Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/1 kr. 3-4
  • Ɔman A Ɛwɔ Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔman A Ɛwɔ Anigye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔman a Ɛwɔ Anigye Ankasa
  • Nnɛyi Ɔman a Ɛwɔ Anigye
  • Yehowa Redi Hene!
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Yehowa Ne Yɛn Hene!
    To Dwom Ma Yehowa
  • Fa Koma mu Anigye Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa Anigye ne Yɛn Abannennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/1 kr. 3-4

Ɔman A Ɛwɔ Anigye

ƆMAN a ɛwɔ anigye no! So asɛm yi fata adesamma ɔman bi nnɛ? So ɔman bi betumi aka no anigye so sɛ ayi basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, ohia, efi, nyarewa a ebubu nnipa, amammui mu ɔporɔw, nyamesom mu nitan afi hɔ? So ɔman bi betumi de botae ahorow a ɛte sɛɛ ho a wobedu ho anidaso ankasa ama? Ɛnte saa koraa!

Na asase so nyinaa nso ɛ? Mikhail Gorbacbev, Rusia ɔmampanyin no kae July a etwaam no da a ɛto so 16 sɛ: “Yɛrefi amanaman ntam abusuabɔ bere bi mu akɔhyɛn foforo mu, ɛbere a, sɛnea misusuw no, ɛde asomdwoe a emu yɛ den na ɛbɛkyɛ bɛba.” Nanso, Time nsɛmma nhoma a wɔyɛɛ no da no ara bɔɔ amanneɛ sɛ United States da so ara de nuklea aprɛm mmoba 120 akyerɛ Moscow so, na emu biara betumi asɛe saa kurow no pasaa. Na akyinnye biara nni ho sɛ Rusiafo no ayɛ krado sɛ wɔn nso bɛyɛ saa ara. Mprempren a Amanaman Nkabom no mu aman pii ahu sɛnea wɔyɛ nuklea akode yi, ɛnyɛ anigye sɛ wobɛdwen nea obedi kan atow ne de no ho.

Ɔman a Ɛwɔ Anigye Ankasa

Bere bi a atwam mu​—bɛyɛ mfe 3,500 ni​—na ɔman bi a ɛwɔ anigye ankasa wɔ hɔ. Na ɛne tete Israel. Bere a Onyankopɔn yii saa nkurɔfo no fii Misraim nhyɛso ase no, wɔne Mose boom too nkonimdi dwom de dii ahurusi, na mpɛn dodow a wɔyɛɛ osetie maa wɔn Nyankopɔn ne Ogyefo no, wɔkɔɔ so dii ahurusi.​—Exodus 15:1-21, Deuteronomium 28:1, 2, 15, 47.

Wɔ Salomo nniso ase no, na “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.” Ná ɛno yɛ ahurusidi bere yiye, na anigye no yɛɛ kɛse bere a wosii ɔdan a ebia ɛne nea ɛyɛ fɛ kyɛn biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu, a ɛne asɔrefi ma Yehowa som wɔ Yerusalem no.​—l Ahene 4:20; 6:11-14.

Nnɛyi Ɔman a Ɛwɔ Anigye

Tete Israel yɛɛ nnɛyi ɔman bi ho mfonini. Ɔman bɛn? Mfinimfini Fam Apuei amammui ɔman Israel anaa? Atesɛm amanneɛbɔ kyerɛ sɛ saa ɔman a ɛrepere no nni anigye biara. So nea wɔfrɛ no Amanaman Nkabom no atumi ama aman a ɛwom no anya anigye ankasa? Dabi, wonhu nokware anigye biara wɔ nnɛyi aman a wɔde wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu no mu. Adifudepɛ, ɔporɔw, ne nsisi abu so, na wɔ nsase pii so no, nnipa mpapahwekwa de awerɛhow pere na wɔakɔ so atra ase ara kwa.​—Mmebusɛm 28:15; 29:2.

Nanso, ɔman bi a ɛda nsow wɔ hɔ nnɛ a ɛwɔ anigye kɛse yiye. Ɛmfa ne ho nhyɛ amammuisɛm mu, efisɛ ne Ti, Kristo Yesu kaa emufo ho asɛm sɛ: “Mumfi wiase.” (Yohane 15:19) Bere a Amanaman Nkabom no antumi anka aman a ɛwom no ammom no, ɔman yi yi emufo fi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:4, 9) Mprempren emufo dodow yɛ ɔpepem anan ne akyi, ma enti wɔdɔɔso sen Amanaman Nkabom aman 159 no mu bɛyɛ 60 mu biara mufo. Kasa a nnipa ɔpepem anan yi ka bɛyɛ 200; nanso wɔn nyinaa de biakoyɛ ka ‘kasa kronn’ biako.​—Sefania 3:9.

So ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a wɔn amammerɛ gu ahorow pii saa no ka kasa biako? Dabi, efisɛ nea ɛka saa kasa biako a ɛka nnipa bom yi ho ne Onyankopɔn trenee Ahenni a ɛreba no ho nkrasɛm no.

Saa ɔman a ɛwɔ anigye yi fi “akyirikyiri” na ɛba, na wonim wɔn wiase nyinaa sɛ ‘Yehowa” Adansefo.’ (Yesaia. 43:5-7, 10; Sakaria 8:23) Ɛkame ayɛ sɛ baabiara a wubetu kwan akɔ wɔ asase yi so no, wubehu wɔn.

Wɔ Yesaia 2:2-4 no, Onyankopɔn diyifo no ka nnipakuw bi a wɔsen yuu fi amanaman no mu ho asɛm sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan na yɛnnantew n’atempɔn so.” Eyinom de nnamyɛ to nsa frɛ afoforo sɛ wommegye Yehowa hɔ akwankyerɛ denam n’Asɛm Bible so, na wɔasua n’apɛdeyɛ. Ɔman a wɔyɛ biako yi di nokware asomdwoe kwan akyi, efisɛ emufo de ‘nkrante abobɔ nsɔw dedaw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare, a wonsua akodi bio.’ Ɔman a ɛwɔ anigye ampa!

Wo nso wubetumi anya saa anigye no bi. Wubetumi asua ɛda a ɛrebɛn ntɛmntɛm, bere a Ɔhene Kristo Yesu beyi nnipa ne aban a wɔsɛe nneɛma afi hɔ na wasan de Paradise aba asase so bio no ho asɛm. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Mprempren mpo, sɛ ɔman a wɔyɛ biako ampa no, Yehowa Adansefo nya anigye kɛse wɔ wɔn adwuma a wɔreyɛ de asiesie wɔn ho ama saa nokware asomdwoe bere a ɛyɛ anigye no mu, sɛnea nkratafa a edi so no bɛkyerɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena