Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/1 kr. 4-7
  • Anigye a Ɛwɔ Asase So Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye a Ɛwɔ Asase So Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Anigye bi a Obiara Rentumi Nnye”
  • “De Akɔpem Asase Ano Nohɔ”
  • “Monnodɔ Mo Ho”
  • Nnipa a Wɔpɛ Asomdwoe
  • “Woahwɛ M’amanehunu”
  • Fa Koma mu Anigye Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Momma Anigye Nhyɛ Mo Ma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Anigye ne Yɛn Abannennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Anigye A Yɛde Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/1 kr. 4-7

Anigye a Ɛwɔ Asase So Nyinaa

“HWƐ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom.” (Yesaia 65:14) Saa na Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae, na hwɛ sɛnea ne nsɛm no renya mmamu a ɛyɛ anigye kɛse wɔ Yehowa Adansefo mu! Komam anigye a wɔwɔ yi fi he? Efi biakoyɛ a wɔde som Yehowa Nyankopɔn no. Ɔne “anigye Nyankopɔn no” na wɔn a wɔsom no no “di Yehowa mu ahurusi.” (1 Timoteo 1:11; Sakaria 10:7, New World Translation.) Ahofama a ɛyɛ anigye yi ka wɔn bom yɛ wɔn ɔman biako bere a wɔbom ka Ahenni no ho asɛmpa na wɔteɛm yi wɔn Nyankopɔn ayɛ wɔ asase so nyinaa no.​—Adiyisɛm 7:9, 10.

“Anigye bi a Obiara Rentumi Nnye”

Nokwarem no, Onyankopɔn Ahenni ho dawurubɔ ma Yehowa Adansefo ani gye bere nyinaa. (Marko 13:10) Wogye odwontofo no nsɛm a edi hɔ yi so: “Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho. Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no koma ani nnye.”​—Dwom 105:3, NW.

Mpɛn pii no wodi akwanside ahorow so ansa na wɔatumi ayɛ eyi. Wɔ Spain no, Isidro hyiraa ne ho so maa Yehowa, na na ɔpɛ sɛ ɔne afoforo bɔ Ne ho nkɔmmɔ. Nanso ɔyɛ ofirikafo a onni bere pii, otu kwan tenten anadwo na ɔda awia. Ná Isidro pɛ sɛ odi afirikafo afoforo adanse, nanso ɔbɛyɛ dɛn ayɛ eyi.

Ɔde radio bi hyɛɛ ne lɔre no mu, na ama watumi ne afirikafo afoforo akasa. Ankyɛ na ohuu radio no so baabi a wɔntaa mfa nni dwuma na osii gyinae sɛ ɔde bedi dwuma. Ɛyɛ nokware sɛ bere a odii kan ka kyerɛɛ afirikafo afoforo sɛ wɔne no mmɔ Bible no ho nkɔmmɔ wɔ saa radio no so no, wɔn ani annye ho. Nanso ebinom tiei. Wofii ase kaa ho asɛm, na saa Spainfo afirikafo no pii ne no kasae wɔ radio no so. Nnansa yi ara, Isidro tee sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔn mu biako reyɛ nhyehyɛe na watoa so asua Bible no.

Wɔ Italy no, ɔbarima bi tee Yehowa Adansefo ho asɛm bere a ɔne obi rebɔ nkɔmmɔ wɔ bɔs mu no. Ne yere nam n’adamfo bi so na ɔne wɔn hyiae. Wɔn baanu nyinaa suaa Bible no na na wɔpɛ sɛ wɔka nea wɔasua no ho asɛm kyerɛ afoforo. Ná wɔn ɔpɛ no mu yɛ den araa ma ɔbarima no powee dibea bi a wɔmaa no wɔ adwuma mu no, na ne yere gyaee n’adwuma a n’akatua ye no yɛ, na ama wɔanya bere pii de aka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ afoforo. So mfaso bi fii mu bae? Yiw. Ɔbarima no ka sɛ: “Efi bere a me ne me yere behuu nokware no, yɛanya anigye sɛ yɛatumi aboa nnipa 20 ma wɔabenya Onyankopɔn atirimpɔw ho nokware nimdeɛ. Ɛyɛ nokware sɛ edu anwummere na mesan ba fie bere a makɔyɛ Yehowa ɔsom adwuma akyi no a, mete ɔbrɛ nka. Nanso m’ani gye, na meda Yehowa ase sɛ wama me anigye bi a obiara rentumi nnye.”

“De Akɔpem Asase Ano Nohɔ”

Onyankopɔn man a ɛwɔ anigye no mufo da nnamyɛ koro no ara adi wɔ baabiara a wɔwɔ, wɔ “asase ano nohɔ” mpo. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Mmeae kakraa bi pɛ na ɛwɔ akyirikyiri sen Greenland kusuu fam. Nanso, ɛhɔ mpo, bɛyɛ akwansin 200 wɔ Arctic Circle no kusuu fam no, na Ilulissat asafo ketewaa a emufo yɛ 19 no wɔ. Wɔka asɛmpa koro no ara a Italy awarefo baanu no ka no, na wɔn ani gyei bere a wɔbɔɔ Greenlandfo baason asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne no.

Wɔ supɔw Mauritius a ɛwɔ Indian Po no mu, a fi hɔ kɔ Greenland bɛyɛ akwansin mpempem pii so no, Anjinee ani gye saa ara. Mfiase no, na nneɛma mu yɛ den ma Anjinee. Wɔ Mauritius no, wobu Kristofo nhyiam horow kɔ ne baguam asɛnka sɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ abeawa ɔhokwafo a ɔyɛ Hinduni ne Indiani de ne ho hyem. Nanso Anjinee miaa n’ani kɔe. Mprempren, efi bere a ofii ase nantew Kristofo kwan so mfe akron akyi no, n’abusuafo binom nso resua Bible no.

Bere a yɛreka Anjinee ho asɛm no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Emilio a ɔwɔ Honduras wɔ asase no fa foforo bi no din. Emilio tee sɛ ne mfɛfo adwumayɛfo rebɔ Bible ho nkɔmmɔ wɔ adwuma mu, na obisae sɛ wɔmma ommetie bi. Ná onnim akenkan, nanso ɔde anigye tiei bere a wɔkenkan Bible kyerɛw nsɛm no. Bere a Kristofo nokware no hyɛn ne koma mu no, ogyae ne ɔbrasɛe asetra kwan ne nsanom pii no. Yehowa Adansefo kyerɛɛ no akenkan ne akyerɛw, na mprempren, ɔyɛ ɔsomfo wɔ Onyankopɔn man a ɛwɔ anigye no mu.

Akwansin mpempem pii wɔ Honduras kusuu fam atɔe no, ɛna bi a ɔyɛ Eskimoni wɔ Alaska no suaa Kristofo nokware koro no ara. Ná awuraa yi te akuraa bi a atew ne ho yiye ase, na na ɛnam krataakyerɛw nkutoo so na ɔne Yehowa Adansefo di nkitaho. Enti ɔnam krataakyerɛw so suaa ade, de bisaa nsɛm ahorow, na mprempren ɔka nea onim no ho asɛm nnam so kyerɛ ne mpɔtam hɔfo. Yebetumi akɔ so aka nhwɛso ahorow a ɛtete sɛ no pii ho asɛm a yenwie da. Asase so nyinaa no, wɔn a wodwo wɔ komam no reba ‘de anigye abɛsom Yehowa.’​—Dwom 100:2.

“Monnodɔ Mo Ho”

Ade biako a ɛtwetwe saafo yi nyinaa ne ɔdɔ a ɛwɔ Onyankopɔn man a ɛwɔ anigye no mu no. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Wohu Kristofo dɔ wɔ saa nokware Kristofo yi daa asetra mu, ne titiriw no, bere a asɛm bɔne bi asi no.

Ɔpɛ bi a ano yɛ den sii wɔ Afrika ɔman bi a wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi wɔ hɔ mu. Nnipa mpem du wuwui, na anantwi akuw mũ nyinaa wuwui. Adansefo no yɛɛ dɛn traa ase? Ɛdenam nnua ntini ne pɛya aba a wɔnoa dii so! Nanso wɔn amanehunu no ano brɛɛ ase bere a ɛnam Onyankopɔn mmoa so no, nsase afoforo so Adansefo nyaa hokwan a na wɔnhwɛ kwan de nneɛma ahorow a ehia wɔn tɔn 25 kɔmaa wɔn no. Nokwarem no, ɛmfa ho sɛ na wɔabara wɔn dwumadi no, wɔmaa asraafo kaa nneɛma no ho kɔe, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ ma akodu dwoodwoo!

Nokwarem no, saa Adansefo a wɔwɔ Afrika no ani gyei mmoroso sɛ wonyaa ɔdɔ a wɔn nuanom wɔ ma wɔn ho adanse sɛɛ, bere a wohuu Yesaia nsɛm a edi hɔ yi mmamu no: “Hwɛ, [Yehowa] nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛrente asɛm.”​—Yesaia 59:1.

Nnipa a Wɔpɛ Asomdwoe

Onyankopɔn man a ɛwɔ anigye no twetwe wɔn a wodwo wɔ komam no nso, efisɛ emufo no agyaw wiase yi akodi pɛ akwan no, na ‘wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw.’ (Yesaia 2:4) Wɔ El Salvador no, na ɔbarima bi a na anka ɔyɛ ɔsraani sraadi ho nkaede ahyɛ ne fi ma. Nanso ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, n’ani begyee nneɛma a ɛfa asomdwoe ho. Awiei koraa no, oyii akodi ho nneɛma no nyinaa fii ne fie hɔ, na ofii ase yɛɛ asɛnka adwuma no nnam so.

Bere bi a nnipa a wɔko tia aban no faa akuraa a ɔwɔ hɔ no, wɔkyeree no​—ɛda adi sɛ obi kyerɛɛ n’akyi kwan sɛ obi a kan na ɔyɛ ɔsraani. Nanso, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔnyɛ ɔsraani bio na mmom Yehowa Adansefo mu biako. Aban ase tutufo no bɔɔ no sobo sɛ ɔwɔ atuo wɔ ne fie hɔ, nanso wɔhwehwɛɛ hɔ no, wɔanhu bi. Afei aban ase tutufo panyin no bisaa ne ho asɛm wɔ n’afipamfo nkyɛn. Mmuae a wɔmae titiriw no bi ne sɛ: “Odi akɔneaba wɔ mmorɔn so ka Bible mu nsɛm daa kɛkɛ.” Wogyaa ɔbarima no. Akyinnye biara nni ho sɛ ne nnamyɛ no gyee no nkwa.

Amanneɛbɔ bi a efi Afrika ɔman bi mu no ka asraafo baanu bi a wɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no ho asɛm. Obiako som sɛ aban no sraani, na ɔfoforo no ko maa atuatewfo no. Awiei koraa no, wɔn baanu nyinaa sii gyinae sɛ ‘wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw’ na wogyaee sraadi. Bere a edi kan a wɔkɔɔ Kristofo nhyiam no, ɔsraani a na ɔko tia aban no bisaa ɔfoforo no sɛ: “Dɛn na wohwehwɛ wɔ ha?” Obuae sɛ: “Wo nso, dɛn na wohwehwɛ wɔ ha?” Amanneɛbɔ no de ba awiei sɛ “afei, bere a wɔbam wɔn ho no, anigye ma wosui, efisɛ na wobetumi atra faako wɔ asomdwoe mu.” Akyinnye biara nni ho sɛ saa nnipa baanu a kan na wɔyɛ asraafo yi nyinaa bɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom.”​—Dwom 51:14.

“Woahwɛ M’amanehunu”

“Medi ahurusi, na m’ani agye w’adɔe ho, sɛ wɔahwɛ m’amanehunu, na woahu me kra ahohia.” (Dwom 31:7) Saa na odwontofo no bɔɔ mpae, na pii ani gye nnɛ efisɛ Onyankopɔn Asɛm boa wɔn ma wotumi gyina wɔn amanehunu ahorow ano. Wɔ France no, Yehowa Adansefo mu biako ne ɔbea bi a ɔwɔ adwenemyare sua ade. Ɔbea yi de bere bi agye ayaresa afi adwenemyare aduruyɛfo nkyɛn, nanso eyi antumi ammoa no. Ofii adesua no ase dapɛn biako akyi no, adwenemyare oduruyɛfo no bisaa se: “So wote nea ɔbea yi kyerɛkyerɛ wo wɔ Bible no mu no ase ankasa?” Enti, dapɛn a edi hɔ no, Ɔdansefo no kɔɔ n’adwumayɛbea hɔ na ɔne awuraa no suaa Bible no wɔ n’anim.

Adesua no akyi no, adwenemyare oduruyɛfo no ka kyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ: “Mfe a atwam no mu no, mama m’ani aku wɔn a mesa wɔn yare no som ho, nanso mihui sɛ ɔsom biara mfa mmoa papa biara mma. Nanso, wo de no yɛ soronko. Owurayere P​—​—​ behu me mprenu dapɛn biara, na otua me ka. Nanso wode wo Bible kyerɛkyerɛ ne afotu pa no reyɛ adwuma a eye kyɛn me de no a wunnye hwee. Ɔrenya nkɔso pa. Kɔ so yɛ saa ara, na mepɛ sɛ wunya awerɛhyem sɛ sɛ ɛba sɛ wuhia mmoa biara a, mede mɛma wo.”

Bible no se: ‘Anigye ne ɔman a wonim osebɔ, na wɔnantew wo, Yehowa anim hann mu. Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛw wɔn daa nyinaa.’ (Dwom 89:15, 16) Yehowa Ɔdansefo biara nim sɛ saa dwom yi yɛ nokware. Anigye nteɛm a efi asase nyinaa so fi wɔn anom yi Yehowa ayɛ. Nnipa pii kɔ so sen yuu fi amanaman no mu ba ne wɔn beyi Onyankopɔn ayɛ. Dɛn nti na wo ne wɔn mmɔ na woankasa woanya saa anigye no bi?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa Apuei Fam no di hokwan a wɔanya no foforo sɛ wɔn nsa bɛka, na wɔasua “Ɔwɛn Aban” no wɔ wɔn ankasa kasa horow mu no mu ahurusi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena