wo.—Dw. 10:17.
11. Ɔhaw a yɛrehyia no, sɛ yɛannya Yehowa adwene wɔ ho a, anhwɛ a dɛn na yɛbɛka?
11 Amanehunu a yɛrefa mu no, sɛ yɛannya Yehowa adwene wɔ ho a, anhwɛ a yɛbɛka sɛ dɛn paa na yɛayɛ a enti a yɛrehyia ɔhaw a ɛte saa. (1 Pet. 4:12) Yesu asuafo no mpo, na ɛyɛ den sɛ wɔbegye atom sɛ Yesu behu amane paa. (Luka 18:33, 34) Nea na ɛbɛto Yesu no, na wakyerɛ mu akyerɛ n’asuafo no pefee, nanso na ɛyɛ ɔsomafo Petro sɛ Yehowa remma kwan mma Yesu nhu amane. Ná Yesu nim sɛ, sɛ otie nea Petro reka no a, ɛremma ontumi nyɛ Yehowa apɛde, enti ɔkaa Petro anim. (Mar. 8:31-33) Yesu wu akyi mpo, na ɛyɛ den ma n’asuafo no sɛ wɔbɛte nea enti a owui no ase. Nanso Yesu ampa abaw wɔ wɔn ho. Ne wusɔre akyi no, ‘ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye kyerɛɛ wɔn,’ na ɔboaa wɔn ma wɔnyaa Yehowa adwene wɔ n’amanehunu no ho. (Luka 24:25-27, 32, 44-48) Sɛ wɔdwinnwen nea na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔn no ho a, na ɛbɛboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho ama ɔsɔretia a na ɛrenkyɛ wɔbehyia no. Yɛn nso, kyerɛwnsɛm a ɛka ɔsɔretia ne amanehunu ho asɛm no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina amanehunu ano.
12. Sɛ yɛannya Yehowa adwene wɔ ɔhaw bi a yɛrehyia ho a, anhwɛ a sɛn na yebehu ɔhaw no?
12 Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi na yɛannya Yehowa adwene wɔ ho a, anhwɛ a yebehu no kakrakaa, nanso wobɛhwɛ mu no, na ɛnyɛ saa paa na ɛte. Yesu mfatoho bi mu no, ɔkyerɛe sɛ biribi a ɛte saa betumi asi. Ɔkaa sɛ, owura bi maa adwumayɛfo kɔyɛɛ adwuma wɔ ne bobeturo mu. Eduu bere a ɔretua wɔn ka no, ebinom nwiinwii sɛ owura no asisi wɔn. Nanso owura no ka kyerɛɛ wɔn mu baako sɛ: “Damfo, menyɛɛ wo bɔne.” (Mat. 20:10-13) Ná ɛnyɛ sɛ owura no asisi wɔn, mmom na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbenya akatua no bi aka ho. Ɛnnɛ nso, Yehowa asomfo binom anya adwene sɛ Yehowa asafo no asisi wɔn, efisɛ hokwan bi a na wɔrepɛ no, wɔn nsa anka, anaa hokwan bi a na wɔwɔ no, na ɛho abehia sɛ wɔde to hɔ. Sɛ yɛrefa ɔhaw bi a ɛte saa mu a, anammɔn pɔtee bɛn na yebetumi atutu na yɛatumi anya Yehowa adwene?
SƐ YEHYIA AMANEHUNU A, ANAMMƆN PƆTEE A YEBETUMI ATUTU
13. Sɛ amanehunu bi yi ne ti a, anhwɛ a adwene bɛn na wubetumi anya?
13 Bible mu nokwasɛm a ɛfa amanehunu ho no, ebia wunim. Ebi koraa a wode ahyɛ obi a ɔrefa amanehunu mu nkuran pɛn. Nanso sɛ wo ara wuhyia bi a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubenya Yehowa adwene wɔ ho. Anhwɛ a wubenya adwene mpo sɛ Yehowa retwe w’aso anaa ɔmpɛ sɛ otie wo mpaebɔ. Sɛ wunya adwene a ɛte saa a, dɛn na wubetumi ayɛ?
14. Sɛ worehu amane a, dɛn na wubetumi abɔ ho mpae? (Filipifo 4:13)
14 Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Ɔhaw a worefa mu ne sɛnea ɛreteetee wo no, ka kyerɛ no. Ade pɔtee a wopɛ sɛ Yehowa yɛ de boa wo no, wubetumi abɔ ɛno nso ho mpae. Wubetumi nso asrɛ no sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no nhyɛ wo den, na ɔmma wo nyansa a wode begyina ɔhaw no ano. Nanso kae sɛ, ebia ɛnyɛ sɛnea wohwɛ kwan no na Yehowa bebua wo mpaebɔ no. (Efe. 3:20) Ebia Yehowa bɛfa abɔfo no anaa anuanom so aboa wo. (Dw. 34:7) Enti ɔkwan a Yehowa bɛfa so aboa wo biara, gye tom. Efisɛ obeyi ne yam de ne honhom no aboa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi agyina ɔhaw biara a worehyia ano.—Kenkan Filipifo 4:13.
15. Sɛ worehyia amanehunu a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woamia w’ani agyina mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Nnyae nneɛma a woyɛ wɔ Yehowa som mu no. Sɛ wuntumi nyɛ no sɛ kan no mpo a, yɛ kakra biara a wubetumi. “Ahohia ne ahokyere” bere a ɛte saa mu paa na ehia sɛ wokɔ so nya Onyankopɔn adwene. (Dw. 119:143) Enti kɔ so kenkan Bible da biara na dwinnwen ho. Asɛnka adwuma no afa biara a wubetumi no, bɔ mmɔden yɛ. Afei nso, kɔ adesua; wokɔ nso a fa wo ho hyɛ mu. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ tew wo ho, nanso nyɛ saa, mmom wo ne wo nuanom mmɔ.—Mmeb. 18:1.
Nneɛma a woyɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛ kakraa bi mpo na wubetumi ayɛ a, yɛ (Hwɛ nkyekyɛm 15)
16. Sɛ ɔhaw kɛse bi to wo a, adwene bɛn na wubetumi anya, na dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ho? (2 Korintofo 10:4, 5)
16 Nea w’adwenem yɛ wo naa wɔ ho no, ma Bible no mmoa wo. Sɛ ɔhaw kɛse bi to wo a, ebia wubenya adwene sɛ Yehowa nnɔ wo anaa ɔmpɛ w’asɛm. Ɛba saa a, ebehia sɛ wututu nsusuwii a ɛte saa a “ase atim denneennen” no gu. (Kenkan 2 Korintofo 10:4, 5.) Sɛ woyɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne asafo nhoma mu a, ɛbɛboa wo ma woanya “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a wode bɛtenetene adwene a woanya no. Enti sɛ ɔhaw bi ato wo ama woanya adwene sɛ Yehowa ayi wo baako ahyɛ wo nsa a, nea ɔsomafo Paul faa mu no, sua ho ade. Amane a ohui bere a ɔreyɛ ne som adwuma no, na ɛnyɛ asɛm ketewa, nanso ammu n’abam. Mmom, ɛno ma ogye dii paa sɛ, Yehowa ne Yesu nyinaa pɛ n’asɛm. (2 Kor. 11:23-27) Ebi nso a, bɔne bi a woayɛ atwam no, ɛyɛ wo sɛ Yehowa mfa nkyɛɛ wo. Sɛ saa a, Bible mu nsɛm a ɛma yehu sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a na ɔde akyɛ yɛn no, boaboa ano, kenkan na dwinnwen ho. (Yes. 43:25; Dw. 119:97) Awerɛhosɛm bi a ɛtoo wo nti, ama woanya adwene sɛ Onyankopɔn mmɔ n’asomfo ho ban anaa? Sɛ saa a, nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane, ne sɛnea ɔbɔ yɛn ho ban akwannuasa nyinaa so no, yɛ ho nhwehwɛmu. (Dw. 91:9-12) Afei nso, anuanom a awerɛhosɛm too wɔn na wɔtumi gyinaa mu no, kenkan wɔn ho nsɛm.a
17. Sɛ yehyia amanehunu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
17 Seesei sɛ ɔhaw kɛse biara ntoo wo a, ɛnde da pa mu na wowɔ no. Enti da Yehowa ase, na fa saa bere no yi no ayɛ wɔ ne papayɛ ho. (Ɔsɛnk. 7:14) Nanso sɛ wuhyia amanehunu a, nya Yehowa adwene wɔ ho, na fa wo ho to no so denneennen. Woyɛ saa a, Yehowa ‘bɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a wode befi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi agyina ano.’ (1 Kor. 10:13) Ɛnde yemmisa sɛ, sɛ yɛn nuanom Kristofo hyia amanehunu a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn? Yebesusuw ɛno ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa
a Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Onua David Maza ba wui yayaayaw no, sɛnea ɔne n’abusua gyinaa ano no, wubetumi akenkan ho asɛm wɔ jw.org. Yɛato asɛm no din “A Happy Family, Shattered and Rebuilt.”