Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 February kr. 2-7
  • Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Yɛn Abusuafo a Wɔnyɛ Adansefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Yɛn Abusuafo a Wɔnyɛ Adansefo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYA AYAMHYEHYE MA WƆN
  • HU NEA ENTI A WƆKASA TIA WO ANAA WƆNE WO NNI NO YIYE
  • NYA ABOTARE NA NYA ANIDASO
  • MA WƆNHU SƐ WODƆ WƆN
  • MPA ABAW WƆ W’ABUSUAFO HO DA
  • Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Kɔ So Ara Sua Biribi Fi Bible Mu Mfitiasesɛm Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 February kr. 2-7

APRIL 6-12, 2026

DWOM 82 “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”

Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Yɛn Abusuafo a Wɔnyɛ Adansefo

“Sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa abaw.”—GAL. 6:9.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, yɛbɛhwɛ nea yɛbɛyɛ na yɛne wɔn ntam akɔ so ayɛ kama. Afei nso, yɛbɛhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so adi wɔn adanse bere a hokwan no abue no.

1-2. Bere a yehuu nokware no foforo no, dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa wontwiwontwi baa yɛne yɛn abusuafo ntam?

BERE bi, na ɔbarima bi pɛ sɛ obedi Yesu akyi, nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa ne sɛnea wahu wo mmɔbɔ no kyerɛ wɔn.” (Mar. 5:19) Saa asɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ, na onim paa sɛ yɛte asɛmpa bi a, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn abusuafo amanneɛ.

2 Wo nso, bere a edi kan a wotee asɛmpa no, wotee nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ w’ani gyei ara ma na wopɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ w’abusuafo! Nanso yɛreka yi, ebia w’abusuafo no amfa wɔn ti annye. Ebi nso a, bere a worekyerɛkyerɛ wɔn no, wokaa wo nsɛm penpen, enti ɛmaa wɔn bo fuwii. Sɛ saa a, ɛnde dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo ne w’abusuafo ntam ayɛ kama, na bere koro no ara nso woanyɛ biribi a ɛbɛma Yehowa adi yaw?

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛntitiriw nnan yi ho: Nea edi kan, yebehu sɛ yɛn abusuafo a wɔnyɛ adansefo a wɔmpɛ sɛ wɔsua Yehowa ho ade no, sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn a, ɛbɛma yɛanya wɔn ho abotare. Nea ɛtɔ so mmienu, sɛ wɔkeka nsɛm bi anaa wɔyɛ nneɛma bi ma ɛhaw yɛn a, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ yenya wɔn ho abotare na yenya anidaso sɛ wɔbetumi abɛsom Yehowa a, ɛbɛma yɛatumi aboa wɔn. Nea etwa to, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.

NYA AYAMHYEHYE MA WƆN

4. Bere a Yesu kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔmpɛ sɛ wɔtie no, dɛn na ɔyɛe?

4 Nnipa a na wɔmpɛ sɛ wɔtie asɛm a na Yesu reka no, wampa abaw wɔ wɔn ho. Bere bi Yesu maa mfatoho bi, na ɔkaa sɛ ɔte sɛ obi a ɔhwɛ bobefuw bi so. Ná borɔdɔma dua bi a ɛnsow aba si bobefuw no mu, enti ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma asow. (Luka 13:​6-9) Bere a Yesu maa saa mfatoho no, na ɔde bɛboro mfe mmiɛnsa ayɛ ara sɛ ɔbɛboa Yudafo no ma wɔagye no adi. Adɛn nti na wannyae wɔn akyidi ampɛ ne baabi antena? Ná Yesu wɔ ayamhyehye ma nnipa, na ɛno boaa no ma onyaa wɔn ho abotare.

5. Adɛn nti na Yesu nyaa ayamhyehye maa Yudafo no?

5 Yesu nyaa ayamhyehye maa Yudafo no, efisɛ nyamesom akannifo no ammoa wɔn amma wɔannya Onyankopɔn mu gyidi. Yesu hui sɛ “wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mar. 6:34) Aka kakra ma Yesu awu no, ɔhwɛɛ Yerusalem kurow no sui, efisɛ na onim sɛ esiane gyidi a na kurow no mufo dodow no ara nni nti, na wɔrebewu asɛe kwa. (Luka 19:​41-44) Yɛn nso, sɛ yenya ayamhyehye ma yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo a, ɛbɛka yɛn ma yɛaboa wɔn ma wɔabɛsom Yehowa.

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo ho abotare? (Galatifo 6:9)

6 Kenkan Galatifo 6:9. Seesei sɛ yɛn abusuafo mpɛ sɛ wɔsua Yehowa ho ade mpo a, ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare, na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw wɔ ‘adepa a yɛreyɛ’ no ho. Nkyerɛkyerɛ a obi akura mu fi bere tenten no, sɛ yebetumi aboa no ma wagyaa mu na wabenya Yehowa mu gyidi a, yenim sɛ ɛnyɛ da koro asɛm. Bere bi a atwam no, ebia na yɛn nso ‘yenni anidaso biara, na na yennim Onyankopɔn.’ (Efe. 2:12) Nanso ebia obi nyaa yɛn ho abotare boaa yɛn. Sɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wo nso wunya w’abusuafo ho abotare boa wɔn anaa?

HU NEA ENTI A WƆKASA TIA WO ANAA WƆNE WO NNI NO YIYE

7. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Yesu nua mmarima no annye no anni?

7 Ɛbɛyɛ sɛ Yesu nua mmarima no tee anwanwade a ɔyɛe wɔ Galilea no ho asɛm. (Luka 4:​14, 22-24) Nanso mfiase no de, na wɔnnye Yesu nni. (Yoh. 7:5) Adɛn ntia? Bible no nka. Nanso anyɛ yiye koraa no, ɛma yehu nneɛma mmienu bi a amma Yudafo no ammedi Yesu akyi. Baako ne sɛ, na wɔn mu bi suro sɛ, sɛ wɔkodi Yesu akyi a, kurom hɔfo no bɛtan wɔn ani. (Yoh. 9:​18-22) Afei nso na ebinom nim Yesu fi ne mmofraase, enti na ɛyɛ den sɛ wɔbegye adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. (Mar. 6:​1-4) Enti ɛbɛyɛ sɛ na Yesu nua mmarima no nso wɔ saa adwene no bi. Yɛn abusuafo nso, wohwɛ a biribi saa nti na wɔmpɛ sɛ wɔtie asɛmpa no anaa?

8. Dɛn na ebetumi ama yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo akasa atia yɛn?

8 Bɔ mmɔden hu nea enti a wɔkasa tia wo anaa wɔne wo nni no yiye. Yesu abusuafo a ɛkaa sɛ ne ‘tirim ka no’ no, ɛbɛyɛ sɛ na ne nua mmarima no ka ho. (Mar. 3:21) Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛma wɔkaa saa asɛm no? Bible ma yehu sɛ na nkurɔfo agye Yesu abɔ so ara ma na onnya bere mpo nnidi. (Mar. 3:20) Ebia n’abusuafo no nyaa adwene sɛ wama adwuma no akyekyere no dodo. Yɛn nso, ebia yɛn abusuafo benya adwene sɛ yɛn som no adi yɛn ti. Sɛ wɔte nka saa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe kyerɛ wɔn sɛ ɛnyɛ saa na ɛte.

9. Dɛn na ebetumi aboa yɛn abusuafo ma wɔasesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho? (1 Petro 3:​1, 2) (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Ma wo suban nkasa mma wo. Yɛn kasadɛ ne yɛn suban pa betumi ama yɛn abusuafo asesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho. (Kenkan 1 Petro 3:​1, 2.) Yɛmfa no sɛ onuawa bi kunu nyɛ Yehowa Danseni. Sɛ ogyaw ne kunu hɔ kɔ adesua anaa asɛnka a, ebia ne kunu no bo befuw anaa ɔbɛte nka sɛ onnwen ne ho. Esiane sɛ onuawa no mpɛ sɛ ne kunu bɛte nka saa nti, nhyehyɛe a wayɛ a ɔde kɔ asɛnka no, ebia ɔbɛyɛ mu nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii ama ne kunu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ne kunu reyɛ biribi foforo anaa onni fie a, obetumi akɔ asɛnka. Sɛ onuawa bi yɛ fakaa na ɔte ne kunu ase a, ebia obetumi aboa ne kunu ma wanya Yehowa Adansefo ho adwempa.

Mfoni: 1. Onuawa bi kunu a ɔnyɛ Ɔdansefo rebɛkɔ adwuma, na onuawa no reyɛ n’awia aduan ne kɔfe ama no ansa na wakɔ. 2. Akyiri yi, onuawa no ne onuawa foforo nam asɛnka mu, na ɔde Bible mu asɛm bi a ɛwɔ ne fon so rekyerɛ ɔbea bi wɔ ne pon ano.

Yɛn kasadɛ ne yɛn suban pa betumi ama yɛn kunu anaa yɛn yere a ɔnyɛ Ɔdansefo asesa adwene a ɔwɔ wɔ Yehowa Adansefo ho (Hwɛ nkyekyɛm 9)f


10. Sɛ nkurɔfo kasa tia yɛn a, dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Yesu?

10 Ɛnyɛ nsɛm a wɔbɛka atia wo nyinaa na ɛsɛ sɛ wuyi ano. Bere bi, nkurɔfo ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔyɛ odidifo ne kɔwensani, nanso wanhaw ne ho ankyerɛ mu ankyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware. Mmom ɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmfa wɔn ani nto fam nhwɛ sɛ nea wɔate afa ne ho no yɛ nokware anaa. (Mat. 11:19) Afei nso, ɔmaa obiara hui sɛ ɔnyɛ kyenkyenenn, na na otumi gye n’ani nso. (Fa toto Yohane 2:​2, 6-10 ho.) Wo nso, ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ asɛm biara a obiara bɛka atia wo no, ɛsɛ sɛ wuyi ano. Mmom ma w’abusuafo nhu sɛ wonyɛ kyenkyenenn na w’ani gye. Ɛba saa na sɛ wɔte yɛn ho asɛm bi a ɛnyɛ nokware a, ebia wɔbɛbɔ agu.

NYA ABOTARE NA NYA ANIDASO

11. Yesu nuanom a na wɔnnye no nni no, sɛn na ɔne wɔn dii?

11 Bible ma yehu sɛ Yesu kɔɔ so nyaa ne nua mmarima no ho abotare. Yɛhwɛ bere a ɔyɛɛ n’anwanwade a edi kan wɔ Kana no sei a, ɛda adi sɛ na ne nua mmarima no nso wɔ hɔ bi. (Yoh. 2:​11, 12) Nanso sɛnea yɛadi kan ahu no, wɔannye Yesu anni. Ne nyinaa mu no, Yesu ne wɔn antwa abusuabɔ mu. Bere a Yesu yɛɛ n’anwanwade a edi kan wɔ Kana bɛyɛ mfe mmiɛnsa akyi no, Bible ma yehu sɛ ɔne ne nua mmarima no kasae kama.—Yoh. 7:​5-8.

12. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya anidaso sɛ yɛn abusuafo no bi betumi abɛsom Yehowa?

12 Yehowa mmɔborɔhunu a yɛate ase yiye no, ebetumi aboa yɛn ma yɛanya anidaso sɛ yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no betumi abɛsom Yehowa. Sɛ atorosom ba awiei a, ebia yɛn abusuafo no bɛkae sɛ yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ atorosom bɛsɛe.a (Adi. 17:16) Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, ebia wɔbɛba abɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa. Nanso ɛnnɛ mpo, sɛ wɔkɔ ahokyere mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de boa wɔn. Yɛyɛ saa a, wɔbehu sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ wɔn, na ebia ɛno bɛka wɔn ma wɔasua Bible no.

MA WƆNHU SƐ WODƆ WƆN

13. Ɛwom sɛ nnwuma bebree gu yɛn so wɔ Yehowa som mu, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Ɛwom sɛ nnwuma bebree gu yɛn so wɔ Yehowa som mu, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abusuafo nya adwene sɛ yenni wɔn ho adaagye anaa yɛnnɔ wɔn bio. (Mat. 7:12) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. Yɛnhwɛ emu kakra.

14-15. Akwan a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, baako ne sɛn? Ma ho nhwɛso.

14 Ɛyɛ a ma wɔnte wo nka, na ma wɔnhu sɛ wodɔ wɔn. Sɛ yɛtaa ma yɛn abusuafo hu nea ɛrekɔ so wɔ yɛn asetenam a, ɛma wɔhu sɛ yɛdɔ wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛkɔ baabi kogye yɛn ahome, yetu kwan kɔ baabi kɔhwehwɛ hɔ anaa yɛne yɛn nnamfo hyiam gye yɛn ani a, mfoni a yetwitwae no, yebetumi de bi asɛnde wɔn, na yɛasɛnde wɔn tɛs mɛsegye nso. Yebetumi akyɛ wɔn ade anaa yɛakyerɛw krataa a emu nsɛm hyɛ nkuran akɔma wɔn. Ɛno nso betumi ama yɛne wɔn ntam ayɛ kama. Sɛ yɛyɛ nneɛma nketenkete bi sei ma wɔn a, na yɛrema wɔahu sɛ yɛdɔ wɔn.

15 Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔwɔ Armenia a ne din de Anna. Abusua a ɔda mu no, mframa mfa wɔn ntam koraa; edu bere a wɔredi wɔn awoda anaa wɔredi afahyɛ bi a, ɛnde ɛkyɛn daa. Enti bere a Anna begyee nokware no, na ɛhaw n’abusuafo sɛ anhwɛ a na ɔsom foforo a wakɔ mu no atetew ɔne wɔn ntam. Afei nso na wɔsuro sɛ, sɛ Anna bɛyɛ Yehowa Danseni a, daakye abrabɔ mu bɛyɛ den ama no. Enti dɛn na ɛyɛ a Anna yɛ? Ɔka sɛ: “Sɛ mekɔsra m’abusuafo a, ɛyɛ a meka nea ɛrekɔ so wɔ m’asetenam ne nea mede me bere yɛ ho asɛm kyerɛ wɔn. Afei nso, ɛyɛ a mema wɔbɛsra me, na mede wɔn kyia me nnamfo a wɔn nso abɛsra me. Ɛno nti, m’abusuafo dodow no ara nim me nnamfo, na wɔn ani ka wɔn anim.” Ɔde kaa ho sɛ: “M’abusuafo bebree ka sɛ wɔhu sɛ m’ani gye, na wɔnsuro mma me bio.”

16. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ne nua Yakobo ho hia no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

16 Ma wɔnhu sɛ wɔn ho hia wo. Bere a Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nua Yakobo; ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ ne ho hia no. (1 Kor. 15:7) Bere a Yakobo hui sɛ Yesu mpaa abaw wɔ ne ho no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa n’ani gyei paa. Ɛbɛyɛ sɛ yi a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo no na ɛma ogye dii sɛ Yesu ne Mesia no. Ɛno akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Yakobo boaa abusuafo a aka no ma wɔbegye dii sɛ Yesu ne Mesia no.b—Aso. 1:14.

17. Yɛbɛyɛ dɛn de asɛm a ɛwɔ Romafo 12:15 no ayɛ adwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Kenkan Romafo 12:15. Yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, ɛtɔ mmere bi a, nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn, ɛtɔ da nso a, abrabɔ ne wɔn bedi no nwenweenwene. Enti sɛ yɛma wɔhu sɛ bere a wɔhia yɛn mmoa paa no yɛwɔ hɔ ma wɔn a, ebia ɛbɛma wɔasesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho.c Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛn busuani bi wo a, yebetumi ne no adi ahurusi na yɛakyɛ no ade ama wahu sɛ yedwen ne ho. Sɛ obi a wɔpɛ n’asɛm nso wu a, yebetumi aka nsɛm bi de akyekye wɔn werɛ, yebetumi akyerɛw nsɛm bi agu kaad so de akɔma wɔn, anaa yɛayɛ nneɛma pɔtee bi de aboa wɔn. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛtaa frɛ wɔn anaa yɛtaa kɔsra wɔn, ɛnkanka bere a wɔrefa ɔhaw bi mu no.

Onuawa a ɔwɔ mfoni baako no mu no, ɔne ne kunu a ɔnyɛ Ɔdansefo no akɔsra ne kunu maame a ɔte mmubuafo akongua mu, na wɔretwa sɛlfi.

Sɛ woma w’abusuafo hu sɛ bere a wɔhia wo mmoa paa no wowɔ hɔ ma wɔn a, ebia ɛbɛma wɔasesa adwene a wɔwɔ wɔ wo ho, na ebia wɔn ani begye wo som ho (Hwɛ nkyekyɛm 17)g


Sɛ Ayeforo Anaa Ayi Bi Ba a, Wobɛkɔ Bi Anaa?

Ayeforo anaa ayi bi ba a, ɛyɛ a mmusua taa hyiam. Ansa na wubesi gyinae sɛ wobɛkɔ bi no, wubetumi ama Bible nnyinasosɛm aboa wo ma woasusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho:

  • Sɛ ayeforohyia anaa ayi no rekɔ so a, wɔbɛyɛ ɔsom mu amanne bi anaa amanne foforo bi a ɛnsɔ Yehowa ani wɔ hɔ? (2 Kor. 6:​14, 15)

  • Sɛ wokɔ a, ɔsom mu amanne biara a ɛnsɔ Yehowa ani a wɔbɛyɛ wɔ hɔ no, wubetumi ahyɛ wo ho so a worenyɛ bi? (Mmeb. 22:3)

  • W’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no nim sɛ amanne a ɛnsɔ Yehowa ani no, woremfa wo ho nhyɛ mu?

  • Sɛ wokɔ ayeforo anaa ayi wɔ asɔredan mu a, sɛn na anuanom a ɛwɔ wo mpɔtam bɛte nka? (Filip. 1:10)

Gyinae biara a wubesi no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛ mu yiye akyerɛ w’abusuafo no, na woreyɛ saa nso a ma w’anom kasa nyɛ dɛ. Nea ehia paa ne sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara sɛ wubenya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim.e

18. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua osuani Andrea?

18 Fa wɔn kyia anuanom. Bere a osuani Andrea hui sɛ Yesu ne Mesia no, ntɛm ara na ɔkɔka kyerɛɛ ne nua Petro na ɔde no kɔɔ Yesu nkyɛn. (Yoh. 1:​40-42) Yɛn nso yebetumi asuasua Andrea. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛwom ara a yebetumi ato nsa afrɛ yɛn busuani bi ma waba adesua. Anaa yebetumi ama wabɛka yɛn ho ne yɛn nnamfo abom adidi. Sɛ yɛma yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no hu anuanom a, ɛbɛma wɔahu sɛ Adansefo no yɛ nnipa te sɛ wɔn ara, na yɛbɔ bra pa.

19. Sɛ yɛn abusuafo nte nea yegye di no bi ase mpo a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di? (1 Petro 3:15)

19 Kenkan 1 Petro 3:15. Nea enti a yɛnyɛ nneɛma bi no, ebia yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no rente ase, nanso sɛ yɛne wɔn di no yiye na yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn a, ɛnyɛ ade a wɔn werɛ befi da. Afei nso, ɛwom sɛ yɛne wɔn nni wɔn afahyɛ ahorow a ennyina Bible so no, nanso sɛ yenya bere ma wɔn a, ebetumi ama wɔn ani agye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi akɔsra wɔn, yebetumi ne wɔn abom adidi, na bere biara yebetumi akyɛ wɔn ade.

MPA ABAW WƆ W’ABUSUAFO HO DA

20. Adɛn nti na Yakobo asɛm no betumi ahyɛ yɛn nkuran?

20 Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, Yakobo ammedi n’akyi. Nanso akyiri yi ɔbɛyɛɛ ne suani, na ɛda adi sɛ nneɛma bebree a Yesu kyerɛkyerɛe no, osuaa no yiye. (Gal. 1:​18, 19; 2:9) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo no, nsɛm a ɛwom no te sɛ nsɛm a Yesu kae wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu no.d

21. Yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw wɔ wɔn ho?

21 Yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, sɛ mpo yɛne wɔn di no yiye anaa yɛma wɔhu sɛ yedwen wɔn ho a, ebia wɔrenkyerɛ nokware no ho anigye anaa wɔrentew wɔn anim mma yɛn. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛkɔ so ne wɔn di no yiye a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa, yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunufo no ne ne Ba Yesu. (Luka 6:​33, 36) Sɛ yɛkɔ so da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo a, ebia akyiri yi wɔbɛsesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho. Afei nso, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ nneɛma bebree a yɛakyerɛkyerɛ wɔn no, yɛakasa agu, nanso ebia wɔbɛkae. Sɛ yɛampa abaw wɔ yɛn abusuafo ho a, ebia wɔn mu bi bɛba abɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa, na yɛn ani begye sɛ!

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ yenya ayamhyehye ma yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya abotare na yenya anidaso nso sɛ yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no betumi abɛsom Yehowa?

  • Dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no ahu sɛ yɛdɔ wɔn?

DWOM 60 Wobenya Nkwa

a Hwɛ adesua asɛm a yɛato din “Sɛnea Yehowa Bebu Atɛn Daakye No, Dɛn Na Yenim Wɔ Ho?” no. Ɛwɔ May 2024 Ɔwɛn-Aban mu, kr. 11, nky. 11-13.

b Anyɛ yiye koraa no, Yesu nua mmarima mmienu a wɔne Yakobo ne Yuda begyee nokware no wɔ Yesu wusɔre akyi.

c Hwɛ adaka a yɛato din “Sɛ Ayeforo Anaa Ayi Bi Ba a, Wobɛkɔ Bi Anaa?” no.

d Fa Yakobo 1:2 toto Mateo 5:​11, 12 ho; fa Yakobo 1:19 toto Mateo 5:22 ho; fa Yakobo 1:22 ne 2:24 toto Mateo 7:21 ho; fa Yakobo 2:13 toto Mateo 5:7 ne 6:​14, 15 ho.

e Sɛ wopɛ nsɛm a ɛtete saa ho nsɛm pii a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 15, 2002, ne November 15, 2007 Ɔwɛn-Aban mu.

f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi rebɛkɔ asɛnka, na wayi ne yam reyɛ aduan ama ne kunu ansa na wakɔ.

g MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa koro yi ara apɛ bere akɔsra n’asebea a ɔnyɛ Ɔdansefo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena